Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

“Masua Nneɛma Pii Afi Afoforo Hɔ!”

“Masua Nneɛma Pii Afi Afoforo Hɔ!”

ANADWO bi a na esum wom paa no, na France asraafo bi aboa wɔn ho ano wɔ Algeria mmepɔw so. Ná meka wɔn ho. Ná ɔko a ɛrekɔ so wɔ Algeria no mu ayɛ den paa. Ná wɔde nkotoku a anwea wom ataataa so de ayɛ akoban. Saa anadwo no, ɛhɔ na na me nko ara migyina kura me tuo rewɛn. Mpofirim ara na metee obi nan ase kyekyerɛ-kyekyerɛ. Me ho mmoa nyinaa guanee. Afei ara na na madi mfe 20. Ná menyɛɛ m’adwene sɛ mekum obi anaa mewu. Enti misu frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa me!

Nea esii saa anadwo no sesaa m’abrabɔ, efisɛ ɛmaa m’ani baa me ho so na mifii ase hwehwɛɛ Ɔbɔadeɛ no. Nanso ansa na mɛka nea esii bio saa anadwo no, ma menka nea mefaa mu wɔ me mmofraase a ɛboaa me ma mesesaa m’adwene hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan.

NEA MISUAA FII ME PAPA HƆ WƆ ME MMOFRAASE

Wɔwoo me afe 1937 wɔ Guesnain. Ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ France mantifi a wotu biriw wɔ hɔ. Ná me papa tu biriw, na ɔma mihui sɛ adwumaden so wɔ mfaso. Afei nso na me papa mpɛ nsisi koraa, enti wɔn a wotu biriw a na wosisi wɔn na wonni ahobammɔ papa biara wɔ wɔn adwuma no mu no, na ɔka bi ma wɔn. Enti me nso misuaa saa suban no. Ná Paapa pɛ sɛ ɔpere adwumayɛfo no yiyedi, enti ɔde ne ho kɔbɔɔ akuw a wɔpere adwumayɛfo yiyedi na wɔtew atua. Asɔfo no nyaatwom nso hyɛɛ no abufuw paa. Ná asɔfo no mu pii te yiye, nanso adwumayɛfo a wotu biriw a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔn nsa bɛkɔ wɔn ano no, na asɔfo no gyigye aduan ne sika fi wɔn hɔ. Asɔfo no suban hyɛɛ Paapa abufuw ara ma wankyerɛkyerɛ me nyamesom ho hwee. Nokwasɛm ne sɛ, ɔne me ammɔ Onyankopɔn ho nkɔmmɔ mpo da.

Merenyin nyinaa, sɛ mihu sɛ obi resisi obi a na mempɛ koraa. Ahɔho a wɔabɛtena France sɛɛ no, na ebinom tan wɔn kwa. Nanso na me ne ahɔho mma no bɔ bɔɔl, na na m’ani gye wɔn ho paa. Mereka yi mpo, na me maame nyɛ Franceni; na ofi Poland. Minyae a na anka nnipa nyinaa te asomdwoe mu a obiara nsisi ne yɔnko.

MIFII ASE DWEN ASETENA HO KƆƆ AKYIRI

Bere a na meyɛ ɔsraani no

Mmara a aban no ahyɛ nti, mekɔyɛɛ sraani afe 1957. Ɛno na ɛma mikopuee Algeria mmepɔw so anadwo bi a madi kan aka ho asɛm no. Bere a misu frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa me akyi no, menkɔhwɛ a afurum bi na ɔreba yi; na ɛnyɛ atamfo a na yɛne wɔn reko no asraafo no bi sɛnea na m’adwene yɛ me no. Hwɛ sɛnea me koma tɔɔ me yam! Nanso nea esii saa anadwo no ne ɔko a na ɛrekɔ so no nyinaa maa midwen asetena ho kɔɔ akyiri. Mibisaa me ho sɛ: ‘Yɛbaa wiase bɛyɛɛ dɛn? Enti Onyankopɔn dwen yɛn ho? Bere bi bɛba a yebenya asomdwoe a enni awiei?

