Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Ɛyɛ ampa sɛ tete no wɔde mmɛw yɛɛ akorow sɛnea Bible ka no?

Mmɛw

ƐKAME ayɛ sɛ nnipa bebree nim sɛ tete Egypt de, mmɛw na na wɔde yɛ krataa kyerɛw so. Ná Greecefo ne Romafo nso de mmɛw * yɛ krataa kyerɛw so. Ɛwom, nnipa bebree nim sɛ na wɔde mmɛw yɛ krataa kyerɛw so, nanso wonnim sɛ na wɔde yɛ akorow nso.

Wohuu akorow ahorow mmienu yi wɔ Egypt ɔdamoa bi mu

Bɛyɛ mfe 2,500 a atwam ni no, odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ, nnipa a ɛtete “Etiopia nsubɔnten ho” somaa ‘nkurɔfo faa po so ma wɔde ahyɛn a wɔde mmɛw ayɛ faa nsu so.’ Akyiri yi, odiyifo Yeremia nso ka too hɔ sɛ, sɛ Mediafo ne Persiafo bɛtow hyɛ Babilon kurow no so a, wɔde ogya bɛhyew “akorow a wɔde mmɛw ayɛ no” sɛnea ɛbɛyɛ a Babilonfo no rennya kwan nguan.—Yes. 18:1, 2; Yer. 51:32.

Wɔn a wosua Bible no de, wonim sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no, enti sɛ wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu sɛ tete no na wɔde mmɛw yɛ akorow sɛnea Bible aka no a, ɛnyɛ wɔn nwonwa. (2 Tim. 3:16) Dɛn na wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ahu? Wɔahu adanse bebree a ɛkyerɛ sɛ na wɔde mmɛw yɛ akorow wɔ Egypt.

SƐN NA NA WƆDE MMƐW YƐ AKOROW?

Sɛ wohwɛ Egyptfo adamoa mu a, mfoni ne adwinni a wɔadi wom no ma yehu sɛnea na wokotwa mmɛw ne sɛnea na wɔyɛ akorow. Ná mmarima kotwa mmɛw no kyekyere no atifi atifi. Afei wɔka ne nyinaa bom kyekyere no baako. Mmɛw a wɔatwa no, sɛ wohwɛ ne sin anim a, ɛnyɛ kurukuruwa; ɛyɛ ahinasa. Enti sɛ wɔkyekyere bom denneennen a, ɛkeka si anim kama yɛ papee. Nhoma bi a wɔato din A Companion to Ancient Egypt ka sɛ, akorow a wɔde mmɛw ayɛ tenten tumi boro anammɔn 55 (mita 17). Wei nti na nnipa 10 anaa 12 tumi tena ɔfã biara hare korow no.

Adwini a Egyptfo dii a ɛkyerɛ sɛnea wɔde mmɛw reyɛ ɔkorow

ADƐN NTI NA WƆN A NA WƆYƐ AKOROW NO DE MMƐW YƐ?

Ná mmɛw nyɛ na wɔ Nil Asubɔnten no ho. Afei nso na ɛnyɛ den sɛ wɔde mmɛw bɛyɛ akorow. Eduu bere bi no, na nnua paa na wɔde yɛ ahyɛn akɛse. Nanso saa bere no mpo na apofofo ne abɔmmɔfo da so ara de mmɛw na ɛyɛ abonto ne akorow nketewa.

Nkurɔfo de akorow a wɔde mmɛw ayɛ dii dwuma kyɛe. Ɔkyerɛwfo bi a ofi Greece a ne din de Plutarch a ɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no kaa sɛ, ne bere so nyinaa na nkurɔfo de akorow a wɔde mmɛw ayɛ di dwuma.

^ nky. 3 Mmɛw yɛ afifide bi a enyin yiye wɔ nsu ho ne ɔwora mu. Etumi nyin kɔ soro bɛyɛ anammɔn 16 (mita 5), na sɛ wotwa na wohwɛ ne sin anim a, ne kɛse bɛyɛ anammɔn fã (sɛntimita 15).