Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔreyɛ ɔmantam nhyiam wɔ Nyzhnya Apsha, Ukraine, afe 2012

Wɔatwa Nnɔbae Pii!

Wɔatwa Nnɔbae Pii!

YESU ka too hɔ sɛ n’akyidifo betwa nnɔbae pii wɔ awiei bere yi mu. (Mat. 9:37; 24:14) Yɛnhwɛ sɛnea n’asɛm no abam wɔ ɔkwan soronko so wɔ beae bi a ɛwɔ Transcarpathia mantam mu wɔ Ukraine. Nkurow mmiɛnsa bi a ɛwɔ saa beae no, asafo ahorow 50 na ɛwom; emu adawurubɔfo boro 5,400. * Nokwasɛm ne sɛ, woka nnipa a wɔwɔ nkurow mmiɛnsa no mu nyinaa bom a, emu 4 biara mu 1 yɛ Yehowa Dansefo!

Asasesin no mu asɛnka te sɛn? Onua bi a ɔwɔ hɔ a ne din de Vasile ka sɛ: “Nkurɔfo a wɔwɔ ha bu Bible, wɔpɛ atɛntrenee, wonni wɔn abusua ho agorɔ, na woyi wɔn yam boa wɔn ho wɔn ho.” Ɔde ka ho sɛ: “Ɛnyɛ bere nyinaa na wɔne yɛn yɛ adwene wɔ nea yegye di ho. Nanso woka Bible mu asɛm kyerɛ wɔn a, wɔyɛ aso tie.”

Nokwarem no, baabi a adawurubɔfo dɔɔso pa ara saa no, yɛn nuanom hyia ɔhaw soronko bi. Nhwɛso bi ni. Asafo bi a ɛwɔ hɔ wɔ adawurubɔfo 134, nanso afie 50 pɛ na ɛwɔ asafo no asasesin mu! Dɛn na adawurubɔfo no yɛ wɔ wei ho?

Anuanom pii tu wɔn ho ma kɔka asɛm no wɔ mmeae a adawurubɔfo nnɔɔso. Onua bi a wadi mfe 90 a wɔfrɛ no Ionash ka sɛ: “Yɛn asafo no asasesin yi mu no, sɛ wokyɛ afie a ɛwom no pɛpɛɛpɛ a, afie 2 na ɔdawurubɔfo 1 biara benya ayɛ mu adwuma. Nnansa yi yare nti, meka asɛm no wɔ akuraase ha. Nanso na mitwa kwan bɛyɛ akwansin 100 (kilomita 160) kɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu kɔka asɛm no wɔ Hungary kasa mu.” Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo de nneɛma bɔ afɔre na ama wɔatumi akɔka asɛm no wɔ asasesin foforo mu. Ionash ka sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na keteke no ntu nnyaw me no, na mesɔre anɔpa nnɔn 4, na na meka asɛm no araa kosi anwummere nnɔn 6 bere a keteke no resan akɔ m’akuraa. Nnawɔtwe biara na meyɛ saa mprenu anaa mprɛnsa.” Onua no hui sɛ mfaso wɔ adwuma a ɔreyɛ no so anaa? Ionash ka sɛ: “Minyaa anigye pii wɔ asɛnka adwuma a ɛte saa no mu. Minyaa hokwan boaa abusua bi a wɔte baabi a asafo biara nni hɔ ma wohuu nokware no.”

Ɛwom, ɛnyɛ obiara a ɔwɔ asafo ahorow a ɛwɔ mpɔtam hɔ no mu na otumi twa kwantenten saa. Nanso, adawurubɔfo a wɔwɔ yɛn asafo no mu nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ asasesin no mu adwuma fefeefe; wɔn a wɔn mfe akɔ anim nso ka ho. Ɛno nti, afe 2017 no, nnipa dodow a wɔkɔɔ Nkaedi no ase wɔ nkurow mmiɛnsa no mu no, wɔbɛyɛ adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ no mmɔho mmienu. Anaasɛ yɛka nnipa a wɔwɔ nkurow mmiɛnsa no mu bom a, emu baa Nkaedi no ase. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛmfa ho baabiara a yɛsom no, yɛda so ara wɔ ‘pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu.’—1 Kor. 15:58.

^ nky. 2 Nkurow no din ne Hlybokyy Potik, Serednye Vodyane, ne Nyzhnya Apsha.