Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 20

Kɔ So Fa Anigye Yɛ Asɛnka Adwuma No

Kɔ So Fa Anigye Yɛ Asɛnka Adwuma No

“Gu w’aba . . . na nyi wo nsa mfi ho.”—ƆSƐNK. 11:6.

DWOM 70 Hwehwɛ Wɔn a Wɔfata

NEA YƐREBESUA *

Yesu kɔɔ soro akyi no, n’asuafo no de ahokeka kaa asɛm no wɔ Yerusalem ne mmeae afoforo (Hwɛ nkyekyɛm 1)

1. Ɛsa pa bɛn na Yesu twa too hɔ maa n’akyidifo no, na dɛn na wɔyɛ de suasuaa no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

ASƐNKA adwuma a Yesu yɛe wɔ asaase so nyinaa no, wamma n’abam ammu da. Mmom ɔde anigye na ɛyɛe, na ɔpɛ sɛ n’akyidifo nso yɛ saa ara. (Yoh. 4:35, 36) Bere a Yesu ka n’asuafo no ho wɔ asaase so no, wɔde ahokeka yɛɛ asɛnka adwuma no. (Luka 10:1, 5-11, 17) Nanso bere a wɔkyeree Yesu kum no no, anigye a na asuafo no de ka asɛmpa no kɔɔ fam kakra. (Yoh. 16:32) Bere a Yesu nyanee no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn adwene nsi asɛnka adwuma no so. Ɔkɔɔ soro no, asuafo no de ahokeka kaa asɛm no ara ma wɔn atamfo kaa sɛ: “Hwɛ! mode mo nkyerɛkyerɛ ahyɛ Yerusalem ma.”—Aso. 5:28.

2. Sɛn na Yehowa ahyira asɛnka adwuma no so?

2 Yesu kyerɛɛ tete Kristofo no sɛnea wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no, na Yehowa hyiraa adwuma a wɔyɛe no so ma wɔyɛɛ bebree. Pentekoste afe 33 Y.B. sɛɛ, nnipa bɛyɛ 3,000 na wɔbɔɔ asu. (Aso. 2:41) Asuafo no kɔɔ so yɛɛ bebree. (Aso. 6:7) Yesu kaa sɛ awiei mmere no mu mpo de, asɛnka adwuma no bɛkɔ so akyɛn daa.—Yoh. 14:12; Aso. 1:8.

3-4. Ɔhaw bɛn na ebinom hyia wɔ asɛnka adwuma no mu, na dɛn na adesua yi bɛka ho asɛm?

3 Yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yɛremma anigye a yɛde yɛ asɛnka adwuma no nsɛe. Aman bi so no, ɛnyɛ den sɛ adawurubɔfo de anigye bɛyɛ asɛnka adwuma no. Adɛn ntia? Efisɛ saa mmeae no, nnipa pii ani gye ho sɛ wobesua Bible. Anigyefo no dɔɔso ara ma ɛtɔ da bi mpo a, sɛ obi repɛ Ɔdansefo ne no asua ade a, gye sɛ ɔtwɛn kakra! Nanso aman bi so de, ɛyɛ den paa sɛ adawurubɔfo benya obi ne no asua Bible. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nkurɔfo ntaa ntena fie, na wokɔto wɔn nso a, wɔntaa nkyerɛ asɛm no ho anigye.

4 Baabi a wowɔ no, sɛ ɛyɛ den sɛ wubenya nkurɔfo ne wɔn asua ade a, ɛnde nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ adesua yi mu no betumi aboa wo. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea ebinom ayɛ a aboa wɔn ama wɔanya nnipa pii aka asɛm no akyerɛ wɔn. Afei nso, sɛ nkurɔfo tie yɛn oo, sɛ wɔantie yɛn oo, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a ebetumi aboa yɛn, na anigye a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ansɛe.

SƐ ƐYƐ DEN SƐ WUBENYA NKURƆFO A, MPA ABAW

5. Ɔhaw bɛn na Adansefo pii hyia?

