Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 14

“Ɛno Na Ɛbɛma Nnipa Nyinaa Ahu Sɛ Moyɛ M’asuafo”

“Ɛno Na Ɛbɛma Nnipa Nyinaa Ahu Sɛ Moyɛ M’asuafo”

“Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.”—YOH. 13:35.

DWOM 106 Momma Yennya Ɔdɔ

NEA YƐREBESUA a

Sɛ wɔn a wɔnyɛ Adansefo hu sɛnea Yehowa nkurɔfo dodɔ wɔn ho no a, ɛka wɔn sɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 1)

1. Sɛ nkurɔfo ba yɛn adesua bere a edi kan a, wɔn mu pii wɔ hɔ a dɛn na ɛhyɛ wɔn nkuran paa? (Hwɛ mfoni no nso.)

 YƐMFA no sɛ awarefo bi reba adesua wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so bere a edi kan. Sɛnea anuanom gyee wɔn fɛw so ne sɛnea wɔhui sɛ Yehowa Adansefo dodɔ wɔn ho no, ɛhyɛɛ wɔn nkuran paa. Bere a wɔpɔn adesua a wɔrekɔ fie no, ɔbea no ka kyerɛɛ ne kunu sɛ, ‘Sɛnea Yehowa Adansefo yɛ wɔn ade no yɛ soronko koraa, na yɛkɔɔ hɔ no, m’ani gyei paa.’

2. Dɛn na ato ebinom hintidua?

2 Ɔdɔ a ɛwɔ Kristofo asafo no mu no yɛ krabɛhwɛ. Nanso Yehowa Adansefo nso, bɔne wɔ yɛn ho. (1 Yoh. 1:8) Enti bere a yɛrehu yɛn nuanom yiye wɔ asafo no mu no, ɛda adi sɛ, yebehu wɔn mfomso nso. (Rom. 3:23) Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom ama afoforo sintɔ ato wɔn hintidua.

3. Dɛn na ɛma yehu wɔn a wɔyɛ Yesu akyidifo anokwafo? (Yohane 13:34, 35)

3 San hwɛ kyerɛwnsɛm a adesua asɛm yi gyina so no. (Kenkan Yohane 13:34, 35.) Dɛn na ɛma yehu wɔn a wɔyɛ Kristo akyidifo anokwafo? Ɛyɛ ɔdɔ, na ɛnyɛ pɛyɛ. Afei san hyɛ no nsow sɛ Yesu anka sɛ: ‘Ɛno na ɛbɛma moahu sɛ moyɛ m’asuafo.’ Mmom ɔkaa sɛ: “Ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” Nea Yesu kae yi kyerɛ sɛ, ɔdɔ kann a n’akyidifo anokwafo beyi no adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho no, ɛnyɛ n’asuafo no nko ara na ebehu, mmom wɔn a wɔnni Kristofo asafo no mu nso behu.

4. Dɛn na ebia ebinom bɛpɛ sɛ wɔhu fa nokware Kristofo ho?

4 Ebia wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo no bi bebisa sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ ma yehu wɔn a wɔyɛ Yesu akyidifo anokwafo? Sɛn na Yesu daa ɔdɔ adi kyerɛɛ n’asomafo no? Afei nso, dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua nea Yesu yɛe no?’ Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no nso susuw saa nsɛmmisa no ho. Yɛyɛ saa a, ebetumi aboa ma yɛadodɔ yɛn ho paa, ɛnkanka bere a yɛn nua bi ayɛ biribi atia yɛn no.—Efe. 5:2.

ƆKWAN BƐN SO NA ƆDƆ MA YEHU WƆN A WƆYƐ YESU AKYIDIFO ANOKWAFO?

5. Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 15:12, 13 no, kyerɛkyerɛ mu.

