Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Enti a ‘Yɛkɔ So Sow Aba Pii’

Nea Enti a ‘Yɛkɔ So Sow Aba Pii’

“Nea ɛhyɛ m’Agya anuonyam ne sɛ mobɛkɔ so asow aba pii na moada mo ho adi sɛ m’asuafo.”—YOH. 15:8.

NNWOM: 53, 60

1, 2. (a) Aka kakra ama Yesu awu no, dɛn na Yesu ne n’asuafo no bɔɔ ho nkɔmmɔ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Adɛn nti na ehia sɛ yɛkae nea enti a yɛka asɛmpa no? (d) Dɛn na yebesusuw ho?

ANADWO a ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔne n’asomafo no bɔɔ nkɔmmɔ kyɛe. Ɔma wohui sɛ ɔdɔ wɔn pa ara. Afei nso, saa bere no na ɔmaa bobe ho mfatoho a yesusuw ho wɔ adesua a edi wei anim mu no. Yesu maa saa mfatoho no de hyɛɛ n’asuafo no nkuran sɛ ‘wɔnkɔ so nsow aba pii.’ Nea saa asɛm no kyerɛ ne sɛ wɔnkɔ so nka Ahenni no ho asɛm.—Yoh. 15:8.

2 Yesu kaa nea ɛsɛ sɛ asuafo no yɛ ne nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa nso kyerɛɛ wɔn. Ɔma wohuu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no. Adɛn nti na ehia sɛ yesusuw ho? Sɛ yɛkae nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛm no a, ɛkanyan yɛn ma yɛkɔ so ‘di amanaman nyinaa adanse.’ (Mat. 24:13, 14) Ɛnde, momma yɛnhwɛ nneɛma nnan bi a Kyerɛwnsɛm no aka a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no. Afei nso, yɛbɛhwɛ akyɛde ahorow nnan bi a Yehowa de boa yɛn ma yɛkɔ so sow aba.

YƐHYƐ YEHOWA ANUONYAM

3. (a) Asɛm bɛn na ɛwɔ Yohane 15:8 a ɛno nti yɛka asɛmpa no? (b) Bobe aba a ɛwɔ Yesu mfatoho no mu no gyina hɔ ma dɛn, na adɛn nti na mfatoho no fata?

3 Nea enti pa ara a yɛyɛ asɛnka adwuma no ne sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam na yɛatew ne din ho wɔ nnipa anim. (Kenkan Yohane 15:1, 8.) Hyɛ no nsow sɛ, Yesu de n’Agya Yehowa totoo okuafo a odua bobe ho. Yesu de ne ho totoo bobe, anaa bobe dua ho, ɛnna ɔde n’akyidifo nso totoo baa ho. (Yoh. 15:5) Enti bobe aba no gyina hɔ ma Ahenni aba a Kristo akyidifo sow. Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Nea ɛhyɛ m’Agya anuonyam ne sɛ mobɛkɔ so asow aba pii.” Sɛ bobe sow aba pa a ɛhyɛ okuafo anuonyam, saa ara na yɛn nso yɛka Ahenni no ho asɛm sɛnea yɛn ahoɔden betumi a, ɛhyɛ Yehowa anuonyam.—Mat. 25:20-23.

4. (a) Dɛn na yɛyɛ de tew Onyankopɔn din ho? (b) Hokwan a woanya de retew Onyankopɔn din ho no, ɛma wote nka sɛn?