5 Adansefo pii wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobenya nkurɔfo aka asɛm no akyerɛ wɔn wɔ fie. Baabi a adawurubɔfo binom tete no, wɔagye ho ban de apon akɛse atoto ano, enti ɛnyɛ obiara kɛkɛ na obetumi akɔ hɔ. Baabi wɔ hɔ mpo a, awɛmfo wɛn hɔ, enti sɛ obi mmaa wo kwan sɛ bra ne fie a, awɛmfo no rempene mma wunwura mu. Mmeae bi nso wɔ hɔ a, adawurubɔfo tumi kɔ nkurɔfo fie a obiara nsiw wɔn kwan, nanso ɛyɛ a wɔnto nkurɔfo wɔ fie. Adawurubɔfo bi nso de, wɔka asɛm no wɔ nkuraase anaa mmeae a nnipa nnɔɔso wɔ hɔ. Ɛtɔ da a, onipa baako pɛ a wɔne no rekosua ade nti wotumi twa kwantenten, nanso wɔbɛkɔ no, na osuani no nni fie mpo! Sɛ yehyia ɔhaw a ɛte saa a, ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ saa ɔhaw yi ho, na yɛanya nnipa pii aka asɛmpa no akyerɛ wɔn?

6. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ asɛmpakafo te sɛ mpataayifo?

6 Yesu de asɛnka adwuma no totoo mpataayi ho. (Mar. 1:17) Wɔn a woyi nam no, ɛtɔ da a wɔkɔhyɛ mu nna pii, nanso wonnya nam baako koraa mma fie. Ne nyinaa akyi no, wɔmpa abaw. Wɔsesa bere a wɔde kɔ no, na baabi a ɛyɛ a wɔkɔ no nso wɔsesa mu. Afei ɔkwan a wɔfa so yi nam no nso, wɔyɛ mu nsakrae. Yɛn nso yebetumi ayɛ nsakrae a ɛte saa wɔ yɛn asɛnka adwuma mu. Yɛnhwɛ nyansahyɛ ahorow yi.

Sɛ woyɛ asɛnka adwuma wɔ baabi a nkurɔfo ntaa ntena fie a, wubetumi asesa bere a wode kɔ hɔ no, wubetumi akɔ baabi foforo a wubenya wɔn, anaa wubetumi afa akwan foforo so anya wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 7-10) *

7. Sɛ yɛsesa bere a yɛde kɔ nkurɔfo hɔ no mu a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

7 Bere a wode kɔ nkurɔfo nkyɛn no, sesa mu. Sɛ yɛkɔ asɛnka bere a yɛbɛto nkurɔfo wɔ fie a, yebenya nnipa pii aka asɛm no akyerɛ wɔn. Ade yi nkurɔfo kɔhyɛ mu a, ɛnyɛ dɛn ara a wɔbɛba fie! Nea anuanom bebree yɛ a ɛboa wɔn ne sɛ, wɔkɔ asɛnka awia anaa anwummere, efisɛ saa bere no na wɔto nkurɔfo pii wɔ fie. Saa bere no nso na nkurɔfo taa dwudwo wɔn ho, enti wokɔ wɔn nkyɛn a wonya bere ma wo. Asafo mu panyin bi a wɔfrɛ no David kaa asɛm bi nso a ebetumi aboa wo. Ɔkaa sɛ, sɛ ɔne obi reyɛ asɛnka adwuma a, afie a wɔnto nkurɔfo wom no, wɔsan kɔ wɔn akyi kɔhwɛ sɛ wɔbɛto obi wɔ hɔ anaa. Ɔkaa sɛ, “Sɛ yɛsan yɛn akyi saa a, yetumi nya nnipa ma ɛyɛ me nwonwa mpo.” *

Sɛ woyɛ asɛnka adwuma wɔ baabi a nkurɔfo ntaa ntena fie a, wubetumi asesa bere a wode kɔ hɔ no (Hwɛ nkyekyɛm 7-8)

8. Asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 11:6 no, yɛbɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu?