5 Yesu maa emu daa hɔ sɛ, n’akyidifo bɛda ɔdɔ soronko bi adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho. (Kenkan Yohane 15:12, 13.) Hyɛ no nsow sɛ Yesu maa wɔn ahyɛde sɛ: “Monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no.” Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Sɛnea Yesu kyerɛkyerɛɛ mu no, wei yɛ ɔdɔ a ɛkanyan obi ma ɔdɔ afoforo sen ne ho; sɛ ɛho behia a, saa ɔdɔ yi ka Kristoni ma ɔde ne nkwa mpo to hɔ ma ne nua Kristoni. b

6. Sɛn na Onyankopɔn Asɛm si so dua sɛ ɔdɔ ho hia paa?

6 Onyankopɔn Asɛm si so dua sɛ ɔdɔ ho hia paa. Nnipa pii wɔ hɔ a, Bible mu nsɛm a wɔn ani gye ho paa no, nea edidi so yi ka ho: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:8) “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mat. 22:39) “Ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Pet. 4:8) “Ɔdɔ to ntwa da.” (1 Kor. 13:8) Saa kyerɛwnsɛm yi ne kyerɛwnsɛm afoforo ma ɛda adi pefee sɛ ɛho hia paa sɛ yɛda ɔdɔ adi.

7. Satan rentumi nka nnipa mmom mma wɔnna ɔdɔ kann adi nkyerɛ wɔn ho wɔn ho da. Adɛn ntia?

7 Nnipa pii bisa sɛ: ‘Obi bɛyɛ dɛn ahu nokwaresom? Nsɔrensɔre nyinaa ka sɛ wɔkyerɛkyerɛ nokware no, nanso ɛsono nea wɔn mu biara ka fa Onyankopɔn ho.’ Atorosom a Satan atow apete wiase no ama ayɛ den sɛ obi behu ɔsom a ɛyɛ nokware no. Nanso nnipa a ɛsono aman a wɔfi mu a ɔbɛka wɔn abom ama wɔada ɔdɔ kann adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho de, ɔtwe ne mu tann a ɔrentumi nyɛ da. Yehowa nko ara na obetumi ayɛ saa. Adɛn ntia? Efisɛ ɔdɔ kann de, Yehowa nkyɛn na efi. Enti wɔn a Yehowa honhom ne ne nhyira wɔ wɔn so nko ara na wɔbetumi ada ɔdɔ a ɛte saa adi. (1 Yoh. 4:7) Ɛnyɛ nwanwa sɛ Yesu kaa sɛ ɔdɔ kann na ɛbɛma yɛahu n’akyidifo anokwafo.

8-9. Sɛnea Yehowa Adansefo dodɔ wɔn ho no, sɛ nnipa pii hu a, ɛka wɔn sɛn?

8 Yesu kaa sɛ n’akyidifo anokwafo bɛda ɔdɔ kann adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho, na ɛnnɛ nnipa pii di ho adanse. Ɛho nhwɛso ni. Onua bi a ne din de Ian kae ɔmantam nhyiam a odii kan kɔe. Agoprama bi a ɛbɛn ne fie no, ɛhɔ na wɔyɛɛ no. Abosome kakra ansa na wɔreyɛ nhyiam no, na Ian akɔhwɛ agodi bi a ɛkɔɔ so wɔ hɔ. Ɔka sɛ: “Nea mihui wɔ nhyiam yi ase de, na ɛyɛ soronko koraa. Mihui sɛ Adansefo no bu ade, na wɔasiesie wɔn ho yiye, na wɔn mma nso nyɛ basabasa.” Ɔde ka ho sɛ: ‘Ade a ɛyɛɛ me fɛ paa ne sɛ na mihu sɛ wɔwɔ biribi a merehwehwɛ—akomatɔyam ne asomdwoe. Menkae kasa a saa da no wɔmae no biako mpo, nanso suban a Adansefo no daa no adi no kaa me koma paa.’ c Ɔdɔ kann a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no na ɛma yɛn abrabɔ yɛ fɛ saa. Esiane sɛ yɛdɔ yɛn nuanom nti, yɛda obu ne ayamye adi kyerɛ wɔn.

9 Onua bi a ɔde John nso, bere a ofii ase kɔɔ adesua no, onyaa osuahu bi a ɛte saa ara. Ɔka sɛ: “Sɛnea na wɔn nyinaa pɛ nnipa . . . no yɛɛ me fɛ paa. Wohwɛ a wobɛka sɛ gyama wonni mfomso mpo. Ɔdɔ kann a ɛwɔ wɔn ntam no ma mihui sɛ wɔn som no ne nokware som.” d Osuahu a ɛtete saa si so dua sɛ Yehowa asomfo ne nokware Kristofo.

