Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 13

Fa Abɔde Kyerɛkyerɛ Wo Mma Yehowa Ho Ade

Fa Abɔde Kyerɛkyerɛ Wo Mma Yehowa Ho Ade

“Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa?”—YES. 40:26.

DWOM 11 Abɔde Yi Onyankopɔn Ayɛ

NEA YƐREBESUA a

1. Dɛn na awofo pɛ sɛ wɔn mma yɛ?

 AWOFO, yenim sɛ mopɛ sɛ moboa mo mma ma wɔbehu Yehowa na wɔdɔ no. Nanso yɛmfa yɛn ani nhu Onyankopɔn. Enti, mobɛyɛ dɛn aboa mo mma ma wɔabehu sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na wɔafa no adamfo?—Yak. 4:8.

2. Awofo bɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ wɔn mma Yehowa su ahorow?

2 Ɔkwan titiriw baako a awofo betumi afa so akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔabɛn Yehowa ne sɛ, wɔne wɔn besua Bible no. (2 Tim. 3:14-17) Nanso, Bible no ma yehu ɔkwan foforo nso a mmofra betumi afa so asua Yehowa ho ade. Yɛhwɛ Mmebusɛm nhoma no mu a, yehu sɛ agya bi rekae ne ba sɛ Yehowa su ahorow a ɛda adi wɔ abɔde mu no, ɛnsɛ sɛ ne werɛ fi da. (Mmeb. 3:19-21) Yɛbɛhwɛ akwan bi a awofo betumi afa so de abɔde aboa wɔn mma ma wɔasua Yehowa ho ade.

WOBƐYƐ DƐN DE NNEƐMA A YEHOWA ABƆ AKYERƐKYERƐ WO MMA?

3. Mmoa bɛn na ɛsɛ sɛ awofo de ma wɔn mma?

3 Bible ka sɛ Onyankopɔn “suban ahorow a nnipa ntumi nhu . . . no, ada adi pefee fi bere a ɔbɔɔ wiase, na wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.” (Rom. 1:20) Awofo, ɛda adi sɛ mo ani gye ho sɛ mo ne mo mma nkumaa bepue. Momfa saa bere no mmoa mo mma mma wɔnhu sɛ, Yehowa su ahorow a ɛyɛ fɛ no da adi wɔ “nneɛma a wayɛ” mu. Yesu yɛɛ biribi a ɛte saa, enti momma yɛnhwɛ nea awofo betumi asua afi ne hɔ.

4. Sɛn na Yesu de nneɛma a Yehowa abɔ kyerɛkyerɛɛ n’asuafo? (Luka 12:24, 27-30)

4 Hwɛ sɛnea Yesu de nneɛma a Yehowa abɔ kyerɛkyerɛe. Bere bi, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnhwɛ nkwaakwaadabi ne nhwiren. (Kenkan Luka 12:24, 27-30.) Anka Yesu betumi aka aboa anaa afifide biara kɛkɛ ho asɛm, nanso ɔkaa anomaa ne nhwiren a na n’asuafo no nim no yiye ho asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ na n’asuafo no ahu nkwaakwaadabi a wɔatu nam wim ne nhwiren a apae fɛfɛɛfɛ wɔ wuram pɛn. Hwɛ sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ na ɔde ne nsa akyerɛ saa nneɛma yi so. Bere a ɔbobɔɔ saa nneɛma no din wiei no, dɛn na ɔyɛe? Ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo no asuade titiriw bi faa wɔn soro Agya no ayamye ne ne papayɛ ho: Ɛne sɛ, sɛnea Yehowa hwɛ nkwaakwaadabi ne nhwiren a ɛwɔ wuram no, saa ara na ɔbɛma n’asomfo anokwafo nea wɔbedi ne nea wɔbɛhyɛ.

5. Nneɛma a Yehowa abɔ no, emu nea ɛwɔ he na awofo betumi de akyerɛkyerɛ wɔn mma Yehowa ho ade?

5 Awofo, mubesuasua ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe yi anaa? Wubetumi aka biribi a Yehowa abɔ a w’ani gye ho paa ho asɛm akyerɛ wo ba; ebetumi ayɛ aboa bi a wopɛ n’asɛm paa anaa afifide bi a w’ani gye ho. Bere a woreyɛ saa no, nea saa ade no ma wuhu fa Yehowa ho no, hwɛ hu sɛ wobɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ wo ba no. Ɛno akyi no, wubetumi abisa wo ba no sɛ, aboa bɛn na ɔpɛ n’asɛm paa anaa afifide bɛn na n’ani gye ho? Sɛ woka biribi a n’ani gye ho ho asɛm, na wugyina so de kyerɛkyerɛ no Yehowa ho ade a, ebia ɔbɛyɛ aso atie no yiye.

