Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 11

DWOM 129 Yebegyina Mu Pintinn

Sɛ Nneɛma Ankɔ Sɛnea Wopɛ Mpo a, Mpa Abaw

Sɛ Nneɛma Ankɔ Sɛnea Wopɛ Mpo a, Mpa Abaw

“Me din nti, woagyina mu.”ADI. 2:3.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛ nneɛma ankɔ sɛnea yɛpɛ mpo a, yebetumi akɔ so asom Yehowa.

1. Esiane sɛ yɛka Yehowa ahyehyɛde no ho nti, nhyira bɛn na yetumi nya?

 NNEƐMA mu ayɛ den paa wɔ awiei mmere yi mu, nanso ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛka Yehowa ahyehyɛde no ho. Wiase yi mu yɛ ara na ɛreyɛ den, nanso Yehowa ama yɛn anuanom a wɔbetumi aboa yɛn. (Dw. 133:1) Ɔboa yɛn ma yenya anigye wɔ yɛn abusua mu. (Efe. 5:33–6:1) Afei nso, ɔma yɛn nyansa ne nhumu a yɛde begyina yɛn haw ano sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya akomatɔyam.

2. Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?

2 Nanso ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa na yɛatumi akɔ so asom Yehowa nokwarem. Adɛn ntia? Efisɛ, ɛtɔ mmere bi a yɛn nuanom betumi aka asɛm bi anaa ayɛ biribi ma ahaw yɛn. Afei nso, sɛ yedi mfomso a, ebetumi ama yɛn abam abu, ɛnkanka sɛ yedi mfomso koro no ara mpɛn pii a. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara som Yehowa (1) bere a yɛn nua Kristoni bi ayɛ biribi ma ahaw yɛn, (2) bere a yɛn kunu anaa yɛn yere adi yɛn huammɔ, ne (3) bere a yɛadi mfomso bi ama yɛn abam abu. Adesua yi mu no, yebesusuw tebea ahorow mmiɛnsa yi ho. Emu biara no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi Bible mu nipa bi hɔ.

SƐ WO NUA KRISTONI BI YƐ BIRIBI MA ƐHAW WO A, MPA ABAW

3. Ɔhaw bɛn na Yehowa nkurɔfo hyia?

3 Ɔhaw no. Yɛn nuanom Kristofo binom wɔ suban bi a etumi hyɛ yɛn abufuw. Ebia ebinom bedi yɛn huammɔ, wɔne yɛn renni no yiye, anaa wɔbɛka asɛm bi a ɛyɛ yaw akyerɛ yɛn. Asafo mu mpanyimfo betumi adi mfomso. Ɔhaw yi mu biara betumi ama ebinom abisa wɔn ho sɛ, ‘Enti Onyankopɔn ahyehyɛde paa ni?’ Sɛ́ anka wɔne wɔn nuanom de “baakoyɛ” bɛkɔ so asom Onyankopɔn no, ebia wɔne wɔn a wɔayɛ biribi ma ahaw wɔn no remmɔ bio anaa wɔbegyae adesua kɔ. (Sef. 3:9) Wohwɛ a, nyansa wom sɛ wɔbɛyɛ saa? Bible ka obi a ɔno nso hyiaa tebea a ɛte saa ho asɛm. Momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi ne hɔ.

4. Ɔhaw ahorow bɛn na ɔsomafo Paul hyiae?

4 Bible mu nhwɛso. Ná ɔsomafo Paul nim sɛ ne nuanom Kristofo tɔ sin. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a ofii ase ne asafo no bɔe no, na ebinom nnye nni sɛ ɔyɛ osuani papa. (Aso. 9:26) Akyiri yi, ebinom kaa ne ho asɛm yayaayaw de sɛee ne din. (2 Kor. 10:10) Paul hui sɛ asafo mu panyin bi yɛɛ biribi a ɛbɛyɛ sɛ ɛtoo afoforo hintidua. (Gal. 2:​11, 12) Paul yɔnko bi a ne din de Marko nso dii no huammɔ paa. (Aso. 15:​37, 38) Anka tebea yi mu biara betumi ama Paul atwe ne ho afi saa anuanom no ho. Nanso ne nyinaa mu no, ɔkɔɔ so nyaa ne nuanom ho adwempa, na wannyae Yehowa som. Dɛn na ɛboaa Paul ma ɔkɔɔ so som Yehowa?

