Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 9

DWOM 75 “Mini, Soma Me”!

Woayɛ Krado Sɛ Wubehyira Wo Ho So Ama Yehowa Anaa?

Woayɛ Krado Sɛ Wubehyira Wo Ho So Ama Yehowa Anaa?

“Nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama me nyinaa, dɛn na mede betua no ka?”DW. 116:12.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Adesua yi betumi aboa wo ma wo ne Yehowa afa adamfo denneennen. Wei bɛma woanya ɔpɛ sɛ wubehyira wo ho so ama no na woabɔ asu.

1-2. Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ ansa na wabɔ asu?

 MFE nnum a atwam no, nnipa bɛboro ɔpepem baako na abɔ asu abɛyɛ Yehowa Adansefo. Wɔn mu bebree te sɛ osuani Timoteo a na ɔwɔ asomafo no bere so no; wɔde nokware no kyerɛkyerɛɛ wɔn fii wɔn “mmofraase.” (2 Tim. 3:​14, 15) Bere a ebinom nso suaa Yehowa ho ade no, na wɔanyinyin anaa wɔn mfe akɔ anim. Nnansa yi ara, bere a ɔbea bi ne Yehowa Adansefo suaa Bible no bɔɔ asu no, na wadi mfe 97!

2 Sɛ obi ne wo resua Bible anaa w’awofo a wɔyɛ Adansefo na ɛrekyerɛkyerɛ wo a, woredwen ho sɛ wobɛbɔ asu anaa? Sɛ saa a, wofata nkamfo! Nanso ansa na wobɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa. Adesua yi bɛma yɛahu nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wahyira ne ho so. Afei nso, ɛbɛboa wo ma woahu nea enti a ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wubehyira wo ho so na woabɔ asu.

DƐN NE AHOSOHYIRA?

3. Ka Bible mu nnipa bi a wɔhyiraa wɔn ho so maa Yehowa ho asɛm.

3 Bible mu no, sɛ obi hyira ne ho so a, ɛkyerɛ sɛ watu ne ho asi hɔ sɛ ɔbɛyɛ ade titiriw bi ama Yehowa. Ná Israel yɛ ɔman a wɔahyira so ama Yehowa. Nanso, na ankorankoro bi wɔ ɔman no mu a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa wɔ ɔkwan soronko bi so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na Aaron de “ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron” no bɔ n’abotiri no anim; ná ɛyɛ ade tratraa hyɛnn a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ. Ná ɛma obiara hu sɛ wɔayi Aaron asi hɔ sɛ ɔnsom Yehowa wɔ ɔkwan titiriw bi so; ɛne sɛ, na ɔbɛyɛ ɔsɔfo panyin ama Israel man no. (Lev. 8:9) Nasirifo no nso, na wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa wɔ ɔkwan soronko so. Asɛmfua “Nasirini” no, wɔnya fii Hebri asɛmfua nazirʹ mu, na ɛkyerɛ “Nea Wɔayi No Asi Hɔ,” anaa “Nea Wɔahyira No So.” Yehowa maa Nasirifo no mmara pɔtee bi a na ɛsɛ sɛ wɔdi so wɔ Mose Mmara no mu.—Num. 6:​2-8.

4. (a) Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, na ade titiriw bɛn na wode asi w’ani so? (b) Sɛ Bible ka sɛ ‘ɛnsɛ sɛ obi yɛ nea ɔno ara pɛ’ a, ɛkyerɛ sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ woasi gyinae sɛ wobɛyɛ Yesu Kristo suani, na wode Onyankopɔn apɛde bedi kan wɔ biribiara mu. Ɛnde dɛn na ebehia sɛ woyɛ? Yesu kaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ara pɛ bio.” (Mat. 16:24) Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, biribiara a ɔmpɛ no, ɛsɛ sɛ wotwe wo ho fi ho. (2 Kor. 5:​14, 15) Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wokwati “ɔhonam nnwuma” a ebi ne aguamammɔ no. (Gal. 5:​19-21; 1 Kor. 6:18) Wudi saa ahyɛde no so a, ɛbɛma wo ho akyere wo anaa? Sɛ wodɔ Yehowa na wugye di sɛ ne mmara bɔ wo ho ban a, worennya saa adwene no. (Dw. 119:97; Yes. 48:​17, 18) Onua bi a ne din de Nicholas ka sɛ: “Wubetumi abu Yehowa mmara sɛ ɛte sɛ nea wɔaka wo ahyɛ afiase a wuntumi nyɛ nea wopɛ, anaa wubetumi abu no sɛ ɛte sɛ ban bi a ɛrebɔ wo ho ban afi gyata ho.”

