Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 13

DWOM 127 Onipa Kõ a Ɛsɛ sɛ Meyɛ

Yehowa Gye Wo Tom​—Ma Wei Nkyekye Wo Werɛ

Yehowa Gye Wo Tom​—Ma Wei Nkyekye Wo Werɛ

“Magye wo atom.”LUKA 3:22.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Ɛbɛma yɛahu nea ɛbɛboa yɛn ama yɛagye adi sɛ Yehowa gye yɛn tom.

1. Adwene bɛn na Yehowa asomfo anokwafo bi betumi anya?

 SƐ YEHU sɛ Yehowa gye n’asomfo nyinaa tom a, ɛma yɛn ani gye paa! Bible ka sɛ: “Yehowa ani gye ne man ho.” (Dw. 149:4) Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ebinom abam bu ara ma wɔbisa wɔn ho sɛ, ‘Enti Yehowa gye me tom?’ Yehowa asomfo anokwafo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, ɛtɔ da a, na wɔn mu bi tumi nya adwene a ɛte saa.—1 Sam. 1:​6-10; Hiob 29:​2, 4; Dw. 51:11.

2. Henanom na Yehowa gye wɔn tom?

2 Bible ma yehu pefee sɛ Yehowa betumi agye nnipa a bɔne wɔ wɔn ho atom. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye? Ɛsɛ sɛ yenya Yesu Kristo mu gyidi na yɛbɔ asu. (Yoh. 3:16) Yɛyɛ saa a, yɛma nkurɔfo hu sɛ yɛanu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho, na yɛahyɛ Onyankopɔn bɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde. (Aso. 2:38; 3:19) Sɛ yetu anammɔn a ɛte saa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne Yehowa bɛfa adamfo a, ɛma n’ani gye paa. Ɛbɔ a yɛahyɛ sɛ yɛbɛsom Yehowa daa no, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara di so a, Yehowa begye yɛn atom na wabu yɛn sɛ ne nnamfo a onni yɛn ho agorɔ.—Dw. 25:14.

3. Dɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Ɛnde, adɛn nti na ɛtɔ da a ebinom te nka sɛ Yehowa nnye wɔn ntom? Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ogye yɛn tom? Afei nso, yɛbɛyɛ dɛn agye adi sɛ Onyankopɔn gye yɛn tom?

NEA ENTI A ƐTƆ DA A EBINOM TE NKA SƐ YEHOWA NNYE WƆN NTOM

4-5. Sɛ yɛte nka sɛ yɛnsɛ hwee mpo a, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

4 Efi yɛn mmofraase pɛɛ na yɛn mu bi ate nka sɛ yɛnsɛ hwee. (Dw. 88:15) Onua bi a ne din de Adrián ka sɛ: “Daa mete nka sɛ mensɛ hwee. Mekae sɛ, me mmofraase nyinaa, mpae a na mebɔ ara ne sɛ Yehowa mma yɛn abusua no nkɔ Paradise, nanso me ara de, na minnye nni sɛ mefata sɛ mekɔ hɔ bi.” Yɛnhwɛ Tony nso; ɔno de, ɛnyɛ Yehowa Adansefo na ɛtetee no. Ɔka sɛ: “M’awofo anka ankyerɛ me da sɛ wɔdɔ me anaa wɔpɛ m’asɛm. Daa na wɔma mete nka sɛ biribiara nni hɔ a meyɛ a ɛbɛsɔ wɔn ani.”

5 Ɛtɔ da na yɛte nka sɛ yɛnsɛ hwee a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Yehowa ankasa na ɔtwee yɛn baa ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Yehowa nim sɛnea yɛte ankasa; suban pa a ɛwɔ yɛn ho a yennim mpo, onim ne nyinaa. (1 Sam. 16:7; 2 Be. 6:30) Enti sɛ ɔka sɛ yɛsom bo ma no a, yebetumi agye no adi.—1 Yoh. 3:​19, 20.

