Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asomdwoe—Wobɛyɛ Dɛn Anya?

Asomdwoe—Wobɛyɛ Dɛn Anya?

YƐTE wiase a ɔhaw ahyɛ mu mã mu, enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho pa ara ansa na yɛanya asomdwoe. Nanso, sɛ yɛn asom dwo yɛn kakra mpo a, mpɛn pii no, gye sɛ yɛyere yɛn ho na asomdwoe no ammɔ yɛn. Dɛn na Onyankopɔn Asɛm ka sɛ ebetumi aboa yɛn ama yɛanya asomdwoe ankasa? Yɛbɛyɛ dɛn aboa afoforo ama wɔn nso anya asomdwoe?

DƐN NA EHIA SƐ YƐYƐ NA AMA YƐANYA ASOMDWOE ANKASA?

Sɛ yɛte nka sɛ biribiara nhaw yɛn adwene na yɛn koma tɔ yɛn yam a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ asomdwoe ankasa. Ehia nso sɛ yɛne afoforo fa adamfo denneennen. Nea ehia pa ara no, sɛ yebenya asomdwoe ankasa a, ɛsɛ sɛ yɛne Onyankopɔn fa adamfo a emu yɛ den. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

Asetena mu dadwen nti, nnipa pii nni asomdwoe

Sɛ yɛde Yehowa ahyɛde ne ne nnyinasosɛm a ɛteɛ no yɛ adwuma a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ ne mu ahotoso na yɛpɛ sɛ asomdwoe tena yɛne no ntam. (Yer. 17:7, 8; Yak. 2:22, 23) Yɛyɛ saa a, ɔno nso bɛn yɛn na ɔma yenya asomdwoe ankasa. Yesaia 32:17 ka sɛ: “Trenee nnwuma bɛyɛ asomdwoe, na nokware trenee aba bɛyɛ kommyɛ ne ahotɔ akosi daa.” Sɛ yefi yɛn komam tie Yehowa a, ɛnna yebenya asomdwoe ankasa.—Yes. 48:18, 19.

Ade foforo a ɛboa yɛn ma yenya asomdwoe ankasa ne honhom kronkron; ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo a yɛn soro Agya no de ama yɛn.—Aso. 9:31.

ONYANKOPƆN HONHOM BOA YƐN MA YENYA ASOMDWOE

Bere a ɔsomafo Paulo rebobɔ “honhom no aba” afã ahorow din no, na asomdwoe na ɛto so mmiɛnsa. (Gal. 5:22, 23) Esiane sɛ Onyankopɔn honhom na ɛma yenya asomdwoe ankasa nti, ɛsɛ sɛ yɛma honhom kronkron boa yɛn ma yenya asomdwoe ankasa. Momma yɛnhwɛ akwan mmienu a Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ama yɛafa so anya asomdwoe.

Nea edi kan, sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee no bere nyinaa a, ɛboa yɛn ma yenya asomdwoe. (Dw. 1:2, 3) Sɛ yedwinnwen Bible mu nsɛm ho a, Onyankopɔn honhom boa yɛn ma yehu Yehowa adwene wɔ nneɛma pii ho. Ade baako ne sɛ, yehu nea ɛma ɔpɛ asomdwoe ne nea enti a asomdwoe ho hia no saa. Sɛ yɛde nea yesua fi Onyankopɔn Asɛm mu yɛ adwuma a, ɛma yenya asomdwoe pii wɔ yɛn asetena mu.—Mmeb. 3:1, 2.

Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae bisa Onyankopɔn honhom kronkron. (Luka 11:13) Yehowa hyɛ bɔ sɛ, sɛ yɛhwehwɛ ne mmoa a, ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.’ (Filip. 4:6, 7) Sɛ yɛbɔ mpae daa na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom mmoa yɛn a, yɛn Nyankopɔn no ma yɛn asomdwoe. Wɔn a wɔne Yehowa adamfofa di mũ nkutoo na wɔwɔ saa asomdwoe no bi.—Rom. 15:13.

Ebinom de Kyerɛwnsɛm mu afotu yi ayɛ adwuma, na wɔayɛ nsakrae ama asomdwoe aba wɔne Yehowa ntam, asomdwoe aba wɔne afoforo ntam, na wɔn ankasa nso anya asomdwoe. Wɔyɛɛ no sɛn?

NEA ƐMA WONYAA ASOMDWOE ANKASA

Ɛnnɛ, yɛwɔ nnipa bi wɔ Kristofo asafo no mu a bere bi a atwam no na wɔyɛ ‘abufufafo.’ Nanso seesei sɛ wɔne afoforo redi a, wɔda no adi sɛ wodwen nnipa ho, wɔn yam ye, wɔwɔ abotare, na wɔpɛ asomdwoe pa ara. * (Mmeb. 29:22) Yɛnhwɛ Ahenni adawurubɔfo mmienu bi a na wɔn bo taa fuw. Wɔaboa wɔn ama wɔahyɛ wɔn ho so, na wɔne afoforo te asomdwoe mu.

Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma na yɛbɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn honhom a, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya asomdwoe

David suban nye, na ɛdaa adi wɔ ne kasa mu. Ansa na ɔrehyira ne ho so ama Onyankopɔn no, na ɔtaa kasa tia afoforo, na na odidi n’abusuafo atɛm. Bere rekɔ so no, David hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔsesa ne suban na ɔhwehwɛ asomdwoe. Ɛyɛɛ dɛn na onyaa asomdwoe? Ɔka sɛ, “Mifii ase de Bible nnyinasosɛm bɔɔ me bra, na ɛma minyaa obu kɛse maa m’abusuafo, na wɔn nso buu me pa ara.”

Ntetee a Rachel nyae kaa ne suban. Ɔka sɛ, “Abusua a wɔtetee me wom no, na wɔn bo taa fuw, enti ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, ɛyɛ den ma me sɛ mɛhyɛ me ho so wɔ abufuw ho.” Dɛn na aboa no ama seesei ɔpɛ asomdwoe? Ɔka sɛ, “Mebɔ Yehowa mpae daa hwehwɛ ne mmoa.”

David ne Rachel asɛm no yɛ nhwɛso mmienu a ɛma yehu sɛ, sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra na yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma yɛn ne honhom a, yenya asomdwoe. Yehu sɛ, ɛmfa ho sɛ ɔhaw ahyɛ wiase a yɛte mu mã no, yebetumi anya asomdwoe ankasa. Wei boa ma baakoyɛ tena yɛn mmusua ne yɛn mfɛfo Kristofo mu. Nanso, Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.’ (Rom. 12:18) Wei betumi ayɛ yiye saa anaa? Sɛ yɛbɔ mmɔden hwehwɛ asomdwoe a, mfaso bɛn na yenya?

MA ASOMDWOE NTENA WO NE AFOFORO NTAM

Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a yɛreka no yɛ asomdwoe asɛm, na yɛka kyerɛ nkurɔfo sɛ wontie, na wɔn nso nnya asomdwoe no bi. (Yes. 9:6, 7; Mat. 24:14) Anigyesɛm ne sɛ, nnipa pii atie asɛmpa no. Ɛno nti, sɛ wohu nneɛma a ɛrekɔ so a, wɔn abam mmu na wɔn bo nso mfuw. Mmom no, seesei wɔwɔ anidaso ankasa sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye, na ɛkanyan wɔn ma ‘wɔhwehwɛ asomdwoe na wodi akyi.’—Dw. 34:14.

Asɛm a yɛka no, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wotie no aso pa mu; ebinom wɔ hɔ a ebia akyiri yi na wobetie. (Yoh. 3:19) Ɛno mpo no, Onyankopɔn honhom boa yɛn ma yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn wɔ asomdwoe ne obu mu. Yɛyɛ saa a, na yɛde asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ a Yesu de mae wɔ Mateo 10:11-13 no reyɛ adwuma. Ɛka sɛ: “Sɛ morehyɛn ofie bi mu a munkyia ofie no mufo; sɛ ofie no fata a, momma asomdwoe a mopɛ sɛ enya no mmra so; nanso sɛ ɛmfata a, momma mo asomdwoe nsan mmra mo so.” Sɛ yetie Yesu afotu no a, yebetumi afi fie hɔ akɔ asomdwoe mu, na yɛahwɛ kwan sɛ daakye ebia onipa no betie asɛm no.

Sɛ yɛne aban mpanyimfo kasa wɔ obu mu a, ɛno nso boa ma asomdwoe tena yɛne wɔn ntam; wɔn a wɔsɔre tia yɛn adwuma no mpo ka ho. Ɛho nhwɛso ni. Afrika man bi mu no, na aban no mpɛ yɛn asɛm, enti wɔamma yɛn tumi krataa a yɛde besisi Ahenni Asa. Ná anuanom pɛ sɛ wosiesie asɛm no asomdwoe mu, enti wɔsomaa onua bi a bere bi na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ saa Afrika man no mu sɛ onkohu Ɔman no Nanmusini a ɔwɔ London, England. Wɔsomaa no sɛ ɔnkɔ aban panyin no nkyɛn na ɔnkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ no sɛ adwuma a Yehowa Adansefo yɛ wɔ ne man mu no fa asomdwoe ho. Saa nsrahwɛ no kosii sɛn?

Onua no ka sɛ: “Bere a mikoduu baabi a wogye ahɔho no a mihuu atade a awuraa a ɔwɔ hɔ no hyɛ no, ɛhɔ ara na mihuu abusuakuw a ofi mu. Ná masua wɔn kasa. Enti mikyiaa no wɔ ne kurom kasa mu. Ɛyɛɛ no nwonwa ma obisaa me sɛ, ‘Dɛn na ɛde wo aba ha?’ Mekaa no nidi mu sɛ mepɛ sɛ mihu Ɔman no Nanmusini no. Awuraa no frɛɛ ɔpanyin no wɔ tɛlɛfon so, na ɔbae no, okyiaa me wɔ ne kurom kasa mu. Afei, mekyerɛkyerɛɛ adwuma a Adansefo yɛ mu kyerɛɛ no sɛ ɛfa asomdwoe ho, na ɔyɛɛ aso tiee me.”

Ná aban panyin no nte yɛn adwuma no ase, na na ɔwɔ ho adwene a ɛnteɛ. Nanso sɛnea onua no kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu wɔ nidi mu no ma onyaa yɛn ho adwempa. Bere bi akyi no, aban a ɛwɔ saa Afrika man no mu no maa anuanom kwan ma wotumi sisii Ahenni Asa. Asomdwoe a ɛbae no maa anuanom ani gyei papaapa! Anokwa, sɛ yedi afoforo ni a, nneɛma pa pii fi mu ba. Ebi ne asomdwoe.

NYA ASOMDWOE DAA

Ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo wɔ honhom fam paradise, na wɔwɔ asomdwoe. Sɛ woyere wo ho nya honhom no aba no fã yi a, wo nso wobɛboa ama asomdwoe atena anuanom mu. Nea ɛsen saa no, wubenya Yehowa anim dom na woanya asomdwoe pii a enni awiei wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.—2 Pet. 3:13, 14.

^ nky. 13 Su ahorow a ɛbom yɛ Onyankopɔn honhom kronkron no aba no, ayamye ka ho. Yɛbɛka ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban foforo a ɛbɛba mu.