Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 10

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wobɔ Asu?

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wobɔ Asu?

“Momma wɔmmɔ mo mu biara asu.”—ASO. 2:38.

DWOM 34 Mɛnantew Mũdi Mu

NEA YƐREBESUA a

1-2. Sɛ nkurɔfo rebɔ asu a, dɛn na ɛtaa kɔ so, na dɛn na yebesusuw ho?

 WOAHU wɔn a wɔrekɔbɔ asu da? Ɛyɛ a wɔbisa wɔn nsɛm mmienu bi. Sɛ wɔreyi nsɛmmisa no ano a, wuhu sɛ wɔn adwene si wɔn pi. Wubehu sɛ wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo ani agye. Sɛ asubɔfo no fi nsu no mu pue a, wote nsambɔ, na wuhu sɛ asubɔfo no ani agye. Nnawɔtwe biara, nnipa mpempem hyira wɔn ho so bɔ asu bɛyɛ Yehowa Nyankopɔn Adansefo.

2 Wo nso ɛ? Sɛ woredwen ho sɛ wobɛbɔ asu a, ɛnde na wohyerɛn sɛ kanea wɔ wiase a aduru sum yi mu, efisɛ ‘wohwehwɛ Yehowa.’ (Dw. 14:1, 2) Sɛ woanyin oo, sɛ wusua oo, wɔkyerɛw adesua asɛm yi maa wo. Nanso yɛn nso a yɛabɔ asu dedaw no, yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛsom Yehowa daa no, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ mu den. Enti momma yensusuw nneɛma mmiɛnsa bi a enti yɛsom Yehowa no ho.

WUDI NOKWARE NA WOYƐ ADETRENEE

Satan agu Yehowa din kronkron no ho fi mfe mpempem pii, na ɔda so ara yɛ saa (Hwɛ nkyekyɛm 3-4)

3. Adɛn nti na Yehowa asomfo di nokware na wɔyɛ adetrenee? (Dwom 119:128, 163)

3 Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ ‘wɔnni nokware.’ (Sak. 8:19) Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔnyɛ adetrenee. (Mat. 5:6) Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛyɛ adetrenee, yɛbɛyɛ adepa, na yɛama yɛn ho atew wɔ Onyankopɔn ani so. Wudi nokware, na woyɛ adetrenee anaa? Yegye di sɛ woyɛ saa. Wukyi atorodi ne adebɔne biara. (Kenkan Dwom 119:128, 163.) Sɛ obi di atoro a, na ɔresuasua Satan a ɔyɛ wiase yi sodifo no. (Yoh. 8:44; 12:31) Satan botae baako ne sɛ obegu Yehowa Nyankopɔn din kronkron no ho fi. Efi bere a Satan tew atua wɔ Eden no, wakeka Onyankopɔn ho atosɛm ara abesi nnɛ. Satan maa nkurɔfo nyaa adwene sɛ Yehowa yɛ pɛsɛmenkominya, na ɔyɛ Sodifo a ɔnka nokware a ɔde nneɛma pa kame nnipa. (Gen. 3:1, 4, 5) Atosɛm a Satan keka fa Yehowa ho no, ɛte sɛ awuduru a ɛda so ara resɛe nkurɔfo adwene ne wɔn koma. Sɛ nnipa boapa yɛ wɔn adwene sɛ ‘wɔrenni nokware’ a, Satan betumi ama wɔayɛ bɔne a ɛkɔɔ twi kɔɔ brɛman nyinaa bi.—Rom. 1:25-31.