6. Bɔne a na Paul ayɛ atwam no, sɛn na na ɔte nka wɔ ho?

6 Yɛn mu bi wɔ hɔ a, nneɛma bi a yɛyɛe ansa na yɛrebehu nokware no, ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa etumi ma yɛn ahonim haw yɛn. (1 Pet. 4:3) Kristofo anokwafo mpo, ebia wɔwɔ mmerɛwyɛ bi a ɛsɛ sɛ wɔko tia. Wo nso ɛ, ɛyɛ a wo koma bu wo fɔ? Sɛ saa a, ka wo koma to wo yam, efisɛ Yehowa asomfo anokwafo binom nso tee nka saa ara. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Paul tee nka sɛ ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ nea ɛtene no, ɔkaa sɛ n’asɛm yɛ mmɔbɔ. (Rom. 7:24) Yɛrekasa yi nso, na Paul anu ne ho wɔ ne bɔne ho abɔ asu. Wei nyinaa akyi no, ɔkaa sɛ: “Mene nea osua koraa wɔ asomafo no mu,” na “mene ɔbɔnefo a ɔsen abɔnefo nyinaa.”—1 Kor. 15:9; 1 Tim. 1:15.

7. Bɔne a yɛayɛ atwam no, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ ho?

7 Sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho a, yɛn soro Agya no ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛkyɛ yɛn. (Dw. 86:5) Enti sɛ yɛayɛ bɔne bi, na yɛafi yɛn koma nyinaa mu adi ho yaw a, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ Yehowa de akyɛ yɛn.—Kol. 2:13.

8-9. Sɛ yɛte nka sɛ nea yɛbɛyɛ biara nsɔ Yehowa ani a, yɛbɛyɛ dɛn adi saa ɔhaw no so?

8 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa som Yehowa. Nanso, ebinom te nka sɛ biribiara nni hɔ a wɔyɛ a ɛbɛsɔ Yehowa ani. Onuawa bi a ne din de Amanda ka sɛ: “Mpɛn pii no, ɛyɛ a m’adwene yɛ me sɛ, ɛsɛ sɛ daa meyɛ pii na akyerɛ sɛ mereyɛ nea metumi nyinaa ama Yehowa. Enti ɛyɛ a metaa yɛ nea ɛboro m’ahoɔden so. Nanso sɛ mantumi anyɛ a, ɛma m’abam bu. Afei nso, ɛma mete nka sɛ madi Yehowa huammɔ.”

9 Sɛ yɛte nka sɛ nea yɛbɛyɛ biara nsɔ Yehowa ani a, yɛbɛyɛ dɛn adi saa ɔhaw no so? Kae sɛ Yehowa nyɛ kyenkyenenn. Ɔnhwehwɛ nea ɛboro so mfi yɛn hɔ da. Biribiara a yɛyɛ ma no no, sɛ ɛyɛ nea yebetumi nyinaa na yɛreyɛ de a, ɛnde n’ani sɔ. Afei nso, nnipa bi a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a wɔfii wɔn koma nyinaa mu som Yehowa no, dwinnwen wɔn nhwɛso no ho. Yɛnhwɛ ɔsomafo Paul. Ɔyeree ne ho som Yehowa mfe pii, otutuu akwan kɔɔ nkurow pii so, na ɔtetew nsafo bebree. Nanso bere a ne tebea sesae a na ontumi nyɛ asɛnka adwuma no sɛnea ɔpɛ no, na ɛno kyerɛ sɛ Onyankopɔn nnye no ntom bio anaa? Daabi. Ɔkɔɔ so yɛɛ nea obetumi, na Yehowa nso hyiraa no. (Aso. 28:​30, 31) Nea yɛyɛ ma Yehowa no nso, ɛtɔ da a, etumi sesa. Nanso nea ehia Yehowa paa ne adwene a yɛde yɛ no. Afei, momma yɛnhwɛ akwan bi a Yehowa fa so kyerɛ sɛ ogye yɛn tom.

AKWAN BƐN NA YEHOWA FA SO KYERƐ SƐ OGYE YƐN TOM?