6. Dɛn na yebetumi asua afi nea Christopher maame yɛe no mu?

6 Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ awofo de bere pii yɛ aboa anaa afifide pɔtee bi ho nhwehwɛmu ansa na wɔne wɔn mma asusuw nea ɛma wɔhu fa Yehowa ho anaa? Ɛnte saa ankasa. Sɛnea nkwaakwaadabi didi ne sɛnea nhwiren nyin no, Yesu ankyerɛkyerɛ mu ankɔ akyiri. Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a, nneɛma a Yehowa abɔ no, sɛ wo ne wo ba bɔ ho nkɔmmɔ kɔ akyiri a, ɛbɛma n’ani agye. Nanso ɛtɔ da a, nea ehia sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛka asɛm tiawa bi anaa wubebisa asɛm tiawa bi na ama wo ba no ate nea woreka no ase. Momma yɛnhwɛ nea onua bi a ne din de Christopher kae fi ne mmofraase: “Ná me maame taa ka nsɛm tiawa bi a ɛboa ma yɛkyerɛ abɔde a atwa yɛn ho ahyia ho anisɔ. Sɛ mɛyɛ nhwɛso a, sɛ yɛnam ara na yɛkɔto bepɔw bi a, na otumi ka sɛ: ‘Aa, bepɔw na ɛsõ na ɛyɛ fɛ sei! Yehowa ho yɛ nwanwa oo!’ Anaa sɛ yɛnam ara na yɛbɛn mpoano a, otumi ka sɛ: ‘Monhwɛ sɛnea asorɔkye no rebɔ! Munhu sɛ Onyankopɔn wɔ tumi paa?’” Christopher ka sɛ: “Saa nsɛm tiawa a na ɛma yedwinnwen Yehowa abɔde ho no nyaa yɛn so tumi paa.”

7. Wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ wo mma ma wɔadwinnwen nneɛma a Yehowa abɔ ho?

7 Bere a wo mma renyin no, wubetumi akyerɛkyerɛ wɔn ama wɔadwinnwen Yehowa abɔde ho akɔ akyiri na ama wɔn ankasa ahu sɛnea Yehowa te. Wubetumi aka ade bi a Onyankopɔn abɔ ho asɛm akyerɛ wo mma, na woabisa wɔn sɛ, “Dɛn na wei ma wuhu fa Yehowa ho?” Ebia, nea wɔbɛka no bɛyɛ wo nwanwa.—Mat. 21:16.

BERE BƐN NA WUBETUMI DE NNEƐMA A YEHOWA ABƆ AKYERƐKYERƐ WO MMA?

8. Awofo a na wɔwɔ Israel no, sɛ wɔne wɔn mma ‘nam kwan so’ a, hokwan bɛn na na ebue ma wɔn?

8 Yehowa ka kyerɛɛ awofo a na wɔwɔ Israel sɛ, sɛ wɔne wɔn mma ‘nam kwan so’ a, wɔnkyerɛkyerɛ wɔn ne mmara. (Deut. 11:19) Ná wɔayiyi akwan kɔ Israel nkuraase. Sɛ obi nam akwan yi bi so a, na obetumi ahu mmoa, nnomaa, ne nhwiren ahorow-ahorow. Sɛ mmusua a ɛwɔ Israel nam kwan so a, na awofo nya hokwan ka Yehowa abɔde ho asɛm kyerɛ wɔn mma. Awofo a mowɔ hɔ nnɛ, ɛda adi sɛ mo nso mowɔ hokwan a mode bɛkyerɛkyerɛ mo mma ma wɔasua biribi afi nneɛma a Yehowa abɔ mu. Yɛnhwɛ sɛnea awofo bi atumi ayɛ saa.

