Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Odwo—Ɛboa Yɛn Sɛn?

Odwo—Ɛboa Yɛn Sɛn?

Sara * ka sɛ, “Meyɛ obi a mefɛre ade na minnye me ho nni papa. Enti sɛ mihyia nkurɔfo a wɔn ani so yɛ hyew a, m’ani nnye. Nanso, sɛ mihyia obi a odwo na ɔbrɛ ne ho ase a, ɛma me koma tɔ me yam. Sɛ obi te saa a, mitumi ka me komam asɛm ne nea ɛhaw me nyinaa kyerɛ no. Me nnamfo a wɔbɛn me paa no, saa na wɔte.”

Asɛm a Sara kae no ma yehu sɛ, sɛ yedwo a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ afoforo bɛbɛn yɛn. Yehowa nso ani gye wɔn a wodwo ho. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: ‘Monhyɛ odwo.’ (Kol. 3:12) Dɛn ne odwo? Dɛn na Yesu yɛe a na ɛkyerɛ sɛ odwo? Yedwo a, sɛn na ebetumi ama yɛn ani agye?

DƐN NE ODWO?

Sɛ obi pɛ asomdwoe a, ɛkyerɛ sɛ odwo. Obi a odwo yɛ afoforo brɛbrɛ na ɔne wɔn di no yiye, na sɛ nneɛma hyɛ no abufuw mpo a, ɔhyɛ ne ho so na ɔnyɛ basabasa.

Sɛ obi dwo a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw. Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “odwo” no, ɛsan nso kyerɛ ɔpɔnkɔ a n’ani so yɛ krakra a wɔadwudwo no. Ɛwom sɛ wodwudwo ɔpɔnkɔ no a, n’ahoɔden so ntew de, nanso esiane sɛ wɔato wɔn bo ase atete no nti, ɔnyɛ gidigidi. Yɛn nso, sɛ yedwo a, yɛbɛhyɛ yɛn ho so, na yɛne afoforo bɛtena asomdwoe mu.

Ebia wobɛka sɛ, ‘Menyɛ obi a odwo.’ Wiase a yɛte mu yi, nnipa pii nni abotare na wɔn ani so yɛ hyew, enti ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛda odwo adi. (Rom. 7:19) Wei ma yehu sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛda odwo adi, nanso sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda saa suban no adi a, Yehowa honhom kronkron bɛboa yɛn. (Gal. 5:22, 23) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho da odwo adi?

Sɛ yedwo a, ɛma nkurɔfo bɛn yɛn. Sɛnea Sara a yɛadi kan aka n’asɛm kae no, yɛn ani gye ho sɛ yɛne obi a odwo bɛbɔ. Sɛ yɛreka obi a odwo paa na ne yam ye a, onipa biara nto Yesu. (2 Kor. 10:1) Mmofra mpo a na wonnim Yesu no, na wɔpɛ sɛ wɔbɛn no.​—Mar. 10:13-16.

Sɛ yedwo a, ɛboa yɛn na ɛboa afoforo nso. Sɛ yedwo a, yɛn bo mfuw ntɛmntɛm. (Mmeb. 16:32) Ɛba saa a yɛrenyɛ biribi a ɛbɛhaw afoforo, ɛnkanka yɛn adɔfo, na amma yɛn ahonim anhaw yɛn. Afei nso, sɛ yedwo a, ɛbɛboa afoforo efisɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so na yɛrenyɛ biribi a ɛbɛma wɔahu amane.

ONIPA A ODWO SEN OBIARA

Ɛmfa ho sɛ na Yesu nni adagyew na asɛyɛde pii gu ne so no, na odwo ma nnipa nyinaa. Yesu bere so no, na nnipa pii rehu amane na na wɔde nnesoa asoa wɔn, enti na wohia obi a ɔbɛma wɔn ho adwo wɔn. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra me nkyɛn, . . . efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu.” Yebetumi aka sɛ saa asɛm yi kyekyee wɔn werɛ paa!​—Mat. 11:28, 29.

Sɛnea na Yesu dwo no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua no? Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm a, ɛma yehu sɛnea Yesu ne nkurɔfo dii ne nea ɔyɛe wɔ tebea a emu yɛ den mu. Yɛyɛ saa na sɛ yehyia tebea a ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛda odwo adi a, yɛbɛyere yɛn ho sɛ yebesuasua Yesu. (1 Pet. 2:21) Hwɛ nneɛma mmiɛnsa a ɛboaa Yesu ma ɔdaa odwo adi.