Akyiri yi mekɔsraa m’awofo, na ɛhɔ na mihyiaa Yehowa Danseni bi. Ɔmaa me Bible bi a Katolekfo akyerɛ ase kɔ French kasa mu a wɔfrɛ no La Sainte Bible. Bere a mesan kɔɔ Algeria no na mifii ase kenkanee. Mekenkan Adiyisɛm 21:3, 4 no, ɛpem me paa. Ɛhɔ ka sɛ: “Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu . . . Na ɔbɛpopa wɔn aniwa mu nisu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.” * Saa asɛm yi a mekenkanee no maa me ho dwiriw me paa. Mibisaa me ho sɛ, ‘Saa asɛm yi betumi asi?’ Saa bere no na minnim Onyankopɔn ne Bible ho hwee.

Sraadi adwuma a aban no hyɛɛ me sɛ menkɔyɛ no, miwiei afe 1959. Ɛno akyi no, mihyiaa Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no François, na ɔkyerɛɛ me nneɛma pii fii Bible mu. Ɔma mihui wɔ Bible mu sɛ Onyankopɔn wɔ din, na ne din ne Yehowa. (Dw. 83:18) François san ma mihui sɛ Yehowa beyi nsisi nyinaa afi asase so, ɔbɛma asaase adan paradise, na ɔbɛma asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 21:3, 4 no aba mu.

Ná saa nkyerɛkyerɛ no tɔ asom paa, na ɛkaa me koma. Ɛno maa me bo fuw asɔfo no paa, na na mepɛ sɛ meka si wɔn anim ma obiara hu sɛ nea wɔkyerɛkyerɛ no nnyina Bible so! Ná meda so ara kura me papa adwene no bi, enti na minni nsisi ho koma koraa. Ná mepɛ sɛ meyɛ ho biribi ntɛm ara!

François ne Adansefo foforo a na wɔabɛyɛ me nnamfo no boaa me ma mehyɛɛ me ho so. Wɔma metee ase sɛ ɛnyɛ Kristofo adwuma ne sɛ yebebu nkurɔfo atɛn, na mmom sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa akyerɛ wɔn ama wɔanya anidaso. Ɛno ne adwuma a Yesu yɛe, na adwuma koro no ara na ɔde maa n’akyidifo nso sɛ wɔnyɛ. (Mat. 24:14; Luka 4:43) Afei nso, na ɛsɛ sɛ misua sɛ, sɛ me ne nkurɔfo nyɛ adwene wɔ wɔn gyidi ho mpo a, me ne wɔn bɛkasa wɔ obu mu, na merenkasa ntia wɔn gyidi. Bible ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ ɔyɛ nnipa nyinaa brɛbrɛ.”—2 Tim. 2:24.

Meyɛɛ nsakrae biara a na ehia sɛ meyɛ, na mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni afe 1959 wɔ ɔmansin nhyiam bi ase. Ɛhɔ na mihyiaa onuawa bi a ne din de Angèle, na m’ani begyee ne ho. Mifii ase kɔɔ adesua wɔ asafo a ɔwom no mu, na yɛwaree afe 1960. Me yere yɛ ɔbea pa, mete ne so a masɔre. Anokwa, ɔyɛ akyɛde a ɛsom bo a Yehowa de no ama me.—Mmeb. 19:14.

Yɛn ayeforohyia da

MISUAA NNEƐMA PII FII ANUANOM MMARIMA A WƆN ADWENEM DƆ NA WƆWƆ SUAHU HƆ

Mfe pii a abɛsen kɔ no, nkakrankakra masua nneɛma pii afi anuanom a wɔn adwenem dɔ na wɔwɔ suahu hɔ. Nea edi mu akoten paa ni: Dwumadi biara a ɛyɛ den a wɔde bɛhyɛ yɛn nsa no, sɛ yebetumi ayɛ no yiye a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛde asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 15:22 no yɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: “Afotufo dodow ma nhyehyɛe yɛ yiye.”

Bere a na yɛreyɛ ɔmansin adwuma wɔ France, 1965

Afe 1964 mu na mifii ase hui sɛ saa asɛm no yɛ nokware paa. Saa afe no mu na mebɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo, enti mifii ase srasraa asafo ahorow no hyɛɛ anuanom den. Nanso saa bere no na madi mfe 27 pɛ, na na minni suahu. Enti ɛtɔ da a na midi mfomso. Nanso misuaa biribi fii mu. Ne nyinaa mu no, wɔn a misuaa nneɛma pii fii wɔn hɔ paa ne “afotufo” a wɔn adwenem dɔ na wɔwɔ suahu.