10. Bere bɛn paa na ehia sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

10 Sɛnea yɛadi kan aka no, yɛn mu biara nni hɔ a bɔne nni ne ho. Wei nti, ɛtɔ da a, yɛn nua bi bɛka asɛm bi anaa ɔbɛyɛ biribi ma ayɛ yɛn yaw. e (Yak. 3:2) Biribi saa si a, saa bere no paa na ehia sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Ɛnde, momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Yesu hɔ.—Yoh. 13:15.

SƐN NA YESU DAA ƆDƆ ADI KYERƐƐ N’ASOMAFO NO?

Bere a Yesu asomafo no daa suban bɔne adi mpo no, ɔne wɔn dii no yiye (Hwɛ nkyekyɛm 11-13)

11. Suban bɔne bɛn na Yakobo ne Yohane daa no adi? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Ná Yesu nim sɛ n’akyidifo no tɔ sin, enti na ɔnhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ. Oyii ne yam boaa wɔn ma wɔyii suban bɔne biara akwa, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa begye wɔn atom. Bere bi, n’asomafo no mmienu, Yakobo ne Yohane maa wɔn maame kɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea wɔ Ahenni no mu. (Mat. 20:20, 21) Wei a Yakobo ne Yohane yɛe no kyerɛ sɛ na wɔyɛ ahomaso ne anuonyampɛ.—Mmeb. 16:18.

12. Yakobo ne Yohane nko ara na wɔdaa suban bɔne adi anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

12 Ɛnyɛ Yakobo ne Yohane nko ara na wɔdaa suban bɔne adi saa bere no. Hwɛ nea asomafo a aka no yɛe wɔ asɛm no ho: “Bere a edu a aka no tee no, wɔn bo fuw anuanom baanu no.” (Mat. 20:24) Yɛhwɛ a, ɛbɛyɛ sɛ asomafo a aka no ne Yakobo ne Yohane kekaa bi kyerɛɛ wɔn ho. Ebia asomafo a aka no kaa biribi sei: ‘Mo sɛɛ ne hena a ɛsɛ sɛ mukobisa dibea a ɛte saa wɔ Ahenni no mu? Adɛn, mo nko ara na mo ne Yesu brɛe? Yɛn nso, yenya saa hokwan no bi a, yekyi anaa?’ Sɛnea ɛte biara no, saa bere no de, asomafo no anna ɔdɔ adi ankyerɛ wɔn ho wɔn ho.

13. Dɛn na Yesu yɛe wɔ n’asomafo no sintɔ ho? (Mateo 20:25-28)

13 Dɛn na Yesu yɛe wɔ nea esii no ho? Wamma ne bo amfuw. Wanka sɛ ɔrekɔhwehwɛ mmarima a obetumi atete wɔn ma wɔabɛyɛ asomafo papa, kyerɛ sɛ, mmarima a wɔbrɛ wɔn ho ase paa a wɔbɛda adɔ adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho bere nyinaa. Mmom, Yesu too ne bo ase ne saa mmarima a wɔwɔ koma pa yi susuw nsɛm ho. (Kenkan Mateo 20:25-28.) Ɛwom sɛ na ɛnyɛ wei ne bere a edi kan anaa bere a etwa to a asomafo no agye akyinnye wɔ nea ɔyɛ wɔn mu kɛse no ho, nanso Yesu kɔɔ so yɛɛ wɔn brɛbrɛ.—Mar. 9:34; Luka 22:24.