5. Dɛn na ɛboaa Paul ma wampa abaw wɔ ne nuanom ho? (Kolosefo 3:​13, 14) (Hwɛ mfoni no nso.)

5 Ná Paul dɔ ne nuanom. Ɔdɔ a na Paul wɔ ma afoforo nti, wamfa n’adwene ansi wɔn mfomso so, mmom ɔde n’adwene sii wɔn suban pa so. Afei nso, ɔdɔ a na Paul wɔ no, ɛboaa no ma odii asɛm a ɔno ankasa kyerɛwee wɔ Kolosefo 3:​13, 14 no so. (Kenkan.) Ma yɛnhwɛ sɛnea wei boaa no ma ɔne Marko dii. Paul asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no mu no, Marko gyaw no hɔ, nanso Paul amfa ne ho abufuw anhyɛ ne mu. Akyiri yi, bere a Paul kyerɛw krataa a ɛhyɛ nkuran kɔmaa asafo a ɛwɔ Kolose no, ɔkamfoo Marko sɛ ɔyɛ ne yɔnko dwumayɛni a ‘ɔkyekye ne werɛ paa.’ (Kol. 4:​10, 11) Bere a wɔde Paul too afiase wɔ Roma no, ɔhyɛɛ da bɔɔ Marko din sɛ ɔmmɛboa no. (2 Tim. 4:11) Ɛda adi pefee sɛ Paul ampa abaw wɔ ne nuanom ho. Dɛn na yebetumi asua afi ne hɔ?

Barnaba ne Marko nyinaa ne Paul anyɛ adwene wɔ asɛm bi ho. Nanso Paul amfa wɔn ho asɛm anhyɛ ne mu. Akyiri yi, Paul ani gyei sɛ ɔne Marko boom yɛɛ adwuma (Hwɛ nkyekyɛm 5)


6-7. Ɛwom sɛ sintɔ wɔ yɛn nuanom ho de, nanso yɛbɛyɛ dɛn akɔ so adɔ wɔn? (1 Yohane 4:7)

6 Asuade a ɛwom. Yehowa pɛ sɛ yɛkɔ so dɔ yɛn nuanom. (Kenkan 1 Yohane 4:7.) Sɛ yɛn nua Kristoni bi ne yɛn anni no yiye a, yebetumi afa no sɛ ɛnyɛ boapayɛ; ebia Bible nnyinasosɛm bi na na ɔde reyɛ adwuma na ankɔ yiye. (Mmeb. 12:18) Onyankopɔn asomfo anokwafo tɔ sin, nanso ɔdɔ wɔn. Sɛ yedi mfomso a, ɔntow yɛn nkyene; saa ara nso na ɔmfa yɛn ho abufuw nhyɛ ne mu. (Dw. 103:9) Ɛho hia paa sɛ yesuasua yɛn Agya a ɔde bɔne kyɛ no!—Efe. 4:32–5:1.

7 Afei kae sɛ, bere a wiase yi awiei bɛn ara na ɛrebɛn no, ehia sɛ yɛkɔ so bata yɛn nuanom ho. Yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɔsɔretia a yɛrehyia no mu bɛyɛ den. Yɛn gyidi nti, ebia wɔde yɛn bɛto afiase. Biribi saa si a, yebehia anuanom mmoa paa. (Mmeb. 17:17) Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo Josep. a Ɔyɛ asafo mu panyin bi a ɔwɔ Spain. Esiane sɛ ɔne anuanom bi ankɔ sraadi nti, wɔde wɔn guu afiase. Ɔkaa sɛ: “Afiase hɔ no, esiane sɛ na yɛn nyinaa te faako nti, na ɛnyɛ den sɛ wo nua bi bɛyɛ biribi ma ahaw wo. Ná ɛsɛ sɛ yɛn mu biara nya ne yɔnko ho abotare, na obiara fi ne komam de ne yɔnko bɔne kyɛ no. Wei boaa yɛn ma yɛyɛɛ baako na ɛbɔɔ yɛn ho ban efisɛ na nneduafo a yɛne wɔn wɔ hɔ no nsom Yehowa. Bere bi, mipiraa me nsa na wɔkyekyeree, enti na mintumi mfa nyɛ hwee. Nanso anuanom no baako horoo me nneɛma maa me, na ɔyɛɛ nneɛma afoforo nso boaa me. Wɔdaa ɔdɔ kann adi kyerɛɛ me wɔ bere a ɛsɛ mu.” Saa bere yi paa na ehia sɛ nsɛmnsɛm biara a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom ntam no, yɛhwɛ siesie!

SƐ WO KUNU ANAA WO YERE DI WO HUAMMƆ MPO A, MPA ABAW

8. Ɔhaw bɛn na awarefo hyia?

8 Ɔhaw no. Aware biara nni hɔ a ɔhaw nnim. Bible no ka no pen sɛ awarefo ho “bɛyeraw wɔn.” (1 Kor. 7:28) Adɛn ntia? Efisɛ okunu ne ɔyere nyinaa tɔ sin, ɛsono obiara suban, na ɛsono nea obiara ani gye ho. Ebia ɛsono baabi a awarefo no mu biara fi ne n’amammerɛ. Bere rekɔ so no, ebia okunu anaa ɔyere no bɛda suban bi adi; ebia wanna saa suban no adi anaa saa suban no anyi ne ho ansa na wɔreware. Wei mu biara betumi de ɔhaw aba. Sɛ́ anka wɔn mu biara behu ne haw na wayɛ ho adwuma no, ebia obiara bɛprɛw ato ne yɔnko so. Ebia wɔbenya adwene sɛ ano aduru ara ne sɛ wɔbɛtetew mu anaa wɔbegyaa aware. Nanso wohwɛ a, ɛno betumi ayi ɔhaw no afi hɔ? b Momma yɛnhwɛ ɔbea bi a Bible ka ne ho asɛm. Ohyiaa ɔhaw pii wɔ n’aware mu, nanso wampa abaw.

9. Ɔhaw bɛn na Abigail hyiae?

9 Bible mu nhwɛso. Bible ka Abigail kunu Nabal ho asɛm sɛ, na n’asɛm yɛ den, na na ne suban nso nyɛ fɛ. (1 Sam. 25:3) Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den ma Abigail sɛ ɔne ɔbarima a ɔte saa bɛtena. Wohwɛ a, anka ɔrentumi mpɛ kwan bi mfa so nnyaa aware? Akwannya bi bɛdaa hɔ maa no. Bere a Nabal didii Dawid ne ne mmarima no atɛm no, Dawid yɛe sɛ ɔrekokum Nabal. (1 Sam. 25:​9-13) Ná anka Abigail betumi aguan, na ama Dawid anya kwan akokum Nabal. Nanso ɔde ne ho gyee mu, na ɔsrɛɛ Dawid sɛ mma onnkokum Nabal. (1 Sam. 25:​23-27) Wohwɛ a, dɛn na ɛkanyan no ma ɔyɛɛ saa?

10. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛkanyan Abigail ma ɔkɔɔ so tenaa aware bɔne no ho?

10 Ná Abigail dɔ Yehowa; ne mmara a ɛfa aware ho nso, na ɔmfa nni agorɔ. Ɛda adi sɛ, na onim asɛm a Onyankopɔn kae bere a ɔde Hawa maa Adam no. (Gen. 2:24) Ná Abigail nim sɛ Yehowa bu aware sɛ ɛyɛ kronkron. Ná ɔpɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani. Wei kanyan no ma ɔyɛɛ nea obetumi biara de gyee ne kunu ne ne fiefo nkwa. Ɔyɛɛ ntɛm siw Dawid kwan na wankokum Nabal. Mfomso a emfi ɔno mpo, ɔpaa kyɛw wɔ ho. Ná Abigail nyɛ pɛsɛmenkominya, na na ɔwɔ akokoduru, enti na Yehowa dɔ no. Dɛn na ɔyerenom ne okununom betumi asua afi Abigail hɔ?

11. (a) Dɛn na Yehowa pɛ sɛ awarefo yɛ? (Efesofo 5:33) (b) Nea Carmen yɛe a amma n’aware angu no, dɛn na wusua fi mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Asuade a ɛwom. Sɛ ɛyɛ den ma obi sɛ ɔne ne kunu anaa ne yere bɛtena mpo a, Yehowa mpɛ sɛ wɔtetew mu anaa wɔgyaa aware. Sɛ Onyankopɔn hu sɛ awarefo ayere wɔn ho resiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm na wɔreda ɔdɔ ne obu adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho a, ɛma n’ani gye paa. (Kenkan Efesofo 5:33.) Momma yɛnhwɛ Carmen. Carmen aware akyi bɛyɛ mfe nsia na ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa ade, na akyiri yi ɔbɔɔ asu. Carmen ka sɛ: “Me kunu ani annye ho koraa. Ɛyɛɛ no yaw paa, efisɛ ɔtee nka sɛ Yehowa som agye me abɔ so. Ná odidi me atɛm, na na ohunahuna me sɛ obegyaa me.” Ne nyinaa mu no, Carmen ampa abaw. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdɔ ne kunu na wabu no; ɔyɛɛ saa mfe pɔrepɔre 50. Carmen ka sɛ: “Ade rekye a ade resa nyinaa na meresua sɛnea mɛte me kunu ase yiye na me ne no akasa yiye. Esiane sɛ minim sɛ Yehowa bu aware sɛ ɛyɛ kronkron nti, meyɛɛ nea metumi biara sɛ mɛbɔ m’aware no ho ban. Manyɛ m’adwene sɛ megyaa me kunu da, efisɛ medɔ Yehowa.” c Sɛ nsɛmnsɛm ba w’aware mu a, wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa wo na woampa abaw.