Ɛho nhwɛso ne asɛm bi a esii bere a mebɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo foforo no. Mekɔsraa asafo bi a ɛwɔ Paris. Miwiei no, onua bi a ɔwɔ suahu ka kyerɛɛ me sɛ ɔpɛ sɛ ohu me kakra. “Mampopo me ti.”

Obisaa me sɛ, “Louis, sɛ dɔkota bi kɔ fie bi mu a, ɛyɛ a hena nti na ɔkɔ?”

Mekaa sɛ: “Ayarefo nti na ɔkɔ.”

Ɔkaa sɛ: “Ɛno ara ne no. Nanso mahyɛ no nsow sɛ anuanom a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ asafo no mu paa na wunya bere ma wɔn. Nanso anuanom a wɔn abam abu, wɔyɛ foforo, na wɔfɛre ade dɔɔso wɔ yɛn asafo yi mu. Sɛ wunya bere ne wɔn bɔ anaa mpo wokɔ wɔn fie ne wɔn kodidi a, wɔn ani begye paa.”

Mihui sɛ onua no afotu no da ne kwan mu, na m’ani sɔe paa. Sɛnea na ɔdɔ Yehowa nguan no kaa me koma. Mebrɛɛ me ho ase gyee nea ɔkae no toom na mifii ase de yɛɛ adwuma. Meda Yehowa ase sɛ ɔmaa anuanom a wɔte saa boaa me.

Afe 1969 ne afe 1973 no, yɛyɛɛ amanaman ntam nhyiam mmienu wɔ Colombes a ɛwɔ Paris. Dwumadibea a na ɛhwɛ aduannoa so no, me na na mehwɛ so. Nhyiam a yɛyɛɛ no afe 1973 no, na ɛsɛ sɛ yɛma nnipa mmaako mmaako bɛyɛ 60,000 aduan nnanum! Mɛka paa a adwuma no tɔɔ me so. Wei mu nso, na nea ɛbɛboa yɛn ne sɛ yɛbɛhwehwɛ mmoa afi wɔn a wɔn adwenem dɔ hɔ sɛnea Mmebusɛm 15:22 ka no. Enti anuanom mmarima a wɔwɔ suahu a wonim aduan ho adwuma no, mehwehwɛɛ afotu fii wɔn hɔ. Ebi ne nankwaasefo, wɔn a wodua atosode, wɔn a wɔnoa aduan, ne wɔn a wɔtotɔ aduan ho nneɛma. Yɛn nyinaa boom yɛɛ adwuma, na yetumi yɛɛ saa adwumasono no.

Afe 1973 no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne me yere sɛ yɛnkɔsom wɔ Betel a ɛwɔ France. Adwuma a midii kan yɛe wɔ hɔ no nso gyaw me tipae. Efi afe 1970 kosi afe 1993 no, na wɔabara yɛn adwuma no wɔ Cameroon a ɛwɔ Afrika, na na ɛsɛ sɛ mepɛ kwan a mɛfa so de nhoma akɔma anuanom wɔ hɔ. Wei nso gyaw me adwinnwen. Ɛbɛyɛ sɛ onua na ɔhwɛ adwuma no so wɔ France saa bere no hui, enti ɔhyɛɛ me nkuran kaa sɛ: “Yɛn nuanom a wɔwɔ Cameroon no hia honhom fam aduan paa. Enti yɛnkɔma wɔn aduan!” Ampa ara yɛkɔmaa wɔn aduan.

Me ne anuanom a wofi Cameroon yɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ Nigeria, afe 1973

Mitutuu akwan kɔɔ aman a ɛne Cameroon bɔ hye kohyiaa asafo mu mpanyimfo a wofi Cameroon wɔ hɔ. Ná saa anuanom no wɔ akokoduru na na wɔn ani da fam. Wɔboaa me ma mihuu nhyehyɛe a mɛyɛ na yɛatumi de honhom fam aduan akɔma anuanom a wɔwɔ Cameroon no daa. Yehowa hyiraa yɛn mmɔdenbɔ no so. Nokwasɛm ne sɛ bɛyɛ mfe 20 no, Ɔwɛn-Aban ne Yɛn Ahenni Som a ɛba bosome biara no baako mpo nni hɔ a Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Cameroon no nsa anka.