Ná Yesu brɛ ne ho ase ankasa. Yesu kaa sɛ ‘odwo, na ɔbrɛ ne ho ase koma mu.’ (Mat. 11:29) Bible nka odwo ho asɛm nnyaw ahobrɛase, efisɛ sɛ obi brɛ ne ho ase a ɛkyerɛ sɛ odwo. (Efe. 4:1-3) Adɛn nti na yɛreka saa?

Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛremma yemmu yɛn ho sɛ yɛn ho hia sen afoforo anaa yɛremma nea afoforo ka fa yɛn ho no nhaw yɛn pii. Bere a nkurɔfo kasa tiaa Yesu sɛ ɔyɛ “ɔbarima didifo ne ɔsanomfo” no, dɛn na ɔyɛe? Ɔde ne nneyɛe na ɛkyerɛe sɛ saa asɛm no nyɛ nokware, na esiane sɛ na odwo nti ɔkaa sɛ “nyansa nam ne nnwuma so di bem.”​—Mat. 11:19.

Sɛ obi kasa tia wo esiane sɛ woyɛ obibini anaa oburoni, ɔbea anaa ɔbarima, anaa sɛ ɔkasa tia abusua a wufi mu a, bɔ mmɔden da odwo adi. Peter yɛ asafo mu panyin wɔ South Africa. Ɔka sɛ: “Sɛ obi ka asɛm ma ɛhyɛ me abufuw a, ɛyɛ a mibisa me ho sɛ, ‘Ɛyɛ Yesu a, anka dɛn na ɔbɛyɛ?’” Peter san kaa sɛ: “Mahu sɛ, sɛ obi ka me ho asɛm a, ɛnsɛ sɛ mema ɛhaw me pii.”

Ná Yesu te nnipa mmerɛwyɛ ase. Ná Yesu asuafo no wɔ adwempa, nanso esiane sɛ na wɔtɔ sin nti na wontumi nyɛ nea ɛfata bere nyinaa. Ɛho nhwɛso bi ni. Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ Petro, Yakobo, ne Yohane sɛ wɔne no nwɛn, nanso wɔdedae. Yesu kaa biribi a na ɛkyerɛ sɛ ɔte wɔn ase. Ɔkaa sɛ: “Honhom no de, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛw.” (Mat. 26:40, 41) Esiane sɛ na Yesu te asomafo no ase nti, wamma ne bo amfuw wɔn.

Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Mandy. Bere bi a atwam no, nea obi bɛyɛ biara na ɛnsɔ n’ani. Nanso seesei ɔyere ne ho paa sɛ obesuasua odwo a Yesu daa no adi no. Ɔka sɛ, “Ɛyɛ a memma me werɛ mfi sɛ nnipa nyinaa tɔ sin, na mehwɛ suban pa a ɛwɔ afoforo ho sɛnea Yehowa yɛ no.” Sɛnea na Yesu te nnipa mmerɛwyɛ ase no, sɛ wusuasua a, wo nso ebetumi aboa wo ama wo ne afoforo adi no odwo so anaa?

Yesu gyaa biribiara hyɛɛ Onyankopɔn nsa. Yesu wɔ asase so no, afoforo ne no anni no yiye. Nkurɔfo ante no ase, wobuu no animtiaa, na wɔyɛɛ no ayayade nso. Ɛmfa ho nea wɔde yɛɛ no nyinaa no, ɔdaa odwo adi efisɛ ɔde “ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa.” (1 Pet. 2:23) Ná Yesu nim sɛ n’Agya bɛboa no ama wagyina mu, na bere a ɛsɛ mu no obebu wɔn a wɔne no anni no yiye no atɛn.

Sɛ obi ne yɛn anni no yiye na yɛma yɛn bo fuw a, ebetumi ama asɛm no asɛe koraa. Ɛno nti Kyerɛwsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Onipa abufuw nna Onyankopɔn trenee adi.” (Yak. 1:20) Sɛ ntease wom sɛ yɛn bo fuw mpo a, esiane sɛ yɛtɔ sin nti, anhwɛ a yɛbɛyɛ biribi a ɛmfata.

Yɛnhwɛ onuawa bi a ɔwɔ Germany a wɔfrɛ no Cathy. Kan no na osusuw sɛ, ‘Sɛ woamma w’ani anyɛ den a, obiara renko mma wo.’ Nanso bere a ohuu sɛnea ɔde ne ho bɛto Yehowa so no, ɛma ɔsesaa n’adwene. Ɔka sɛ: “Ɛnyɛ asɛm biara na ɛsɛ sɛ mehaw me ho di akyi. Mahu sɛ Yehowa besiesie biribiara a ɛnkɔ yiye wɔ wiase yi mu, enti ɛnhaw me sɛ mɛda odwo adi.” Sɛ bere bi a atwam no, nkurɔfo ne wo anni no yiye mpo a, suasua sɛnea Yesu de ne ho too Onyankopɔn so no, na ɛbɛboa wo ama woada odwo adi.

“ANIGYE NE WƆN A WODWO”

Sɛ yedwo a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛagyina ɔhaw ano?

Yesu kaa sɛ, sɛ yɛn ani begye a, ɛsɛ sɛ yedwo. Ɔde kaa ho sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo.” (Mat. 5:5) Momma yɛnhwɛ sɛnea odwo betumi aboa yɛn wɔ tebea ahorow yi mu.

Sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ aware mu a, odwo ma ano brɛ ase. Robert yɛ onua bi a ofi Australia. Ɔka sɛ: “Maka nsɛm a ɛyɛ yaw pii akyerɛ me yere nanso na ɛnyɛ m’adwene ne sɛ mɛyɛ saa. Sɛ wode abufuw ka asɛm bi wie a, worentumi ntwe nsan. Sɛ na mihu sɛ nsɛm a makeka no ahaw me yere a, na midi ho yaw paa.”

“Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii” wɔ yɛn kasa mu, na nsɛm a yɛka a yennwen ho nso betumi asɛe asomdwoe a ɛwɔ yɛn aware mu no. (Yak. 3:2) Mmere a ɛte saa mu no, sɛ yedwo a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahyɛ yɛn ho so na yɛahwɛ yɛn kasa yiye.​—Mmeb. 17:27.

Robert yɛɛ nea obetumi biara sɛ asɛm bi si a ɔmpere ne ho, na mmom ɔbɛhyɛ ne ho so. Dɛn na afi mu aba? Ɔka sɛ: “Nnansa yi, sɛ me ne me yere adwene nhyia wɔ biribi ho a, mebɔ mmɔden sɛ mɛto me bo ase atie no yiye na makasa bɔkɔɔ. Afei nso, memma me bo mfuw. Seesei, me ne me yere ntam ayɛ kama paa.”

Sɛ yedwo a, ɛboa ma yɛne afoforo tena asomdwoe mu. Wɔn a wɔn bo fuw ntɛmntɛm no, wɔntaa nnya nnamfo pii. Nanso sɛ yedwo a, ɛboa ma yɛde ‘asomdwoe tena ase honhom biakoyɛ mu.’ (Efe. 4:2, 3) Cathy a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ, “Ɛwom sɛ ebinom wɔ hɔ a ɛyɛ den sɛ me ne wɔn bɛbɔ de, nanso esiane sɛ mebɔ mmɔden sɛ mɛda odwo adi nti, obiara a mehyia no biara no mitumi ne no bɔ kama.”

Yedwo a ɛma yɛn asom dwo yɛn. Bible ka “nyansa a efi soro no” ho asɛm sɛ edwo na ɛpɛ asomdwoe. (Yak. 3:13, 17) Sɛ obi dwo a, ɔwɔ “koma a edwo.” (Mmeb. 14:30) Martin abɔ mmɔden sɛ ɔbɛda odwo adi. Ɔka sɛ: “Nnansa yi, ɛyɛ a migyae nsɛm mu na mete nkurɔfo ase kyɛn kan no. Wei nti, m’asom dwo me na m’ani gye nso.”

Nokwasɛm ne sɛ, ebia ɛho behia sɛ yɛyere yɛn ho paa na ama yɛatumi ada odwo adi. Onua baako ka sɛ, “Besi nnɛ nyinaa, ɛtɔ da a me bo tumi huru paa.” Nanso, sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛda odwo adi mpo a, Yehowa a ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnna odwo adi no bɛboa yɛn. (Yes. 41:10; 1 Tim. 6:11) Yehowa betumi ‘awie yɛn ntetee, ɔbɛma yɛn ase atim.’ (1 Pet. 5:10) Nkakrankakra, yebetumi ada “Kristo dwo ne n’ayamye” adi sɛnea ɔsomafo Paul yɛe no.​—2 Kor. 10:1.

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no bi.