Sɛnea Abigail yɛɛ nea obetumi biara de gyee ne fiefo nkwa no, wuhu asuade a ɛwom no? (Hwɛ nkyekyɛm 11)


SƐ WUDI MFOMSO NA W’ABAM BU MPO A, MPA ABAW

12. Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi a, ɔhaw bɛn na ebia yebetumi ahyia?

12 Ɔhaw no. Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi a, anhwɛ a ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛmfa ahwease nyɛ nna. Bible ka sɛ yɛn bɔne betumi ama yɛate nka sɛ ‘yɛabubu anaa yɛapɛtɛw.’ (Dw. 51:17) Onua bi a ne din de Robert yeree ne ho paa bɛyɛɛ asafo mu somfo. Nanso ɔyɛɛ bɔne kɛse bi, na ɛma ɔtee nka sɛ wadi Yehowa huammɔ. Ɔka sɛ: “M’ahonim twaa me mmaa paa. Akyiri yi, na me ho yeraw me. Misui paa na mebɔɔ Yehowa mpae. Mekae sɛ, minyaa adwene sɛ Onyankopɔn renhaw ne ho ntie me bio da. Ɔretie me ayɛ dɛn? Ade yi, madi no huammɔ.” Sɛ yɛyɛ bɔne bi a, ebia yɛn abam betumi abu ara ma yɛate nka sɛ Yehowa remfa yɛn nyɛ hwee bio. (Dw. 38:4) Sɛ saa na wote nka a, yɛrebɛhwɛ obi a Bible ka ne ho asɛm; ɔkɔɔ so som Yehowa ɛmfa ho sɛ ɔyɛɛ bɔne kɛse no.

13. Bɔne kɛse bɛn na ɔsomafo Petro yɛe, na dɛn na ɛma ɔyɛɛ saa bɔne no?

13 Bible mu nhwɛso. Anadwo a ade rebɛkyɛ ama wɔakum Yesu no, odii mfomso pii na ewiee ase no, ɔyɛɛ bɔne kɛse paa. Nea edi kan, Petro gyee ne ho dii dodo; ɔhoahoaa ne ho sɛ, sɛ asomafo a aka no nyinaa guan gyaw Yesu mpo a, ɔno de ɔbɛbata ne ho. (Mar. 14:​27-29) Ɛno akyi, bere a na wɔwɔ Getsemane Turom hɔ no, Petro antumi anwɛn; ɔdae mprɛnsa. (Mar. 14:​32, 37-41) Afei bere a dɔm no de sekan ne nkontimmaa bae sɛ wɔrebɛkyere Yesu no, Petro guan gyaw no. (Mar. 14:50) Awiei koraa no, Petro kaa no mprɛnsa sɛ onnim Yesu, na ɔkaa ntam dii nse mpo. (Mar. 14:​66-71) Bere a Petro hui sɛ wayɛ bɔne kɛse no, dɛn na ɔyɛe? Ne werɛ howee, na osui paa; ɛbɛyɛ sɛ na ne bɔne no abubu no. (Mar. 14:72) Ɛno akyi a wɔkum Yesu no, wuhu sɛ na ɛbɛhaw Petro paa. Ɛbɛyɛ sɛ Petro tee nka sɛ wɔrentumi mfa no nyɛ hwee bio!

14. Dɛn na ɛboaa Petro ma ɔkɔɔ so som Yehowa? (Hwɛ mfoni a yi anim no.)

14 Nea enti a Petro tumi kɔɔ so som Yehowa no dɔɔso. Nea edi kan, wantew ne ho; ɔkɔɔ asuafo a aka no hɔ, na ɛda adi sɛ wɔkyekyee ne werɛ. (Luka 24:33) Bio nso, bere a Yesu nyanee no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ɔhyɛ Petro nkuran, enti oyii ne ho adi kyerɛɛ no. (Luka 24:34; 1 Kor. 15:5) Akyiri yi, sɛ́ anka Yesu bɛka Petro anim wɔ mfomso a odii no ho no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔde nnwuma akɛseakɛse bɛhyehyɛ ne nsa. (Yoh. 21:​15-17) Ná Petro nim sɛ wayɛ bɔne paa, nanso wampa abaw. Adɛn ntia? Efisɛ na ogye di paa sɛ, ne Wura Yesu mpaa abaw wɔ ne ho. Afei nso, asuafo a aka no kɔɔ so hyɛɛ no nkuran. Dɛn na yebetumi asua afi Petro nhwɛso no mu?

