Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 19

Biribiara Rentumi Nto Atreneefo Hintidua

Biribiara Rentumi Nto Atreneefo Hintidua

“Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe pii; biribiara rentumi nto wɔn hintidua.”—DW. 119:165.

DWOM 122 Muntintim, Munnhinhim!

NEA YƐREBESUA *

1-2. Asɛm bɛn na ɔkyerɛwfo bi kae, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

ƐNNƐ, nnipa ɔpepem pii kyerɛ sɛ wogye Yesu di, nanso wonnye ne nkyerɛkyerɛ ntom. (2 Tim. 4:3, 4) Ɔkyerɛwfo bi kaa sɛ: ‘Sɛ obi a ɔte sɛ Yesu wɔ yɛn nkyɛn nnɛ, ɛnna ɔreka nsɛm a Yesu kaa no bɛyɛ mfe mpem mmienu a atwam ni no a, sɛnea nkurɔfo annye no anni saa bere no, saa na anka nnɛ yɛbɛyɛ anaa? Nea nnipa dodow no ara ka ne sɛ: Yiw, anka yɛrennye no nni.’

2 Bere a Yesu wɔ asaase so no, nkurɔfo pii tee ne nkyerɛkyerɛ, huu anwonwade a ɔyɛe nanso wɔannye no anni. Adɛn ntia? Adesua a edi wei anim no, yesusuw nneɛma nnan bi ho. Ɛno na ɛmaa nea Yesu kae ne nea ɔyɛe no too afoforo hintidua. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma foforo nnan aka ho. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛahu nea enti a nkurɔfo ntie Yesu akyidifo nnɛ na yɛahu nea yɛbɛyɛ na biribiara anto yɛn hintidua.

(1) NÁ YESU NYIYI NNIPA MU

Nkurɔfo a Yesu ne wɔn bɔe no too nnipa bebree hintidua. Ɛnnɛ nso, ɔkwan bɛn so na nneɛma a ɛtete saa betumi ato ebinom hintidua? (Hwɛ nkyekyɛm 3) *

3. Dɛn na Yesu yɛe a ɛtoo ebinom hintidua?

3 Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔne nnipa ahorow nyinaa bɔe. Ɔne asikafo ne atumfo didii, nanso ahiafo ne mmɔborɔwafo paa na onyaa bere maa wɔn. Bio nso, na ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn a na nkurɔfo bu wɔn sɛ “nnebɔneyɛfo” no. Nea Yesu yɛe no too ebinom a na wobu wɔn ho sɛ atreneefo no hintidua. Ɛno nti, wobisaa Yesu asuafo no sɛ: “Adɛn nti na mo ne wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo didi na monom?” Ɛnna Yesu buae sɛ: “Wɔn a wɔte apɔw no nhia ɔyaresafo; wɔn a wɔyare mmom na wohia. Mamma sɛ merebɛfrɛ atreneefo. Mmom mebae sɛ merebɛfrɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”—Luka 5:29-32.

4. Sɛnea odiyifo Yesaia kae no, dɛn na anka ɛsɛ sɛ Yudafo no hu fa Mesia no ho?

4 Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka? Bere tenteenten ansa na Mesia no reba no, odiyifo Yesaia ka too hɔ sɛ, sɛ Mesia no ba a nnipa rennye no nni. Nkɔmhyɛ no kaa sɛ: “Nnipa buu no animtiaa, na wɔpoo no . . . Ná ɛte sɛ nea wɔde n’anim ahintaw yɛn. Nnipa buu no animtiaa, na yɛamfa no anyɛ hwee.” (Yes. 53:3) Ná “nnipa” bɛpo Mesia no, enti na anka ɛsɛ sɛ Yudafo a ɛwɔ Yesu bere so no hu sɛ nkurɔfo rennye Yesu nni.

5. Ɛnnɛ, sɛn na nnipa pii bu Yesu akyidifo?

5 Ɛnnɛ nso saa na nkurɔfo te anaa? Yiw. Ɛnnɛ, nnipa bɛn saa na asɔfo pii pɛ sɛ wɔba wɔn asɔre? Wɔn a wɔagye din, asikafo, ne wɔn a wiase no bu wɔn sɛ anyansafo na wɔpɛ. Mpɛn pii no saa nkurɔfo yi suban ne wɔn abrabɔ ne Onyankopɔn mmara nhyia, nanso asɔfo no gye wɔn tom. Yehowa asomfo a wɔde nsi resom no na wɔbɔ bra pa no de, asɔfo yi mfa wɔn nyɛ hwee, efisɛ wiase no bu wɔn sɛ mfaso nni wɔn so. Sɛnea Paul kae no, wɔn a wiase no ‘bu wɔn animtiaa’ na Onyankopɔn apaw wɔn. (1 Kor. 1:26-29) Yehowa de, n’asomfo nyinaa som bo ma no.