Afe 1977, me ne Angèle ani gyei sɛ yehyiaa amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom a wofi Cameroon wɔ Nigeria

MISUAA NNEƐMA PII FI ME YERE A ƆDA ME KOMA SO NO HƆ

Bere a me ne Angèle fii ase hwɛɛ yɛn ho sɛ yebetumi aware anaa no, mihui sɛ ɔdɔ Yehowa paa. Yɛwaree akyi na mibehui sɛ, sɛɛ ɔdɔ Yehowa sen sɛnea mihuu no no mpo. Ɛda a yɛwaree no anwummere sɛɛ, ɔka kyerɛɛ me sɛ memmɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn na yɛmfa yɛn bere nyinaa nsom no sɛ awarefo. Yehowa buaa saa mpae no.

Afei nso, Angèle aboa me ama manya Yehowa mu gyidi kɛse. Ɛho nhwɛso baako ni: Afe 1973 bere a wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔsom wɔ Betel no, na mempɛ sɛ mekɔ efisɛ na mepɛ ɔmansin adwuma no paa. Angèle kaee me sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa. Ɛnde, sɛ n’ahyehyɛde no de adwuma bi hyɛ yɛn nsa a, ɛsɛ sɛ yɛpopo yɛn ti anaa? (Heb. 13:17) Ná miyi m’ano a, ɛnyɛ yiye. Enti ntɛm ara na yɛkɔɔ Betel. Me ne me yere atena mfe pii, na sɛnea ɔyɛ n’ade nyansam, n’adwenem da hɔ, na ɔdɔ Yehowa no aboa ama yɛn aware asɔ, na ama yɛasisi gyinae pa.

Me ne Angèle wɔ Betel gaaden mu wɔ France

Seesei a yɛanyinyin mpo Angèle da so ara yɛ ɔbea pa na ɔboa me paa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nea ɛbɛyɛ na yɛatumi akɔ teokrase sukuu ahorow no bi no, me ne Angèle yeree yɛn ho suaa Borɔfo kasa yiye efisɛ wɔyɛ sukuu no dodow no ara wɔ Borɔfo kasa mu. Ɛwom sɛ na yɛadi bɛyɛ mfe 75 de, nanso na ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo a wɔde Borɔfo kasa yɛ adesua mu. Esiane sɛ meka France Baa Boayikuw no ho nti, na nnwuma pii gu me so, enti na ɛyɛ den ma me sɛ mesua kasa foforo. Nanso me ne Angèle, obiara boaa ne yɔnko. Seesei yɛadi boro mfe 80, nanso sɛ yɛresua ade ansa na yɛakɔ adesua a, yesua Borɔfo ne French de nyinaa. Afei nso yɛbɔ mmɔden sɛ asafo a yɛwom no, yɛne emufo bɛkɔ adesua ne asɛnka sɛnea yebetumi. Mmɔden a yɛabɔ sɛ yebesua Borɔfo kasa no, yɛahu sɛ Yehowa ahyira so.

Afe 2017 no, Yehowa hyiraa yɛn wɔ ɔkwan soronko bi so. Sukuu a Wɔyɛ Ma Baa Boayikuw Mufo Ne Wɔn Yerenom a ɛkɔ so wɔ Ɔwɛn-Aban Asafo No Adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York no, me ne Angèle nyaa hokwan kɔɔ bi.

Yehowa ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no ampa. (Yes. 30:20) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ mpanyin ne mmofra a wɔsom no nyinaa nya nkyerɛkyerɛ a edi mu sen biara! (Deut. 4:5-8) Mahu paa sɛ mmerante ne mmabaa a wotie Yehowa ne anuanom a wɔwɔ suahu no tumi sisi gyinae pa na wɔde nokwaredi som Yehowa. Mmebusɛm 9:9 ka si so sɛ, “Tu onyansafo fo, na ne nyansa bɛdɔɔso. Kyerɛkyerɛ ɔtreneeni, na obesua ade pii.”

Asɛm a ɛyɛ hu a esii anadwo bi wɔ Algeria mmepɔw so bɛyɛ mfe 60 ni no, ɛwom ara na m’adwene akosi so. Saa bere no, amma m’adwenem da sɛ merebenya nhyira bebree sɛɛ. Masua nneɛma pii afi afoforo hɔ! Anokwa, Yehowa ahyira me ne Angèle nyinaa ama yɛanya asetena pa na yɛn koma atɔ yɛn yam. Enti yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn Agya a ɔwɔ soro no akyerɛkyerɛ yɛn. Afei nso, yɛbɛkɔ so asua biribi afi anuanom a wɔn adwenem dɔ, wɔwɔ suahu, na wɔdɔ Yehowa no hɔ.

^ nky. 11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase.