Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 10

DWOM 13 Kristo Yɛ Yɛn Nhwɛsofo

W’asubɔ Akyi No, Kɔ So Ara Di Yesu Akyi

W’asubɔ Akyi No, Kɔ So Ara Di Yesu Akyi

“Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ara pɛ bio. Mmom ɔmfa n’asɛndua da biara da na onni m’akyi daa.”LUKA 9:23.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛn a yɛahyira yɛn ho so nyinaa, adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Wɔn a wɔbɔɔ asu nkyɛe no, wɔn paa na adesua yi betumi aboa wɔn ma wɔakɔ so adi Yehowa nokware.

1-2. Sɛ obi bɔ asu a, nhyira bɛn na onya?

 SƐ YƐBƆ asu bɛka Yehowa abusua no ho a, ɛma yɛn ani gye sɛ. Ɛyɛ akwannya kɛse sɛ yɛne Yehowa benya ayɔnkofa a ɛte saa. Yɛne odwontofo Dawid a ɔkaa asɛm a edi so yi yɛ adwene: “Anigye ne onipa a [wo Yehowa] wopaw no na woma ɔba wo nkyɛn bɛtena wo fi adiwo.”—Dw. 65:4.

2 Ɛnyɛ obiara kɛkɛ na Yehowa de no ba ne fie adiwo. Sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim mu no, wɔn a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbɛn no no, wɔn na ɔno nso bɛn wɔn. (Yak. 4:8) Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa na wobɔ asu a, ɛbɛma woabɛn Yehowa wɔ ɔkwan soronko bi so. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ w’asubɔ akyi no, ‘obehwie nhyira agu wo so ma abu wo so.’—Mal. 3:10; Yer. 17:​7, 8.

3. Kristofo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu no, asɛde kɛse bɛn na ɛda wɔn so? (Ɔsɛnkafo 5:​4, 5)

3 Wobɔ asu a, afei ara na na woafi ase resom Yehowa. Sɛ wutu saa anammɔn no a, ɛsɛ sɛ woyɛ nea wubetumi biara di ɛbɔ a woahyɛ no so; sɛ wuhyia sɔhwɛ mpo a, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden di Yehowa nokware. (Kenkan Ɔsɛnkafo 5:​4, 5.) Esiane sɛ woyɛ Yesu suani nti, ɛsɛ sɛ wudi ne nhwɛso akyi pɛɛ, na wudi ne mmara so. (Mat. 28:​19, 20; 1 Pet. 2:21) Adesua yi bɛboa wo ma woayɛ saa.

WUHYIA SƆHWƐ MPO A, KƆ SO ARA DI YESU AKYI

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu asuafo fa ‘asɛndua’? (Luka 9:23)

4 Wobɔ asu a ɛnkyerɛ sɛ wo ne ɔhaw too nkwanta a, moapae. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu maa emu daa hɔ sɛ n’asuafo bɛfa ‘asɛndua.’ Nea ɛwom ne sɛ, wɔbɛyɛ saa “da biara da.” (Kenkan Luka 9:23.) Wohwɛ a, nea na Yesu reka ne sɛ daa n’akyidifo behu amane anaa? Ɛnyɛ saa koraa. Mmom nea na ɔresi so dua ne sɛ, nhyira a wɔbenya akyi no, wɔbehyia ɔhaw nso. Ɔhaw no bi wɔ hɔ mpo a, emu bɛyɛ yaw.—2 Tim. 3:12.

5. Wɔn a wɔde nneɛma bɔ afɔre no, nhyira bɛn na Yesu kaa sɛ wɔbenya?

5 Yehowa som nti, ebia w’abusuafo atan w’ani, anaa ebia wode honam fam nneɛma bi abɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wode Ahenni no bedi kan. (Mat. 6:33) Sɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ahu nea woayɛ ama no no nyinaa. (Heb. 6:10) Ɛda adi sɛ, woahu sɛ Yesu asɛm a edi so yi yɛ nokware: “Obiara nni hɔ a wagyaw ɔdan anaa nua mmarima anaa nua mmea anaa maame anaa papa anaa mma anaa nsaase, me ne asɛmpa no nti a ɔrennya no mmɔho 100 saa bere yi. Obenya adan ne nua mmarima ne nua mmea ne maamenom ne mma ne nsaase, na wɔbɛtan n’ani aka ho, na wanya daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.” (Mar. 10:​29, 30) Nhyira a woanya no dɔɔso koraa sen biribiara a wode abɔ afɔre.—Dw. 37:4.