Wubu Onyankopɔn mmara sɛ ɛte sɛ nea wɔaka wo ahyɛ afiase a wuntumi nyɛ nea wopɛ, anaa wubu no sɛ ɛte sɛ ban bi a ɛrebɔ wo ho ban afi gyata ho? (Hwɛ nkyekyɛm 4)


5. (a) Dɛn na woyɛ a ɛkyerɛ sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa? (b) Nsonsonoe bɛn na ɛda ahosohyira ne asubɔ ntam? (Hwɛ mfoni no nso.)

5 Dɛn na woyɛ a ɛkyerɛ sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa? Wobɛbɔ no mpae na woahyɛ no bɔ sɛ wobɛsom ɔno nko ara, na wode n’apɛde bedi kan wɔ w’asetena mu. Woyɛ saa a, na worehyɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛkɔ so de “wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa” adɔ no. (Mar. 12:30) Ahosohyira yɛ biribi a ɛkɔ so wɔ wo ne Yehowa nko ara ntam. Nanso asubɔ de, woyɛ no baguam; ɛma afoforo hu sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa. Ahosohyira yɛ aniberesɛm, efisɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ wubedi ɛbɔ a woahyɛ no no so.—Ɔsɛnk. 5:​4, 5.

Sɛ wobɔ Yehowa mpae na wohyɛ no bɔ sɛ wobɛsom ɔno nko ara, na wode n’apɛde bedi kan wɔ w’asetena mu a, ɛkyerɛ sɛ woahyira wo ho so (Hwɛ nkyekyɛm 5)


ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WUHYIRA WO HO SO MA YEHOWA?

6. Dɛn na ɛkanyan obi ma ohyira ne ho so ma Yehowa?

6 Ade titiriw nti a wuhyira wo ho so ma Yehowa ne sɛ wodɔ no. Ɛnyɛ te a wote nka kɛkɛ sɛ wodɔ Yehowa nti na wuhyira wo ho so ma no. Mmom, “nokware nimdeɛ” a ɛfa Yehowa ho, ne “honhom mu ntease” a wunyae no, ɛno na ɛmaa ɔdɔ a wowɔ ma no no yɛɛ kɛse. (Kol. 1:9) Bible a wusuae no ama woabegye adi sɛ (1) Yehowa yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, (2) ɔno na ɔma wɔkyerɛw Bible no, na (3) ɔnam n’ahyehyɛde no so ma n’apɛde yɛ hɔ.

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn?

7 Wɔn a wɔhyira wɔn ho so ma Yehowa no, ɛsɛ sɛ wɔhu mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible mu no, na wɔde Bible mu afotu nso bɔ wɔn bra. Wɔyɛ nea wɔbetumi biara ka wɔn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. (Mat. 28:​19, 20) Ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no ayɛ kɛse, na wɔn koma so ade ne sɛ wɔbɛsom ɔno nkutoo. Ɛnyɛ saa na wote nka anaa? Sɛ wode wo koma nyinaa dɔ Yehowa a, worenhyira wo ho so anaa woremmɔ asu mfa nsɔ nea ɔne wo sua ade anaa w’awofo ani. Saa ara nso na woremfa no sɛ wo nnamfo rebɔ asu nti na wo nso wopɛ sɛ wobɔ asu.

8. Ɔkwan bɛn so na anisɔ betumi aboa wo ma woahyira wo ho so ama Yehowa? (Dwom 116:​12-14)

8 Nea Yehowa ayɛ ama wo nyinaa, sɛ wudwinnwen ho a, ɛbɛkanyan wo ama woahyira wo ho so ama no. (Kenkan Dwom 116:​12-14.) Bible kae a ɛmmoa sɛ Yehowa na ɔma yɛn “akyɛde pa ne akyɛde a edi mu biara.” (Yak. 1:17) Akyɛde no mu nea ɛsen biara ne ne Ba Yesu a ɔde no bɛbɔɔ afɔre maa yɛn no. Wo de, hwɛ mfaso a ɛwɔ agyede no so! Agyede no nti, wubetumi ne Yehowa afa adamfo denneennen. Afei nso, wama woanya anidaso sɛ wubetumi atena ase daa. (1 Yoh. 4:​9, 10, 19) Enti hyira a wubehyira wo ho so ama Yehowa no yɛ ɔkwan baako a wobɛfa so akyerɛ sɛ ɔdɔ a ɛsen biara a Yehowa ada no adi ne nhyira afoforo a wama woanya no, w’ani sɔ. (Deut. 16:17; 2 Kor. 5:15) Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, sɛ wohwɛ adesua 46, nkyekyɛm 4 no a, ɛka anisɔ a ɛte saa ho asɛm. Afei nso, simma mmiɛnsa video a yɛato din, Momma Yɛmfa Nea Yɛwɔ Mmɔ Afɔre Mma Onyankopɔn a ɛwɔ saa adesua no mu no, ɛno nso ka anisɔ a ɛte saa ho asɛm.