8 Mommma yɛmmpa abaw. Ɛno na kyerɛwsɛm a yɛn adesua yi gyina so no si so dua. (Kenkan Ɔsɛnkafo 11:6.) David a yɛaka ne ho asɛm dedaw no ampa abaw. Ofie bi a na wakɔ mu mpɛn pii nso ɔnto obiara no, da koro de ɔkɔtoo ɔbarima bi wɔ hɔ. Ná n’ani gye ho sɛ obesua Bible, na ɔkaa sɛ: “Mebɛtenaa ha bɛyɛ mfe nwɔtwe ni, nanso Yehowa Danseni biara mmaa me ha da.” David kaa sɛ, “Mahu sɛ wɔn a yɛntaa nto wɔn wɔ fie no, sɛ da koro wokɔto wɔn wɔ fie a, wɔtaa tie asɛm no paa.”

Sɛ woyɛ asɛnka adwuma wɔ baabi a nkurɔfo ntaa ntena fie a, wubetumi akɔ baabi foforo a wubenya wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9. Nkurɔfo a ɛyɛ den sɛ yebenya wɔn no, ɛdɛn na adawurubɔfo binom ayɛ ama wɔatumi aka asɛm no akyerɛ wɔn?

9 Kɔ baabi foforo a wubenya wɔn. Adawurubɔfo bi wɔ hɔ a, wɔasesa baabi a wɔkɔ asɛnka no mu na ama wɔanya nkurɔfo a wɔntaa nto wɔn wɔ fie no aka asɛm no akyerɛ wɔn. Mmeae a wɔmma kwan sɛ yɛbɛyɛ afie afie asɛnka wɔ hɔ no, nea anuanom binom ayɛ ama wɔanya ɛhɔfo ne wɔn akasa ne sɛ, wɔde wɔn ho hyɛ mmɔnten so adansedi anaa baguam adansedi a wɔde trɔk yɛ mu. Adawurubɔfo pii ahu sɛ, sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ baabi a nkurɔfo tena dwudwo wɔn ho, gua so, ne baabi a nnwumakuw wowɔ a, ɛyɛ a nkurɔfo taa tie wɔn anaa wogye nhoma. Floiran yɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Bolivia. Nea ɔkae ne sɛ: “Efi awia dɔnkoro kosi nnɔn mmiɛnsa no, ɛyɛ a yɛkɔ asɛnka wɔ gua so ne baabi a nnwumakuw wowɔ. Saa bere no, ɛyɛ a na nneɛma mu adwo kakra ama adetɔnfo. Yɛkɔ a, yɛtaa nya wɔn ne wɔn bɔ nkɔmmɔ kama, na yetumi ne ebinom mpo fi Bible adesua ase.”

Sɛ woyɛ asɛnka adwuma wɔ baabi a nkurɔfo ntaa ntena fie a, anaa wubetumi afa akwan foforo so anya wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Dɛn na wubetumi ayɛ na woanya nkurɔfo adi wɔn adanse?

10 Fa ɔkwan foforo so hwɛ sɛ wubenya wɔn adi wɔn adanse anaa. Fa no sɛ woakɔ fie bi mu mpɛn pii, na woasesa bere a wode kɔ hɔ no mpo, nanso wonto obiara wɔ fie hɔ. Ɔkwan foforo bi wɔ hɔ a wubetumi afa so anya fie hɔfo adi wɔn adanse anaa? Onuawa bi a wɔfrɛ no Katarína kaa sɛ: “Wɔn a mento wɔn wɔ fie no, metaa kyerɛw wɔn krataa, na asɛm a anka mɛka akyerɛ wɔn anim ne anim no, ɛno na mekyerɛw wɔ krataa no mu.” Dɛn na yɛrefa afi mu? Ɛne sɛ, obi biara a ɔwɔ w’asaasesin mu no, hwehwɛ kwan foforo a ɛbɛma woanya no adi no adanse.

SƐ NKURƆFO ANI NNYE ASƐMPA NO HO MPO A, MPAW ABAW

11. Adɛn nti na ebinom ani nnye asɛm a yɛka no ho?

11 Ebinom ani nnye asɛm a yɛka no ho. Wonhu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn anaa wosua Bible. Amane a nnipa rehu wɔ wiase nti, wonnye Onyankopɔn nni. Nneɛma bɔne a nyamesom akannifo a wokura Bible no yɛ nti, wɔn ani nnye Bible ho. Ebinom nso de, wɔn nnwuma, wɔn mmusua, ne wɔn haw na agye wɔn adwene, na wonhu sɛ Bible betumi aboa wɔn. Wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no, sɛ wonhu asɛm no so mfaso a, dɛn na yebetumi ayɛ na yɛn anigye ansɛe?

