Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 21

Yehowa Bɛma Wo Ahoɔden

Yehowa Bɛma Wo Ahoɔden

“Meyɛ mmerɛw a, ɛno mmom na minya ahoɔden.”—2 KOR. 12:10.

DWOM 73 Ma Yɛn Akokoduru

NEA YƐREBESUA *

1-2. Ɔhaw bɛn na Yehowa Adansefo bebree rehyia?

ƆSOMAFO Paul tuu Timoteo fo sɛ ɔnyɛ ne som adwuma pɛpɛɛpɛ. Saa asɛm no fa Kristofo nyinaa nso ho. (2 Tim. 4:5) Yɛn nyinaa fa Paul afotu no asɛnhia paa. Nanso, ɛtɔ da a na ayɛ den. Yɛn nuanom Kristofo pii wɔ hɔ a, ɛyɛ a na wosuro sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no. (2 Tim. 4:2) Aman bi wɔ hɔ a, wɔabara yɛn adwuma no fã bi. Baabi mpo de, wɔabara adwuma no koraa. Wo de, hwɛ yɛn nuanom a wɔwɔ saa aman no so no. Wonim paa sɛ, sɛ wɔkɔ asɛnka na wɔkyere wɔn a, wobetumi de wɔn agu afiase, nanso wɔkɔ so ka asɛmpa no!

2 Yehowa nkurɔfo hyia ɔhaw ne amanehunu bebree a ebetumi abu wɔn aba mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, anuanom bebree yɛ adwuma nnɔnhwerew pii ansa na nneɛma nketenkete a wɔn mmusua hia mpo, wɔn nsa aka. Wonyae a, anka wɔde bere pii bɛyɛ asɛnka adwuma no, nanso nnawɔtwe no bɛba awiei no, na wɔabrɛ sɛɛ tam. Anuanom bi nso, yare reteetee wɔn paa, enti wontumi nyɛ asɛnka adwuma no sɛnea wɔpɛ. Ebinom nso wɔ hɔ a, onyin ama wɔaka fie, enti wontumi nkɔ asɛnka sɛnea wɔpɛ. Afoforo nso de, daa wɔte nka sɛ wɔn so nni mfaso, anaa wɔn ho nhia Yehowa. Onuawa bi a ɔwɔ Middle East a wɔfrɛ no Mary * kaa sɛ: “Sɛ mete nka sɛ me so nni mfaso a, meyere me ho paa ansa na matumi ayi saa adwene no afi me tirim. Ɛba saa a, na mabotow. Afei nso ɛma meyɛ basaa, efisɛ bere ne ahoɔden a ɛsɛ sɛ mede yɛ asɛnka adwuma no, ɛma ɛso tew.”

3. Ɛdɛn na yebesua wɔ adesua yi mu?

3 Sɛ yɛn haw te sɛn oo, ɛte sɛn oo, Yehowa betumi ahyɛ yɛn den ama yɛakɔ so asom no sɛnea yɛn ahoɔden bɛma yɛn kwan. Yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa boa yɛn ma yɛyɛ saa. Nanso, momma yenni kan nhwɛ sɛnea Yehowa maa Paulo ne Timoteo ahoɔden ma wogyinaa wɔn haw ano, na wɔyɛɛ wɔn som adwuma no pɛpɛɛpɛ.

YEHOWA MA YƐN AHOƆDEN A YƐDE BƐYƐ ASƐNKA ADWUMA NO

4. Ɔhaw bɛn na Paul hyiae?

4 Paul hyiaa ɔhaw pii. Bere a n’atamfo boroo no, wosiw no abo, na wɔde no too afiase no, na ohia ahoɔden paa na ɔde agyina ano. (2 Kor. 11:23-25) Paul ankasa kaa sɛ, ɛtɔ da a na ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho paa na n’aba mu ammu. (Rom. 7:18, 19, 24) Afei nso, na ɔwɔ yare bi a ɛte sɛ “ɔhonam mu nsɔe,” na na ɔpɛ paa sɛ Onyankopɔn yi fi hɔ ma no.—2 Kor. 12:7, 8.