14. Baabi a Yesu asomafo no nyinii no, adwene bɛn na na nkurɔfo wɔ wɔ dibea ho, na na wɔbu wɔn ho sɛn?

14 Ná Yesu nim sɛ, ɛnyɛ dɛn ara a baabi a n’asomafo no nyinii no, na ebenya wɔn so nkɛntɛnso. (Yoh. 2:24, 25) Baabi a wɔnyinii no, na nyamesom akannifo no ama nkurɔfo anya adwene sɛ, sɛ wunni dibea a, wo so nni mfaso. (Mat. 23:6; fa toto video a yɛato din The Front Seats in the Synagogue no ho. Ɛwɔ Mateo 23:6 ho adesua asɛm a ɛwɔ Study Bible no mu no.) Afei nso, na Yudafo nyamesom akannifo no bu wɔn ho atreneefo. f (Luka 18:9-12) Baabi a ɛte saa a asomafo no nyinii no, na Yesu nim sɛ ebetumi aka sɛnea wɔbu wɔn ho ne afoforo. (Mmeb. 19:11) Ná Yesu nhwɛ kwan sɛ n’asuafo no bɛyɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ, enti sɛ wɔdi mfomso nso a, na onya wɔn ho abotare. Ná onim sɛ wɔwɔ koma pa, enti ɔtoo ne bo ase boaa wɔn ma wɔhui sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyi ahomaso ne anuonyampɛ fi wɔn akwan mu, na wɔda ɔdɔ adi mmom.

DƐN NA YƐBƐYƐ DE ASUASUA NEA YESU YƐE NO?

15. Nea Yakobo ne Yohane yɛe, ne nea asomafo a aka no nso yɛe no, dɛn na yesua fi mu?

15 Nea Yakobo ne Yohane yɛe, ne nea asomafo a aka no nso yɛe no, yebetumi asua biribi afi mu. Yakobo ne Yohane anyɛ no yiye sɛ wɔkobisaa dibea wɔ Ahenni no mu. Asomafo a aka no nso anyɛ ade sɛ wɔmaa asɛm a esii no sɛee wɔn baakoyɛ. Nanso Yesu ne asomafo 12 no nyinaa dii no yiye. Dɛn na yesua fi mu? Sɛ obi di mfomso anaa ɔda mmerɛwyɛ bi adi a, enye, nanso nea yɛn nso yɛbɛyɛ wɔ ho no, ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye. Dɛn na ɛbɛboa yɛn? Sɛ yɛn nua Kristoni bi yɛ ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Adɛn nti na nea ɔyɛe no haw me saa? Ɛno kyerɛ sɛ mewɔ mmerɛwyɛ bi a ehia sɛ meyɛ ho adwuma anaa? Anaa ebetumi aba sɛ nea wayɛ ade ama ahaw me no rehyia ɔhaw bi? Sɛ mete nka mpo sɛ ɛfata sɛ me bo fuw a, metumi abu m’ani agu so de akyerɛ sɛ medɔ me nua no anaa?’ Sɛ yɛkɔ so da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho a, ɛkyerɛ paa sɛ yɛyɛ Yesu akyidifo anokwafo.

16. Dɛn bio na yebetumi asua afi nea Yesu yɛe no mu?

16 Afei nso, nea Yesu yɛe no boa yɛn ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden te yɛn nuanom ase. (Mmeb. 20:5) Ɛwom, Yesu tumi hu nea ɛwɔ obi komam nanso yɛn de, yɛrentumi nhu. Ne nyinaa mu no, yebetumi anya yɛn nuanom ho abotare na yɛabu yɛn ani agu wɔn sintɔ so. (Efe. 4:1, 2; 1 Pet. 3:8) Sɛ yetumi hu wɔn yiye a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ saa. Momma yɛnhwɛ nhwɛso bi.

17. Bere a ɔmansin sohwɛfo bi bɔɔ mmɔden huu onua bi yiye no, ɛboaa no sɛn?

17 Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Afrika Apuei kae onua bi a na ɔwɔ asafo bi a ɔkɔsomee mu. Ná ɔte nka sɛ onua no suban bi nti na ɛyɛ den sɛ afoforo bɛbɛn no. Dɛn na ɔmansin sohwɛfo no yɛe? Ɔka sɛ: “Sɛ́ anka mɛtwe me ho afi onua no ho no, meyɛe sɛ mehu no yiye.” Ɔmansin sohwɛfo no yɛɛ saa no, ɛma ohui sɛ ntetee a onyae nti na ɔyɛ n’ade saa no. Ɔmansin sohwɛfo no toa so sɛ: “Bere a mibehuu sɛnea na onua no abɔ mmɔden sɛ obedi ne suban yi so ne nkɔso a na wanya no, m’ani gyee no ho. Yɛbɛyɛɛ nnamfo pa.” Anokwa, sɛ yɛbɔ mmɔden te yɛn nuanom ase a, mpɛn pii no, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛdɔ wɔn.