12. Asɛm a ɛwɔ Filipifo 2:4 no, yɛbɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu?

12 Ma nkurɔfo nhu sɛ wudwen wɔn ho. Nnipa bebree wɔ hɔ a, kan no na wɔn ani nnye asɛmpa no ho. Nanso bere a wohui sɛ ɔdawurubɔfo bi dwen wɔn ho paa no, ɛkaa wɔn ma wotiei. (Kenkan Filipifo 2:4.) David a yɛadi kan aka ne ho asɛm no sɛɛ, nea ɔkae ne sɛ, “Sɛ obi ka sɛ n’ani nnye asɛm no ho a, yɛde yɛn Bible anaa yɛn nhoma no hyɛ yɛn bag mu, na yɛaka akyerɛ no sɛ: ‘Sɛ mihu nea enti a w’ani nnye ho a, anka ɛbɛyɛ me dɛ paa.’” Wo ne obi rekasa na sɛ wudwen ne ho a, obehu. Ebia asɛm a yɛkae no mpo ɔrenkae, nanso ɔbɛkae sɛ yedwen ne ho. Sɛ yɛkɔ obi nkyɛn na wantie yɛn mpo a, yebetumi de yɛn suban ne yɛn anim yɛbea akyerɛ no sɛ yedwen ne ho.

13. Yɛbɛyɛ dɛn adannan yɛn nsɛm mu ama afa ofiewura biara ho?

13 Nsɛm a yɛka wɔ asɛnka mu no, sɛ yɛdannan mu ma ɛfa ofiewura biara ho a, ɛkyerɛ sɛ yedwen ne ho. Wokɔɔ hɔ no, wuhuu biribi a ɛkyerɛ sɛ mmofra wɔ fie hɔ anaa? Sɛ saa a, ebia ofiewura no ani begye ho sɛ obehu Bible mu asɛm bi a ebetumi aboa no wɔ mmofra no ntetee mu, anaa ebia ɛbɛyɛ no dɛ sɛ obehu nea obetumi ayɛ na ama anigye aba n’abusua mu. Ebi nso a wokɔɔ hɔ no, wuhui sɛ wɔde nkrado bebree atoto apon mu. Sɛ saa a, wubetumi aka nsɛmmɔnedi ne nneɛma a ɛyɛ hu a abu so wɔ wiase no ho asɛm. Afei sɛ wokyerɛ no sɛnea saa nneɛma no nyinaa bɛba awiei a, ebia n’ani begye ho. Sɛnea nkɔmmɔ no bɛkɔ biara no, fa si w’ani so sɛ wobɛboa nkurɔfo ama wɔahu sɛ afotusɛm a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa wɔn. Katarína a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kaa sɛ, ɔtaa kae ne ho sɛ nokware no aboa no paa. Ɛno nti otumi de ahotoso kasa, na wɔn a ɔka asɛm no kyerɛ wɔn no nso hu sɛ ogye nea ɔreka no di.

14. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 27:17 a, sɛ yɛne obi nam asɛnka mu a, sɛn na obiara betumi aboa ne yɔnko?

14 Ma afoforo mmoa wo. Asomafo no bere so no, Paul kyerɛɛ Timoteo akwan a ɔfa so yɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no, na ɔhyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔno nso nkyerɛ nkurɔfo. (1 Kor. 4:17) Sɛnea Timoteo suaa biribi fii Paul hɔ no, yɛn nso yebetumi asua biribi afi anuanom a wɔn ho akokwaw hɔ. (Kenkan Mmebusɛm 27:17.) Wo de, yɛnhwɛ nea onua bi a wɔfrɛ no Shawn yɛe. Ɔde bere pii yɛɛ akwampae adwuma wɔ akuraa bi ase, na na ɛhɔfo no yɛ nnipa a wɔntaa nnyae wɔn som. Ɛdɛn na ɛboaa no maa n’anigye ansɛe? Ɔkaa sɛ, “Da biara a mɛkɔ asɛnka no, sɛ ɛbɛyɛ yiye nko ara de a, mepɛ obi ka me ho. Sɛ yefi fie baako mu rekɔ foforo mu a, yɛbɔ nkɔmmɔ hwɛ nea obiara betumi ayɛ ama ne nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Nea na yɛyɛ no bi ne sɛ, nea ofiewura a yefii ne nkyɛn no kae no, yesusuw ho na yɛahwɛ ɔkwampa a yɛbɛfa so aka yɛn asɛm bere foforo a yebehyia tebea a ɛte saa.”