Ɛdɛn na ɛboaa Paul ma ɔyɛɛ ne som adwuma no pɛpɛɛpɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 5-6) *

5. Paul hyiaa ɔhaw pii, nanso dɛn na otumi yɛe?

5 Paul hyiaa ɔhaw pii, nanso Yehowa maa no ahoɔden ma otumi kɔɔ so yɛɛ ne som adwuma no. Wo de, hwɛ nneɛma a Paul tumi yɛe no bi. Bere a wɔkaa Paul hyɛɛ fie wɔ Roma no, ɔyeree ne ho kaa asɛmpa no kyerɛɛ Yudafo mpanyimfo ne ebia aban mpanyimfo. (Aso. 28:17; Filip. 4:21, 22) Afei nso, ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Aban Awɛmfo pii. Nkurɔfo a wɔbɛsraa no nso, odii wɔn nyinaa adanse. (Aso. 28:30, 31; Filip. 1:13) Saa bere no nyinaa, Onyankopɔn maa Paul kyerɛw nkrataa pii. Saa nkrataa no boaa nokware Kristofo a wɔtenaa ase tete no, na ɛboa nokware Kristofo a yɛwɔ hɔ nnɛ nso. Nhwɛso a Paul yɛe no hyɛɛ asafo a na ɛwɔ Roma no den. Ɛno boaa ne nuanom ma ‘wɔde akokoduru kɛse kaa Onyankopɔn asɛm a wɔansuro.’ (Filip. 1:14) Ɛwom, ɛtɔ da a, na Paul ntumi nyɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no. Nanso ɔyɛɛ nea n’ahoɔden betumi nyinaa, na ‘ɛmaa asɛmpa no nyaa nkɔso.’—Filip. 1:12.

6. Sɛnea 2 Korintofo 12:9, 10 ma yehu no, dɛn na ɛboaa Paul ma otumi yɛɛ ne som adwuma no pɛpɛɛpɛ?

6 Paul hui sɛ, nea otumi yɛe wɔ Yehowa som mu nyinaa, ɛnyɛ ɔno ara ahoɔden, mmom Onyankopɔn na ɔmaa no ahoɔden ma otumi yɛe. Ɔkaa sɛ: ‘Mmerɛwyɛ mu na Onyankopɔn tumi wie pɛyɛ.’ (Kenkan 2 Korintofo 12:9, 10.) Yehowa nam ne honhom kronkron no so maa Paul ahoɔden. Enti bere mpo a nkurɔfo tan Paul ani, wɔde no too afiase, na ohyiaa ɔhaw afoforo no, otumi yɛɛ ne som adwuma no pɛpɛɛpɛ.

Ɛdɛn na ɛboaa Timoteo ma ɔyɛɛ ne som adwuma no pɛpɛɛpɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 7) *

7. Ɔhaw bɛn na Timoteo hyiae a anka ebetumi ama ayɛ den sɛ ɔbɛyɛ ne som adwuma pɛpɛɛpɛ?

7 Bere a Paul reyɛ ne som adwuma no, na Timoteo ka ne ho. Saa bere no, na Timoteo yɛ aberante, na na ɛsɛ sɛ ɔno nso de ne ho to Onyankopɔn so ma ɔma no ahoɔden a ɔde bɛyɛ ne som adwuma no. Akwantenten a Paul twa kɔyɛɛ n’asɛmpatrɛw adwuma no, ɔne Timoteo na ɛkɔe. Ɛno pa ho a, Paul somaa Timoteo ma ɔkɔsraa asafo ahorow hyɛɛ wɔn den. (1 Kor. 4:17) Ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo te nka sɛ adwuma no sõ sen no. Ebia ɛno nti na Paul tuu no fo sɛ: “Mma obiara mmmu aberante a woyɛ no animtiaa da” no. (1 Tim. 4:12) Saa bere no ara nso, na Timoteo wɔ honam mu nsɔe bi a ɛreteetee no. Ɛne sɛ, na ‘ɔtaa yare.’ (1 Tim. 5:23) Nanso na Timoteo nim sɛ Yehowa honhom kronkron bɛma no ahoɔden a ohia a ɔde bɛka asɛmpa no ne ahoɔden a ɔde bɛsom ne nuanom Kristofo.—2 Tim. 1:7.