10. Yɛbɛyɛ dɛn “ate” sɛ Yehowa reka sɛ ogye yɛn tom? (Yohane 16:27)

10 Ɔnam Bible no so. Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛma n’asomfo ahu sɛ ɔdɔ wɔn na ogye wɔn tom. Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ mprenu na Yehowa ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔdɔ no, na ogye no tom. (Mat. 3:17; 17:5) Wompɛ sɛ Yehowa ka kyerɛ wo sɛ ogye wo tom anaa? Yehowa nkasa nkyerɛ yɛn tee, mmom ɔnam n’Asɛm no so. Yesu ho nsɛm a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no, sɛ yɛkenkan a, ‘yɛbɛte’ sɛ Yehowa reka akyerɛ yɛn sɛ ogye yɛn tom. (Kenkan Yohane 16:27.) Yesu suasuaa n’Agya suban pɛpɛɛpɛ. Ɔmaa n’akyidifo anokwafo a wɔtɔ sin no hui sɛ ogye wɔn tom. Enti sɛ yɛkenkan ho asɛm wɔ Bible mu a, yebetumi afa no sɛ Yehowa nso rema yɛahu sɛ ogye yɛn tom.—Yoh. 15:​9, 15.

Yehowa fa akwan pii so ma yehu sɛ ogye yɛn tom (Hwɛ nkyekyɛm 10)


11. Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛno nkyerɛ sɛ Yehowa nnye yɛn ntom bio? (Yakobo 1:12)

11 Ɔnam nea ɔyɛ ma yɛn no so. Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔma yɛn nea yehia wɔ asetenam. Sɛnea Yehowa maa kwan maa Hiob faa sɔhwɛ mu no, yɛn nso, ɛtɔ da a, ebia Yehowa bɛma kwan ama yɛahyia sɔhwɛ. (Hiob 1:​8-11) Sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛno nkyerɛ sɛ Yehowa nnye yɛn ntom bio. Mmom, ɛma yenya hokwan de kyerɛ sɛ yɛdɔ no paa na yegye no di. (Kenkan Yakobo 1:12.) Bere a yɛrehyia sɔhwɛ no, yebehu sɛ ɔdɔ yɛn paa, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn ma yegyina mu.

12. Dɛn na yebetumi asua afi Dmitrii asɛm no mu?

12 Yɛnhwɛ onua bi a ɔwɔ Asia a ne din de Dmitrii. N’adwuma fii ne nsa, na abosome pii twaam a na onnyaa foforo nyɛe. Ɔde ne ho too Yehowa so, enti osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Ne nyinaa mu no, abosome pii san twaam, nso na onnyaa adwuma no bi nyɛe. Afei, ɔyaree ara ma eduu baabi no, ɔkaa mpa mu. Esiane sɛ na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛhwɛ n’abusua nti, ɔtee nka sɛ ɔmfata sɛ ɔyɛ okunu anaa agya. Afei nso, ɛyɛɛ no sɛ gyama Yehowa nnye no ntom bio. Wei na da koro anwummere bi, ne babea kyerɛw asɛm a ɛwɔ Yesaia 30:15 guu krataa so kɔmaa no wɔ ne mpa ho. Ɛhɔ ka sɛ: “Sɛ mode mo ho to me so na mo koma antu a, mubenya ahoɔden.” Afei, ɔkaa sɛ: “Dada, sɛ w’abam bu a, kae kyerɛwsɛm yi.” Dmitrii hui sɛ Yehowa mmoa so nti, n’abusua da so ara nya nea wɔbedi, nea wɔbɛhyɛ, ne baabi a wɔde wɔn ti bɛto. Ɔkaa sɛ, “Nea na ehia sɛ meyɛ ara ne sɛ mɛkɔ so de me ho ato Yehowa so na meremma me koma ntu.” Sɛ worehyia sɔhwɛ bi a ɛte sɛ Dmitrii de no a, wubetumi de wo ho ato Yehowa so, efisɛ odwen wo ho na ɔbɛboa wo ama woagyina mu.

Yehowa fa akwan pii so ma yehu sɛ ogye yɛn tom (Hwɛ nkyekyɛm 12) a


13. Sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔma yehu sɛ ogye yɛn tom a, ebia ɔbɛfa henanom so, na ɔbɛyɛ no sɛn?