4. Sɛn na Yehowa akyerɛ sɛ ɔyɛ “nokware Nyankopɔn”? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Yehowa ne “nokware Nyankopɔn” no, na oyi ne yam de nokware no kyerɛkyerɛ wɔn a wɔdɔ no no. (Dw. 31:5) Ɔyɛ saa a, ɛboa wɔn ma wɔde wɔn ho fi Satan atosɛm ho. Yehowa san kyerɛkyerɛ n’asomfo sɛ wɔnka nokware na wɔnyɛ adetrenee. Ɛba saa a, ɛma nkurɔfo bu wɔn, na wɔnya asomdwoe. (Mmeb. 13:5, 6) Wufii ase suaa Bible yi, wayɛ biribi a ɛte saa ama wo anaa? Woabehu sɛ Yehowa akwan paa na mfaso wɔ so ma nnipa nyinaa. (Dw. 77:13) Enti wopɛ sɛ woyɛ ade a ɛtene wɔ Onyankopɔn ani so. (Mat. 6:33) Wopɛ sɛ wotaa nokware no akyi, na woboa ma ɛda adi sɛ nea Satan akeka afa Yehowa Nyankopɔn ho no nyinaa nyɛ nokware. Wobɛyɛ no sɛn?

5. Wobɛyɛ dɛn ataa nokware no akyi na woayɛ adetrenee?

5 Wubetumi abɔ wo bra wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛyɛ te sɛ nea woreka sɛ: “Mikyi Satan atosɛm, na metaa nokware no akyi. Yehowa na mepɛ sɛ odi me so, na nea ɛtene wɔ n’ani so na mepɛ sɛ meyɛ.” Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛne sɛ, wobɛbɔ Yehowa mpae de ahyira wo ho so ama no. Ɛno akyi no, wobɛbɔ asu de ama nkurɔfo ahu sɛ woahyira wo ho so. Nokware a wubedi ne adetrenee a wobɛyɛ no bɛkanyan wo paa ma woabɔ asu.

WODƆ YESU KRISTO

6. Dɛn na ɛwɔ Dwom 45:4 a ɛma wodɔ Yesu Kristo?

6 Adɛn nti na wodɔ Yesu Kristo? Nea enti a ɛte saa no, momma yɛnhwɛ bi wɔ Dwom 45:4. (Kenkan.) Yesu di nokware, ɔbrɛ ne ho ase, na ɔyɛ adetrenee. Enti sɛ wo nso wudi nokware na woyɛ adetrenee a, ɛkyerɛ sɛ wodɔ Yesu Kristo. Wo de, susuw sɛnea Yesu de akokoduru taa nokware no akyi na ɔyɛɛ adetrenee no ho hwɛ. (Yoh. 18:37) Ahobrɛase nso ɛ, sɛn na Yesu ma yehu sɛ ɛho hia?

7. Dɛn na w’ani gye ho wɔ Yesu ahobrɛase ho?

7 Yesu de ne nhwɛso kyerɛe sɛ ahobrɛase ho hia. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wanhyɛ ne ho anuonyam da; ɔde anuonyam a ɛsɛ fata nyinaa maa n’Agya. (Mar. 10:17, 18; Yoh. 5:19) Wote nka sɛn wɔ Yesu ahobrɛase ho? Yegye di sɛ ɛkanyan wo sɛ dɔ Yesu, na di n’anammɔn akyi. Adɛn nti na Yesu brɛ ne ho ase? Efisɛ ɔdɔ n’Agya a ɔwɔ ahobrɛase no, na osuasua no. (Dw. 18:35; Heb. 1:3) Sɛnea Yesu da Yehowa suban adi pɛpɛɛpɛ no, ɛntwe wo mmɛn no anaa?

8. Adɛn nti na yɛn ani gye ho paa sɛ Yesu ne yɛn Hene?

8 Nea enti a yɛn ani gye ho sɛ Yesu ne yɛn Hene ne sɛ, ɔno paa na ɔfata sɛ odi yɛn so. Yehowa ankasa na atete ne Ba no, na wapaw no sɛ onni yɛn so. (Yes. 50:4, 5) Wo de, dwen sɛnea Yesu ayi ne yam akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn no ho hwɛ. (Yoh. 13:1) Yesu ne wo Hene, enti ɛfata paa sɛ wodɔ no. Ɔkyerɛɛ mu sɛ wɔn a wɔdɔ no paa no, wɔn na ɔfrɛ wɔn ne nnamfo, efisɛ wɔdi ne mmara so de kyerɛ sɛ wɔdɔ no. (Yoh. 14:15; 15:14, 15) Ɛyɛ anuonyamhyɛ kɛse paa sɛ obi bɛyɛ Yehowa Ba no adamfo!