4 Asɛnka adwuma a yɛyɛ no, sɛn na ɛtew Onyankopɔn din ho? Biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ ama Onyankopɔn din no ayɛ kronkron asen sɛnea ɛte. Onyankopɔn din yɛ kronkron dedaw; sintɔ biara nni ho. Nanso hwɛ nea odiyifo Yesaia kae yi: “Asafo Yehowa, ɔno na mummu no kronkron.” (Yes. 8:13) Ade baako a yɛyɛ de tew Onyankopɔn din ho ne sɛ, yebu no sɛ ɛyɛ din a edin foforo biara ne no nsɛ, na yɛboa afoforo ma wɔn nso bu no kronkron. (Mat. 6:9) Nhwɛso bi ni. Sɛ yɛka Yehowa suban a ɛyɛ fɛ ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma a ɛbɛbam ɔkwan biara so no ho nokwasɛm kyerɛ nkurɔfo a, yɛma wohu sɛ nsɛm a Satan akeka de asɛe Onyankopɔn din no nyinaa nyɛ nokware. (Gen. 3:1-5) Afei nso, sɛ yɛyere yɛn ho boa nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu ma wohu sɛ ɛfata sɛ Yehowa ‘gye anuonyam ne nidi ne tumi’ a, yɛtew Onyankopɔn din ho. (Adi. 4:11) Rune ayɛ akwampae adwuma mfe 16. Ɔka sɛ: “Hokwan a manya sɛ medi amansan nyinaa Bɔfo no ho adanse no ma m’ani gye pa ara. Ɛka me koma ma mekɔ so ka asɛmpa no.”

YƐDƆ YEHOWA NE NE BA NO

5. (a) Asɛm bɛn na ɛwɔ Yohane 15:9, 10 a enti yɛka asɛm no? (b) Sɛn na Yesu boaa n’asuafo ma wohui sɛ ebehia sɛ wonya boasetɔ?

5 Kenkan Yohane 15:9, 10. Ade foforo a ɛho hia a enti yɛka Ahenni no ho asɛm ne sɛ yɛde yɛn koma nyinaa dɔ Yehowa ne Yesu. (Mar. 12:30; Yoh. 14:15) Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔntena ne dɔ mu.’ Adɛn nti na ɔkaa saa? Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ, sɛ yebetumi abɔ yɛn bra sɛ Kristo asuafo anokwafo da biara da a, ebehia sɛ yenya boasetɔ. Sɛ yɛhwɛ Yohane 15:4-10 a, Yesu de asɛm ‘tena’ dii dwuma mpɛn pii wɔ akwan ahorow so. Ɔyɛɛ saa maa n’asuafo no hui sɛ ebehia sɛ wonya boasetɔ.

6. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛtena Kristo dɔ mu?

6 Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛtena Kristo dɔ mu na yenya n’anim dom? Ɛne sɛ yebedi Yesu ahyɛde so. Ná nea Yesu reka ara ne sɛ ‘Muntie me.’ Nea Yesu pɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ nea ɔyɛe no, yɛn nso yɛbɛyɛ bi, efisɛ ɔde kaa ho sɛ: “Sɛnea madi Agya no ahyɛde so na mete ne dɔ mu.” Yesu ayɛ nhwɛso ama yɛn.—Yoh. 13:15.

7. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ osetie ne ɔdɔ na ɛnam?

7 Yesu ma ɛdaa adi sɛ osetie ne ɔdɔ na ɛnam. Ná wadi kan aka akyerɛ n’asomafo no sɛ: “Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno na ɔdɔ me.” (Yoh. 14:21) Afei nso, sɛ yedi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnkɔka asɛmpa no so a, na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, efisɛ Yesu ahyɛde fi n’Agya hɔ. (Mat. 17:5; Yoh. 8:28) Sɛ yɛma Yehowa ne Yesu hu sɛ yɛdɔ wɔn a, wɔbɛma yɛatena wɔn dɔ mu.

YƐBƆ NKURƆFO KƆKƆ

8, 9. (a) Ade foforo bɛn nti na yɛka asɛmpa no? (b) Adɛn nti na asɛm a Yehowa aka wɔ Hesekiel 3:18, 19 ne 18:23 no kanyan yɛn ma yɛkɔ so ka asɛmpa no?

8 Ade foforo wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no. Ɛne sɛ yɛka asɛm no de bɔ nkurɔfo kɔkɔ. Bible frɛ Noa “sɛnkafo.” (Kenkan 2 Petro 2:5.) Ɛda adi sɛ, asɛnka adwuma a Noa yɛe ansa na Nsuyiri no reba no, ɔbɔɔ nkurɔfo kɔkɔ nso sɛ ɔsɛe bi reba. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Yɛnhwɛ asɛm a Yesu kae yi: “Nna a edii nsuyiri no anim no, wodidi nomee, mmarima warewaree na wɔde mmea memaa aware kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu kosii sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe. Na saa ara na onipa Ba no mmae nso bɛyɛ.” (Mat. 24:38, 39) Ɛmfa ho sɛ nkurɔfo antie Noa no, ɔkɔɔ so kaa asɛm a na Yehowa de ama no sɛ ɔmfa mmɔ wɔn kɔkɔ no.

9 Ɛnnɛ, yɛka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo na ama wɔanya hokwan ahu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama adesamma. Sɛnea Yehowa pɛ no, yɛn nso yɛn yam a anka nkurɔfo atie asɛmpa no na ‘wɔanya nkwa.’ (Hes. 18:23) Bere koro no ara, sɛ yɛka asɛm no wɔ afie afie ne mmɔnten so a, yɛbɔ nnipa pii kɔkɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba abeyi wiase bɔne yi afi hɔ.—Hes. 3:18, 19; Dan. 2:44; Adi. 14:6, 7.

YƐDƆ YƐN YƆNKO NNIPA

10. (a) Asɛm bɛn na ɛwɔ Mateo 22:39 a enti yɛka asɛmpa no? (b) Ka nea Paulo ne Silas yɛe de boaa afiasehwɛfo bi wɔ Filipi.

10 Ade foforo a enti ehia sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no ni: Yɛka asɛmpa no efisɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa. (Mat. 22:39) Ɔdɔ a ɛte saa na ɛka yɛn ma yɛkɔ so ka asɛm no, efisɛ yenim sɛ, sɛ nneɛma sesa wɔ nkurɔfo asetenam a, ebetumi ama wɔasesa wɔn suban. Yɛnhwɛ asɛm a ɛtoo ɔsomafo Paulo ne n’adamfo Silas. Wɔwɔ Filipi no, nkurɔfo sɔre tiaa wɔn de wɔn guu afiase. Afei, anadwo dasum no, mpofirim ara asasewosow bi sii. Ɛmaa afiase dan no wosowee, na apon no buebuei. Ná afiasehwɛfo no suro sɛ nneduafo no aguan, enti anka ɔrebekum ne ho. Nanso Paulo teɛɛm sɛ: “Nyɛ wo ho bɔne biara!” Afiasehwɛfo no de ahopopo bisae sɛ: “Menyɛ dɛn na manya nkwa?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Gye Awurade Yesu di na wobegye wo nkwa.”—Aso. 16:25-34.

Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa, Yesu, ne yɛn yɔnko nnipa kanyan yɛn ma yɛka asɛmpa no (Hwɛ nkyekyɛm 5, 10)

11, 12. (a) Afiasehwɛfo no asɛm no fa yɛn asɛnka adwuma no ho sɛn? (b) Adɛn nti na yɛpɛ sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no?

11 Afiasehwɛfo no asɛm no fa yɛn asɛnka adwuma no ho sɛn? Yɛnhwɛ saa asɛm yi: Asasewosow no sii akyi ansa na afiasehwɛfo no resesa ne suban na wahwehwɛ mmoa. Ɛnnɛ nso, nnipa bi wɔ hɔ a wɔmpɛ sɛ wotie Bible mu asɛm no, nanso sɛ asɛnkɛse bi to wɔn mpofirim a, ebetumi ama wɔasesa wɔn suban na wɔahwehwɛ mmoa. Nhwɛso bi ni. Ebia ebinom a wɔwɔ yɛn asasesin mu adwuma a wɔayɛ mfe pii afi wɔn nsa ama wɔn ho adwiriw wɔn. Ebinom nso, ebia wɔn aware agu nnansa yi ama wɔayɛ basaa. Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔahu sɛ yare bi a emu yɛ den abɔ wɔn ama wonhu nea wɔnyɛ, anaa ebia wɔn dɔfo bi awu ama wɔn werɛ ahow. Sɛ nsɛm a ɛte saa sisi a, ebia ebinom a wɔayɛ basaa bebisa nea enti a yɛte ase. Ebia na wɔnna nnwenee asɛm a ɛte saa ho da. Ebi mpo a wobebisa sɛ, ‘Menyɛ dɛn na manya nkwa?’ Sɛ yehyia wɔn a, wei ne bere a edi kan a ebia wɔn ani begye ho sɛ wobetie anidaso asɛm a yɛka no.

