Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 11

Sɛnea Wubesiesie Wo Ho Ama Asubɔ

Sɛnea Wubesiesie Wo Ho Ama Asubɔ

“Dɛn na esiw me kwan sɛ mɛbɔ asu?”—ASO. 8:36.

DWOM 50 Ahosohyira Mpaebɔ

NEA YƐREBESUA a

Wokɔ wiase baabiara a, mmofra ne mpanyin nyinaa anya nkɔso na wɔrebɔ asu (Hwɛ nkyekyɛm 1-2)

1-2. Sɛ wonyɛɛ krado sɛ wobɛbɔ asu a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ w’abam bu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

 SƐ WOPƐ sɛ wobɔ asu a, ɛnde botae papa paa na wode asi w’ani so no. Yɛrekasa yi, wohwɛ a woayɛ krado sɛ wobɛbɔ asu? Sɛ wugye di sɛ woayɛ krado, na sɛ asafo mu mpanyimfo nso hu sɛ wofata a, ɛnde hokwan biara a ebeyi ne ti no, ntwentwɛn wo nan ase. Woyɛ saa a, anigye a wubenya wɔ Yehowa som mu de, yɛnka.

2 Nanso yɛmfa no sɛ wɔaka akyerɛ wo sɛ, ɛsɛ sɛ wunya nkɔso kakra ka ho ansa na woabɔ asu. Anaa wo ara woahu sɛ saa na ɛte. Sɛ saa a, mma w’abam mmmu. Sɛ woanyin oo, sɛ wusua oo, wubetumi anya nkɔso adu saa botae titiriw no ho.

“DƐN NA ESIW ME KWAN?”

3. Etiopiani a na ɔyɛ ahemfie panyin no, dɛn na obisaa Filipo, na asɛmmisa bɛn na ɛde ba? (Asomafo Nnwuma 8:36, 38)

3 Kenkan Asomafo Nnwuma 8:36, 38. Etiopiani bi a ɔyɛ ahemfie panyin bisaa ɔsɛmpakafo Filipo sɛ: “Dɛn na esiw me kwan sɛ mɛbɔ asu?” Ná Etiopiani no pɛ sɛ ɔbɔ asu, nanso wohwɛ a, na wayɛ krado paa sɛ obetu anammɔn a ɛho hia yi?

Ná otumfoɔ a ofi Etiopia no asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so asua Yehowa ho ade (Hwɛ nkyekyɛm 4)

4. Sɛn na Etiopiani no kyerɛe sɛ wasi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so asua ade?

4 Ná Etiopiani no ‘akɔ Yerusalem akɔsom.’ (Aso. 8:27) Enti ɛbɛyɛ sɛ na wasesa ne som abegye Yudasom atom. Ɛda adi sɛ na wasua Yehowa ho ade afi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Nanso, na ɔpɛ sɛ osua pii ka ho. Yemmisa sɛ, bere a Filipo hyiaa ahemfie panyin no wɔ ɔkwan so no, dɛn na ohui sɛ na ahemfie panyin no reyɛ? Ná n’ani abere rekenkan Odiyifo Yesaia nhoma mmobɔwee no. (Aso. 8:28) Ná ɛyɛ Bible mu nsɛm a emu dɔ. Ahemfie panyin no annya adwene sɛ Bible mu nimdeɛ kakra a ɔwɔ no ara ye; na ɔpɛ sɛ ɔkɔ so sua pii ka ho.

5. Nea Etiopiani no suae no, dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

5 Ná ɔbarima no yɛ otumfoɔ a ɔhyɛ Etiopiafo hemmaa Kandake ase; ɔno “na na ɔhwɛ ne sika nyinaa so.” (Aso. 8:27) Ɛbɛyɛ sɛ na nnwuma pii gu no so, enti na onni adaagye. Nanso na onya bere ma Yehowa som. Ɛnyɛ sɛ osuaa nokware no kɛkɛ, mmom ɔde nea osuae no yɛɛ adwuma. Enti otwaa kwantenten fii Etiopia kɔɔ Yerusalem asɔrefie hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔsom Yehowa. Ɛbɛyɛ sɛ na saa akwantu no begye bere ne sika pii, nanso na ɔbarima no asi ne bo sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara na watumi akɔsom Yehowa.