WOAYƐ KRADO SƐ WUBEHYIRA WO HO SO ABƆ ASU ANAA?

9. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ woma obiara anaa biribiara piapia wo ma wuhyira wo ho so?

9 Ebia wote nka sɛ wonyɛɛ krado sɛ wubehyira wo ho so na woabɔ asu. Ebia ebehia sɛ woyɛ nsakrae wɔ w’asetena mu na ama woatumi de Yehowa akwankyerɛ abɔ wo bra, anaa ebia ehia sɛ wugye bere de hyɛ wo gyidi den. (Kol. 2:​6, 7) Wɔn a yɛne wɔn sua ade no, ɛsono sɛnea obiara nkɔso te. Mmofra no nso, ebinom tumi nya nkɔso ntɛm hyira wɔn ho so bɔ asu, ebinom nso de mma ntɛm saa. Bɔ mmɔden hu nsakrae a ehia sɛ woyɛ na tu ho anammɔn, nanso mfa wo ho ntoto afoforo.—Gal. 6:​4, 5.

10. Sɛ wuhu sɛ wonyɛɛ krado sɛ wubehyira wo ho so abɔ asu a, dɛn na wubetumi ayɛ? (Adaka a yɛato din “ Wɔn a Wɔretete Wɔn Wɔ Nokware No Mu” no, hwɛ ɛno nso.)

10 Sɛ wuhu sɛ wonyɛɛ krado sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa mpo a, kɔ so ara yɛ saa botae no ho adwuma. Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na yɛ nsakrae biara a ehia. (Filip. 2:13; 3:16) Wubetumi anya ahotoso sɛ obetie wo mpaebɔ na waboa wo.—1 Yoh. 5:14.

NEA ENTI A EBINOM SURO

11. Sɛn na Yehowa bɛboa yɛn ma yɛadi nokware ama no?

11 Ebinom wɔ hɔ a, wɔbetumi ahyira wɔn ho so abɔ asu, nanso wɔtwentwɛn wɔn nan ase. Ebia wɔbetumi anya adwene sɛ, sɛ wɔkɔbɔ asu a, anhwɛ a na wɔakɔyɛ bɔne kɛse bi ama wɔatu wɔn. Sɛ saa na wote nka a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma wo nea wuhia biara ‘sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛnantew ɔkwampa so wɔ n’anim; ɛno bɛma woasɔ n’ani koraa.’ (Kol. 1:10) Afei nso, ɔbɛma wo ahoɔden na wode ayɛ adepa. Waboa nnipa pii ma wɔatumi ayɛ saa dedaw. (1 Kor. 10:13) Ɛno ne ade baako nti a nnipa kakraa bi na wɔtu wɔn fi Kristofo asafo no mu no. Yehowa boa ne nkurɔfo ma wɔkɔ so di nokware ma no.

12. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛankɔyɛ bɔne kɛse?

12 Ɔdasani biara nni hɔ a bɔne nsɔ no nhwɛ. (Yak. 1:14) Nanso sɛ wobɛyɛ bɔne oo, worenyɛ bɔne oo, ne nyinaa gyina wo so. Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea ɛte biara no, wo na wobɛkyerɛ sɛnea wobɛbɔ wo bra. Ebia ebinom bɛka sɛ nnipa de, nea ɛbɛba yɛn mu biara ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nanso wubetumi asua sɛnea wobɛhyɛ wo ho so. Sɛ akɔnnɔ bɔne bi resɔ wo ahwɛ a, wubetumi ahyɛ wo ho so. Enti bɔ mpae daa. Yɛ nhyehyɛe pa a wode besua Onyankopɔn Asɛm na di so. Kɔ Kristofo nhyiam daa. Ka wo gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. Sɛ daa woyɛ saa nneɛma yi a, ɛbɛboa wo ama woanya ahoɔden a wode bedi Yehowa nokware. Afei nso, mma wo werɛ mmfi sɛ Yehowa bɛboa wo ama woadi nokware ama no.—Gal. 5:16.