12 Enti sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no a, bere a nkurɔfo behia awerɛkyekye no, wobenya yɛn ama yɛakyekye wɔn werɛ. (Yes. 61:1) Charlotte de mfe 38 ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Ɔka sɛ: “Ɛnnɛ, nnipa ayera. Ehia sɛ wɔte asɛmpa no.” Ejvor ayɛ akwampae adwuma mfe 34. Ɔno nso ka sɛ: “Ɛnnɛ, nnipa pii abam abu sen bere biara. Mepɛ pa ara sɛ meboa wɔn. Ɛno na ɛkanyan me ma meka asɛmpa no.” Anokwa, yɛn yɔnko nnipa ho dɔ pa ara nti na yɛkɔ so ka asɛmpa no!

AKYƐDE AHOROW A ƐBOA YƐN MA YƐKƆ SO KA ASƐM NO

13, 14. (a) Akyɛde bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 15:11? (b) Yɛbɛyɛ dɛn anya anigye a Yesu wɔ no bi? (d) Sɛn na anigye boa yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no?

13 Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔkaa akyɛde ahorow a ɛbɛboa n’asomafo no ama wɔakɔ so asow aba nso ho asɛm. Dɛn ne saa akyɛde ahorow no, na ɛboa yɛn sɛn?

14 Anigye yɛ akyɛde. Sɛ yetie Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛmpa no a, ɛyɛ adesoa anaa? Dabida. Bere a Yesu maa bobe ho mfatoho no wiei no, ɔkaa sɛ yɛn a yɛka Ahenni no ho asɛmpa no benya anigye. (Kenkan Yohane 15:11.) Ɔmaa yɛn awerɛhyem sɛ yebenya n’anigye no bi. Ɛbɛyɛ dɛn ayɛ yiye? Sɛnea yɛadi kan aka no, Yesu de ne ho totoo bobe ho, ɛnna ɔde n’asuafo no totoo baa ho. Bobe no na ekurakura baa no. Bere tenten a baa no tuatua bobe no ho no, enya nsu ne nnuan a ɛnam bobe dua no mu no bi. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛtena Kristo mu na yedi n’anammɔn akyi a, yebenya anigye a Kristo yɛ n’Agya apɛde a onya no bi. (Yoh. 4:34; 17:13; 1 Pet. 2:21) Hanne ayɛ akwampae adwuma bɛboro mfe 40. Onuawa yi ka sɛ: “Mekɔ asɛnka a, anigye a minya bere nyinaa no na ɛkanyan me ma mekɔ so yɛ Yehowa som adwuma no.” Anokwa, sɛ anigye hyɛ yɛn mã a, ɛhyɛ yɛn den ma yɛkɔ so ka asɛmpa no wɔ mmeae a nkurɔfo ntaa ntie asɛm no.—Mat. 5:10-12.

15. (a) Akyɛde bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 14:27? (b) Adɛn nti na asomdwoe boa yɛn ma yɛkɔ so sow aba?

15 Asomdwoe yɛ akyɛde. (Kenkan Yohane 14:27.) Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, na wadi kan aka akyerɛ n’asomafo no sɛ: “Mede m’asomdwoe ma mo.” Asomdwoe a Yesu de akyɛ yɛn yi, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so asow aba? Sɛ yɛkɔ so ka asɛm no a, yɛte nka wɔ yɛn mu sɛ yɛwɔ asomdwoe a enni awiei efisɛ yenim sɛ Yehowa ne Yesu ani sɔ nea yɛreyɛ no. (Dw. 149:4; Rom. 5:3, 4; Kol. 3:15) Ulf ayɛ bere nyinaa som adwuma mfe 45. Onua yi ka sɛ: “Mekɔ asɛnka a mebrɛ de, nanso ɛma minya akomatɔyam ne anigye ankasa.” Yɛda Yehowa ase pa ara sɛ wama yɛanya asomdwoe a enni awiei!

16. (a) Akyɛde bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 15:15? (b) Dɛn na na asomafo no bɛyɛ na wɔakɔ so ayɛ Yesu nnamfo?

16 Adamfofa yɛ akyɛde. Bere a Yesu kaa sɛ ɔpɛ sɛ asomafo no anigye ‘yɛ mã’ no, ɔma wohuu nea enti a ehia sɛ woyi wɔn yam dɔ afoforo. (Yoh. 15:11-13) Afei ɔkaa sɛ: “Mafrɛ mo nnamfo.” Ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo pa ara sɛ obi ne Yesu bɛfa adamfo! Dɛn na na ehia sɛ asomafo no yɛ na ama Yesu akɔ so ayɛ wɔn adamfo? Ná ɛsɛ sɛ ‘wɔkɔ kɔsow aba.’ (Kenkan Yohane 15:14-16.) Mfe mmienu a atwam no, na Yesu aka akyerɛ n’asomafo no sɛ: “Sɛ mokɔ a, monka sɛ, ‘Ɔsoro ahenni no abɛn.’” (Mat. 10:7) Enti saa anadwo a etwa to no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nyɛ adwuma a na wɔafi ase no. (Mat. 24:13; Mar. 3:14) Ná ɛnna fam sɛ asomafo no bedi Yesu ahyɛde no so, nanso na wobetumi adi so na wɔakɔ so ayɛ ne nnamfo. Ná wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ná akyɛde foforo bɛboa wɔn.

17, 18. (a) Akyɛde bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 15:16? (b) Sɛn na saa akyɛde no boaa Yesu asuafo no? (d) Akyɛde ahorow bɛn na ɛhyɛ yɛn den nnɛ?

17 Yɛn mpaebɔ ho mmuae yɛ akyɛde. Yesu kaa sɛ: “Mubisa Agya no hɔ biribiara me din mu a, ɔde bɛma mo.” (Yoh. 15:16) Akyinnye biara nni ho sɛ, na saa bɔhyɛ no bɛhyɛ asomafo no den! * Ɛwom sɛ asomafo no ante ase ankasa sɛ ɛrenkyɛ na wɔn Kannifo no awu de, nanso na ɔrennyaw wɔn kwa. Sɛ wɔbɔ mpae hwehwɛ mmoa biara a ɛbɛma wɔadi ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛm no so a, na Yehowa ayɛ krado sɛ obetie wɔn. Nokwasɛm ne sɛ, ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa, na wohui sɛ Yehowa tiee wɔn.—Aso. 4:29, 31.

Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ mmoa a, Yehowa tie (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18 Ɛnnɛ nso saa na ɛte. Sɛ yɛkɔ so sow aba a, Yesu ne yɛn fa adamfo. Afei, sɛ yehyia ɔhaw bere a yɛreka Ahenni no ho asɛmpa no, na yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ mmoa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ wayɛ krado sɛ obetie yɛn. (Filip. 4:13) Yɛn ani sɔ pa ara sɛ yɛanya sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ na yɛyɛ Yesu nnamfo! Akyɛde ahorow a Yehowa de ama yɛn yi hyɛ yɛn den ma yɛkɔ so sow aba.—Yak. 1:17.

19. (a) Adɛn nti na yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no? (b) Dɛn na ɛboa yɛn ma yewie adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn no?

19 Sɛnea yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no, nea enti a yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no ne sɛ, ɛhyɛ Yehowa anuonyam, na ɛtew ne din ho. Afei nso, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne Yesu, yɛde bɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛnea ɛsɛ, na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa nso. Bio nso, akyɛde nnan na ɛhyɛ yɛn den ma yewie adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn no. Ɛno ne anigye, asomdwoe, adamfofa, ne yɛn mpaebɔ ho mmuae. Sɛ Yehowa hu sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu ‘kɔ so sow aba pii’ a, n’ani gye papaapa!

^ nky. 17 Bere a Yesu ne n’asomafo no rekasa no, ɔmaa wɔn awerɛhyem mpɛn pii sɛ Yehowa betie wɔn mpaebɔ.—Yoh. 14:13; 15:7, 16; 16:23.