Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 18

Wobɛma Nea Yesu Yɛe Ato Wo Hintidua?

Wobɛma Nea Yesu Yɛe Ato Wo Hintidua?

“Anigye ne obiara a mentoo no hintidua.”—MAT. 11:6.

DWOM 54 “Ɔkwan no Ni”

NEA YƐREBESUA *

1. Bere a wufii ase kaa Bible mu asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no, ɛbɛyɛ sɛ dɛn na esii a ɛyɛɛ wo nwonwa?

WOKAE bere a wuhuu nokware no foforo no? Ná Bible nkyerɛkyerɛ a woresua no mu da hɔ, enti wotee ase ntɛm! Ná ɛyɛ wo sɛ obiara ani begye nkyerɛkyerɛ a woabegye adi no ho. Ná wugye di sɛ Bible mu asɛm no bɛma wɔn ani agye wɔ asetena mu nnɛ, na ama wɔanya anidaso sɛ daakye papa bi da wɔn anim. (Dw. 119:105) Enti wode anigye kaa nokware a woahu no ho asɛm kyerɛɛ wo nnamfo ne w’abusuafo nyinaa. Nanso dɛn na esii? Asɛm a woka kyerɛɛ wɔn no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ wo nwonwa paa sɛ wɔn mu pii annye anni.

2-3. Nea Yesu yɛe nyinaa akyi no, dɛn na nnipa dodow no ara a na wɔwɔ ne bere so no yɛe?

2 Sɛ nkurɔfo antie asɛm a yɛka no a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn mu biara nwonwa. Yesu bere so no, ɔyɛɛ anwonwade bebree de kyerɛe sɛ Onyankopɔn taa n’akyi, nanso nnipa dodow no ara annye no anni. Wo de hwɛ o, Yesu nyan Lasaro. Ɛyɛ anwonwade bi a wɔn a wɔne Yesu ani nhyia mpo annye ho kyim. Nanso Yudafo mpanyimfo no annye anni sɛ Yesu ne Mesia no. Ná wɔpɛ sɛ wokum Yesu ne Lasaro nyinaa mpo!—Yoh. 11:47, 48, 53; 12:9-11.

3 Ná Yesu nim sɛ nnipa dodow no ara rennye nni sɛ ɔno ne Mesia no. (Yoh. 5:39-44) Ɔka kyerɛɛ Yohane Suboni asuafo bi sɛ: “Anigye ne obiara a mentoo no hintidua.” (Mat. 11:2, 3, 6) Adɛn nti na nnipa bebree annye Yesu anni?

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Adesua yi ne nea edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a enti nnipa bebree annye Yesu anni wɔ ne bere so. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛnnɛ, nnipa bebree ntie asɛm a yɛka no. Nea ehia paa no, yɛbɛhwɛ nea ɛbɛma yɛanya gyidi a emu yɛ den wɔ Yesu mu sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara rento yɛn hintidua.

(1) BAABI A YESU TENAE

Nnipa bebree anni Yesu akyi, esiane baabi a Yesu tenae nti. Ɛnnɛ nso, ɔkwan bɛn so na nneɛma a ɛtete saa betumi ato ebinom hintidua? (Hwɛ nkyekyɛm 5) *

5. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ ebinom adwene yɛɛ wɔn sɛ Yesu rentumi nyɛ Mesia a na wɔahyɛ ne ho nkɔm no?

5 Baabi a Yesu tenae nti, nnipa bebree annye no anni. Wogye toom sɛ na Yesu nim nkyerɛkyerɛ paa, na ɔyɛɛ anwonwade bebree nso. Nanso wɔn ani so de, na ɔyɛ kapentani hiani bi ba. Afei nso na ofi Nasaret, na na nkurɔfo bu Nasaret sɛ ɛnyɛ kurow papa biara. Natanael a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yesu suani no mpo, bere bi ɔkaa sɛ: “Biribi pa bi betumi afi Nasaret aba?” (Yoh. 1:46) Saa bere no baabi a na Yesu te no, na Natanael mmu no sɛ ɛyɛ kurow biara. Anaa ebia nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mika 5:2 no na na ɛwɔ n’adwene mu. Saa nkɔmhyɛ no kaa sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem, na ɛnyɛ Nasaret.

