Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahemfo Mmienu a Wɔko Tia Wɔn Ho Wɔ Awiei Bere No Mu

Ahemfo Mmienu a Wɔko Tia Wɔn Ho Wɔ Awiei Bere No Mu

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ nsɛm a wɔahyehyɛ yi mu no, emu bi fa nsɛm a ebesisi wɔ bere koro mu ho. Ne nyinaa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte “awiei bere no” mu.​—Dan. 12:4.

  • Kyerɛwnsɛm Adi. 11:7; 12:13, 17; 13:1-8, 12

    Nkɔmhyɛ “Akekaboa” no adi nnipa so wɔ asase so mfe mpempem. Awiei bere no mu no, wotwaa aboa no ti a ɛto so nson no ma opirae. Akyiri yi, wɔsaa aboa no ti a ɛto so nson no yare maa ne kuru no wui, na “asase nyinaa” dii aboa no akyi. Satan nam saa aboa no so ne ‘ɔbea no asefo a aka no reko.’

    Ne mmamu Nsuyiri no akyi no, nnipa aban sɔre tiaa Yehowa. Mfe pii akyi, Wiase Ko I no mu no, wɔbrɛɛ Britain Ahemman no ase koraa. Bere a United States de ne ho kɔbɔɔ Britain no, Britain san gyinaa ne nan so. Nna a edi akyiri yi mu paa na Satan nam aban ahorow a ɛwɔ asase so redi Onyankopɔn nkurɔfo ani.

  • Kyerɛwnsɛm Dan. 11:25-45

    Nkɔmhyɛ Atifi fam hene no ne anafo fam hene no ko tia wɔn ho wɔ awiei bere no mu.

    Ne mmamu Germany ko tiaa Britain ne Amerika. Afe 1945 no, Soviet Union ne aman a wɔtaa n’akyi na wɔbɛyɛɛ atifi fam hene. Afe 1991 no, Soviet Union no gui, na bere rekɔ so no, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no na wɔabɛyɛ atifi fam hene.

  • Kyerɛwnsɛm Yes. 61:1; Mal. 3:1; Luka 4:18

    Nkɔmhyɛ Yehowa somaa ne “bɔfo” ma ‘osiesiee kwan mu’ ansa na wɔde Mesia Ahenni no resi hɔ. Saa kuw yi fii ase ‘kaa asɛmpa kyerɛɛ ahobrɛasefo.’

    Ne mmamu Efi 1871 no, C. T. Russell ne ne mfɛfo yeree wɔn ho suaa Bible no, na wohuu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa. Afe 1881 no, wosii so dua sɛ, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ka asɛmpa no. Wotintim nsɛm te sɛ “Yehia Asɛmpakafo 1,000” ne “Wɔasra Wɔn sɛ Wɔnka Asɛm No.”

  • Kyerɛwnsɛm Mat. 13:24-30, 36-43

    Nkɔmhyɛ Ɔtamfo bi beduaa nwura bɔne wɔ awi no mu, na wɔma enyinii araa ma na wunhu awi no. Eduu twabere no, woyiyii nwura bɔne no fii awi no mu.

    Ne mmamu Efi 1870 no, wofii ase huu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo ne wɔn a wɔyɛ atoro Kristofo. Awiei bere no mu no, wɔaboaboa nokware Kristofo ano aba Kristofo asafo no mu, na wɔatew wɔn afi atoro Kristofo ho.

  • Kyerɛwnsɛm Dan. 2:31-33, 41-43

    Nkɔmhyɛ Ohoni a ne nan ase fã bi yɛ dade na ɔfã bi yɛ dɔte no, wɔde nnade ahorow na ayɛ.

    Ne mmamu Dɔte no gyina hɔ ma nnipa a Britain ne Amerika aban no di wɔn so a wɔsɔre tia saa aban no. Saa nkurɔfo yi nti, Britain ne Amerika aban no ntumi nni tumi sɛnea wɔpɛ.

  • Kyerɛwnsɛm Mat. 13:30; 24:14, 45; 28:19, 20

    Nkɔmhyɛ Wɔboaboa “awi no” ano gu ‘asan’ so, na wɔde “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no si ‘asomfo’ no so. Wofii ase kaa “ahenni ho asɛmpa” no “wɔ asase so nyinaa.”

    Ne mmamu Afe 1919 no, wɔpaw akoa nokwafo no sɛ ɔnhwɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Efi saa bere no, Bible Asuafo no ayere wɔn ho aka asɛm no. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo reka asɛm no wɔ nsase bɛboro 200 so, na wɔyɛ Bible ho nhoma wɔ kasa bɛboro 1,000 mu.