6. W’asubɔ akyi no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so ko tia “ɔhonam akɔnnɔ”?

6 W’asubɔ akyi no, ɛsɛ sɛ wokɔ so ko tia “ɔhonam akɔnnɔ.” (1 Yoh. 2:16) Ade yi, woda so ara yɛ Adam aseni a bɔne wɔ wo ho. Ɛtɔ da a, wubetumi ate nka te sɛ ɔsomafo Paul. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me mu de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho yiye, nanso mihu mmara foforo bi wɔ me nipadua mu. Saa mmara no ne mmara a ɛwɔ m’adwene mu no ko, na ɛde me yɛ akoa ma bɔne mmara a ɛwɔ me nipadua mu no.” (Rom. 7:​22, 23) Bɔne a egyigye wo no betumi ama w’abam abu. Nanso, ɛbɔ a wohyɛɛ Yehowa bere a wuhyiraa wo ho so no, sɛ wudwinnwen ho a, ɛbɛhyɛ wo den ma woako atia sɔhwɛ. Nokwasɛm ne sɛ, hyira a woahyira wo ho so ama Yehowa no nti, sɛ wuhyia sɔhwɛ a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubedi Yehowa nokware. Ɔkwan bɛn so?

7. Sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa a, sɛn na ɛbɛboa wo ma woadi nokware ama no?

7 Sɛ wuhyira wo ho so a, na woabɛyɛ Yehowa dea. Wei kyerɛ sɛ biribiara a w’ani gye ho anaa botae biara a esi w’ani so a Yehowa ani nnye ho no, wubeyi afi w’akwan mu. (Mat. 16:24) Ɛno nti sɛ wuhyia sɔhwɛ a, nea wobɛyɛ renyɛ wo dadwen. Wunim nea wobɛyɛ dedaw; ɛno ara ne sɛ wubedi Yehowa nokware. Wubesi wo bo sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Woyɛ saa a, na woresuasua Hiob. Ɛwom sɛ ohyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den paa, nanso ɔde akokoduru kaa sɛ: “Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu akosi sɛ mewu!”—Hiob 27:5.

8. W’ahosohyira mpaebɔ no, sɛ wudwinnwen ho a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo ama woako atia sɔhwɛ?

8 W’ahosohyira mpaebɔ no, sɛ wudwinnwen ho a, ɛbɛma woanya ahoɔden a wode bɛko atia sɔhwɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, so wode wo ho bɛhyehyɛ obi kunu anaa ne yere? Yennye nni sɛ wobɛyɛ saa! Woaka akyerɛ Yehowa dedaw sɛ worenyɛ biribi a ɛte saa da. Woyɛ saa a, akɔnnɔ bɔne remmewura wo komam nnye ntini, na akyiri yi, ankɔba sɛ ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho tu ase. ‘Wobɛdan wo ho’ afi “abɔnefo kwan so.”—Mmeb. 4:​14, 15.

9. W’ahosohyira mpaebɔ no, sɛ wudwinnwen ho a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo ama wode Yehowa som nso adi kan?

9 Yɛmfa no sɛ woanya adwuma bi, nanso ɛbɛma ayɛ den sɛ wobɛkɔ adesua daa. Dɛn na wobɛyɛ? Wei de, ɛnsɛ sɛ obi ka kyerɛ wo. Ansa na wo nsa bɛka saa adwuma no, na woasi gyinae dedaw sɛ adwuma biara a ɛbɛma woatoto adesua mu no, worenyɛ. Enti worenkogye adwuma no nwie, na akyiri yi, woapɛ baabi de Yehowa som ahyɛ. Wudwinnwen Yesu nhwɛso no ho a, ɛbɛboa wo paa. Ná wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ n’Agya ani. Wo nso, Onyankopɔn a woahyira wo ho so ama no no, biribiara a wunim sɛ n’ani nnye ho no, si wo bo sɛ wobɛtwe wo ho afi ho ntɛm ara.—Mat. 4:10; Yoh. 8:29.

10. W’asubɔ akyi no, sɛn na Yehowa bɛboa wo ma woakɔ so adi Yesu akyi?

10 Nea ɛwom ne sɛ, sɛ wuhyia sɔhwɛ a, ɛma wunya hokwan a wode bɛkyerɛ sɛ woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so adi Yesu akyi. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wo ma woakɔ so adi Yesu akyi. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi, na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi agyina ano.”—1 Kor. 10:13.