6-7. Yehowa ho dɔ a na Etiopiani no wɔ no, sɛn na ɛkɔɔ so yɛɛ kɛse?

6 Etiopiani no suaa nokwasɛm afoforo a ɛho hia fii Filipo hɔ. Baako ne sɛ na Yesu ne Mesia no. (Aso. 8:34, 35) Yetumi hu sɛ bere a Etiopiani no behuu nea Yesu ayɛ ama no no, ɛkaa ne koma paa. Dɛn na ɔyɛe wɔ ho? Ná nkurɔfo bu no, enti anka obetumi aka sɛ Yudasom a waba mu no ara ye. Nanso ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa ne ne Ba no yɛɛ kɛse. Ɛkaa no ma osii gyinae sɛ ɔbɛbɔ asu abedi Yesu Kristo akyi. Filipo hui sɛ ɔbarima no ayɛ krado, enti ɔbɔɔ no asu.

7 Sɛ wudi Etiopiani no nhwɛso akyi a, ebetumi aboa wo ma woasiesie wo ho akɔbɔ asu. Wo nso, wubetumi de ahotoso aka paa sɛ: “Dɛn na esiw me kwan sɛ mɛbɔ asu?” Momma yɛnhwɛ sɛnea wubetumi ayɛ nea ɔyɛe no bi: Ɔkɔɔ so suaa ade, ɔde nea osuae no yɛɛ adwuma, na ɔkɔɔ so maa Onyankopɔn ho dɔ a ɔwɔ no yɛɛ kɛse.

KƆ SO SUA ADE

8. Ɔkwan bɛn so na Yohane 17:3 fa wo ho?

8 Kenkan Yohane 17:3. Yesu nsɛm yi na ɛboaa wo ma wusii gyinae sɛ wubesua Bible no anaa? Yɛn mu pii wɔ hɔ a, saa na ɛte. Nanso wohwɛ a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua ade anaa? Yiw. ‘Yɛrenhu nokware Nyankopɔn koro pɛ no’ nwie da. (Ɔsɛnk. 3:11) Yɛbɛkɔ so asua ne ho ade afebɔɔ. Yɛresua Yehowa ho ade nyinaa, na bɛn ara na yɛrebɛn no.—Dw. 73:28.

9. Yesua Bible mu mfitiasesɛm no wie a, ɛno akyi no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

9 Sɛ yɛhyɛ ase sɛ yɛresua Yehowa ho ade a, Bible mu mfitiasesɛm no na yedi kan sua. Ɔsomafo Paul krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu no, ɔkaa sɛ Bible mu mfitiasesɛm no, ɛno ne nneɛma a ‘yedi kan sua no.’ Ɛnyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ nneɛma a ‘yedi kan sua no’ ho nhia, mmom na ɔde retoto nufusu a ɛma akokoaa nyin no ho. (Heb. 5:12; 6:1) Ne nyinaa mu no, ɔsan hyɛɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ, ɛnyɛ Bible mu mfitiasesɛm no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhu, na mmom ɛsɛ sɛ wɔkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm mu nokware a emu dɔ no. W’ani gye ho sɛ wubesua Bible nkyerɛkyerɛ a emu dɔ no anaa? Wopɛ sɛ wokɔ so sua Yehowa ne n’atirimpɔw ho ade pii anaa?

10. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama ebinom sɛ wɔbesua ade?

10 Yɛn mu pii wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebesua ade. Wo nso ɛ? Bere a wokɔ sukuu no, wusuaa sɛnea wobɛkan ade yiye ne sɛnea wubesua ade yiye? Ná adesua yɛ wo dɛ, na na wunya so mfaso? Anaa wunyaa adwene sɛ wusua ade a wunhu? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko. Yehowa bɛboa wo, efisɛ bɔne ne sintɔ biara nni ne ho, na ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔda mu fua.

11. Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔno ne ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no’?

11 Yehowa frɛ ne ho “wo Kyerɛkyerɛfo Kunini.” (Yes. 30:20, 21) Ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ abotare, ne yam ye, na ɔwɔ ntease. Nneɛma pa a ɛwɔ n’asuafo ho na ɔde n’adwene si so. (Dw. 130:3) Ɔnhwehwɛ nea ɛboro yɛn so mfi yɛn hɔ da. Kae sɛ, w’amemene a ɛyɛ nwanwa no, ɔno na ɔyɛe. (Dw. 139:14) Ɔde ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebesua ade no duaa yɛn mu. Yɛn Bɔfo no pɛ sɛ yɛkɔ so de anigye sua ade daa. Enti eye paa sɛ yebenya Bible mu nokware “ho akɔnnɔ.” (1 Pet. 2:2) Fa botae a wubetumi adu ho sisi w’ani so, na yɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woatumi akenkan Bible na woasua daa. (Yos. 1:8) Yehowa mmoa so nti, w’ani bɛba abegye akenkan ho na woakɔ so asua ne ho ade daa.

12. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua Yesu ho ade?

12 Ɛyɛ a taa yi bere si hɔ fa dwinnwen Yesu asetena ne ne som adwuma ho. Sɛ yedi Yesu anammɔn akyi pɛɛ a, ɛno na ɛbɛboa yɛn ma yɛasom Yehowa, ɛnkanka wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. (1 Pet. 2:21) Ɔhaw a na Yesu akyidifo behyia no, wamfa ansie wɔn. (Luka 14:27, 28) Nanso na ogye di sɛ n’akyidifo anokwafo bedi nkonim sɛnea ɔno nso yɛe no. (Yoh. 16:33) Sua Yesu asetena ho ade kɔ akyiri. Afei nso, fa botae a ɛbɛma da biara woasuasua no wɔ w’abrabɔ mu sisi w’ani so.

13. Dɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ so bisa Yehowa, na adɛn ntia?

13 Wunya nimdeɛ a na wunwiei. Ɛsɛ sɛ Yehowa ho nimdeɛ a woanya no boa wo ma wuhu no yiye, wodɔ no, na wunya ne mu gyidi. (1 Kor. 8:1-3) Bere a wugu so resua ade no, kɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na wo gyidi nyɛ kɛse. (Luka 17:5) Oyi ne yam bua mpae a ɛte saa. Gyidi amapa a egyina Onyankopɔn ho nimdeɛ a edi mu so bɛboa wo ma woatu anammɔn foforo.—Yak. 2:26.

KƆ SO FA NEA WUSUA NO YƐ ADWUMA

Ansa na nsuyiri no reba no, Noa ne n’abusua de nea wɔtee no yɛɛ adwuma pɛpɛɛpɛ (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Sɛn na ɔsomafo Petro sii so dua sɛ ehia sɛ yɛde nea yesua no yɛ adwuma? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Ɔsomafo Petro sii so dua sɛ ehia paa sɛ Kristo akyidifo kɔ so de nea wɔsua no yɛ adwuma. Ɔtwee adwene sii Noa ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no so. Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔde nsuyiri rebɛsɛe abɔnefo a na wɔwɔ ne bere so no. Nim a na Noa nim kɛkɛ sɛ nsuyiri bi reba no, ɛnyɛ ɛno na na ebegye ɔne n’abusua nkwa. Hyɛ no nsow sɛ, bere a edi nsuyiri no anim no, Petro kaa ho asɛm sɛ “saa bere no na wɔyɛɛ adaka” no. (1 Pet. 3:20) Noa ne n’abusua tiee nea Onyankopɔn kae no, enti wɔyɛɛ adaka kɛse bi. (Heb. 11:7) Afei Petro de nea Noa yɛe no totoo asubɔ ho, na ɔkaa sɛ: ‘Nea ɛte sɛ eyi ne asubɔ, ɛno na seesei ɛregye mo nkwa.’ (1 Pet. 3:21) Enti, ɔkwan bi so no, nea woreyɛ seesei de asiesie wo ho ama asubɔ no, yebetumi de atoto adwuma a Noa ne n’abusua de mfe pii yɛe de yɛɛ adaka no ho. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woafata ama asubɔ?

15. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi anu ne ho ampa?