15. Adɛn nti na sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma a, ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae?

15 Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo. Bere biara a wobɛkɔ asɛnka no, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. Yehowa honhom kronkron na ɛma yɛn tumi. Enti sɛ ammoa yɛn a, yɛn mu biara nni hɔ a obetumi de ɔno ara n’ahoɔden ayɛ biribi. (Dw. 127:1; Luka 11:13) Sɛ wode w’abisade reto Yehowa anim a, ka ade pɔtee a worehwehwɛ. Wubetumi asrɛ no sɛ ɔnkyerɛ wo kwan nkɔ wɔn a wɔfata na wɔpɛ sɛ wɔte n’asɛm no nkyɛn. Afei, yɛ wo mpaebɔ no ho adwuma, kyerɛ sɛ, ka asɛm no kyerɛ obiara a wubenya no.

16. Sɛ yɛn asɛnka adwuma bɛkɔ yiye a, ehia sɛ yɛyɛ kokoam adesua. Adɛn ntia?

16 Pɛ bere a wode bɛyɛ kokoam adesua. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea Onyankopɔn pɛ.” (Rom. 12:2) Sɛ yegye tom paa sɛ nea yɛasua afa Onyankopɔn ho no ne nokware no a, ɛbɛma yɛde ahotoso aka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Katarína a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Ɛnkyɛe biara na mibehui sɛ Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw no bi wɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ mete ase yiye paa. Enti adanse a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ ampa, Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm, na Onyankopɔn wɔ ahyehyɛde bi wɔ hɔ nnɛ no, metoo me bo ase suaa ho ade.” Katarína kaa sɛ, kokoam adesua a ɔyɛe no hyɛɛ ne gyidi den, na ɛmaa anigye a ɔde yɛ asɛnka adwuma no nso yɛɛ kɛse.

NEA ƐBOA YƐN MA YƐKƆ SO DE ANIGYE KA ASƐM NO

17. Ɛdɛn na ɛboaa Yesu ma ɔkɔɔ so de anigye kaa asɛmpa no?

17 Bere a Yesu reka asɛmpa no, ɛnyɛ obiara na na n’ani gye ho, nanso ɔkɔɔ so de anigye kaa asɛm no. Ɛdɛn na ɛboaa no? Ná onim sɛ ehia paa sɛ nkurɔfo te nokware no ho asɛm, enti na ɔpɛ sɛ nnipa pii nya hokwan te Ahenni no ho asɛm. Ná onim nso sɛ ebinom wɔ hɔ a sɛ ɛnnɛ wɔantie mpo a, akyiri yi wobetie. Wo de, yɛnhwɛ ɔno ara n’abusuafo. Mfe mmiɛnsa ne fã a Yesu de yɛɛ ne som adwuma no nyinaa, ne nua biara nni hɔ a ɔbɛyɛɛ ne suani. (Yoh. 7:5) Nanso ne wusɔre akyi no, wɔbɛyɛɛ Kristofo.—Aso. 1:14.

18. Adɛn nti na yennyae asɛm no ka?

18 Bible mu nokwasɛm a yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no, yennim wɔn a wobegye atom daakye. Ebinom wɔ hɔ a, egye bere tenten ansa na wɔagye nokware no. Wɔn a wontie yɛn no mpo, wohu sɛ yɛwɔ suban pa na yɛde anigye na ɛka asɛm no. Wei tumi ka wɔn ma akyiri yi wofi ase hyɛ “Onyankopɔn anuonyam.”—1 Pet. 2:12.