13 Ɔnam wo nuanom Kristofo so. Sɛ Yehowa pɛ sɛ yehu sɛ ogye yɛn tom a, otumi fa yɛn nuanom Kristofo so. Ebia obetumi ama afoforo aka nkuranhyɛsɛm bi akyerɛ yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu. Bere a dadwen kɛse bi bɛtɔɔ onuawa bi a ɔwɔ Asia so no, onyaa nea yɛreka yi ho suahu. N’adwuma fii ne nsa, na yare bi a emu yɛ den nso bɔɔ no. Wei nyinaa nka mfua, ne kunu nso yɛɛ bɔne kɛse bi, na hokwan a ɔwɔ sɛ asafo mu panyin no fii ne nsa. Onuawa no kaa sɛ: “Ná minhu nea enti a merehyia ɔhaw a ɛtete saa. Minyaa adwene sɛ gyama mayɛ bɔne bi na Yehowa nnye me ntom bio.” Yɛn nuabea no srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma onhu sɛ ogye no tom. Sɛn na Yehowa buaa ne mpaebɔ no? Ɔkaa sɛ, “Asafo mu mpanyimfo no ne me kasae, na wɔmaa me awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ me.” Akyiri yi, ɔsan srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma onhu sɛ ogye no tom. Ɔkaa sɛ, “Saa da no ara, minyaa krataa fii anuanom bi a ɛwɔ m’asafo mu hɔ. Merekan awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ krataa no mu no, metee nka sɛ Yehowa atie me mpaebɔ.” Nokwasɛm ne sɛ, mpɛn pii no, Yehowa nam nkuranhyɛsɛm a afoforo ka so ma yehu sɛ ogye yɛn tom.—Dw. 10:17.

Yehowa fa akwan pii so ma yehu sɛ ogye yɛn tom (Hwɛ nkyekyɛm 13) b


14. Ɔkwan bɛn bio na Yehowa tumi fa so ma yehu sɛ ogye yɛn tom?

14 Ɛtɔ da na yehia afotu a, Yehowa fa yɛn nuanom Kristofo so de ma yɛn. Ɔyɛ wei de kyerɛ sɛ ogye yɛn tom. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, asomafo no bere so no, Yehowa maa ɔsomafo Paul kyerɛw nkrataa 14 kɔmaa ne mfɛfo agyidifo. Saa nkrataa no mu no, afotu a Paul de maa anuanom no, wamfa anwadawada, nanso ɔyɛɛ no ɔdɔ so. Adɛn nti na Yehowa maa Paul de saa afotu no maa wɔn? Yehowa yɛ Agya pa, na ne mma a ‘ɔpɛ wɔn asɛm no,’ ɔteɛ wɔn so. (Mmeb. 3:​11, 12) Enti sɛ obi de Bible mu asɛm tu yɛn fo a, ebetumi ayɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn gye yɛn tom, na ɛnyɛ sɛ ɔmpɛ yɛn asɛm. (Heb. 12:6) Dɛn bio na ɛma yehu sɛ Yehowa gye yɛn tom?

ADANSE FOFORO A ƐKYERƐ SƐ YEHOWA GYE YƐN TOM

15. Henanom na Yehowa de ne honhom kronkron no ma wɔn, na awerɛhyem bɛn na wei ma yenya?

15 Wɔn a Yehowa gye wɔn tom no, wɔn na ɔde ne honhom kronkron no ma wɔn. (Mat. 12:18) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Honhom aba no, matumi ada emu bi adi wɔ m’asetena mu anaa?’ Abotare a na wowɔ ansa na worebehu Yehowa no, seesei wuhu sɛ ebi abɛka ho anaa? Nea ɛwom ne sɛ, sɛ wutumi da honhom aba no bi adi paa wɔ w’asetena mu a, ɛbɛma woahu paa nso sɛ Yehowa gye wo tom!—Hwɛ adaka a yɛato din “ Honhom No Aba Ne . . .

Wobɛyɛ dɛn ahu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa gye wo tom? (Hwɛ nkyekyɛm 15)


