ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM May 2020

Adesua nsɛm a yebesua July 6–August 2, 2020.

“Atifi Fam Hene No” Wɔ Awiei Bere No Mu

Adesua asɛm 19: July 6-12, 2020. Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa “atifi fam hene no” ne “anafo fam hene no” ho no, yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ egu so renya mmamu. Adɛn nti na yetumi si no pi saa? Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛte saa nkɔmhyɛ yi ase?

Ahemfo Mmienu a Wɔko Tia Wɔn Ho Wɔ Awiei Bere No Mu

Nkɔmhyɛ a ɛfa “atifi fam hene no” ne “anafo ham hene no” ho no, ɛne nkɔmhyɛ afoforo ba mu wɔ bere koro mu. Sɛn na saa nkɔmhyɛ ahorow yi ma yehu sɛ ɛrenkyɛ wiase yi bɛkɔ n’awiei?

Hena Ne “Atifi Fam Hene No” Nnɛ?

Adesua asɛm 20: July 13-19, 2020. Hena ne “atifi fam hene no” nnɛ, na sɛn na wɔbɛsɛe no? Sɛ yenya saa asɛmmisa yi ho mmuae a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den na ɛbɛboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho ama sɔhwɛ a ɛrenkyɛ yebehyia no.

W’ani Sɔ Nneɛma a Onyankopɔn De Akyɛ Yɛn No Anaa?

Adesua asɛm 21: July 20-26, 2020. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛakyerɛ nneɛma a Yehowa de akyɛ yɛn no bi ho anisɔ. Afei nso, ɛbɛboa yɛn ama yɛne nkurɔfo a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no asusuw nsɛm ho.

Kyerɛ Akyɛde Ahorow a Yenhu No Ho Anisɔ

Adesua asɛm 22: July 27–August 2, 2020. Adesua a edi wei anim no, yesusuw akyɛde ahorow bi a Onyankopɔn de ama yɛn a yetumi hu no ho. Adesua yi mu no, yɛbɛka akyɛde ahorow bi a yenhu ne sɛnea yɛbɛkyerɛ ho anisɔ ho asɛm. Afei nso, ɛbɛma yɛanya anisɔ kɛse ama Yehowa Nyankopɔn a ɔde saa akyɛde yi nyinaa ama yɛn no.