  • Kyerɛwnsɛm Dan. 12:11; Adi. 13:11, 14, 15

    Nkɔmhyɛ Aboa a ɔwɔ mmɛn mmienu no di anim ma wɔyɛ ‘ohoni ma aboa’ a ɔwɔ ti nson no, na ɔde ‘ahome ma aboa no honi no.’

    Ne mmamu Britain ne Amerika na wodii anim ma wɔyɛɛ Amanaman Apam no. Aman afoforo nso taa wɔn akyi. Ewiee ase no, atifi fam hene no nso kɔtaa Amanaman Apam no akyi, nanso ɔyɛɛ saa fi afe 1926 kosi afe 1933 pɛ. Asomdwoe a Onyankopɔn Ahenni no nkutoo na ebetumi de aba no, na wosusuw sɛ Amanaman Apam no betumi de aba, na saa ara na ɛnnɛ nso nkurɔfo susuw sɛ Amanaman Nkabom (UN) no betumi de asomdwoe aba.

  • Kyerɛwnsɛm Dan. 8:23, 24

    Nkɔmhyɛ Ɔhene tirimɔdenfo bi ‘sɛe ade ma ɛyɛ nwonwa.’

    Ne mmamu Britain ne Amerika akunkum nnipa pii na wɔasɛe ade paa. Nhwɛso bi ni. Bere a Wiase Ko II no rekɔ so no, Amerika tow atɔmik bɔmb mmienu guu ɔman bi a ɛyɛ Britain ne Amerika tamfo so. Sɛnea bɔmb yi sɛee ade no, na ebi nsii da.

  • Kyerɛwnsɛm Dan. 11:31; Adi. 17:3, 7-11

    Nkɔmhyɛ “Akekaboa kɔkɔɔ” a ɔwɔ mmɛn du no fi amena donkudonku no mu pue, na ɔno ne ɔhene a ɔto so nwɔtwe. Daniel kaa ɔhene yi ho asɛm sɛ ɔyɛ “akyide a ɛbɔ ɔman.”

    Ne mmamu Bere a Wiase Ko II no rekɔ so no, na Amanaman Apam no nyɛ adwuma. Ɔko no baa awiei no, wɔde Amanaman Nkabom no ‘sii hɔ.’ Anuonyam a ɛsɛ sɛ wɔde ma Onyankopɔn Ahenni no, wɔde maa Amanaman Apam no, na saa ara nso na ɛnnɛ wɔde saa anuonyam no ma Amanaman Nkabom no. Amanaman Nkabom no bɛtow ahyɛ ɔsom ahorow so.

  • Kyerɛwnsɛm 1 Tes. 5:3; Adi. 17:16

    Nkɔmhyɛ Amanaman no bɛpae mu aka “asomdwoe ne dwoodwoo,” na “mmɛn du” no ne “aboa” no bɛtow ahyɛ “aguaman” no so asɛe no. Ɛno akyi no, wɔbɛsɛe amanaman no.

    Ne mmamu Ebia amanaman no bɛka sɛ wɔama asomdwoe ne dwoodwoo aba wiase. Afei, aman a wɔtaa amanaman nkabom no akyi no bɛsɛe atoro som. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase. Sɛ Yesu sɛe Satan wiase no fã a aka wɔ Harmagedon a, ɛnna ahohiahia kɛse no bɛba awiei.

  • Kyerɛwnsɛm Hes. 38:11, 14-17; Mat. 24:31

    Nkɔmhyɛ Gog bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Afei, abɔfo bɛboaboa wɔn a “wapaw wɔn no” ano.

    Ne mmamu Atifi fam hene ne aban ahorow a aka no bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Sɛ wɔtow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, emu hɔ baabi no, wɔbɛboaboa wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo ano akɔ soro.

  • Kyerɛwnsɛm Hes. 38:18-23; Dan. 2:34, 35, 44, 45; Adi. 6:2; 16:14, 16; 17:14; 19:20

    Nkɔmhyɛ ‘Nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa bi so no’ bɛsɛe Gog ne n’asraafodɔm de awie “ne nkonimdi” koraa. Wɔbɛtow “aboa no” ato “ogya tare” no mu, na ɔbo bi bebubu ohoni kokuroo no pasaa.

    Ne mmamu Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no begye Onyankopɔn nkurɔfo. Ɔne 144,000 a wɔne no bedi ade no ne n’abɔfo asafodɔm no bɛsɛe amanaman a wɔaka wɔn ho abom no, kyerɛ sɛ, wɔbɛsɛe Satan amammui nhyehyɛe no nyinaa.