9. Sɛn na Kristofo asubɔ te sɛ Kristo de no?

9 Yesu maa n’akyidifo ahyɛde pii. Emu baako ne sɛ wɔmmɔ asu. (Mat. 28:19, 20) Ɔyɛɛ wei ho nhwɛso. Akwan bi so no, ɛsono Yesu asubɔ no, ɛnna ɛsono n’akyidifo de no. (Hwɛ adaka a yɛato din “ Yesu Asubɔ Ne N’akyidifo Asubɔ—Nsonsonoe a Ɛwom” no.) Nanso, ɛsɛ wɔ akwan bi so. Bere a Yesu bɔɔ asu no, na ɔde ne ho rema n’Agya sɛ ɔbɛyɛ n’apɛde. (Heb. 10:7) Saa ara nso na Kristo akyidifo bɔ asu a, wɔda no adi wɔ baguam sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa Nyankopɔn. Efi saa bere no rekɔ no, nea ɛho hia wɔn paa ne sɛ wɔbɛyɛ Yehowa apɛde, na ɛnyɛ nea wɔn ankasa pɛ. Wei kyerɛ sɛ, wɔredi wɔn Wura nhwɛso akyi.

10. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wodɔ Yesu, na dɛn na ɛsɛ sɛ saa ɔdɔ no kanyan wo ma woyɛ?

10 Yenim sɛ wugye di sɛ Yesu ne Yehowa Dɔba koro pɛ no, na ɔno ne Ɔhene a Onyankopɔn apaw no sɛ onni yɛn so. Wunim sɛ Yesu brɛ ne ho ase, na osuasua n’Agya pɛpɛɛpɛ. Woasua ahu sɛ ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan, ɔkyekyee wɔn a wɔn abam abu werɛ, na ɔsaa ayarefo mpo yare. (Mat. 14:14-21) Woahu sɛnea ɔredi n’asafo no anim nnɛ. (Mat. 23:10) Afei nso, wunim sɛ esiane sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene nti, daakye ɔbɛyɛ nea ɛsen saa koraa. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wodɔ no? Ɛne sɛ wubedi ne nhwɛso akyi. (Yoh. 14:21) Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa na wobɔ asu a, ɛkyerɛ sɛ woafi ase reyɛ saa.

WODƆ YEHOWA NYANKOPƆN

11. Dɛn na wobɛka sɛ ɛno ne ade a ɛho hia paa nti a ɛsɛ sɛ wobɔ asu?

11 Dɛn ne ade a ɛho hia paa nti a ɛsɛ sɛ wobɔ asu? Yesu kaa sɛ, Onyankopɔn mmara a ɛyɛ kɛse paa ne sɛ, ‘wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa bɛdɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ (Mar. 12:30) Saa na wodɔ Onyankopɔn anaa?

Adepa biara a ɛma w’ani gye, ne nea daakye ɛbɛma w’ani agye nyinaa fi Yehowa hɔ (Hwɛ nkyekyɛm 12-13)

12. Adɛn nti na wodɔ Yehowa? (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Nea enti a wodɔ Yehowa no dɔɔso. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, woabɛte ase sɛ ɔno na ‘nkwa fi no,’ na ɔno na ɔde “akyɛde pa ne akyɛde a edi mu biara” ma yɛn. (Dw. 36:9; Yak. 1:17) Adepa biara a wowɔ no, yɛn Nyankopɔn a ne yam ye, na ɔdɔ yɛn no na ɔde ama wo.

