Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 19

“Atifi Fam Hene No” Wɔ Awiei Bere No Mu

“Atifi Fam Hene No” Wɔ Awiei Bere No Mu

“Awiei bere no mu no, anafo fam hene no ne [atifi fam hene] no bedi apiapia.”​—DAN. 11:40.

DWOM 150 Hwehwɛ Nyankopɔn na Nya Nkwa

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Bible nkɔmhyɛ boa yɛn ma yehu?

DƐN na Yehowa nkurɔfo hwɛ kwan sɛ ebesi nnansa yi ara? Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka biribiara, efisɛ Bible nkɔmhyɛ ma yehu sɛ nsɛm akɛse akɛse besisi, na ɛbɛka yɛn nyinaa. Nkɔmhyɛ bi ma yehu nea aban ahorow a wɔwɔ tumi paa wɔ asase so no bi bɛyɛ. Saa nkɔmhyɛ no wɔ Daniel ti 11. Ɛka ahemfo mmienu bi a wɔko tia wɔn ho ho asɛm; saa ahemfo yi ne atifi fam hene no ne anaafo fam hene no. Saa nkɔmhyɛ no fã kɛse no ara aba mu dedaw, enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ nea aka no nso bɛbam ɔkwan biara so.

2. Sɛnea Genesis 3:15 ne Adiyisɛm 11:7 ne 12:17 kyerɛ no, sɛ yɛresua Daniel nkɔmhyɛ no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwene mu?

2 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 11 no ase a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ, atumfoɔ ne aban ahorow a wodii tumi wɔ aman a Onyankopɔn nkurɔfo dɔɔso wɔ hɔ so anaa wɔtan wɔn ani nkutoo na saa ti no ka wɔn ho asɛm. Ɛwom, sɛ yɛde Onyankopɔn asomfo toto nnipa dodow a wɔwɔ wiase mu ho a, wɔnnɔɔso koraa, nanso mpɛn pii no aban ahorow tan wɔn ani. Adɛn ntia? Efisɛ ade titiriw a Satan ne ne wiase no pɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ wɔbɛtɔre Yehowa asomfo anaa Yesu asuafo ase. (Kenkan Genesis 3:15 ne Adiyisɛm 11:7; 12:17.) Afei nso, nkɔm a Daniel hyɛe no, ɛsɛ sɛ ɛne nkɔmhyɛ afoforo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no hyia. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yebetumi ate Daniel nkɔmhyɛ no ase yiye a, gye sɛ yɛde toto kyerɛwnsɛm afoforo ho.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu?

3 Enti adesua yi mu no, yebesusuw Daniel 11:25-39 ho. Yebehu nea na ɔyɛ atifi fam hene ne nea na ɔyɛ anafo fam hene fi afe 1870 kosi afe 1991. Afei nso, yebehu nea enti a ehia sɛ yɛsan susuw nkɔmhyɛ yi fã bi ho, na yenya ntease a edi mũ. Adesua a edi hɔ no, yebesusuw Daniel 11:40–12:1 ho, na nea nkɔmhyɛ yi ma yehu fa nea ɛbɛkɔ so fi afe 1991 kosi bere a Harmagedon ko no bɛba no, yɛbɛhwɛ ntease foforo a yɛanya wɔ ho. Sɛ woresua adesua nsɛm mmienu yi na wohwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ a wɔato din “Ahemfo Mmienu a Wɔko Tia Wɔn Ho Wɔ Awiei Bere No Mu” a, ɛbɛboa wo. Nanso, ɛsɛ sɛ yedi kan hu ahemfo mmienu a nkɔmhyɛ no ka wɔn ho asɛm no.

YƐBƐYƐ DƐN AHU NEA ƆYƐ ATIFI FAM HENE NE NEA ƆYƐ ANAFO FAM HENE?

4. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea ɔyɛ atifi fam hene ne nea ɔyɛ anafo fam hene a, nneɛma mmiɛnsa bɛn na ɛbɛboa yɛn?