SƐNEA WOBƐKƆ SO ADI YESU AKYI

11. Akwan a eye paa a wobɛfa so adi Yesu akyi daa no, emu baako ne nea ɛwɔ he? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Yesu fii ne komam som Yehowa, na ɔbɔɔ no mpae bere nyinaa. (Luka 6:12) Nokwasɛm ne sɛ, w’asubɔ akyi no, ɔkwan baako a eye paa a wobɛfa so adi Yesu akyi daa ne sɛ, wobɛyɛ nneɛma a ɛbɛma woakɔ so abɛn Yehowa. Bible ka sɛ: “Baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ.” (Filip. 3:16) Anuanom a wɔsii gyinae sɛ wɔbɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu no, ɛwom ara a yetumi te wɔn suahu. Ebia wɔkɔɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu anaa wɔtu kɔɔ baabi a mmoa ho hia. Sɛ wubetumi de botae bi a ɛte saa asi w’ani so a, ntwentwɛn wo nan ase. Yehowa asomfo hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so atrɛw wɔn som adwuma mu. (Aso. 16:9) Nanso sɛ worentumi nyɛ saa mprempren nso ɛ? Nnya adwene sɛ wɔn a wɔtumi yɛ no, wɔn so wɔ mfaso sen wo. Nea ehia paa ne sɛ wubemia w’ani asom Yehowa. (Mat. 10:22) Kae sɛ, sɛ woyɛ nea w’ahoɔden betumi nyinaa wɔ Yehowa som mu a, ɛma n’ani gye paa. W’asubɔ akyi no, wei ne ɔkwan titiriw baako a wubetumi afa so adi Yesu akyi daa.—Dw. 26:1.

W’asubɔ akyi no, fa si w’ani so sɛ wobɛyɛ nneɛma a ɛbɛma woakɔ so abɛn Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 11)


12-13. Sɛ wuhu sɛ w’ahokeka rekɔ fam a, dɛn na wubetumi ayɛ? (1 Korintofo 9:​16, 17) (Adaka a yɛato din, “ Nnyae Mmirika No Tu” no, hwɛ ɛno nso.)

12 Yɛmfa no sɛ, woahu sɛ wo mpaebɔ ntu mpɔn bio, anaa anigye a wode yɛ wo som adwuma no akɔ fam. Afei nso, ebia anigye a wode sua Bible no so atew. Wuhu biribi saa wɔ w’asubɔ akyi a, nnya adwene sɛ Yehowa ayi ne honhom afi wo so. Esiane sɛ yɛyɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛwom ara a, ahokeka a yɛde som Yehowa no, ano betumi abrɛ ase. Sɛ wuhu sɛ w’ahokeka ano rebrɛ ase a, dwinnwen ɔsomafo Paul nhwɛso no ho. Ɛwom, ɔbɔɔ mmɔden suasuaa Yesu, nanso ohui sɛ ɛtɔ da a, na ɛnyɛ mmerɛw mma no. (Kenkan 1 Korintofo 9:​16, 17.) Ɔkaa sɛ: “Sɛ mede amemenemfe yɛ mpo a, ne nyinaa mu no, wɔde ofiehwɛ adwuma bi ahyɛ me nsa.” Yɛbɛka no kwan foforo so a, na Paul asi ne bo sɛ, ɛmfa ho sɛnea ɔte nka biara no, ɔbɛyɛ ne som adwuma no.

13 Wo nso, nnyina sɛnea wote nka no so nsisi gyinae. Si wo bo sɛ ɛmfa ho sɛnea wote nka biara no, wobɛyɛ nea ɛtene. Sɛ wokɔ so yɛ nea ɛtene a, ebedu baabi no, sɛnea wote nka no bɛsesa. Nea ɛwom ne sɛ, w’asubɔ akyi no, sɛ woyɛ nhyehyɛe pa a wode bɛsom Yehowa na wudi akyi a, ɛbɛboa wo ma woakɔ so adi Yesu akyi. Sɛ wo nuanom Kristofo nso hu sɛnea woyere wo ho som Yehowa no a, ɛbɛhyɛ wɔn nkuran.—1 Tes. 5:11.

“MONKƆ SO NSƆ NHWƐ . . . MONKƆ SO NHWEHWƐ MO MU”

14. Dɛn na ɛsɛ sɛ wotaa hwehwɛ mu, na adɛn ntia? (2 Korintofo 13:5)

14 W’asubɔ akyi no, sɛ wotaa hwehwɛ wo mu a, ɛno nso bɛboa wo. (Kenkan 2 Korintofo 13:5.) Ɛwom ara a, ɛsɛ sɛ wopɛ bere hwɛ sɛnea w’abrabɔ te wɔ Yehowa som mu. Wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Metaa bɔ mpae? Metaa kenkan Bible no dwinnwen ho anaa? Mekɔ adesua bere nyinaa, na metaa kɔ asɛnka?’ Bɔ mmɔden hwehwɛ akwan a wobɛfa so ama w’ani agye saa nneɛma yi ho. Wubetumi abisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Bible mu nsɛm a emu nnɔ no, mitumi kyerɛkyerɛ mu kyerɛ afoforo? Akwan bi wɔ hɔ a metumi afa so ama m’ani agye asɛnka adwuma no ho kɛse anaa? Merebɔ mpae a, meka nneɛma pɔtee bi ho asɛm, na me mpaebɔ ma ɛda adi sɛ biribiara mu no, mede me ho to Yehowa so anaa? Mekɔ adesua daa? Mekɔ adesua a, mɛyɛ dɛn atie dwumadi no yiye na mede me ho ahyem sɛnea ɛsɛ?’

15-16. Sɛnea onua bi ko tiaa sɔhwɛ no, dɛn na wusua fi mu?

15 Ɛho hia paa nso sɛ wuhu wo mmerɛwyɛ. Onua bi a ne din de Robert nyaa suahu bi, na esi nea yɛreka yi so dua. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Midii mfe 20 no, minyaa adwuma bi. Da koro bi a mepɔn adwuma no, ɔbea bi a me ne no yɛ adwuma too nsa frɛɛ me sɛ memmra ne fie. Ɔkaa sɛ, obiara nni fie, na ‘yɛbɛsɛpɛw yɛn ho.’ Mfiase no, mantumi anhyɛ da anka ankyerɛ no sɛ meremma, nanso eduu baabi no, meka kyerɛɛ no sɛ meremma na mekyerɛɛ no nea enti a mereka saa.” Yɛkamfo Robert sɛ otumi ko tiaa sɔhwɛ no. Nanso akyiri yi, bere a osusuw nea esii no ho no, ohui sɛ anka obetumi adi ho dwuma yiye asen sɛnea ɔyɛe no. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea ntɛm pa ara Yosef de ne nan sii fam ko tiaa sɔhwɛ a Potifar yere de baa no so no, mantumi anyɛ saa. (Gen. 39:​7-9) Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea na ɛyɛ den ma me sɛ mɛko atia saa sɔhwɛ no, me koraa na ɛyɛ me nwanwa. Nea esii no boaa me ma mihui sɛ, me ne Yehowa ayɔnkofa no, ehia sɛ mehyɛ mu den.”

16 Sɛnea Robert hwehwɛɛ ne mu no, sɛ wo nso woyɛ saa a, ebia ɛbɛboa wo. Sɛ wutumi ko tia sɔhwɛ bi mpo a, bisa wo ho sɛ, ‘Edii bere tenten sɛn?’ Sɛ wuhu sɛ ehia sɛ woyɛ nsakrae a, mma w’abam mmmu. Ma w’ani nnye sɛ woahu wo mmerɛwyɛ. Fa to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, na yɛ nneɛma a ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wubetie Yehowa.—Dw. 139:​23, 24.

17. Nea Robert yɛe no, ɔkwan bɛn so na ɛhyɛɛ Yehowa din anuonyam?

17 Robert suahu no, yebetumi asua biribi foforo nso afi mu. Ɔtoaa so sɛ: “Bere a me yɔnko dwumayɛni bea no too nsa frɛɛ me a mankɔ no, ɔkaa sɛ ‘Woadi nkonim!’ Mibisaa no nea na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, n’adamfo bea bi a kan no na ɔyɛ Ɔdansefo ka kyerɛɛ no sɛ, Yehowa Adansefo mmerante ne mmabaa nyinaa, sɛ bɔne ho sɔhwɛ bi yi ne ti a, wɔrennyaagyaa wɔn ho koraa; wɔbehuruw asɔ. Enti ɔka kyerɛɛ n’adamfo no sɛ ɔbɛsɔ me ahwɛ sɛ saa na me nso mete anaa. Ɔkaa saa no, ɛyɛɛ me dɛ paa sɛ mehyɛɛ Yehowa din anuonyam.”

18. W’asubɔ akyi no, dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ? (Adaka a yɛato din “ Nsɛm Mmienu Bi a W’ani Begye Ho Sɛ Wobɛkenkan” no, hwɛ ɛno nso.)

18 Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa na wobɔ asu a, ɛma ohu sɛ nsu mu oo, awia mu oo, w’ani begye ho sɛ wobɛtew ne din ho. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ, sɔhwɛ a wuhyia ne mmɔden a wobɔ sɛ wobɛko atia no, onim ne nyinaa. Ɔbɛboa wo ma woakɔ so adi nokware ama no. Nya ahotoso sɛ, ɔnam ne honhom kronkron no so bɛhyɛ wo den ma woatumi ayɛ saa. (Luka 11:​11-13) Yehowa mmoa so nti, w’asubɔ akyi no, wubetumi akɔ so adi Yesu akyi.

WUBEBUA SƐN?

  • Ɔkwan bɛn so na Kristofo fa ‘asɛndua’ da biara da?

  • W’asubɔ akyi no, dɛn na wubetumi ayɛ na woakɔ so adi Yesu akyi?

  • W’ahosohyira mpaebɔ no, sɛ wudwinnwen ho a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo ama woakɔ so adi nokware?

DWOM 89 Tie Onyankopɔn Asɛm na Nya Nhyira