13. Dɛn na ɛma agyede no yɛ akyɛde a ɛsom bo saa?

13 Agyede no yɛ akyɛde a ɛsom bo a Yehowa de ama yɛn. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Yɛnhwɛ ayɔnkofa a ɛda Yehowa ne ne Ba no ntam. Yesu kaa sɛ: “Agya no dɔ me” na “medɔ Agya no.” (Yoh. 10:17; 14:31) Bere a wɔtena boom mfe ɔpepepem pii no, ɛmaa wɔn dɔ no mu yɛɛ den paa. (Mmeb. 8:22, 23, 30) Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa dii yaw bere a ɔmaa ne Ba no behuu amane na owui no. Yehowa dɔ nnipa paa, enti ofii ne pɛ mu de ne Dɔba no bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wo ne afoforo betumi atena ase daa. (Yoh. 3:16; Gal. 2:20) Wei ne ade titiriw paa a enti ɛsɛ sɛ wodɔ Onyankopɔn.

14. Botae papa paa bɛn na wubetumi de asi w’ani so wɔ asetenam?

14 Sua a woasua Yehowa ho ade pii nti, ɔdɔ a wowɔ ma no no ayɛ kɛse. Yenim paa sɛ wopɛ sɛ wobɛn no daa, na wubetumi ayɛ nso. Ɔhyɛ wo nkuran sɛ bɔ mmɔden ma ne koma nni ahurusi. (Mmeb. 23:15, 16) Ɛnyɛ wo kasa nko ara na wubetumi de ayɛ saa; wubetumi de wo nneyɛe nso ayɛ saa. Sɛnea wobɔ wo bra no na ɛbɛkyerɛ sɛ wodɔ Yehowa ampa. (1 Yoh. 5:3) Ɛno ne botae papa paa a wubetumi de asi w’ani so.

15. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wodɔ Yehowa?

15 Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wodɔ Yehowa? Nea edi kan ne sɛ wobɛhyɛ da abɔ mpae de ahyira wo ho so ama no. (Dw. 40:8) Afei, wobɛbɔ asu ama nkurɔfo ahu sɛ woahyira wo ho so. Sɛnea yɛadi kan aka wɔ adesua yi mu no, woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ woadu botae titiriw bi ho wɔ w’asetenam, na ɛbɛma w’ani agye. Wei bɛkyerɛ sɛ woafi abrabɔ foforo ase; ɛne sɛ, worenyɛ nea wo ara wopɛ na mmom wobɛyɛ nea Yehowa pɛ. (Rom. 14:8; 1 Pet. 4:1, 2) Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ saa gyinaesi yi so, na ɛyɛ nokware nso. Nanso ebetumi ama woanya asetena a edi mu paa. Ɔkwan bɛn so?

16. Sɛnea Dwom 41:12 kyerɛ no, wɔn a wɔde wɔn asetena nyinaa som Yehowa no, akatua bɛn na ɔde bɛma wɔn?

16 Yehowa ne obi a ne yam ye paa. Nea wode bɛma no biara, ɔbɛbɔ ho bebree ama wo. (Mar. 10:29, 30) Wiase a ɛregye nna awu yi mu mpo, ɔbɛma woanya asetena papa a edi mu na ahomeka wom. Wei yɛ aprapra-kwan-mu; daakye nso, ɔde pii bɛka ho ama wo. Wobɔ asu a, na woafi akwantu bi ase, na ɛnsɛ sɛ wode kɔso kwan mu. Wubetumi akɔ so asom w’Agya a ɔdɔ wo no afebɔɔ. Ɔdɔ a ɛwɔ wo ne w’Agya no ntam no bɛkɔ so ayɛ kɛse, na wobɛtena ase afebɔɔ sɛnea ɔno nso te hɔ afebɔɔ no.—Kenkan Dwom 41:12.

17. Dɛn na Yehowa nni a wubetumi de ama no?

17 Sɛ wuhyira wo ho so na wobɔ asu a, ɛma wunya hokwan de biribi a ɛsom bo paa ma Yehowa. Adepa biara a wowɔ ne biribiara a ɛma w’ani gye no, ɔno na ɔde maa wo. Ɛno nti, ɔsoro ne asaase Wura no, wubetumi ama no biribi a onni. Ɛno ne sɛ wubefi wo pɛ mu de nokwaredi asom no. (Hiob 1:8; 41:11; Mmeb. 27:11) Sɛ ɛnyɛ wei na wopɛ sɛ wode w’asetena yɛ a, ɛnde dɛn bio? Ampa, ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no ne ade titiriw paa nti a ɛsɛ sɛ wobɔ asu.