4 Israelfo bere so no, na wɔfrɛ atumfoɔ a wodi ade wɔ mmeae a ɛwɔ Israel man no atifi no “atifi fam hene.” Afei nso, na wɔfrɛ atumfoɔ a wodi ade wɔ mmeae a ɛwɔ Israel man no anafo no “anafo fam hene.” Adɛn nti na yɛreka saa? Ɔbɔfo a ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ Daniel no kaa sɛ: “Maba sɛ merebɛma woahu nea ɛbɛto wo man wɔ nna a edi akyiri no mu.” (Dan. 10:14) Ansa na Pentekoste afe 33 Y.B. no, na Israel man no yɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Nanso efi Pentekoste afe 33 Y.B. no, Yehowa ma ɛdaa adi sɛ Yesu asuafo anokwafo na wɔyɛ ne nkurɔfo. Enti nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 11 no fã kɛse no ara fa Kristo akyidifo ho na ɛnyɛ Israel man no. (Aso. 2:1-4; Rom. 9:6-8; Gal. 6:15, 16) Afei nso bere rekɔ so no, na nea ɔyɛ atifi fam hene ne nea ɔyɛ anafo fam hene no sesasesa. Nanso sɛnea na wɔyɛ wɔn ade no de, na ɛnsesa. Nea edi kan, ahemfo no dii tumi wɔ aman a Onyankopɔn nkurɔfo dɔɔso wɔ hɔ so anaa wɔtan wɔn ani. Nea ɛto so mmienu, nea wɔde yɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo kyerɛe sɛ na wɔtan nokware Nyankopɔn Yehowa. Nea ɛto so mmiɛnsa, na ahemfo mmienu no mu biara pɛ sɛ onya tumi sen ne yɔnko.

5. Efi afe 100 kosi afe 1870 mu hɔ no, na atifi fam hene ne anafo fam hene bi wɔ hɔ anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

5 Afe 100 akyi hɔ baabi no, atoro Kristofo bewurawuraa nokware Kristofo asafo no mu. Wɔkyerɛkyerɛɛ atoro nkyerɛkyerɛ, na na wɔmpɛ sɛ nkurɔfo hu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Efi saa bere no kosi afe 1870 mu hɔ no, na nnipakuw pɔtee biara nni hɔ a wohu wɔn sɛ Onyankopɔn asomfo wɔ asase so. Atoro Kristofo yɛɛ bebree te sɛ nwura, enti na ɛyɛ den sɛ obi behu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo. (Mat. 13:36-43) Adɛn nti na ɛho hia sɛ yehu saa asɛm yi? Efisɛ ɛbɛma yɛahu sɛ nea yɛkenkan fa atifi fam hene ne anafo fam hene ho no, ɛrentumi nyɛ ahemfo a wodii ade fi afe 100 kosi afe 1870 mu hɔ anaa aban ahorow a na ɛwɔ hɔ saa bere no. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, na nnipakuw pɔtee biara nni hɔ a wohu wɔn sɛ Onyankopɔn asomfo a na saa ahemfo yi betu wɔn ani asi wɔn so atan wɔn. * Nanso, afe 1870 akyi bere tiaa bi no, afei de na wobetumi ahu nea ɔyɛ atifi fam hene ne nea ɔyɛ anafo fam hene. Yɛyɛ dɛn hu saa?

6. Bere bɛn na wɔsan hyehyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ kuw? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Efi afe 1870 reba no, Onyankopɔn nkurɔfo fii ase som no sɛ kuw. Ɛyɛ saa afe no mu na Charles T. Russell ne ne mfɛfo tew kuw bi a wobom sua Bible. Onua Russell ne ne mfɛfo no na na wogyina hɔ ma ɔbɔfo a Bible hyɛɛ ne ho nkɔm a ‘osiesiee kwan mu’ ansa na wɔde Mesia Ahenni no resi hɔ. (Mal. 3:1) Afei de, na nnipakuw pɔtee bi wɔ hɔ a wɔresom Yehowa! Saa bere no, na atumfoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛtan Onyankopɔn asomfo ani anaa? Momma yɛnhwɛ nsɛm a edidi so yi.

HENA NE ANAFO FAM HENE NO?

7. Wiase Ko I no rekɔ so nyinaa no, hena na na ɔyɛ anafo fam hene?

7 Eduu afe 1870 no, na Britain di aman pii so sen ɔman foforo biara, na na wɔwɔ asraafo a wɔyɛ den sen asraafo biara wɔ asase so. Daniel nkɔmhyɛ no ka abɛn ketewa bi a ebubuu mmɛn mmiɛnsa bi ho asɛm. Abɛn ketewa no gyina hɔ ma Britain, ɛnna mmɛn mmiɛnsa no gyina hɔ ma France, Spain, ne Netherlands. (Dan. 7:7, 8) Enti bere a Wiase Ko I no rekɔ so nyinaa no, na Britain na ɔyɛ anafo fam hene. Saa bere no ara mu no, na United States of America na ɛyɛ ɔman a ɛwɔ sika paa, na na wafi ase de ne ho rebɔ Britain.

