Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɔbarima a na ne din de “Asiamasi” no, adɛn nti na ɔkaa sɛ, sɛ ɔware Rut a, ‘ɛbɛsɛe’ n’ankasa agyapade? (Rut 4:1, 6)

Bible mu no, sɛ ɔbarima warefo bi wu na onni ba a, nsɛmmisa bi sɔre. Ebi ne sɛ, sɛ ɔwɔ asaase anaa agyapade bi a, wɔbɛyɛ no dɛn? N’abusua din akyi bɛyera afebɔɔ anaa? Mose Mmara no ma wɔhuu nea wɔbɛyɛ.

Sɛ ɔbarima bi wɔ asaase na sɛ owu, anaa ohia nti ɔtɔn n’asaase a, na wɔyɛ asaase no dɛn? Ɔbarima a wawu no, na n’agyapade no betumi akodi ne nuabarima anaa ne busuani a ɔbɛn no nsam. Nanso sɛ ohia nti na ɔtɔnee a, ɛnde na ne nuabarima anaa ne busuani a ɔbɛn no betumi asan akɔtɔ. Wei bɛma agyapade no aka abusua no mu.—Lev. 25:23-28; Num. 27:8-11.

Ná wɔyɛ dɛn na owufo no abusua din anyera? Mmara a Yehowa de maa Israelfo no kaa sɛ, ɔbarima a wawu no nuabarima nware okunafo no na ɔne no nwo. Ɛba saa a, wɔde nea wawu no din bɛto abofra no, na abofra no adi n’ade. Biribi saa na esii wɔ Rut fam. Saa nhyehyɛe pa yi nso boa maa okunafo no nyaa nea ɔbɛhwɛ no.—Deut. 25:5-7; Mat. 22:23-28.

Yɛnhwɛ Naomi asɛm no. Ɔwaree ɔbarima bi a ne din de Elimelek. Bere a Elimelek ne ne mma mmarima mmienu no wui no, na Naomi nni ɔbarima biara a ɔbɛhwɛ no. (Rut 1:1-5) Bere a Naomi san kɔɔ Yuda no, ɔka kyerɛɛ n’asebea Rut sɛ, ɔmma Boas a ɔyɛ Elimelek busuani a ɔbɛn no no nkɔgye wɔn asaase no. (Rut 2:1, 19, 20; 3:1-4) Nanso na Boas nim sɛ obusuani bi a Bible frɛ no “Asiamasi” bɛn Elimelek sen no. Ɔno na na ɔwɔ hokwan sɛ odi kan tu anammɔn kogye asaase no.—Rut 3:9, 12, 13.

Ahyɛase no de, na “Asiamasi” pɛ sɛ okogye asaase no. (Rut 4:1-4) Ɛwom sɛ na onim sɛ sika kakra bɛkom de, nanso ohui sɛ Naomi anyin dodo sɛ ɔbɛwo ɔbabarima ma wadi Elimelek ade. Enti ohui sɛ obetumi anya mfaso, efisɛ Elimelek asaase no bɛba abɛka n’agyapade ho.

Nanso bere a Asiamasi hui sɛ, sɛ ogye asaase no a, ɛsɛ sɛ ɔware Rut ka ho no, ɔsesaa n’adwene. Ɔkaa sɛ: “Merennye na mansɛe m’ankasa m’agyapade.” (Rut 4:5, 6) Adɛn nti na ɔsesaa n’adwene?

Sɛ Asiamasi anaa obi foforo ware Rut na ɔne no wo ɔbabarima a, na Elimelek asaase no bɛba abedi abofra no nsam. Sɛn na na wei ‘bɛsɛe’ Asiamasi ‘agyapade’? Bible no nka, nanso nea enti a ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa saa no, momma yɛnhwɛ bi.

  • Nea edi kan, ɛbɛyɛ no sɛ watow ne sika agu, efisɛ ebewie ase no, Elimelek asaase no bɛkɔ akodi obi foforo nsam. Ɛbɛkɔ akodi Rut babarima nsam.

  • Nea ɛtɔ so mmienu, ɛbɛba abɛyɛ n’asɛde sɛ ɔhwɛ Rut ne Naomi nyinaa.

  • Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, sɛ Asiamasi ne Rut wo mma a, na mma biara a Asiamasi wɔ dedaw no, wɔne Rut mma no bɛkyɛ agyapade no.

  • Nea ɛtɔ so nnan, sɛ na Asiamasi nni ba biara, na ɔne Rut wo ɔbabarima a, na Elimelek ne Asiamasi asaase nyinaa bɛba abɛyɛ saa abofra no dea. Ɛba saa a, abofra a Elimelek din da no so no, ɔno na n’asaase no bɛkɔ akodi ne nsam. Ná Asiamasi mpɛ sɛ ɔboa Naomi, efisɛ anhwɛ a na n’agyapade afi ne nsa. Enti na ɔpɛ sɛ Boas a ɔyɛ obusuani a odi hɔ no mmom fa saa asɛde no to ne ho so. Boas nso ampopo ne ti, efisɛ na ɔpɛ sɛ ‘owufo no din san ba n’agyapade so.’—Rut 4:10.

Ɛbɛyɛ sɛ nea na ehia Asiamasi paa ne sɛ ɔbɛbɔ ne din ne n’agyapade ho ban. Ná pɛsɛmenkominya agye n’adwene. Ɛwom sɛ na Asiamasi mpɛ sɛ ne din bɛyera, nanso ayera nsesa mu. Afei nso, hokwan titiriw a Boas nyae no bɔɔ no. Wɔn a Bible bobɔ wɔn din sɛ Mesia no anaa Yesu Kristo pue fii wɔn abusua mu no, Boas ka ho. Bere a Asiamasi yɛɛ pɛsɛmenkominya, na wammoa obi a ohia mmoa nti, hwɛ sɛnea ewiee no!—Mat. 1:5; Luka 3:23, 32.