ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM May 2018

Adesua nsɛm a yebesua July 9 kosi August 5, 2018.

ASETENAM NSƐM

Ahyɛase No, Na Ɛyɛ Den, Nanso Awie Me Yiye

Samuel Herd asetena ahyɛase no, na ɛyɛ den, nanso awie no yiye wɔ Onyankopɔn som mu. Wanna anso dae da sɛ ebewie no sei.

Asomdwoe—Wobɛyɛ Dɛn Anya?

Yɛte wiase a ɔhaw ahyɛ mu mã mu, enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho pa ara ansa na yɛanya asomdwoe. Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn.

Yehowa Dɔ Wɔn a “Wɔde Boasetɔ Sow Aba”

Sɛ yɛka asɛmpa no wɔ nsasesin a nkurɔfo ntaa ntie asɛmpa mu a, yɛn abam betumi abu. Ɛno mpo no, yɛn nyinaa betumi asow aba.

Nea Enti a ‘Yɛkɔ So Sow Aba Pii’

Ehia sɛ yɛma nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛm no tena yɛn adwenem.

Hu Wo Tamfo

Yenim Satan akwan anaa nea obetumi ayɛ.

Mmabun—Munnyina Pintinn Nko Ntia Ɔbonsam

Yɛn nyinaa reko honhom mu ko. Kristofo a wɔyɛ mmabun titiriw na ebetumi ayɛ den ama wɔn, nanso wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.

Wɔatwa Nnɔbae Pii!

Ukraine mantam bi mu no, woka nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa bom a, emu nan biara mu baako yɛ Yehowa Dansefo!