8. Nna a edi akyiri no mu nyinaa, hena na ɔyɛ anafo fam hene no?

8 Wiase Ko I no mu no, United States ne Britain asraafo ka boom kɔɔ ɔko no, na ɛma wɔbɛyɛɛ den paa. Saa bere no, Britain ne United States bɛyɛɛ ayɔnkofo, na wiase nyinaa wɔn na na wɔyɛ aman a wɔyɛ den paa. Sɛnea Daniel hyɛɛ nkɔm no, na saa ɔhene yi anya “asraafodɔm kɛse a wɔyɛ den boro so.” (Dan. 11:25) Nna a edi akyiri yi mu nyinaa no, Britain ne United States na wɔyɛ anafo fam hene no. * Nanso, hena na ɔyɛ atifi fam hene no?

ATIFI FAM HENE BI YII NE TI

9. Bere bɛn na atifi fam hene bi yii ne ti, na sɛn na Daniel 11:25 baa mu?

9 Afe 1871 no, na Onua Russell ne ne mfɛfo abom asua Bible no afe baako. Saa afe no ara mu na atifi fam hene bi yii ne ti. Saa bere no, Otto von Bismarck kaa nsase ahorow bi boom ma wɔbɛyɛɛ ɔman baako a wɔfrɛ no Germany. Ná saa ɔman no wɔ tumi paa. Prussia hene Wilhelm I na odii kan yɛɛ Ɔhempɔn wɔ Germany, na oyii Bismarck sɛ Germany mampanyin a odi kan. * Mfe bi akyi no, aman bi a ɛwɔ Pacific Po no so no, Germany fii ase dii wɔn so. Afei nso, edii aman bi a ɛwɔ Afrika so, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobenya tumi asen Britain. (Kenkan Daniel 11:25.) Saa bere no, sɛ yɛreka asraafo a na wɔyɛ den a, wuyi Britain asraafo a, na Germany asraafo na edi hɔ. Wiase ko a edi kan no mu no, Germany maa n’asraafo no ko tiaa wɔn atamfo.

10. Sɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 11:25b, 26 no baa mu?

10 Afei, Daniel kaa nea ɛbɛto Germany Ahemman no ne n’asraafodɔm. Nkɔmhyɛ no kaa sɛ atifi fam hene no ‘rentumi nnyina.’ Adɛn ntia? “Efisɛ wɔbɛbɔ ne ho pɔw bɔne. Wɔn a wɔne no to nsa didi na wɔbɛsɛe no.” (Dan. 11:25b, 26a) Daniel bere so no, na ahemfie mpanyimfo a ‘wogyina ɔhene anim’ no ka wɔn a wodi “ɔhene nnuan” no ho. (Dan. 1:5) Henanom na saa nkɔmhyɛ yi fa wɔn ho? Germany aban mpanyimfo, ɔhempɔn no asahene, ne n’asraafo mpanyimfo no na saa nkɔmhyɛ yi fa wɔn ho. Esiane nea saa nkurɔfo yi yɛe nti, tumi a ɔhene no wɔ no fii ne nsa na aban foforo bedii Germany man no so. * Ɛnyɛ nea ɛbɛto ahemman no nko na nkɔmhyɛ no kae, na mmom ɛsan kaa nea ebefi ɔko a Germany ne anafo fam hene no bɛko no mu aba ho asɛm. Nkɔmhyɛ no kaa atifi fam hene no ho asɛm sɛ: “N’asraafodɔm nso, wobeyiri afa wɔn so, na nnipa pii bɛtotɔ.” (Dan. 11:26b) Sɛnea nkɔmhyɛ no kae no, wiase ko a edi kan no mu no, ‘woyiri faa’ anaa wɔpraa German asraafo no, na nnipa pii ‘totɔe.’ Besi saa bere no, na nnipa nwui wɔ ɔko mu saa da.