WORETWƐN DƐN?

18. Nsɛm bɛn na wubetumi abisa wo ho?

18 Ɛnde asɛmmisa a ɛne sɛ, ‘Adɛn nti na wommɔɔ asu’ no, wubeyi ano sɛn? Wei de, wo ara na wubetumi ayi ano. Nanso sɛ wubisa wo ho sɛ, ‘Meretwɛn dɛn?’ a, ebetumi aboa wo. (Aso. 8:36) Kae nneɛma mmiɛnsa a yɛasusuw ho no. Nea edi kan, wudi nokware na woyɛ adetrenee. Enti bisa wo ho sɛ, ‘Ɛda a nnipa nyinaa bɛka nokware na wɔayɛ adetrenee no, mepɛ sɛ mede m’ani hu anaa?’ Nea ɛtɔ so mmienu, wodɔ Yesu Kristo. Enti bisa wo ho sɛ, ‘Mepɛ sɛ Onyankopɔn Ba no yɛ me Hene, na mepɛ sɛ midi ne nhwɛso akyi anaa?’ Nea ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛyɛ kɛse paa no, wodɔ Yehowa. Enti bisa wo ho sɛ, ‘Mepɛ sɛ mesom Yehowa, na mema ne koma di ahurusi anaa?’ Sɛ wuyi nsɛmmisa yi nyinaa ano sɛ yiw a, ɛnde adɛn nti na wommɔ asu? Woretwɛn dɛn?—Aso. 16:33.

19. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɔ asu? Ma mfatoho. (Yohane 4:34)

19 Sɛ woretwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɔ asu a, hwɛ mfatoho bi a Yesu mae. (Kenkan Yohane 4:34.) Hyɛ no nsow sɛ, Yesu de n’Agya apɛde a ɔbɛyɛ totoo aduan ho. Adɛn ntia? Efisɛ aduan ye ma yɛn. Ná Yesu nim sɛ biribiara a Yehowa bɛka sɛ yɛnyɛ no, eye ma yɛn. Yehowa mpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a ebepira yɛn. Wohwɛ a, Yehowa pɛ sɛ wobɔ asu anaa? Yiw. (Aso. 2:38) Ɛnde, wubetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ wobɔ asu a, ɛbɛboa wo. Sɛ wunya aduan papa paa na sɛ worentwentwɛn wo nan ase sɛ wubedi a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɔ asu?

20. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Woretwɛn dɛn? Ebia nnipa pii bɛka sɛ, “Menyɛɛ krado.” Nea ɛwom ne sɛ, gyinae a wubesi ahyira wo ho so ama Yehowa na woabɔ asu no, ɛno ne gyinae a ɛho hia paa a wubesi wɔ w’asetenam. Enti ɛho hia sɛ wudwen ho kɔ akyiri. Afei nso, ebegye bere ne mmɔdenbɔ paa na woatumi afata sɛ wobɔ asu. Nanso sɛ wopɛ paa sɛ wutu saa anammɔn no a, dɛn na wubetumi ayɛ seesei de asiesie wo ho? Yebenya saa asɛmmisa no ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 28 Nea Yehowa Bɛfa No Adamfo

a Asubɔ yɛ anammɔn titiriw a ɛsɛ sɛ Bible suani biara tu. Dɛn na ebetumi aboa Bible suani bi ma watu saa anammɔn no? Yɛbɛka no tiawa a, ɛne ɔdɔ. Nanso dɛn ne dɛn na ɛsɛ sɛ Bible suani ani gye ho, na henanom na ɛsɛ sɛ ɔdɔ wɔn? Adesua yi bɛma yɛanya ho mmuae, na yɛahwɛ sɛnea yɛn asubɔ akyi no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra.