Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU ASƐM BI

Ɔde Bɔne Kyɛe Ansa Na Agyede No Reba

Ɔde Bɔne Kyɛe Ansa Na Agyede No Reba

Agyede afɔre a Yesu de ne mogya tuae no, ɛno nko ara na ebetumi ama yɛanya bɔnefakyɛ. (Efe. 1:7) Nanso Bible ka sɛ: ‘Onyankopɔn abotare nti, ɔde bɔne a wɔyɛe tete no kyɛe,’ kyerɛ sɛ, bɔne a wɔyɛe ansa na Yesu retua agyede no. (Rom. 3:25) Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa atumi ayɛ saa na bere koro no ara wafata sɛ Onyankopɔn a obu atɛntrenee?

Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma ‘aseni’ bi abegye Adam asefo a wɔgye no di no. Bere a Yehowa hyɛɛ saa bɔ no, n’ani so de, ɛte sɛ nea na watua agyede no ara ne sa. (Gen. 3:15; 22:18) Ná Onyankopɔn gye di paa sɛ, bere a wahyɛ no so a, ne Dɔba koro no befi ne pɛ mu abetua agyede no. (Gal. 4:4; Heb. 10:​7-10) Bere a Yesu wɔ asaase so a na onnya ntuaa agyede no, Yehowa maa no tumi a obetumi de bɔne akyɛ. Ɔde wɔn a wɔwɔ ne mu gyidi no bɔne kyɛɛ wɔn, efisɛ na onim sɛ n’afɔre no bɛpopa wɔn bɔne.—Mat. 9:​2-6.