19. Sɛnea 1 Korintofo 3: 6, 7 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yehu?

19 Yɛn de ne sɛ yebedua na yɛagugu so nsu, nea aka no wɔ Onyankopɔn nsam. (Kenkan 1 Korintofo 3:6, 7.) Onua bi a wɔfrɛ no Getahun a ɔsom wɔ Ethiopia kaa sɛ: “Bɛboro mfe 20 de, me nko ara na na meyɛ Ɔdanseni wɔ asaasesin bi a wɔntaa nyɛ mu adwuma mu. Nanso seesei de, adawurubɔfo 14 na ɛwɔ ha. Emu 13 abɔ asu; me yere ne me mma mmiɛnsa ka ho. Yɛkɔ adesua a yetumi nya nnipa bɛyɛ 32.” Getahun ani agye sɛ onyaa abotare kaa asɛmpa no na ɔtwɛn kosii sɛ, Yehowa twee nnipa komapafo baa N’ahyehyɛde no mu.—Yoh. 6:44.

20. Yɛn adwuma no te sɛ adwumayɛfo a wogye nkurɔfo a wɔn ho akam nkwa. Adɛn ntia?

20 Onipa biara nkwa som bo ma Yehowa. Wama yɛn hokwan sɛ yɛne ne Ba no nyɛ adwuma mfa ntwe nnipa mfi aman nyinaa mu ansa na wiase yi akɔ n’awiei. (Hag. 2:7) Asɛnka adwuma a yɛyɛ no te sɛ adwumayɛfo a wogye nkurɔfo a wɔn ho akam nkwa. Yɛayɛ sɛ adwumayɛfo bi a wɔatu wɔn sɛ wonkoyi nkurɔfo a wɔaka amena mu. Ɛnyɛ adwumayɛfo no nyinaa na wobenya obi agye no nkwa, nanso wɔn nyinaa adwuma ho hia. Saa ara na yɛn asɛnka adwuma no te. Yennim nnipa dodow a wɔbɛba abegye nokware no ansa na Satan wiase yi atwam. Nanso Yehowa betumi afa yɛn mu biara so agye wɔn nkwa. Andreas te Bolivia. Ɔkaa sɛ, “Sɛ obi sua Bible mu nokware no na ɔbɔ asu a, mihu sɛ obiara ka ho bi na ɛyɛɛ yiye.” Momma yennya saa adwene no bi, na yɛmfa anigye nyɛ yɛn asɛnka adwuma no. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa behyira yɛn, na asɛnka adwuma no bɛyɛ yɛn dɛ paa.

DWOM 66 Ka Asɛmpa No

^ nky. 5 Sɛ yɛntaa nto nnipa wɔ fie anaasɛ nkurɔfo ntie yɛn wɔ asɛnka mu a, dɛn na yebetumi ayɛ na yɛn anigye ansɛe? Adesua yi bɛma yɛn nyansahyɛ ahorow a ebetumi aboa yɛn ama yɛakɔ so de anigye ayɛ asɛnka adwuma no.

^ nky. 7 Sɛ adawurubɔfo de nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ adesua yi mu no reyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ mmara a wɔde bɔ nkurɔfo nsɛm ho ban wɔ wɔn man mu no, wobedi so.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: (efi soro besi fam): Obi ne ne yere reyɛ asɛnka adwuma, nanso nkurɔfo nni fie. Onipa a ɔte fie a edi kan no mu no kɔ adwuma. Nea ɔte fie a ɛto so mmienu no mu nso kɔ ayaresabea. Ofie a ɛto so mmiɛnsa no nso, nea ɔte hɔ no rekɔtotɔ nneɛma wɔ sotɔɔ. Wɔasan akɔ fie a edi kan no mu anwummere, na afei de wɔakɔto nea ɔte hɔ no. Onipa a ɔte fie a ɛto so mmienu no mu nso, wɔahyia no bere a wɔreyɛ baguam adansedi wɔ ayaresabea a ɛwɔ mpɔtam hɔ no. Ofie a ɛto mmiɛnsa no nso, wɔafrɛ ɔbea a ɔte hɔ no wɔ tɛlɛfon so.