11. Dɛn na atifi fam hene ne anafo fam hene no yɛe?

11 Bere a Daniel 11:27, 28 reka nsɛm a esisii ansa na Wiase Ko I no refi ase no, ɛkaa sɛ atifi fam hene ne anafo fam hene no ‘bɛtena ɔpon biako ho akeka atosɛm.’ Ɛsan kaa sɛ atifi fam hene no bɛboaboa “nneɛma pii” ano. Saa pɛpɛɛpɛ na esii. Germany ne Britain keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ wɔpɛ asomdwoe, nanso afe 1914 bere a ɔko no fii ase no, ɛdaa adi sɛ nsɛm a wɔkae no nyinaa yɛ atoro. Eduu afe 1914 no, sɛ yɛreka aman a wɔwɔ sika paa a, na Germany na ɛto so mmienu. Afei, Germany ne anafo fam hene no koe, nanso odii nkogu. Wei maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 11:29 ne nkyekyɛm 30 no fã a edi kan no baa mu.

AHEMFO NO KO TIA ONYANKOPƆN NKURƆFO

12. Wiase ko a edi kan no mu no, dɛn na atifi fam hene ne anafo fam hene no yɛe?

12 Efi afe 1914 reba no, ahemfo mmienu no ne wɔn ho ako paa, na wɔako atia Onyankopɔn nkurɔfo nso. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wiase ko a edi kan no mu no, esiane sɛ Onyankopɔn asomfo ankɔ ɔko no bi nti, Germany aban ne Britain aban tuu wɔn ani sii wɔn so tan wɔn ani. Afei nso, U.S. aban no de anuanom a na wodi asɛnka adwuma no anim no guu afiase. Ɔtaa a wɔde baa Onyankopɔn nkurɔfo so no maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 11:7-10 no baa mu.

13. Afe 1930 akyi ne bere a wiase ko a ɛto so mmienu no rekɔ so no, dɛn na atifi fam hene no yɛe?

13 Afei, afe 1930 akyi no, atifi fam hene no tow hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a wanhu wɔn mmɔbɔ. Wiase ko a ɛto so mmienu no rekɔ so no na otuu n’ani sii wɔn so paa. Bere a Nasi aban no bedii Germany so no, Hitler ne n’akyidifo de wɔn nsa too adwuma a na Onyankopɔn nkurɔfo reyɛ no so. Atifi fam hene no kum Yehowa asomfo bɛyɛ 1,500, na ɔde wɔn mu mpempem koguu nneduaban mu. Daniel hyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa ho nkɔm. Atifi fam hene no de ne nsa too asɛnka adwuma no so. Nea ɔyɛe no ma ‘oguu kronkronbea no ho fĩ, na oyii daa afɔre no fii hɔ.’ (Dan. 11:30b, 31a) Hitler a na ɔyɛ ne kannifo no hyɛɛ bɔ mpo sɛ ɔbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase wɔ Germany.

ATIFI FAM HENE FOFORO YII NE TI

14. Atifi fam hene foforo bɛn na oyii ne ti wɔ wiase ko a ɛto so mmienu no akyi? Kyerɛkyerɛ mu.

14 Wiase ko a ɛto so mmienu no akyi no, Komunis aban a ɛwɔ Soviet Union no bedii aman a na ɛhyɛ Germany ase no so, na wei maa Soviet Union no bɛyɛɛ atifi hene. Sɛnea na Nasi aban no yɛ kankabi no, saa ara na na Soviet Union aban no nso te. Obiara a ɔmaa nokware Nyankopɔn som ho hiaa no sen osetie a ɔbɛyɛ ama aban no, wotuu wɔn ani sii ne so tan no.

15. Bere a Wiase Ko II no baa awiei no, dɛn na atifi fam hene no yɛe?

15 Wiase Ko II no baa awiei no, Soviet Union ne aman a wɔtaa n’akyi no na wɔbɛyɛɛ atifi fam hene. Ɔko no akyi pɛɛ no, ɔtow hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Sɛnea Adiyisɛm 12:15-17 kae no, ɔhene yi de ne nsa too asɛnka adwuma no so, na otwaa Yehowa nkurɔfo mpempem asu. Nna a edi akyiri yi mu nyinaa, atifi fam hene no de ɔtaa aba Onyankopɔn nkurɔfo so te sɛ nea “asubɔnten” mu nsu resen no. Nanso ontumi mmaa Onyankopɔn nkurɔfo nnyae wɔn adwuma no. *