13. Nhwɛso pa bɛn na Yosef ayɛ ama yɛn?

13 Sɔhwɛ bi a wubetumi ahyia no, sɛ wudi kan hwɛ nea wubetumi ayɛ de adi so a, sɛ ɛba a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubedi Yehowa nokware. Bible ma yehu nnipa bi a ɛda adi sɛ wɔyɛɛ saa ɛmfa ho mpo sɛ na wɔtɔ sin no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Potifar yere yɛe ara sɛ ɔne Yosef bɛda. Nanso na Yosef nim nea ɔbɛyɛ dedaw. Bible ka sɛ “wampene,” na ɔkaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?” (Gen. 39:​8-10) Ɛda adi pefee sɛ, na Yosef nim nea ɔbɛyɛ ansa na Potifar yere resɔ no ahwɛ. Wei nti bere a ohyiaa sɔhwɛ no, ɛyɛɛ mmerɛw maa no sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani.

14. Yɛbɛyɛ dɛn atwe yɛn ho afi bɔne ho?

14 Wobɛyɛ dɛn asuasua Yosef na woatwe wo ho afi bɔne ho? Sɔhwɛ bi a wubetumi ahyia no, di kan dwen nea ɛba a wobɛyɛ no ho seesei. Nneɛma a Yehowa kyi no, sɛ ebi ba w’akwan mu a, twe wo ho fi ho ntɛm ara, na nnwinnwen ho mpo. (Dw. 97:10; 119:165) Ɛba saa na sɛ wuhyia sɔhwɛ a, ɛremma w’adwene nhinhim; wunim nea wobɛyɛ dedaw. Ɛbɛba no, na woasi w’adwene pi.

15. Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ‘n’ani abere rehwehwɛ’ Yehowa? (Hebrifo 11:6)

15 Wo de, ebia wunim sɛ woahu nokware no na wopɛ sɛ wode wo koma nyinaa som Yehowa, nanso woda so ara te nka sɛ wonyɛɛ krado sɛ wubehyira wo ho so abɔ asu. Sɛ saa a, wubetumi asuasua Ɔhene Dawid. Wubetumi asrɛ Yehowa sɛ: “O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hu nea ɛwɔ me koma mu. Hwehwɛ me mu, na hu me mu dadwen. Hwɛ sɛ adwene a ɛmfata bi wɔ me mu anaa, na fa me si mmeresanten kwan so.” (Dw. 139:​23, 24) Yehowa hyira wɔn a “wɔn ani abere rehwehwɛ no” no. Sɛ wode si w’ani so sɛ wubehyira wo ho so abɔ asu a, ɛma Yehowa hu sɛ w’ani abere rehwehwɛ no.—Kenkan Hebrifo 11:6.

KƆ SO BƐN YEHOWA

16-17. Wɔn a wɔretete wɔn wɔ nokware no mu no, sɛn na Yehowa twe wɔn? (Yohane 6:44)

16 Yesu kaa sɛ n’asuafo no, Yehowa na ɛtwe wɔn. (Kenkan Yohane 6:44.) Wo de, susuw saa asɛm no ho hwɛ. Obiara a Yehowa atwe no aba ne nkyɛn no, ohuu adepa bi wɔ ne mu. Obu onii no sɛ “n’agyapade titiriw” anaa “n’agyapade a ɛda ne koma so.” (Deut. 7:6; ase hɔ asɛm) Wo nso saa ara na obu wo.

17 Ebia wo nso, woyɛ ɔbabun a w’awofo retete wo wɔ nokware no mu. Ebia wobɛte nka sɛ wɔretwe wo di wɔn akyi kɛkɛ, na ɛnyɛ Yehowa na ɔretwe wo. Nanso, Bible ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yak. 4:8; 1 Be. 28:9) Sɛ wudi kan tu anammɔn sɛ wobɛbɛn Yehowa a, ɔno nso bɛbɛn wo. Yehowa mmu wo sɛ wofra dɔm bi mu kɛkɛ. Ɔtwe obiara—wɔn a wɔretete wɔn wɔ nokware no mu no nso ka ho. Sɛnea Yakobo 4:8 ka no, sɛ onii a ɔte saa no di kan tu anammɔn bɛn Yehowa a, ɔno nso bɛbɛn no.—Fa toto 2 Tesalonikafo 2:13 ho.

18. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu? (Dwom 40:8)

18 Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa na wobɔ asu a, na woresuasua Yesu. Ofii ne pɛ mu de ne ho maa n’Agya sɛ nea ɔbɛka sɛ ɔnyɛ biara, ɔbɛyɛ. (Kenkan Dwom 40:8; Heb. 10:7) Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nea ɛbɛboa wo ma woakɔ so de nokwaredi asom Yehowa wɔ w’asubɔ akyi.

WUBEBUA SƐN?

  • Dɛn na woyɛ a ɛkyerɛ sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa?

  • Ɔkwan bɛn so na anisɔ betumi aboa wo ma woahyira wo ho so ama Yehowa?

  • Dɛn na wobɛyɛ na woankɔyɛ bɔne kɛse?

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den