6. Sɛ yɛhwɛ asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 11:25, 26 no a, yɛbɛyɛ dɛn anya adwene a na ɔwɔ no bi?

6 Yɛbɛyɛ dɛn na biribiara anto yɛn hintidua? (Kenkan Mateo 11:25, 26.) Mma adwene a nkurɔfo wɔ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho no nnaadaa wo. Hu sɛ ahobrɛasefo nko ara na Yehowa ma wɔyɛ n’apɛde. (Dw. 138:6) Nnipa a wiase no bu wɔn sɛ wɔnyɛ animdefo anaa nhomanimfo no, hwɛ nneɛma akɛseakɛse a Yehowa nam wɔn so atumi ayɛ.

(2) YESU KASA TIAA ATORO NKYERƐKYERƐ

7. Adɛn nti na Yesu frɛɛ Farisifo no nyaatwomfo, na ɛkaa wɔn sɛn?

7 Yesu de akokoduru kasa tiaa nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no efisɛ na nyaatwom adonnɔn wɔn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔmaa Farisifo no hui sɛ wɔyɛ nyaatwomfo efisɛ ɔkwan a na wɔbɛfa so ahohoro wɔn nsa no, na ɛho hia wɔn koraa sen sɛnea na wɔbɛhwɛ wɔn awofo. (Mat. 15:1-11) Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yesu kae no maa n’asuafo no ho dwiriw wɔn. Enti wobisaa no sɛ: “Bere a Farisifo no tee nea wokae no, wunim sɛ ɛtoo wɔn hintidua?” Yesu buae sɛ: “Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na oduae no, wobetu. Munnyaa wɔn. Wɔyɛ akwankyerɛfo anifuraefo. Na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛhwe amoa mu.” (Mat. 15:12-14) Nyamesom akannifo no bo fuwii de, nanso ɛno amma Yesu annyae nokware no ka.

8. Dɛn na Yesu kae a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ nyinaa na Onyankopɔn gye tom?

8 Yesu san kaa sɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ no bi yɛ atoro. Wanka sɛ Onyankopɔn gye nyamesom nkyerɛkyerɛ nyinaa tom. Mmom, ɔkaa sɛ nnipa bebree bɛfa ɔkwan a ɛtrɛw a ɛkɔ ɔsɛe mu no so, nanso ɔkwan ketewaa a ɛkɔ nkwa mu no de, nnipa kakraa bi na ɛbɛfa so. (Mat. 7:13, 14) Ɔmaa emu daa hɔ sɛ nnipa bi bɛyɛ wɔn ho sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso na ɛnyɛ ɔno na wɔresom no. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ atoro adiyifo ho. Wɔde nguan nhoma kata wɔn ho ba mo nkyɛn, nanso wɔyɛ mpataku a wɔfom aduan. Wɔn aba na mode behu wɔn.”—Mat. 7:15-20.

Sɛnea Yesu kasa tiaa atoro nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe bɔne no too nnipa bebree hintidua. Ɛnnɛ nso, ɔkwan bɛn so na nneɛma a ɛtete saa betumi ato ebinom hintidua? (Hwɛ nkyekyɛm 9) *

9. Atoro nkyerɛkyerɛ a Yesu kaa ho asɛm no, ebi ne nea ɛwɔ he?

9 Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka? Bible hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa fie ho mmɔdenbɔ bɛmene Mesia no. (Dw. 69:9; Yoh. 2:14-17) Saa mmɔdenbɔ no na ɛmaa Yesu kasa tiaa atoro nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe bɔne. Ɛho nhwɛso ne sɛ, na Farisifo gye di sɛ ɔkra no nwu da, nanso Yesu kyerɛkyerɛe sɛ obi wu a na wada. (Yoh. 11:11) Ná Sadukifo nnye owusɔre nni, nanso Yesu nyan n’adamfo Lasaro. (Yoh. 11:43, 44; Aso. 23:8) Farisifo no de, biribiara a ebesi no, wɔka sɛ ɛyɛ nkrabea anaa Onyankopɔn na ahyehyɛ. Nanso Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, sɛ obi pɛ a, obetumi asom Onyankopɔn; ɔmpɛ nso a Onyankopɔn nhyɛ no.—Mat. 11:28.

10. Adɛn nti na nnipa pii ntie yɛn nkyerɛkyerɛ?

10 Ɛnnɛ nso saa na nkurɔfo te anaa? Yiw. Nnipa pii ntie yɛn nkyerɛkyerɛ efisɛ yɛn nkyerɛkyerɛ a egyina Bible so no ma nkurɔfo hu sɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ no bi yɛ atoro. Asɔfo kyerɛkyerɛ wɔn asɔremma sɛ Onyankopɔn twe abɔnefo aso wɔ Ɔbonsam gya mu. Wɔde saa atoro nkyerɛkyerɛ no hunahuna wɔn asɔremma no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so anya wɔn so tumi. Yehowa asomfo a wɔsom Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no ma nkurɔfo hu sɛ saa nkyerɛkyerɛ no yɛ atoro. Asɔfo no kyerɛkyerɛ nso sɛ ɔkra no nwu da. Yɛma nkurɔfo hu sɛ saa nkyerɛkyerɛ no fi abosonsom mu, na sɛ saa nkyerɛkyerɛ no yɛ ampa a, ɛnde na anka owusɔre biara ho nhia. Nsɔrensɔre pii kyerɛkyerɛ sɛ nea ebesi biara yɛ nkrabea anaasɛ Onyankopɔn na ahyehyɛ, nanso yɛkyerɛkyerɛ sɛ, sɛ obi pɛ a, obetumi asom Onyankopɔn; ɔmpɛ nso a, Onyankopɔn nhyɛ no. Sɛ nyamesom akannifo no te nea yɛkyerɛkyerɛ a, dɛn na wɔyɛ? Mpɛn pii no, ɛyɛ a na wɔn koko apae!

11. Sɛnea Yesu kae wɔ Yohane 8:45-47 no, dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo yɛ?

11 Yɛbɛyɛ dɛn na biribiara anto yɛn hintidua? Sɛ yɛn ani gye nokware no ho a, ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn. (Kenkan Yohane 8:45-47.) Yɛn de, yekura nokware no mu denneennen; yɛnte sɛ Satan Ɔbonsam a wannyina nokware no mu no. Biribiara a ɛne yɛn gyidi nhyia no, yɛnsosɔ so. (Yoh. 8:44) Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo ‘kyi bɔne’ na ‘wɔbata papa ho’ sɛnea Yesu yɛe no.—Rom. 12:9; Heb. 1:9.

(3) WƆTAN YESU ANI

Wu a owui wɔ asɛndua so no too nnipa bebree hintidua. Ɛnnɛ nso, ɔkwan bɛn so na nneɛma a ɛtete saa betumi ato ebinom hintidua? (Hwɛ nkyekyɛm 12) *

12. Ɔkwan a wɔfaa so kum Yesu no, adɛn nti na ɛtoo Yudafo pii hintidua?

12 Ade foforo bɛn na ɛtoo Yudafo no hintidua wɔ Yesu bere so? Paul kaa sɛ: “Yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ hintidua ma Yudafo.” (1 Kor. 1:23) Adɛn nti na ɔkwan a wɔfaa so kum Yesu no too Yudafo bebree hintidua? Yudafo no de, esiane sɛ Yesu wui wɔ asɛndua so nti, wohuu no sɛ nsɛmmɔnedifo anaa ɔdebɔneyɛfo na ɛnyɛ sɛ Mesia.—Deut. 21:22, 23.

13. Nkurɔfo a nea ɛtoo Yesu no too wɔn hintidua no, dɛn na anka ɛsɛ sɛ wohu?

13 Yudafo a nea ɛtoo Yesu no too wɔn hintidua no, na anka ɛsɛ sɛ wohu sɛ Yesu ho nni asɛm, nkurɔfo twaa asɛm too no so, na wɔne no anni no yiye. Wɔn a wodii Yesu asɛm no buu atɛnkyea. Yudafo asɛnnibea kɛse no hyiae gya-so-gya-so, na ɔkwan a wɔfa so di asɛm no, wɔamfa emu biara anyɛ adwuma. (Luka 22:54; Yoh. 18:24) Sɛ́ anka atemmufo no de adwempa betie sobo a na nkurɔfo rebɔ Yesu na wɔahwehwɛ adanse a na nkurɔfo redi tia no no mu no, wɔn mmom na wɔkɔhwehwɛɛ ‘adanse bi a ɛnyɛ nokware tiaa Yesu na ama wɔagyina so akum no.’ Ɛno anyɛ yiye no, ɔsɔfo panyin no yɛe sɛ ɔbɛma Yesu aka asɛm bi na wɔagyina so abu no fɔ. Ná wei tia mmara koraa. (Mat. 26:59; Mar. 14:55-64) Bere a wonyan Yesu fii awufo mu no, saa atemmufo a wobuu ntɛnkyea no tuaa “sika bebree” maa Roma asraafo a na wɔrewɛn ɔda no ano sɛ wonkodi atoro nka sɛ Yesu asuafo na abewia n’amu no.—Mat. 28:11-15.

14. Nkɔm bɛn na Kyerɛwnsɛm no hyɛ faa Mesia no wu ho?

14 Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka? Yesu bere so no, na Yudafo no pii nhwɛ kwan sɛ Mesia no bewu, nanso hwɛ nkɔm a Kyerɛwnsɛm no hyɛe: “Ɔde ne nkwa too hɔ maa owu, na wɔkan no fraa mmaratofo; ɔsoaa nnipa pii bɔne, na ogyinaa mu maa mmaratofo.” (Yes. 53:12) Enti bere a wokum Yesu sɛ ɔdebɔneyɛfo no na anka ɛnsɛ sɛ ɛto Yudafo no hintidua.

15. Nsɛm bɛn na nkurɔfo ka to Yehowa Adansefo so a ato ebinom hintidua?

15 Ɛnnɛ nso saa na nkurɔfo te anaa? Saa pɛpɛɛpɛ! Nkurɔfo twaa atoro too Yesu so na wobuu no atɛnkyea. Saa ara na nnɛ nso nkurɔfo de yɛ Yehowa Adansefo. Nhwɛso ahorow bi ni. Yɛnhwɛ United States. Efi afe 1930 kosi afe 1950 mu hɔ no, ahofadi a yɛwɔ sɛ yɛsom Onyankopɔn no ho asɛm kopuee asɛnnibea mpɛn pii. Ná wutumi hu pefee sɛ atemmufo no bi nni yɛn ho adwempa. Yɛhwɛ Quebec a ɛwɔ Canada sɛɛ a, Katolek asɔre no ne Ɔman no kaa wɔn ti pam ho sɔre tiaa yɛn adwuma no. Wɔde adawurubɔfo pii guu afiase; wɔn bɔne nyinaa ara ne sɛ wɔaka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Bere a Nasi aban atirimɔdenfo no di Germany so no, wokunkum yɛn nuanom mmerante anokwafo pii yayaayaw. Russia nso, aban no kyerɛ sɛ, sɛ Adansefo no ne obi bɔ Bible mu nkɔmmɔ a, na “wɔresɛe n’adwene.” Ɛno nti mfe kakra a atwam no, Russia aban no akyere yɛn nuanom pii adi wɔn asɛm de wɔn agu afiase. Wɔn bɔne ara ne sɛ wɔne nkurɔfo bɔ Bible mu nkɔmmɔ. Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Bible a ɛwɔ Russia kasa mu no mpo, aban no abara, na wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ “nhoma a ɛsɛe nkurɔfo adwene” efisɛ Yehowa din wom.

16. Sɛnea 1 Yohane 4:1 kyerɛ no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma atosɛm a nkurɔfo ka fa Yehowa asomfo ho no daadaa yɛn?

16 Yɛbɛyɛ dɛn na biribiara anto yɛn hintidua? Hwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm no mu. Yesu bepɔw so asɛnka no mu no, ɔbɔɔ n’atiefo kɔkɔ sɛ ebinom ‘bedi atoro aka asɛmmɔne biara ato’ wɔn so. (Mat. 5:11) Atosɛm a ɛte saa nyinaa fi Satan. Satan piapia asɔretiafo ma wɔka atosɛm de sɛe Yehowa asomfo din. (Adi. 12:9, 10) Ɛnsɛ sɛ yetie atosɛm a wɔn a wɔmpɛ yɛn asɛm keka no. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma atosɛm a ɛte saa hunahuna yɛn anaa ɛsɛe yɛn gyidi.—Kenkan 1 Yohane 4:1.

(4) WOYII YESU MAE NA WOGUAN GYAW NO

Sɛnea Yuda yii no mae no too nnipa bebree hintidua. Ɛnnɛ nso, ɔkwan bɛn so na nneɛma a ɛtete saa betumi ato ebinom hintidua? (Hwɛ nkyekyɛm 17-18) *

17. Nsɛm a esisii ansa na Yesu rewu no, adɛn nti na anka ebetumi ato ebinom hintidua?

17 Aka kakra ama Yesu awu no, n’asomafo 12 no mu baako yii no mae. Anadwo ansa na Yesu rebewu no, asomafo no mu baako nso kaa no mprɛnsa sɛ onnim no, na n’asomafo no nyinaa nso guan gyaw no. (Mat. 26:14-16, 47, 56, 75) Wei anyɛ Yesu nwonwa, efisɛ na ɔno ara mpo aka ato hɔ sɛ asɛm a ɛte saa besi. (Yoh. 6:64; 13:21, 26, 38; 16:32) Bere a nsɛm a ɛte saa sisii no, anka ebetumi ato ebinom hintidua ama wɔaka sɛ, ‘Sɛ saa na Yesu asomafo no te a, ɛnde mempɛ sɛ me ne wɔn benya twaka biara!’

18. Nsɛm a esisii ansa na Yesu rewu no, nkɔmhyɛ bɛn na ɛma ɛbaa mu?

18 Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka? Bere tenteenten ansa na Yesu reba no, Yehowa ma wɔkyerɛw wɔ n’Asɛm mu sɛ, wobeyi Mesia no ama de agye nnwetɛbona 30. (Sak. 11:12, 13) Obi a ɔbɛn Yesu paa na na obeyi no ama. (Dw. 41:9) Odiyifo Sakaria nso kyerɛwee sɛ: “Bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mmɔ nhwete.” (Sak. 13:7) Sɛ obi wɔ koma pa a, na ɔremma nsɛm a esisii no nto no hintidua, mmom ɛbɛhyɛ ne gyidi den, efisɛ obehu sɛ saa nkɔmhyɛ no abam wɔ Yesu so.

19. Dɛn na wɔn a wɔwɔ koma pa no nim?

19 Ɛnnɛ nso, saa na nkurɔfo te anaa? Yiw. Yɛn bere yi so nso, anuanom a wodi nneɛma anim no mu kakra afi nokware no mu abɛyɛ awaefo, na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa afoforo ama wɔafi nokware no mu. Wɔfa Intanɛt, TV ne radio so kyinkyim nokwasɛm a ɛfa Yehowa Adansefo ho no, wotwa atoro to yɛn so, na wɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne. Nanso wɔn a wɔwɔ koma pa no de, wei nto wɔn hintidua, efisɛ wonim sɛ Bible ka too hɔ sɛ nsɛm a ɛtete saa besisi.—Mat. 24:24; 2 Pet. 2:18-22.

20. Yɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔafi nokware no mu no anto yɛn hintidua? (2 Timoteo 4:4, 5)

20 Yɛbɛyɛ dɛn na biribiara anto yɛn hintidua? Ɛsɛ sɛ yesua ade daa, bɔ mpae daa, na yɛyere yɛn ho yɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no na ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ den. (Kenkan 2 Timoteo 4:4, 5.) Sɛ yɛn gyidi yɛ den, na yɛte Yehowa Adansefo ho asɛmmɔne biara a, ɛrenhaw yɛn. (Yes. 28:16) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom, ne sɛnea yɛn ani gye n’Asɛm no ho no bɛboa yɛn na yɛamma wɔn a wɔafi nokware no mu no anto yɛn hintidua.

21. Ɛwom, nnipa dodow no ara ntie asɛm a yɛka no, nanso awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

21 Yesu bere so no, nnipa bebree antie no, na wɔannye no anni. Nanso afoforo pii nso gyee no dii. Anyɛ yiye koraa no, Yudafo Sanhedrin no muni baako ne “asɔfo no mu pii” nso gyee no dii. (Aso. 6:7; Mat. 27:57-60; Mar. 15:43) Ɛnnɛ nso, nnipa ɔpepem pii mmaa asɛm a yɛka no ntoo wɔn hintidua. Adɛn ntia? Efisɛ wonim nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, na wɔn ani gye ho. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe pii; biribiara rentumi nto wɔn hintidua.”—Dw. 119:165.

DWOM 124 Yebedi Nokware Daa

^ nky. 5 Adesua a edi wei anim no, yehuu nneɛma nnan bi nti a nkurɔfo annye Yesu anni wɔ ne bere so ne nea enti a nnɛ nkurɔfo ntie asɛm a n’akyidifo ka no. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma foforo nnan nso aka ho. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea enti a nnipa a wofi wɔn komam dɔ Yehowa mma biribiara nto wɔn hintidua.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu ne Mateo ne towgyefo didii.

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu repam aguadifo no afi asɔrefie hɔ.

^ nky. 64 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Wɔmaa Yesu soaa asɛndua no.

^ nky. 66 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yuda few Yesu ano de yii no mae.