6. Dɛn na na anka ɛsɛ sɛ ɛma nnipa a wɔwɔ Yesu bere so no hu sɛ Yesu ne Mesia no?

6 Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka? Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Yesu atamfo renhaw wɔn ho sɛ ‘wobehu Mesia no awo ntoatoaso.’ (Yes. 53:8) Wɔhyɛɛ Mesia no ho nkɔm pii a ɛtete saa. Sɛ saa nkurɔfo no tɔɔ wɔn bo ase hwehwɛɛ nsɛm no nyinaa mu a, anka wobehu sɛ wɔwoo Yesu wɔ Betlehem, na ɔyɛ Ɔhene Dawid aseni. (Luka 2:4-7) Baabi a Mika 5:2 kaa sɛ wɔbɛwo Yesu no, ɛhɔ ara na wɔwoo no. Enti na wɔn haw ne sɛn? Wɔperee wɔn ho. Wɔanhwehwɛ asɛm no nyinaa mu, ɛno nti wɔannye no anni.

7. Adɛn nti na ɛnnɛ, nnipa pii ntie Yehowa Adansefo?

7 Ɛnnɛ nso saa na nkurɔfo te anaa? Yiw. Yehowa Adansefo dodow no ara nyɛ asikafo; nnipa pii bu wɔn sɛ “nnipa a wonsuaa nhoma, na wɔnyɛ nnipa titiriw biara.” (Aso. 4:13) Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ Yehowa Adansefo nkɔɔ asɔfodi sukuu a agye din, enti wɔrentumi nkyerɛkyerɛ Bible. Afoforo nso ka sɛ Yehowa Adansefo som no yɛ “Amerikafo asɔre,” nanso wohwɛ mu a, wuyi Yehowa Adansefo 7 biara si hɔ a, bɛyɛ emu 1 pɛ na ɛte United States. Ebinom nso wɔ hɔ a, nkurɔfo aka akyerɛ wɔn sɛ Yehowa Adansefo nnye Yesu nni. Efi tete na nkurɔfo aka sɛ Yehowa Adansefo “paapae mmusua mu.” Ebinom nso ka sɛ “wotietie ɔman a wɔte mu no mu nsɛm kɔka kyerɛ Amerikafo.” Afoforo nso ka sɛ “wɔn asɛm yɛ den dodo.” Ebinom wɔ hɔ a, wonnim saa nsɛm no mu yiye na wɔnhwehwɛ mu nso, ɛno nti wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo.

8. Sɛnea Asomafo Nnwuma 17:11 kyerɛ no, sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wohu wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo nnɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

8 Dɛn na obi bɛyɛ na biribiara anto no hintidua? Ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm biara mu yiye. Saa na Luka a ɔkyerɛw Luka Asɛmpa no sii n’adwene pi sɛ ɔbɛyɛ. Ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛhwehwɛ “nneɛma nyinaa mu pɛpɛɛpɛ afi mfiase.” Wɔn a wɔbɛkenkan ne nhoma no, na ɔpɛ sɛ wohu sɛ nsɛm a wɔate afa Yesu ho no “yɛ nokware.” (Luka 1:1-4) Yudafo a na wɔwɔ Beroia no, na wɔte sɛ Luka. Bere a wodii kan tee Yesu ho asɛmpa no, wɔhwehwɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu hwɛe sɛ nea wɔate no yɛ nokware anaa. (Kenkan Asomafo Nnwuma 17:11.) Enti ɛnnɛ, sɛ nkurɔfo te Bible mu asɛm bi a, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ mu hu nokware a ɛwom. Nea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ wɔn no, ɛsɛ sɛ wɔde toto nea Bible no ka ho hwɛ. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ mu hu nea Yehowa Adansefo atumi ayɛ wɔ yɛn bere yi so. Sɛ wɔhwehwɛ nsɛm no mu yiye a, wɔremma nea nkurɔfo keka anaa nea wɔatete nsɛe wɔn adwene.