18. Sɛ yɛn nua bi ayɛ biribi atia yɛn a, nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho? (Mmebusɛm 26:20)

18 Sɛ yɛn nua bi yɛ biribi tia yɛn a, ɛtɔ mmere bi a, ebia yɛbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nkyɛn ne no kosiesie. Nanso ansa na yɛbɛyɛ saa no, yebetumi abisa yɛn ho nsɛm a edidi so yi: ‘Minim asɛm no ani so yiye?’ (Mmeb. 18:13) ‘Ebetumi aba sɛ wanhyɛ da na ɔyɛe anaa?’ (Ɔsɛnk. 7:20) ‘Me nso madi mfomso a ɛte saa pɛn anaa?’ (Ɔsɛnk. 7:21, 22) ‘Sɛ meyɛ sɛ me ne no rekosiesie a, ɛbɛsɛe asɛm no koraa anaa?’ (Kenkan Mmebusɛm 26:20.) Sɛ yegye bere dwinnwen nsɛmmisa a ɛtete saa ho a, ebia ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nua no bɛka yɛn na yɛabu yɛn ani agu nea wayɛ yɛn no so.

19. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

19 Yehowa Adansefo da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho de kyerɛ sɛ wɔyɛ Yesu asuafo ampa. Sɛ yɛn mu biara da ɔdɔ kann adi kyerɛ ne yɔnko ɛmfa ho mfomso a ɛwɔ ne ho a, ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ Yesu akyidifo anokwafo. Yɛyɛ saa a, yebetumi aboa ebinom ma wɔabehu nokwaresom na wɔabɛka yɛn ho ma yɛasom Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no. Momma yensi yɛn bo sɛ, ɔdɔ a ɛma yehu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo no, yɛbɛkɔ so ada no adi.

DWOM 17 ‘Mepɛ na Mɛyɛ’

a Sɛ nnipa pii hu sɛnea yɛdodɔ yɛn ho no a, ɛma wɔn kɔn dɔ sɛ wɔbɛba nokware no mu. Nanso esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ yɛn nua Kristoni bi. Momma yɛnhwɛ nea enti a ɔdɔ ho hia paa, ne sɛnea yebetumi asuasua Yesu nhwɛso no bere a yɛn nua bi ayɛ biribi atia yɛn no.

b Hwɛ nhoma a yɛato din, “Bra Bedi M’akyi,” ti 17, nky. 10-11 no.

c Hwɛ asɛm a yɛato din, “Afei de, M’asetena Abɛyɛ Papa” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban November 1, 2012, kr. 13-14 mu no.

d Hwɛ asɛm a yɛato din, “Ɛte Sɛnea Na Asetena Rekɔ Yiye Ma Me” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban, May 1, 2012, kr. 18-19 mu no.

e Bɔne akɛse te sɛ nea ɛwɔ 1 Korintofo 6:9, 10 a ɛsɛ sɛ mpanyimfo di ho dwuma no, ɛnyɛ ɛno na yɛreka ho asɛm wɔ adesua yi mu.

f Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, akyiri yi koraa no, rabi bi kaa sɛ: “Yɛhwɛ wiase a, anyɛ yiye koraa no, yebenya mmarima aduasa a wɔyɛ atreneefo te sɛ Abraham. Sɛ wɔyɛ aduasa a, me ne me babarima ka ho; sɛ wɔyɛ du a, me ne me babarima ka ho; sɛ wɔyɛ nnum a, me ne me babarima ka ho; sɛ wɔyɛ mmienu a, ɛnde ɛyɛ me ne me babarima no; sɛ ɔyɛ baako pɛ de a, ɛnde na ɛyɛ me.”