16. Dɛn na Soviet Union no yɛe a ɛmaa asɛm a ɛwɔ Daniel 11:37-39 no baa mu?

16 Kenkan Daniel 11:37-39. Saa nkɔmhyɛ yi baa mu. Atifi fam hene no ‘ammu ne papanom Nyankopɔn no.’ Dɛn na ɔyɛe? Ná Soviet Union no pɛ sɛ otu nyamesom ase, enti ɔyɛe sɛ obegye ɔsom ahorow a ɛwɔ hɔ nyinaa tumi afi wɔn nsam. Nea ɛbɛyɛ na Soviet aban no atumi ayɛ saa no, afe 1918 mu tɔnn na ɔhyɛɛ mmara a ɛbɛma wɔakyerɛkyerɛ wɔ sukuu ahorow mu sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. Sɛn na saa atifi fam hene yi ‘hyɛɛ guankɔbea nyame no anuonyam’? Nea ɛbɛyɛ na Soviet Union no anya tumi kɛse no, ɔsɛee sika pii de tetee n’asraafo na ɔyɛɛ nuklea akode mpempem pii nso. Ewiee ase no, na atifi fam hene no ne anafo fam hene no anya akode bebree a wobetumi de akunkum nnipa ɔpepepem pii!

AHEMFO MMIENU NO BOOM YƐƐ ADWUMA

17. Dɛn ne “akyide a ɛbɔ ɔman” no?

17 Atifi fam hene no aboa anafo fam hene no ama wɔayɛ ade baako bi a ɛho hia wɔn paa; ‘wɔde akyide a ɛbɔ ɔman no asi hɔ.’ (Dan. 11:31) Saa “akyide” no ne Amanaman Nkabom no.

18. Adɛn nti na wɔka Amanaman Nkabom no ho asɛm sɛ ɛyɛ “akyide”?

18 Nea enti a wɔka Amanaman Nkabom no ho asɛm sɛ ɛyɛ “akyide” ne sɛ, ɛka sɛ ebetumi ama asomdwoe aba wiase baabiara, nanso Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ebetumi ayɛ saa. Nkɔmhyɛ no san ka akyide no ho asɛm sɛ “ɛbɔ ɔman.” Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ wɔresɛe atoro som a, Amanaman Nkabom no na ebedi mu akoten.—Hwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ a asɛmti ne “Ahemfo Mmienu a Wɔko Tia Wɔn Ho Wɔ Awiei Bere No Mu.

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YEHU SAA ABAKƆSƐM YI?

19-20. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu saa abakɔsɛm yi? (b) Asɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Ɛho hia sɛ yehu saa abakɔsɛm yi efisɛ ɛma yehu sɛ efi afe 1870 kosi afe 1991 no, Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa atifi fam hene ne anafo fam hene ho no baa mu. Ɛno nti yebetumi anya awerɛhyem sɛ, nkɔmhyɛ no fã a aka no nso bɛbam.

20 Afe 1991 no, Soviet Union no gui. Ɛnde ɛnnɛ, hena ne atifi fam hene no? Adesua a edi hɔ no bɛma yɛanya asɛmmisa yi ho mmuae.

DWOM 128 Gyina Mu Kosi Awiei

^ nky. 5 Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa “atifi fam hene no” ne “anafo fam hene no” ho no, yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ egu so renya mmamu. Adɛn nti na yetumi si no pi saa? Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛte saa nkɔmhyɛ yi ase?

^ nky. 5 Nea yɛaka yi nti, sɛ yɛhwɛ a, asɛm a yɛkae sɛ na Roma Ɔhempɔn Aurelian (270-275 Y.B.) yɛ “atifi fam hene,” na Ɔhemmaa Zenobia (267-272 Y.B.) yɛ “anafo fam hene” no, ɛnyɛ ne kwan so. Asɛm a yɛaka wɔ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! nhoma no ti 13 ne ti 14 mu no, yɛde wei resi ananmu.

^ nky. 8 Hwɛ adaka a wɔato din “Bible Hyɛɛ Britain Ne Amerika Wiase Tumidi No Ho Nkɔm.”

^ nky. 9 Afe 1890 no, Germany ɔhempɔn Wilhelm II tuu Bismarck ade so.

^ nky. 10 Wɔyɛɛ nneɛma bi ma tumi a aban no wɔ no fii ne nsa ntɛm. Ebi ne sɛ, nneɛma a na wɔyɛ de boa ɔhene no wogyaee, wɔde ɔko no ho nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔbɔ no dawuru too gua, na wɔhyɛɛ ɔhene no ma ɔsɔree akongua no so.

^ nky. 15 Sɛnea Daniel 11:34 kyerɛ no, Kristofo a na atifi fam hene no atu n’ani asi wɔn so no ho dwoo wɔn kakra. Ɛho nhwɛso ne bere a Soviet Union no gui wɔ afe 1991 mu no.