Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 21

W’ani Sɔ Nneɛma a Onyankopɔn De Akyɛ Yɛn No Anaa?

W’ani Sɔ Nneɛma a Onyankopɔn De Akyɛ Yɛn No Anaa?

“Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn, O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwonwadwuma ne w’adwene.”​—DW. 40:5.

DWOM 5 Onyankopɔn Anwonwadwuma

NEA YƐREBESUA *

1-2. Sɛnea Dwom 40:5 kyerɛ no, nneɛma bɛn na Yehowa de akyɛ yɛn, na adɛn nti na yebesusuw ho?

YEHOWA yɛ Onyankopɔn a ne yam ye. Wo de, hwɛ nneɛma a ɔde akyɛ yɛn no bi: asase fɛfɛ a ɛda nsow a yɛte so yi; yɛn amemene a ɛyɛ nwonwa; ne n’Asɛm Bible a ɛsom bo no. Yehowa nam nneɛma mmiɛnsa a ɔde akyɛ yɛn yi so ama yɛanya baabi atena, wama yetumi susuw nneɛma ho na yɛne afoforo tumi di nkitaho, na wama yɛanya nsɛmmisa a ɛho hia paa no ho mmuae.—Kenkan Dwom 40:5.

2 Adesua yi mu no, yebesusuw nneɛma mmiɛnsa a Yehowa de akyɛ yɛn no ho kakra. Sɛ yedwinnwen saa akyɛde no ho a, ɛbɛma yɛakyerɛ ho anisɔ kɛse, na ɛbɛma yɛayere yɛn ho ayɛ nea ɛsɔ Yehowa yɛn Bɔfo a ɔdɔ yɛn no ani. (Adi. 4:11) Afei nso, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yebetumi aboa nkurɔfo a wɔadaadaa wɔn ama wɔagye adi sɛ ɛnyɛ obi na ɔbɔɔ ade no.

YƐN ASASE A YƐTE SO YI DA NSOW

3. Adɛn nti na asase no da nsow?

3 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn yɛɛ asase a yɛte so yi a, yehu sɛ ɔwɔ nyansa. (Rom. 1:20; Heb. 3:4) Ɛnyɛ asase a yɛte so yi nko ara na etwa owia no ho hyia, nanso nea enti a asase no da nsow ne sɛ biribiara a nnipa hia na ama wɔatumi atena nkwa mu no, yenya bi wɔ so.

4. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ po so hyɛn biara nni hɔ a yebetumi de atoto asase ho?

4 Yebetumi de asase atoto hyɛn bi a esi po so ho. Nanso nsonsonoe kɛse wɔ po so hyɛn a nnipa ahyɛ mu ma ne asase a yɛte so yi mu. Yɛmfa no sɛ nnipa te saa po so hyɛn no mu. Sɛ wɔn ara na ɛsɛ sɛ wɔyɛ mframa a wɔbɛhome, aduan a wobedi ne nsu a wɔbɛnom, na sɛ wonni baabi a wɔbɛtow fĩ a wɔyɛ no agu a, wohwɛ a bere tenten ahe na wobetumi atena nkwa mu? Anka ɛrenkyɛ koraa na nnipa a wɔte hyɛn no mu nyinaa awuwu. Nanso asase yi de, nnipa ne mmoa ɔpepepem pii tumi tena so. Mframa a yɛhome, aduan a yedi, ne nsu a yehia no, ne nyinaa bi wɔ asase yi so, na ɛnsa da. Nneɛma fĩ a yenhia bio no, ne nyinaa da so wɔ asase yi so; nanso asase no so yɛ fɛ na yetumi tena so ma ɛyɛ yiye. Dɛn na ɛma etumi yɛ yiye saa? Yehowa bɔɔ asase wɔ kwan bi so a nneɛma a yenhia bio no, etumi dannan no de yɛ biribi foforo ma ɛso ba yɛn mfaso. Yɛbɛhwɛ nea enti a mframa a yɛhome kɔ yɛn mu no nsa da wɔ asase so ne nea enti a nsu nso nsa da wɔ asase so. Wei bɛma yɛahu sɛ Yehowa wɔ nyansa paa.