15 Nneɛma a ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ no, emu baako ne sɛ yebefi yɛn komam anu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho. (Aso. 2:37, 38) Sɛ obi anu ne ho ampa a, nsakrae a ɔyɛ no nyɛ daadaakra. Nneyɛe biara a Yehowa ani nnye ho no, woayi afi w’akwan mu anaa? Ebi ne aguamammɔ, sigaret ne tawanom, kasafi anaa atɛnnidi. (1 Kor. 6:9, 10; 2 Kor. 7:1; Efe. 4:29) Sɛ wunnya nyɛɛ saa a, kɔ so ara yere wo ho yɛ nsakrae. Ma nea ɔne wo sua Bible no anaa asafo mu mpanyimfo no mmoa wo. Sɛ wunnyinii na wo ne w’awofo na ɛte a, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmmoa wo sɛnea ɛbɛyɛ a suban bɔne biara a ɛretwe wo san nti a wuntumi mmɔ asu no, wubetumi agyae.

16. Nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de som Yehowa daa?

16 Ɛho hia nso sɛ yɛyɛ nhyehyɛe a yɛde bɛsom Yehowa daa na yedi akyi. Ebi ne sɛ yɛbɛkɔ adesua na yɛama mmuae. (Heb. 10:24, 25) Sɛ wɔnya ma wo kwan sɛ wubetumi akɔ asɛnka a, fa ka wo nhyehyɛe ho na yɛ no daa. Mpɛn dodow a woreyɛ nkwagye adwuma yi bi no, mpɛn dodow no ara na anigye a wode yɛ no nso bɛyɛ kɛse. (2 Tim. 4:5) Sɛ wunnyinii na wo ne w’awofo na ɛte a, wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Ɛyɛ a m’awofo na ɛkae me sɛ menkɔ adesua ne asɛnka anaa? Anaa me ara na ɛyɛ a mifi me pɛ mu yɛ?’ Sɛ wo ara wufi wo pɛ mu yɛ saa nneɛma yi a, ɛkyerɛ sɛ wowɔ gyidi, wodɔ Yehowa Nyankopɔn na w’ani sɔ nea wayɛ ama wo no. “Onyamesom pa” a Bible ka ho asɛm no, saa nneɛma a yɛyɛ ma Yehowa yi ka ho. (2 Pet. 3:11; Heb. 13:15) Yehowa som mu biribiara a yefi yɛn pɛ mu yɛ a obiara nhyɛ yɛn no, ɛsɔ n’ani. (Fa toto 2 Korintofo 9:7 ho.) Yɛyɛ saa nneɛma yi, efisɛ yenim sɛ, sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu a, ɛma yɛn ani gye.

KƆ SO MA ƆDƆ A WOWƆ MA YEHOWA NO NNYIN

17-18. Su a ɛho hia paa bɛn na ɛbɛboa wo ma woanya nkɔso abɔ asu, na adɛn ntia? (Mmebusɛm 3:3-6)

17 Bere a worenya nkɔso afata ama asubɔ no, wubehyia ɔhaw. Esiane sɛ nea wugye di no asesa nti, ebia ebinom bedi wo ho fɛw; ebia wɔbɛsɔre atia wo anaa wɔbɛtan w’ani mpo. (2 Tim. 3:12) Bere a worebɔ mmɔden sɛ wubedi suban bɔne bi so no, ebia ɛwom ara a ɛbɛsan ayi ne ti. Sɛ wode botae bi asi w’ani so, na asɛ ɛyɛ den sɛ wubedu ho a, ebia wobɛte nka sɛ ɛreyɛ akyɛ dodo, na anhwɛ a wobɛyɛ basaa. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woagyina ɔhaw a ɛtete saa ano? Su a ɛho hia paa a ɛbɛboa wo ne ɔdɔ a wubenya ama Yehowa.

18 Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no yɛ su a ɛyɛ fɛ. Suban a wowɔ nyinaa, ɛno na ɛda mu fua. (Kenkan Mmebusɛm 3:3-6.) Sɛ wodɔ Onyankopɔn paa a, ɔhaw biara a wubehyia no, ebetumi aboa wo ama woagyina ano. Bible taa ka sɛ, Yehowa da ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ n’asomfo. Wei kyerɛ sɛ ɔrennan n’akyi nkyerɛ n’asomfo da, na ɔbɛkɔ so adɔ wɔn. (Dw. 100:5) Onyankopɔn bɔɔ wo wɔ ne suban so. (Gen. 1:26) Wobɛyɛ dɛn ada ne dɔ no bi adi?