(2) YESU ANYƐ SƐNKYERƐNNE AMFA AMPƐ ANUONYAM

Nnipa bebree anni Yesu akyi, esiane sɛnkyerɛnne a wanyɛ amfa ampɛ anuonyam nti. Ɛnnɛ nso, ɔkwan bɛn so na nneɛma a ɛtete saa betumi ato ebinom hintidua? (Hwɛ nkyekyɛm 9-10) *

9. Esiane sɛ Yesu anyɛ sɛnkyerɛnne a efi soro no nti, dɛn na esii?

9 Ná Yesu nim nkyerɛkyerɛ paa, nanso ne bere sofo no bi wɔ hɔ a, na wɔrepɛ biribi foforo aka ne nkyerɛkyerɛ no ho. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ “sɛnkyerɛnne bi a efi soro” mfa nkyerɛ sɛ ɔno ne Mesia no. (Mat. 16:1) Asɛm a ɛwɔ Daniel 7:13, 14 no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔnte ase. Ɛno nti na wɔkaa sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne no. Nanso na bere nsoe sɛ Yehowa ma saa nkɔmhyɛ no ba mu. Nea na Yesu rekyerɛkyerɛ no, na anka ɛsɛ sɛ ɛno ara ma wohu sɛ ɔno ne Mesia no. Nanso esiane sɛ wanyɛ sɛnkyerɛnne a wɔkaa sɛ ɔnyɛ no nti, ɛtoo wɔn hintidua.—Mat. 16:4.

10. Nea Yesaia kyerɛw faa Mesia no ho no, sɛn na Yesu ma ɛbaa mu?

10 Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka? Odiyifo Yesaia kyerɛw Mesia no ho asɛm sɛ: “Ɔrenteɛm na ɔremma ne nne so, na ɔremma obiara nte ne nne wɔ abɔnten so.” (Yes. 42:1, 2) Yesu amfa n’asɛnka adwuma no anhwehwɛ anuonyam. Wansisi asɔredan akɛse, na wanhyɛ ntaade soronko te sɛ nyamesom mpanyimfo no. Afei nso, wanka sɛ nkurɔfo mfa nyamesom mu abodin akɛse mfrɛ no. Bere a wɔredi Yesu asɛm no, wanyɛ sɛnkyerɛnne biara wɔ Ɔhene Herode anim amfa ansɔ n’ani. (Luka 23:8-11) Ampa, Yesu yɛɛ anwonwade, nanso nea na esi n’ani so paa ne sɛ ɔbɛka asɛmpa no. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Eyi nti na mebae.”—Mar. 1:38.

11. Adwene a ɛnteɛ bɛn na nkurɔfo wɔ nnɛ?

11 Ɛnnɛ nso saa na nkurɔfo te anaa? Yiw. Ɛnnɛ, ade a nnipa pii ani gye ho ne asɔredan akɛseakɛse a wɔde mfoni a ne bo yɛ den asiesie mu, ne asɔfo a wokura abodin akɛseakɛse. Afei nso, afahyɛ ahorow a nnipa dodow no ara werɛ afi sɛ efi abosonsom mu no, ɛno na nkurɔfo di akyi. Wɔn a wɔkɔ asɔre no, wɔnhyɛ da nsua Onyankopɔn ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no ho ade biara. Nanso, wɔn a wɔba yɛn Kristofo nhyiam no, wosua nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ ne sɛnea yɛde bɛbɔ yɛn bra. Yɛn Ahenni Asa ahorow no, ɛhɔ tew, na daa yɛkɔ mu. Afei nso, yɛmfaa nneɛma a ne bo yɛ den nsiesiee hɔ kuntann. Mmarima a wodi asafo no anim no, wɔnhyɛ ntaade soronko, na saa ara nso na wɔmfaa abodin akɛseakɛse biara ntoo wɔn ho so. Nea yegye di ne nea yɛkyerɛkyerɛ no gyina Bible so. Nanso ɛnnɛ, nnipa bebree ntie asɛm a yɛka no, efisɛ wɔn adwene yɛ wɔn sɛ yɛn som no mu nyɛ dɛ. Afei nso, nea yɛkyerɛkyerɛ no, ɛnyɛ ɛno na wɔrepɛ atie.

12. Sɛnea Hebrifo 11:1, 6 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn gyidi gyina so?

12 Yɛbɛyɛ dɛn na biribiara anto yɛn hintidua? Ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔte Roma no sɛ: “Gyidi nam nea wɔte so na ɛba. Nea wɔte no nso nam Kristo ho asɛm no so na ɛba.” (Rom. 10:17) Enti ɔsom mu afahyɛ ahorow a ennyina Bible so no, sɛ ɛyɛ fɛ sɛ dɛn ara mpo wɔ nnipa ani so a, ɛnyɛ ɛno na ɛma yenya gyidi. Mmom, yesua Kyerɛwnsɛm no a, ɛno na ɛbɛma yɛanya gyidi. Ɛsɛ sɛ yenya nokware nimdeɛ na ama yɛn gyidi ayɛ den, efisɛ “sɛ obi nni gyidi a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani yiye.” (Kenkan Hebrifo 11:1, 6.) Enti enhia sɛ yenya sɛnkyerɛnne bi fi soro na adi adanse sɛ yɛahu nokware no. Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua nea Bible kyerɛkyerɛ no a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den; ɛno ara bɛma yɛahu sɛ yɛahu nokware no, na ɛremma yɛn adwenem nyɛ yɛn naa.

(3) YUDAFO AMAMMERƐ BEBREE WƆ HƆ A YESU KASA TIAE

Nnipa bebree anni Yesu akyi, esiane Yudafo amammerɛ no bi a ɔkasa tiae nti. Ɛnnɛ nso, ɔkwan bɛn so na nneɛma a ɛtete saa betumi ato ebinom hintidua? (Hwɛ nkyekyɛm 13) *

13. Dɛn na ɛmaa nnipa bebree kasa tiaa Yesu?

13 Yesu bere so no, na n’asuafo no nyɛ akɔnkyen, na ɛyɛɛ Yohane Suboni asuafo no nwonwa paa. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ bere a ɔda so te ase no, ɛho nhia sɛ wɔyɛ akɔnkyen. (Mat. 9:14-17) Nanso Farisifo no ne nnipa bi a na wɔne Yesu ani nhyia no kasa tiaa no. Adɛn a, wose Yesu kasa tia wɔn amammerɛ. Bere a Yesu saa nkurɔfo yare Homeda no, wɔn bo fuwii. (Mar. 3:1-6; Yoh. 9:16) Ná saa nkurɔfo yi de wɔn nsa si wɔn bo ka sɛ wodi Homeda no, nanso na ɛnhaw wɔn sɛ wobedi gua wɔ asɔrefie hɔ. Bere a Yesu kaa sɛ nea wɔreyɛ no nye no, wɔn bo fuwii paa. (Mat. 21:12, 13, 15) Bere bi a na Yesu reka asɛm no wɔ hyiadan mu wɔ Nasaret no, ɔkɔfaa nsɛm bi a na asisi wɔ wɔn abakɔsɛm mu de yɛɛ ntotoho ma wohui sɛ wɔyɛ pɛsɛmenkominya na wonni gyidi. Bere a wɔtee saa asɛm no, wɔn bo fuwii papaapa. (Luka 4:16, 25-30) Nea na nkurɔfo rehwɛ kwan sɛ Yesu bɛyɛ a wanyɛ nti, ɛtoo nnipa pii hintidua.—Mat. 11:16-19.

14. Nnipa amammerɛ a na ennyina Bible so no, adɛn nti na Yesu kasa tiae?

14 Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka? Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kaa sɛ: “Ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me, na wɔde wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri; wogyina nnipa ahyɛde a wɔakyerɛ wɔn so na esuro me.” (Yes. 29:13) Yesu kasa tiaa nnipa amammerɛ a na ennyina Bible so, na na odi ka. Enti wɔn a na nnipa mmara ne nnipa amammerɛ hia wɔn sen Bible no, wɔpoo Yehowa ne Mesia a ɔsomaa no no.

15. Dɛn na ɛnnɛ nnipa bebree mpɛ wɔ Yehowa Adansefo ho?

15 Ɛnnɛ nso saa na nkurɔfo te anaa? Yiw. Afahyɛ a ennyina Bible so te sɛ awodadi anaa Buronya a nkurɔfo di no, ɛhaw nnipa bebree sɛ Yehowa Adansefo nni bi. Ɔman afahyɛ anaa ayi ho amanneɛ a Onyankopɔn Asɛm kasa tia a Yehowa Adansefo nyɛ bi no, ɛyɛ ebinom ahi. Wɔn a saa nneɛma yi haw wɔn no gye di paa sɛ wɔresom Onyankopɔn. Nanso nea wɔreyɛ no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani bere a wɔde Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ ato nkyɛn na wodi wiase amammerɛ akyi no.—Mar. 7:7-9.

16. Sɛnea Dwom 119:97, 113, 163-165 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ?

16 Yɛbɛyɛ dɛn na biribiara anto yɛn hintidua? Ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm hia yɛn paa. (Kenkan Dwom 119:97, 113, 163-165.) Sɛ yɛdɔ Yehowa a, amammerɛ biara a n’ani nnye ho no, yɛremfa yɛn ho nhyɛ mu. Yɛremma biribiara nsɛe ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no.

(4) YESU AMMETU ABAN A NA ƐWƆ HƆ SAA BERE NO ANGU

Nnipa bebree anni Yesu akyi, esiane ne ho a wamfa anhyehyɛ amanyɔsɛm mu nti. Ɛnnɛ nso, ɔkwan bɛn so na nneɛma a ɛtete saa betumi ato ebinom hintidua? (Hwɛ nkyekyɛm 17) *

17. Yesu bere so no, dɛn na na nnipa bebree hwɛ kwan sɛ Mesia no bɛyɛ a Yesu anyɛ nti, wɔannye no anni?

17 Yesu bere so no, na ebinom pɛ sɛ wɔsesa aban no. Sɛnea na Roma aban no rehyɛ wɔn so no, na wɔhwɛ kwan sɛ Mesia no begye wɔn afi aban no nsam. Nanso bere a wɔyɛe sɛ wobesi Yesu hene no, wampene. (Yoh. 6:14, 15) Ná asɔfo no ne ebinom suro sɛ Yesu de aban foforo bi bɛba abɛko atia Romafo no. Ɛba saa a, na ɛbɛma tumi a Roma aban no de ama asɔfo no abɔ wɔn. Esiane sɛ na saa amanyɔsɛm yi agye Yudafo no pii adwene nti, wɔn mu pii annye Yesu anni.

18. Bible nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho bɛn na nnipa pii buu wɔn ani guu so?

18 Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka? Ɛwom sɛ nkɔmhyɛ pii kaa sɛ awiei koraa no Mesia no bɛko adi nkonim de, nanso nkɔmhyɛ foforo pii nso kaa sɛ, yɛn bɔne nti ná ɛsɛ sɛ Mesia no di kan wu. (Yes. 53:9, 12) Ɛnde, adɛn nti na na adwene a Yudafo no wɔ wɔ Mesia no ho no nyɛ papa? Yesu bere so no, nkɔmhyɛ biara a anka sɛ ebeyi ɔhaw a na Yudafo no rehyia afi hɔ no, nnipa pii buu wɔn ani guu so.—Yoh. 6:26, 27.

19. Adwene a ɛmfata bɛn na nnɛ ama nkurɔfo pii ntie asɛmpa a yɛka no?

19 Ɛnnɛ nso saa na nkurɔfo te anaa? Yiw. Esiane sɛ yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu nti, ɛnnɛ nnipa bebree ntie asɛmpa a yɛka no. Wɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛtow aba. Nanso Yehowa ani so no, yenim sɛ, sɛ yeyi onipa bi sɛ onni yɛn so a, ɛkyerɛ sɛ yɛapo Yehowa. (1 Sam. 8:4-7) Ebinom nso adwene yɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ yesisi sukuu ne ayaresabea na yɛyɛ ɔmanfo adɔe. Esiane sɛ yɛmfa yɛn adwene nsi ɔhaw a nnipa rehyia nnɛ so na yɛde yɛn adwene si asɛnka adwuma no so nti, nkurɔfo ntie asɛmpa a yɛka no.

20. Sɛnea Yesu aka wɔ Mateo 7:21-23 no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn paa?

20 Yɛbɛyɛ dɛn na biribiara anto yɛn hintidua? (Kenkan Mateo 7:21-23.) Ade a ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn paa ne sɛ yɛbɛyɛ adwuma a Yesu ahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no. (Mat. 28:19, 20) Ɛnsɛ sɛ yɛma amanyɔsɛm ne ɔhaw a nnipa rehyia no yi yɛn adwene fi asɛnka adwuma no so. Yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa na ɔhaw a wɔrehyia no haw yɛn, nanso yenim sɛ ɔkwan papa a yebetumi afa so aboa wɔn ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn Ahenni no ho ade, na yɛaboa wɔn ama wɔne Yehowa afa adamfo.

21. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

21 Adesua yi mu no, yɛahu nneɛma nnan a ɛtoo nnipa pii hintidua a amma wɔanni Yesu akyi wɔ ne bere so, a ɛnnɛ nso ɛmma ebinom ntie Yesu akyidifo asɛm no. Nanso nneɛma wei nko ara na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho anaa? Daabi. Adesua a edi hɔ no nso, yɛbɛsan ahwɛ nneɛma nnan bi a ebetumi ato yɛn hintidua. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛremma biribiara nto yɛn hintidua, na yɛnkɔ so mma yɛn gyidi nyɛ den!

DWOM 56 So Nokware no Mu Yiye

^ nky. 5 Ɛwom, Yesu ne Ɔkyerɛkyerɛfo kɛse a watena asaase yi so pɛn. Nanso ne bere so no, nnipa a na ɛwɔ hɔ no dodow no ara annye no anni. Adɛn ntia? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma nnan bi a enti wɔannye no anni. Ɛnnɛ, nea Yesu akyidifo ankasa kyerɛkyerɛ ne nea wɔyɛ no, nnipa bebree nnye nni. Yɛbɛhwɛ nea enti a ɛno nso te saa. Nea ehia paa no, yɛbɛhwɛ nea ɛbɛma yɛanya gyidi a emu yɛ den wɔ Yesu mu sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara rento yɛn hintidua.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Filipo rehyɛ Natanael nkuran sɛ onkohu Yesu.

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu reka asɛmpa no.

^ nky. 64 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu resa ɔbarima bi a ne nsa awu yare, na n’atamfo rehwɛ no.

^ nky. 66 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu atwe ne ho, na ɔno nko ara rekɔ bepɔw bi so.