9. Dɛn na wubetumi asua afi Punitha ne Katya hɔ?

9 Maame bi a ne din de Punitha a ɔte kurow kɛse bi mu wɔ India ka sɛ: “Sɛ yɛkɔsra yɛn abusuafo bi wɔ akuraase a, na yɛfa no sɛ ɛyɛ hokwan a yɛde bɛkyerɛkyerɛ yɛn mma no Yehowa abɔde a ɛyɛ nwanwa no ho ade. Mihu sɛ, sɛ me mma no nni baabi a nnipa ne kar abɔ apee so a, ɛma wɔtumi sua Yehowa abɔde ho ade yiye.” Awofo, sɛ munya bere ne mo mma kɔ baabi a ɛhɔ yɛ fɛ nsrahwɛ a, ebia wɔn werɛ remfi da. Onuawa bi a ne din de Katya a ofi Moldova ka sɛ: “Nea mekae wɔ me mmofraase paa ne bere a me ne m’awofo kodii nna kakra wɔ akuraase no. Meda wɔn ase paa sɛ wɔkyerɛkyerɛɛ me fii me mmofraase sɛ menhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na minnwinnwen ho sɛnea ɛbɛyɛ a mehu Yehowa yiye.”

Kurow kɛse mu mpo, wubetumi ahu nneɛma bi a Yehowa abɔ a wubetumi de akyerɛkyerɛ wo mma Yehowa ho ade (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Sɛ ɛyɛ den ma awofo sɛ wɔbetu kwan akɔ akuraase akɔhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ a, dɛn na wɔbetumi ayɛ? (Hwɛ adaka a yɛato din “ Nea Ɛbɛboa Awofo” no.)

10 Sɛ ɛyɛ den ma mo sɛ mubetu kwan akɔ akuraase akɔhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ a, dɛn na mubetumi ayɛ? Amol a ɔno nso te India no ka sɛ: “Baabi a mete no, ɛsɛ sɛ awofo de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma, na egye sika pii na obi atumi atu kwan akɔ akuraase. Nanso, baabi a wɔaduadua nnua a afoforo tumi kɔtena hɔ gye wɔn ahome, anaa nhwiren a wɔaduadua wɔ mfikyiri no, mubetumi ahwɛ de asua Yehowa ho ade.” Wo nso, sɛ wode w’ani to fam a, ebia wubehu Yehowa abɔde pii a ɛbɛn wo fie a wubetumi de akyerɛkyerɛ wo mma. (Dw. 104:24) Ebia wubehu nnomaa, ntɛtea anaa ntummoa, afifide ne nea ɛkeka ho. Karina a ofi Germany ka sɛ: “Me maame ani gye nhwiren ho paa, enti bere a na meyɛ abaayewa no, bere biara a ɔne me betu mpase no, na ɔkyerɛ me nhwiren a ɛyɛ fɛ.” Awofo, video ne nhoma ahorow pii a ɛfa abɔde ho a asafo no ayɛ no, mubetumi de akyerɛkyerɛ mo mma. Ɛmfa ho sɛnea wo tebea te biara no, wubetumi aboa wo mma ma wɔahwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ asua biribi afi mu. Afei, Yehowa su ahorow a mubetumi aboa mo mma ma wɔahu wɔ nneɛma a wabɔ mu no, momma yɛnhwɛ emu bi.

YEHOWA “SUBAN AHOROW A NNIPA NTUMI NHU . . . NO, ADA ADI PEFEE”

11. Awofo bɛyɛ dɛn aboa wɔn mma ma wɔahu sɛ Yehowa wɔ ɔdɔ?

11 Sɛnea mmoa pii ani ku wɔn mma ho no, wubetumi de akyerɛ wo mma ma wɔahu sɛ Yehowa wɔ ɔdɔ. (Mat. 23:37) Nneɛma ahorow-ahorow a Yehowa abɔ a ɛma yɛn ani gye no nso, wubetumi atwe adwene asi so. Karina a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Sɛ me ne me maame retu mpase a, ɛyɛ a ɔhyɛ me nkuran sɛ minnyina na mento me bo ase nhwɛ sɛnea nhwiren biara yɛ soronko ne sɛnea emu biara fɛ no ma yehu sɛ Yehowa wɔ ɔdɔ. Ɛwom sɛ mfe pii atwam de, nanso meda so ara to me bo ase hwɛ sɛnea nhwiren biara kɔla te, ne sɛnea ebiara yɛ soronko no. Ɛda so ara kae me sɛ Yehowa dɔ yɛn paa.”