Wubetumi ada Yehowa ase da biara (Hwɛ nkyekyɛm 19) b

19. Nea Yehowa ayɛ ama wo nyinaa, dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ ho anisɔ kɛse? (Galatifo 2:20)

19 Fa aseda fi ase. (1 Tes. 5:18) Da biara, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ me?’ Afei hwɛ hu sɛ wobɛda Yehowa ase wɔ wo mpaebɔ mu; ka nneɛma pɔtee a wayɛ ama wo no ho asɛm. Kae sɛ, nneɛma pa a Yehowa yɛ ma wo no kyerɛ sɛ ɔdɔ wo; ɔsomafo Paul nso behuu no saa. (Kenkan Galatifo 2:20.) Bisa wo ho sɛ, ‘Mepɛ sɛ me nso meyɛ biribi de kyerɛ sɛ medɔ no anaa?’ Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no bɛboa wo ma woakɔ so ako atia sɔhwɛ, na woagyina ɔhaw ano. Ɛbɛkanyan wo ma nhyehyɛe a woayɛ de resom Yehowa no, woakura mu, na woakɔ so akyerɛ sɛ wodɔ Yehowa da biara da.

20. Dɛn na wobɛyɛ de ahyira wo ho so ama Yehowa, na adɛn nti na wei ho hia?

20 Ebedu baabi no, ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no bɛkanyan wo ma woabɔ no mpae titiriw bi. Wubehyira wo ho so ama Onyankopɔn. Kae sɛ, sɛ wunya hyira wo ho so ma Yehowa a, wubenya anidaso kamakama yi: Ɛne sɛ wubetumi ayɛ Yehowa dea afebɔɔ. Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ woahyɛ no bɔ sɛ nsu mu oo, awia mu oo, wobɛsom no. Yehyira yɛn ho so baako pɛ; yɛnsan nyɛ no bio. Sɛ yehyira yɛn ho so a na yɛatu anammɔn bi a ɛho hia paa. Wo de, susuw wei ho hwɛ: Wubesisi gyinae pa bebree wɔ w’asetenam, nanso ebiara nni hɔ a ebetwa nea ɛfa w’ahosohyira ho no. (Dw. 50:14) Satan bɛyɛ biara sɛ ɔbɛma ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no ano adwo, sɛnea ɛbɛyɛ a wubegyae Yehowa som. Mma Satan nnni nkonim da! (Hiob 27:5) Ɛbɔ a woahyɛ sɛ wobɛsom Yehowa daa no, ɔdɔ a emu yɛ den a wowɔ ma Yehowa no bɛboa wo ma woadi so. Afei nso, ɛbɛboa wo ma woakɔ so abɛn wo soro Agya no.

21. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ wobɔ asu a wunwiei, mmom afei koraa na woahyɛ ase?

21 Wuhyira wo ho so ma Yehowa wie a, ka kyerɛ w’asafo mu mpanyimfo sɛ, wopɛ sɛ wutu anammɔn a ɛho hia a edi hɔ no. Da biara, kae sɛ, sɛ wobɔ asu a wunwiei, mmom afei koraa na woahyɛ ase. Wobɔ asu a, ɛkyerɛ sɛ woafi ase resom Yehowa, na wobɛyɛ saa daa. Enti ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no, hyɛ mu den. Fa botae a ɛbɛma ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no anyin bere nyinaa sisi w’ani so. Woyɛ saa a, ɛbɛkanyan wo ma woabɔ asu. Saa da no bɛyɛ anigye da. Nanso afei ara na na woahyɛ ase. Yɛn koma so ade ne sɛ ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne ne Ba no bɛkɔ so anyin afebɔɔ!

DWOM 135 Yehowa Adesrɛ Ne Sɛ: “Me Ba, Yɛ Onyansafo”

a Sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkɔso bɔ asu a, ɛsɛ sɛ adwempa na ɛkanyan yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ adepa nso. Yebesusuw Etiopiani a na ɔyɛ ahemfie panyin no ho, na aboa yɛn ama yɛahu anammɔn a ɛsɛ sɛ Bible suani tutu na watumi abɔ asu.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa ababaa bi rebɔ Yehowa mpae na ɔreda no ase wɔ ne papayɛ ho.