16. Henanom na Yehowa ma wɔka asɛmpa no, na wei ma wote nka sɛn? (1 Tesalonikafo 2:4)

16 Wɔn a Yehowa gye wɔn tom no, n’ani gye ho sɛ ɔbɛma wɔaka asɛmpa no. (Kenkan 1 Tesalonikafo 2:4.) Bere a onuawa bi a ne din de Jocelyn kaa asɛmpa no kyerɛɛ afoforo no, yɛnhwɛ sɛnea onyaa so mfaso. Da koro bi a Jocelyn sɔre fii ne mpa so no, na wayɛ basaa. Ɔka sɛ, “Metee nka sɛ m’ahoɔden asa, na na mayɛ hahaaha. Ná meyɛ ɔkwampaefo; saa da no nso, na ɛyɛ da a mede kɔ asɛnka. Enti mebɔɔ mpae, na misiim.” Saa anɔpa no Jocelyn hyiaa ɔbea bi a ɔpɛ nnipa; na ne din de Mary, na ɔpenee so sɛ ɔne no besua Bible. Abosome bi akyi no, Mary kaa sɛ, bere a Jocelyn bɛbɔɔ ne pon mu no, na ɔrebɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa no. Saa asɛm no, dɛn na Jocelyn sua fii mu? Ɔka sɛ, “Metee nka sɛ asɛ Yehowa reka akyerɛ me sɛ ‘Migye wo tom.’” Ɛwom, ɛnyɛ obiara na obetie asɛmpa a yɛka no. Nanso, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ka asɛmpa no kyerɛ afoforo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ.

Wobɛyɛ dɛn ahu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa gye wo tom? (Hwɛ nkyekyɛm 16) c


17. Nea Vicky ka faa agyede no ho no, dɛn na wusua fi mu? (Dwom 5:12)

17 Yehowa de mfaso a ɛwɔ agyede no so no boa wɔn a ogye wɔn tom no. (1 Tim. 2:​5, 6) Sɛ yɛwɔ agyede no mu gyidi na yɛabɔ asu na yɛn adwene da so ara yɛ yɛn sɛ Yehowa nnye yɛn ntom a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Kae sɛ, yɛn koma betumi adaadaa yɛn, nanso Yehowa de, sɛ ɔka sɛ ogye yɛn tom a, yebetumi agye no adi. Wɔn a wɔwɔ agyede no mu gyidi no, obu wɔn sɛ atreneefo, na wahyɛ bɔ sɛ obehyira wɔn. (Kenkan Dwom 5:12; Rom. 3:26) Vicky dwinnwen agyede no ho no, ɛboaa no. Da koro bi, bere a odwinnwen agyede no ho kɔɔ akyiri no, ɔkaa sɛ: “Yehowa anya me ho abotare akyɛ. . . . Nanso ɛte sɛ nea na mereka akyerɛ no sɛ: ‘Minnye nni sɛ wo dɔ no betumi aso me so, na wɔn a wo Ba no bewu gyee wɔn no, minnye nni sɛ meka ho.’” Agyede no a odwinnwen ho no, ɛma ɔtee nka sɛ Yehowa dɔ no. Yɛn nso, sɛ yedwinnwen agyede no ho a, yebehu sɛ Yehowa dɔ yɛn na ogye yɛn tom.

Wobɛyɛ dɛn ahu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa gye wo tom? (Hwɛ nkyekyɛm 17)


18. Sɛ yɛkɔ so dɔ yɛn soro Agya no a, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

18 Ebia yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛde nea yɛasusuw ho no bɛyɛ adwuma, nanso ɛtɔ da a, yɛn abam betumi abu na yɛanya adwene sɛ gyama Yehowa nnye yɛn ntom bio. Ɛba saa a, kae sɛ “wɔn a wɔkɔ so dɔ no no,” ogye wɔn tom. (Yak. 1:12) Enti kɔ so ara bɛn Yehowa, na akwan a ɔfa so kyerɛ sɛ ogye wo tom no, fa w’adwene si so. Mma wo werɛ mmfi da sɛ, Yehowa ‘ne yɛn mu biara ntam nware.’—Aso. 17:27.

WUBEBUA SƐN?

  • Adɛn nti na ɛtɔ da a ebinom te nka sɛ Yehowa nnye wɔn ntom?

  • Akwan a Yehowa fa so kyerɛ sɛ ogye yɛn tom no, ebi ne nea ɛwɔ he?

  • Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn gye yɛn tom?

DWOM 88 Kyerɛ Me W’akwan

a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asɛm a esii a wɔayɛ ho ɔyɛkyerɛ

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asɛm a esii a wɔayɛ ho ɔyɛkyerɛ

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asɛm a esii a wɔayɛ ho ɔyɛkyerɛ