Sɛnea Yehowa yɛɛ yɛn nipadua ma ɛyɛɛ nwanwa no, wubetumi de akyerɛkyerɛ wo mma ma wɔahu sɛ Onyankopɔn wɔ nyansa (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12. Awofo bɛyɛ dɛn aboa wɔn mma ama wɔahu sɛ Onyankopɔn wɔ nyansa? (Dwom 139:14) (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Boa wo mma ma wɔnhu sɛ Onyankopɔn wɔ nyansa. Yehowa nim nyansa sen yɛn koraa. (Rom. 11:33) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wubetumi akyerɛ wo mma sɛnea nsu a ɛdane mununkum tumi fi beae bi kɔ beae foforo a ɛmmrɛ koraa no. (Hiob 38:36, 37) Afei nso, wubetumi aka sɛnea Yehowa hyehyɛɛ nipadua no ma ɛyɛɛ nwanwa no ho asɛm akyerɛ wɔn. (Kenkan Dwom 139:14.) Yɛnhwɛ sɛnea agya bi a ne din de Vladimir yɛɛ biribi a ɛte saa. Ɔka sɛ: “Da bi, yɛn ba abarimaa fii sakre so bɔɔ fam pirae. Nna kakra akyi no, kuru no wui. Me ne me yere kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ, Yehowa bɔɔ yɛn nipadua no wɔ ɔkwan bi so a, sɛ biribi tɔ kyima wɔ ho a, ɛno ara tumi siesie. Afei, yɛma ohui sɛ, nneɛma a nnipa ayɛ de, ɛnyɛ saa na ɛte. Sɛ kar nya akwanhyia a, ɛno ara ntumi nsiesie ne ho. Saa nhwɛso yi boaa yɛn ba no ma ohui sɛ Yehowa wɔ nyansa.”

13. Awofo bɛyɛ dɛn aboa wɔn mma ma wɔahu sɛ Onyankopɔn wɔ tumi? (Yesaia 40:26)

13 Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmma yɛn ani so nhwɛ soro, na yɛnhwɛ sɛnea ne tumi kɛse no ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ amansan yi mu. (Kenkan Yesaia 40:26.) Wubetumi ahyɛ wo mma nkuran ma wɔahwɛ soro na wɔadwinnwen nea wɔbehu no ho. Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Tingting a ofi Taiwan. Nea ɔkae fi ne mmofraase ne sɛ: “Bere bi me maame ne me tuu kwan kɔɔ baabi a na ɛbɛma yɛahu nsoromma a ɛwɔ wim anadwo no, efisɛ ɛhɔ de, na nkanea nni hɔ te sɛ kurom. Saa bere no, na m’atipɛnfo a ɛrehyɛ me so nti na m’adwene atu afra; na meredwen ho sɛ, enti metumi de nokwaredi asom Yehowa ni? Me maame hyɛɛ me nkuran sɛ tumi a Yehowa de bɔɔ saa nsoromma no nyinaa no, minnwinnwen ho na menkae sɛ, Yehowa betumi de saa tumi no aboa me ma magyina sɔhwɛ biara ano. Nneɛma a Yehowa abɔ a midwinnwen ho wɔ saa akwantu no mu no, ɛma meyɛɛ m’adwene sɛ mehu Yehowa yiye, na misii me bo paa sɛ mɛkɔ so asom no.”

14. Awofo bɛyɛ dɛn de nneɛma a Yehowa abɔ aboa wɔn mma ma wɔahu sɛ ɔyɛ anigye Nyankopɔn?

14 Yehowa abɔde ma yehu sɛ ɔyɛ anigye Nyankopɔn. Abɔde mu nyansahufo ahu sɛ mmoa dodow no ara di agorɔ; nnomaa ne mpataa mpo ka ho. (Hiob 40:20) Woahu sɛ aboa bi redi agorɔ ama wo mma reserew pɛn? Ebia wo mma ahu sɛnea agyinamoa ba di bɔɔl ho agorɔ anaa sɛnea nkraman mma di agorɔ pɛn. Bere biara a wubehu sɛ aboa bi redi agorɔ, na ama wo mma reserew no, wubetumi akae wɔn sɛ Onyankopɔn a yɛsom no no yɛ anigye Nyankopɔn.—1 Tim. 1:11.

WO NE W’ABUSUA MMOM NHWƐ YEHOWA ABƆDE

Sɛ wo ne wo mma rehwɛ nneɛma a Yehowa abɔ a, nea ɛwɔ wɔn komam no, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛka ho asɛm akyerɛ wo (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Dɛn na ɛbɛboa awofo ama wɔahu nea ɛwɔ wɔn mma komam? (Mmebusɛm 20:5) (Hwɛ mfoni no nso.)