Yohane 21:​15-17 ma yehu sɛ Yesu ampa abaw wɔ Petro ho; wei hyɛɛ Petro nkuran na ɔno nso ampa abaw (Hwɛ nkyekyɛm 14)


15. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yehu? (Dwom 86:5; Romafo 8:​38, 39) (Hwɛ mfoni no nso.)

15 Asuade a ɛwom. Yehowa pɛ sɛ yehu sɛ ɔdɔ yɛn, na wayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. (Kenkan Dwom 86:5; Romafo 8:​38, 39.) Sɛ yɛyɛ bɔne a, yɛn ahonim tumi haw yɛn. Biribi saa si a, ɛyɛ ne kwan so. Nanso ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn bio, anaa ɔremfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn da. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa ntɛm pa ara. Robert a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Nea enti a meyɛɛ bɔne ne sɛ, na migye me ho di sɛ me ara metumi ako atia sɔhwɛ.” Akyiri yi, Robert hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔne mpanyimfo no kasa. Ɔka sɛ: “Mituu saa anammɔn no, ɛhɔ ara na mihui sɛ Yehowa nam wɔn so rema mahu sɛ ɔdɔ me. Mpanyimfo no ampa abaw wɔ me ho. Wɔboaa me ma mihui sɛ Yehowa ntow me nkyenee.” Yɛn nso, sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho, yɛhwehwɛ mmoa, na yɛyere yɛn ho sɛ yɛrenyɛ bio a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛdɔ yɛn paa, na ɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn. (1 Yoh. 1:​8, 9) Saa awerɛhyem no bɛboa yɛn na sɛ yɛyɛ bɔne bi a, yɛannya adwene sɛ Yehowa rentumi mfa yɛn nyɛ hwee bio.

Sɛ wuhu sɛnea mpanyimfo no yere wɔn ho boa wo no a, ɛma wote nka sɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 15)


16. Adɛn nti na woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so asom Yehowa?

16 Awiei mmere a nneɛma mu ayɛ den yi, mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛsom Yehowa no, ɛyɛ no fɛ paa. Yehowa mmoa so nti, sɛ nneɛma ankɔ sɛnea yɛpɛ mpo a, yɛrempa abaw. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so dɔ yɛn nuanom. Afei nso, sɛ wɔdi mfomso tia yɛn mpo a, ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ wɔn. Sɛ nsɛmnsɛm ba yɛn aware mu, na yɛyɛ nea yebetumi biara siesie a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa paa, na yɛntoto aware ase. Bio nso, sɛ yɛyɛ bɔne bi a, yebetumi ahwehwɛ Yehowa mmoa, na yɛanya awerɛhyem sɛ ɔdɔ yɛn na wayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Wei bɛboa yɛn ma yɛakɔ so asom Yehowa. Yegye di sɛ, ‘sɛ yɛreyɛ adepa na yɛampa abaw a,’ yebenya nhyira pii.—Gal. 6:9.

DƐN NA EBETUMI ABOA YƐN NA YƐAMPA ABAW BERE A . . .

  • yɛn nua Kristoni bi ayɛ biribi ma ahaw yɛn?

  • yɛn kunu anaa yɛn yere adi yɛn huammɔ?

  • yɛadi mfomso bi ama yɛn abam abu?

DWOM 139 Fa W’ani Bu Wiase Foforo No

a Wɔasesa edin no bi.

b Bible mpɛ sɛ awarefo bɛtetew mu; ɛka no pefee sɛ, sɛ wɔtetew mu a, wɔn mu biara nni hokwan sɛ ɔsan ware. Nanso tebea ahorow bi a ɛyɛ aniberesɛm betumi asɔre ama Kristoni bi agyina so asi gyinae sɛ ɔne ne hokafo bɛtetew mu. Hwɛ nsɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu 4 a yɛato din, “Ntetewmu” no. Ɛwɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu.

c Sɛ wopɛ ho nhwɛso foforo a, hwɛ video a yɛato din, Ɛnyɛ Asomdwoe Biara Ne Asomdwoe, Enti Ma W’ani Nna Hɔ!—Darrel ne Deborah Freisinger. Ɛwɔ jw.org.