5. Adɛn nti na mframa a yɛhome kɔ yɛn mu no nsa wɔ asase so, na dɛn na ɛno ma yehu?

5 Nnipa ne mmoa nyinaa home mframa kɔ wɔn mu na ama wɔatumi atena ase. Wobu akontaa sɛ afe biara mframa a nnipa ne mmoa home kɔ wɔn mu no nni ano. Bere koro no ara nnipa ne mmoa home mframa gu; wɔfrɛ saa mframa no carbon dioxide. Nanso nnipa ne mmoa nya mframa home kɔ wɔn mu daa, na mframa a yɛhome gu no nso, ennye asase mmɔ so. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa bɔɔ nnua akɛse ne nketewa, ne afifide nketenkete a egye mframa a yɛhome gu no, na nnua ne afifide yi nso ma yɛn mframa a yɛhome no. Sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛhome mframa gu ma nnua ne afifide gye na wɔn nso ma yɛn mframa a yɛhome no a, ɛma yehu sɛ asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 17:24, 25 no yɛ nokware. Ɛhɔ ka sɛ: “Onyankopɔn . . . na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome.”

6. Adɛn nti na nsu nsa wɔ asase so, na dɛn na ɛno ma yehu? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Nsu Yɛ Akyɛde a Efi Yehowa Hɔ.”)

6 Nea enti a nsu wɔ asase so ne sɛ, ɔkwan a ɛda asase ne owia ntam no yɛ nea ɛfata paa. Sɛ asase no bɛn owia no kakraa bi a, anka nsu a ɛwɔ so nyinaa behuru ma ayow, na asase so bɛyɛ hyew ara ma abɔde biara rentumi ntena so. Sɛ asase no kɔɔ akyiri kakra fii owia no ho a, anka nsu a ɛwɔ so nyinaa bɛkyen, na sukyerɛmma ne nsukyenee bɛkata asase no so. Esiane sɛ Yehowa de asase no sɛn baabi a ɛfata paa nti, abɔde a ɛwɔ asase so nya nsu bere nyinaa. Ɛpo ne nsu a ɛwɔ asase so nyinaa no, owia bɔ so ma ɛyɛ hyehyeehyew, na ɛma nsu no bi dan ntutuw. Ntutuw yi kɔ wim ma ɛdan omununkum. Afe biara, nsu a owia no ma ɛdan ntutuw no, ɛdɔɔso sen nsu a ɛwɔ atare a ɛwɔ asase so nyinaa mu. Ntutuw yi kɔ wim a, edi bɛyɛ nnafua du ansa na atɔ osu anaa sukyerɛmma agu asase so. Nsu yi san kogu po ne nsu a ɛwɔ asase so nyinaa mu; saa na nsu yi di akɔneaba. Yehowa ahyɛ da ayɛ saa nhyehyɛe yi sɛnea ɛbɛyɛ a nsu rensa da wɔ asase so. Wei ma yehu sɛ Yehowa wɔ nyansa ne tumi.—Hiob 36:27, 28; Ɔsɛnk. 1:7.

7. Nneɛma bɛn saa na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ akyɛde a wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 115:16 no?

7 Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ asase a yɛte so yi ne nneɛma pa a ɛwɔ so no nyinaa? (Kenkan Dwom 115:16.) Ade baako a yebetumi ayɛ ne sɛ yebedwinnwen nneɛma a Yehowa abɔ ho. Wei bɛkanyan yɛn ama yɛada Yehowa ase da biara da wɔ nneɛma pa a ɔde ma yɛn no ho. Afei nso baabi a yɛte no, sɛ yedi hɔ ni a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ asase a Yehowa de ama yɛn no.

YƐN AMEMENE A ƐYƐ NWONWA

8. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ sɛnea Yehowa ayɛ yɛn amemene no, ɛyɛ nwonwa paa?

8 Sɛnea Yehowa ayɛ yɛn amemene no yɛ nwonwa paa. Bere a wohyɛ wo maame yafunu mu no, sɛnea na Yehowa ahyehyɛ sɛ w’amemene nyɛ no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛyɛe. Simma baako biara, nkwammoaa a ɛwɔ w’amemene mu no, na mpempem bɛka ho! Nkurɔfo bi a wɔyɛ nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ yɛhwɛ obi a wanyin a, nkwammoaa bi a wɔfrɛ no neuron bɛyɛ ɔpepepem 100 na ɛwɔ n’amemene mu. Saa nkwammoaa yi na ɛka bom yɛ amemene no; amemene no mu duru bɛyɛ nkaribo 3.3 (kilogram 1.5). Momma yɛnhwɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yɛn amemene tumi yɛ no mu kakraa bi.

9. Dɛn na ɛma wuhu sɛ sɛnea yetumi kasa no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ?

9 Sɛnea yetumi kasa no yɛ anwonwade. Wo de, hwɛ nea ɛkɔ so wɔ yɛn amemene mu bere a yɛrekasa no. Ntini bɛyɛ 100 a ɛwɔ wo tɛkrɛma so, wo menem, w’ano, w’apantan, ne wo koko no, ɛsɛ sɛ w’amemene kyerɛ ne nyinaa sɛnea ɛbɛbom ayɛ adwuma ansa na woatumi aka asɛmfua baako. Sɛ wubetumi akasa ma emu ada hɔ a, ɛsɛ sɛ saa ntini no mu biara yɛ n’adwuma pɛpɛɛpɛ. Bere a nhoma bi a wotintim no afe 2019 reka sɛnea yetumi sua kasa ho asɛm no, ɛkaa sɛ mmofra a wɔawo wɔn foforo tumi hyɛ nsɛmfua nsow. Asɛm a nhoma yi aka ne nea nkurɔfo a wɔyɛ nhwehwɛmu no mu pii aka hyia; wɔkyerɛ sɛ sɛnea yetumi hyɛ kasa nsow na yetumi sua kasa no yɛ biribi a wɔde awo yɛn. Yebetumi aka paa sɛ sɛnea yetumi kasa no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.—Ex. 4:11.

10. Sɛnea yetumi kasa no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ ho anisɔ?

10 Sɛnea yetumi kasa no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Ade baako a yebetumi ayɛ de akyerɛ ho anisɔ ne sɛ yɛbɛma wɔn a wonnye nni sɛ obi na ɔbɔɔ ade no ahu nea enti a yegye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. (Dw. 9:1; 1 Pet. 3:15) Wɔn a wogye saa nkyerɛkyerɛ no di no pɛ sɛ yenya adwene sɛ ɛnyɛ obiara na ɔbɔɔ asase ne abɔde a nkwa wom a ɛwɔ so no. Sɛ yɛde Bible ne nsɛm a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no bi yɛ adwuma a, yebetumi adi yɛn Agya a ɔwɔ soro no ho adanse, na yɛakyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wotie no ama wɔahu nea enti a yegye di sɛ Yehowa na ɔbɔɔ ɔsoro ne asase.—Dw. 102:25; Yes. 40:25, 26.

11. Dɛn na yɛn amemene no tumi yɛ a ɛyɛ nwonwa paa?

11 Sɛnea yetumi kae ade no yɛ nwonwa paa. Bere bi a atwam no, nhomakyerɛwfo bi kyerɛe sɛ, nneɛma a yɛn amemene no betumi akae no, ne dodow te sɛ nsɛm a ɛwɔ nhoma ɔpepem 20 mu. Nanso, ɛnnɛ wosusuw sɛ yɛn amemene no betumi akae nsɛm a ɛboro saa mpo. Ade a ɛyɛ nwonwa bɛn bio na nnipa tumi yɛ?

12. Sɛnea asɛm bi si a yetumi sua biribi fi mu de bɔ yɛn bra no ma yɛda nsow wɔ mmoa ho. Kyerɛkyerɛ mu.

12 Abɔde a ɛwɔ asase so nyinaa no, nnipa nkutoo na asɛm bi si a wotumi kae na wosusuw ho, na ɛma wosua biribi fi mu de bɔ wɔn bra. Ɛno nti, yebetumi asesa sɛnea yesusuw nneɛma ho ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra na ama yɛn suban ayɛ fɛ. (1 Kor. 6:9-11; Kol. 3:9, 10) Nokwasɛm ne sɛ, yebetumi atete yɛn ahonim ama ahu nsonsonoe a ɛwɔ papa ne bɔne mu. (Heb. 5:14) Yebetumi asua sɛnea yɛbɛda ɔdɔ, ayamhyehye ne mmɔborɔhunu adi. Afei nso, sɛnea Yehowa ne nnipa di no yiye no, yebetumi asuasua.

13. Yɛhwɛ Dwom 77:11, 12 a, sɛnea yetumi kae ade no, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma?

13 Ade baako a yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛnea yetumi kae ade no ne sɛ, yɛbɛbɔ mmɔden akae biribiara a Yehowa yɛ de boaa yɛn ne sɛnea ɔkyekyee yɛn werɛ bere bi a atwam no. Wei bɛma yɛanya ahotoso sɛ daakye nso ɔbɛboa yɛn. (Kenkan Dwom 77:11, 12; 78:4, 7) Ade foforo a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛkae nneɛma pa a afoforo yɛ ma yɛn na yɛakyerɛ ho anisɔ. Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu ahu sɛ nnipa a wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ no ani taa gye. Afei nso, sɛnea Yehowa ma ne werɛ fi nneɛma bi no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa kae biribiara pɛpɛɛpɛ nanso sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho a, ɔde kyɛ yɛn na ɔnkae bio. (Dw. 25:7; 130:3, 4) Sɛ afoforo yɛ yɛn bɔne ma ɛyɛ yɛn yaw na sɛ wɔpa yɛn kyɛw a, Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛn nso yɛde bɛkyɛ wɔn na yɛama yɛn werɛ afi.—Mat. 6:14; Luka 17:3, 4.

Nea yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ amemene a Yehowa de ama yɛn no ne sɛ yɛde bɛhyɛ no anuonyam (Hwɛ nkyekyɛm 14) *

14. Yehowa ama yɛn amemene a ɛyɛ nwonwa. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ ho anisɔ?

14 Yehowa ama yɛn amemene a ɛyɛ nwonwa. Nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ akyɛde yi ne sɛ yɛde bɛhyɛ Yehowa anuonyam. Ebinom de saa akyɛde yi yɛ nea wɔpɛ, kyerɛ sɛ, wɔn ankasa na wɔkyerɛ wɔn ho nea ɛyɛ papa ne bɔne. Nanso, esiane sɛ Yehowa na ɔbɔɔ yɛn nti, ɛsɛ sɛ yɛte ase sɛ akwankyerɛ a ɔde ma yɛn no, ɛyɛ papa sen ɔkwan biara a yɛn ankasa bɛfa so abɔ yɛn bra. (Rom. 12:1, 2) Sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, ɛma yenya asomdwoe. (Yes. 48:17, 18) Afei nso, ɛma yehu nea Yehowa pɛ sɛ yɛde yɛn nkwa yɛ. Ɛne sɛ yɛbɛhyɛ yɛn Agya ne Ɔbɔadeɛ no anuonyam na yɛama ne koma atɔ ne yam.—Mmeb. 27:11.

BIBLE YƐ AKYƐDE SORONKO

15. Bible a Yehowa de akyɛ nnipa no ma yehu sɛ ɔdɔ yɛn. Adɛn nti na yɛreka saa?

15 Bible yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Esiane sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn paa nti na ɔde ne honhom kaa mmarima bi ma wɔkyerɛw Bible no. Yehowa nam Bible so ma yenya nsɛmmisa a ɛho hia paa ho mmuae. Nsɛmmisa no bi ne sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na yɛbaa wiase? Dɛn nti na yɛte ase? Dɛn na ebesi daakye? Yehowa pɛ sɛ ne mma nyinaa nya saa nsɛmmisa yi ho mmuae, enti mfe pii a abɛsen kɔ no, waka nkurɔfo koma ama wɔakyerɛ Bible ase kɔ kasa pii mu. Ɛnnɛ wɔakyerɛ Bible no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛboro 3,000 mu! Bible yɛ nhoma a wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu sen nhoma biara, na wɔakyekyɛ ama nkurɔfo sen nhoma biara. Ɛmfa ho baabi a nkurɔfo te anaa kasa a wɔka no, wɔn mu dodow no ara nya hokwan kenkan Bible wɔ wɔn kurom kasa mu.—Hwɛ adaka a wɔato din “ Wɔakyerɛ Bible Ase Kɔ Afrika Kasa Ahorow Mu.”

16. Sɛnea Mateo 28:19, 20 kyerɛ no, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Bible no?

16 Nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Bible ne sɛ yɛbɛkenkan no da biara da, yebedwinnwen emu nsɛm no ho, na yɛayɛ nea yebetumi biara sɛ yɛde nea yesua no bɛyɛ adwuma. Afei nso, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ka Bible mu asɛm kyerɛ nnipa pii a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn.—Dw. 1:1-3; Mat. 24:14; kenkan Mateo 28:19, 20.

17. Akyɛde ahorow bɛn na yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Adesua yi mu no, yɛasusuw nneɛma a Onyankopɔn de akyɛ yɛn no bi ho. Ɛno ne asase a yɛte so yi; yɛn amemene a ɛyɛ nwonwa; ne Onyankopɔn Asɛm Bible. Nanso Yehowa akyɛ yɛn nneɛma foforo; ɛno de yɛmfa yɛn ani nhu. Yɛbɛhwɛ saa akyɛde ahorow no wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 12 Otumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn

^ nky. 5 Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛakyerɛ nneɛma mmiɛnsa bi a Yehowa de akyɛ yɛn no ho anisɔ. Afei nso, ɛbɛboa yɛn ama yɛne nkurɔfo a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no asusuw nsɛm ho.

^ nky. 64 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi resua ɔman foforo so kasa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo a wɔatu aba ne man mu.