15 Ɛtɔ da a, awofo nhu nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔn mma aka ɔhaw a wɔrehyia ho asɛm akyerɛ wɔn. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, ebia ebehia sɛ wode nhumu yɛ adwuma na ama woahu nea ɛwɔ wo mma komam. (Kenkan Mmebusɛm 20:5.) Awofo binom ahu sɛ, sɛ wɔne wɔn mma rehwɛ nneɛma a Yehowa abɔ a, ɛma ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ saa. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, saa bere no, nneɛma pii nni hɔ a ɛbɛtwetwe mmofra no ne awofo no adwene. Agya bi a ɔwɔ Taiwan a ne din de Masahiko nso ma yehu ade foforo. Ɔka sɛ: “Sɛ yɛne yɛn mma no kɔnantenantew baabi a mmepɔw wɔ anaa mpoano a, mpɛn pii no ɛma wɔn ho dwo wɔn; wɔnte nka sɛ biribi rehyɛ wɔn so. Ɛba saa a, ɛnyɛ den sɛ yebehu nea ɛwɔ wɔn komam ne nea wɔredwen ho.” Katya a yɛadi kan aka n’asɛm no ka sɛ: “Sɛ mepɔn sukuu a, na me maame de me kɔ beae fɛfɛɛfɛ bi a wɔaduadua nnua wɔ hɔ a nkurɔfo tumi kɔtena hɔ gye wɔn ahome. Baabi a ɛhɔ yɛ ahomeka saa no, na ɛnyɛ den sɛ mɛka nea esii wɔ sukuu anaa nea ɛhaw me akyerɛ no.”

16. Sɛ mmusua bi redwudwo wɔn ho, anaa wɔregye wɔn ani a, nneɛma a Yehowa abɔ betumi aboa wɔn sɛn?

16 Sɛ mmusua bi pɛ sɛ wɔdwudwo wɔn ho anaa wɔgye wɔn ani a, wɔbetumi ahwɛ nneɛma a Yehowa abɔ. Wei bɛma ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no mu ayɛ den. Bible ka sɛ: ‘Ɔserew wɔ ne bere’ ɛnna “ahuruhuruw nso wɔ ne bere.” (Ɔsɛnk. 3:1, 4 ase hɔ asɛm) Yehowa abɔ mmeae pii a ɛhɔ yɛ fɛ a yebetumi akogye yɛn ani, na yɛayɛ nneɛma a yɛn ani gye ho nso. Mmusua pii ani gye ho sɛ wɔbɛbom akɔ kwae mu nsrahwɛ. Afei nso, wɔn mu bebree ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ nkuraase, baabi a mmepɔw wɔ anaa wɔbɛkɔ mpoano akɔhwɛ hɔ. Mmofra binom ani gye ho sɛ wɔbetu mmirika na wɔadi agorɔ wɔ agoprama so, wɔahwɛ sɛnea mmoa yɛ wɔn ade, anaa wɔakoguare wɔ asubɔnten, ɔtare anaa ɛpo mu. Sɛ yɛpɛ sɛ yedwudwo yɛn ho anaa yegye yɛn ani, na yepue a, yebehu nneɛma pii a Yehowa abɔ a yebetumi ahwɛ na ama yɛn ani agye.

17. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo boa wɔn mma ma wɔn ani gye nneɛma a Onyankopɔn abɔ ho?

17 Onyankopɔn wiase foforo no mu no, sɛnea mmofra ne awofo ani begye nneɛma a Yehowa abɔ ho de, ɛbɛyɛ krabɛhwɛ. Saa bere no, ɛrenyɛ te sɛ ɛnnɛ a yesuro mmoa na wɔn nso suro yɛn no. (Yes. 11:6-9) Nneɛma a Yehowa abɔ no, yebenya bere pii de ahwɛ ama yɛn ani agye afebɔɔ. (Dw. 22:26) Nanso awofo, monntwɛn nnkosi saa bere no ansa na moaboa mo mma ama wɔn ani agye Yehowa abɔde ho. Sɛ wode nneɛma a Yehowa abɔ kyerɛkyerɛ wo mma Yehowa ho ade a, ɛda adi sɛ wɔne Ɔhene Dawid bɛyɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “O Yehowa, . . . obiara nnwuma ne wo de nsɛ.”—Dw. 86:8.

DWOM 134 Onyankopɔn De Mmofra Ahyɛ Awofo Nsa

a Anuanom bebree kae mmere bi a wɔne wɔn awofo boom hwɛɛ nneɛma a Yehowa abɔ maa wɔn ani gyei. Wɔda so ara kae sɛnea wɔn awofo de mmere a ɛtete saa kyerɛkyerɛɛ wɔn Yehowa ho ade no. Sɛ wowɔ mma a, wobɛyɛ dɛn de abɔde akyerɛkyerɛ wɔn ma wɔahu Onyankopɔn su ahorow? Adesua yi bɛma yɛanya mmuae no.