SƐ YƐREHYIA ƆHAW MPO A, YEHOWA BƐMA YƐN AHOƆDEN AMA YƐAKƆ SO ADI NOKWARE

8. Sɛn na Yehowa ma ne nkurɔfo ahoɔden nnɛ?

8 Ɛnnɛ, Yehowa ma ne nkurɔfo “tumi a ɛboro nnipa de so” sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ so asom no nokware mu. (2 Kor. 4:7) Momma yɛnhwɛ nneɛma nnan bi a Yehowa fa so ma yɛn ahoɔden ne sɛnea ɛboa yɛn ma yɛkɔ so di nokware ma no. Ɛno ne: mpaebɔ, Bible, Kristofo fekubɔ, ne yɛn som adwuma no.

Yehowa fa mpaebɔ so hyɛ yɛn den (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9. Sɛn na mpaebɔ boa yɛn?

9 Mpaebɔ ma yɛn ahoɔden. Paul tu yɛn fo wɔ Efesofo 6:18 sɛ yɛmmɔ mpae “bere nyinaa.” Sɛ yɛbɔ mpae a, Onyankopɔn bɛma yɛn ahoɔden. Jonnie te Bolivia, na ohui sɛ Yehowa boaa no bere a ohyiaa ɔhaw pii no. Jonnie awofo yaree denneennen, na saa bere no ara nso ne yere yaree denneennen. Ná ɛyɛ den paa ma Jonnie sɛ ɔbɛhwɛ wɔn mmiɛnsa nyinaa. Ne maame wui, na ɛkyɛe ansa na ne yere ne ne papa ho retɔ wɔn. Jonnie ka nea ɛkɔɔ so saa bere no ho asɛm sɛ: “Bere biara a mehu sɛ mayɛ basaa no, nea na ɛboa me ne sɛ mɛbɔ mpae aka ade pɔtee a ɛrehaw me no akyerɛ Yehowa.” Yehowa maa Jonnie ahoɔden a ohia a ɔde begyina ɔhaw no ano. Ronald nso yɛ asafo mu panyin a ɔwɔ Bolivia. Ɔtee sɛ ne maame yare kokoram anaa kansa. Bere a yare no bɔɔ no no, bosome baako akyi na owui. Ɔhaw a ɛtoo Ronald no, ɛdɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa mu? Ɔkaa sɛ: “Sɛ mebɔ Yehowa mpae a, na meka biribiara a ɛrehaw me kyerɛ no. Minim sɛ nea merefa mu no, na ɔte me ase sen obiara. Ɔte ase sen me ara mpo.” Ɛtɔ da a, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛrentumi nyɛ ɔhaw a yɛrehyia no ho hwee, anaa yenhu nea yɛmmɔ ho mpae mpo. Nanso Yehowa se, sɛ yenhu nea yɛnka mpo a, yɛmmɔ no mpae.—Rom. 8:26, 27.

Yehowa fa Bible so hyɛ yɛn den (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Hebrifo 4:12 no a, adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛkenkan Bible na yedwinnwen ho?

10 Bible ma yɛn ahoɔden. Paul kenkan Kyerɛwnsɛm no na ɛmaa no ahoɔden ne awerɛkyekye. Yɛn nso yebetumi ayɛ saa ara. (Rom. 15:4) Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no na yedwinnwen ho a, Yehowa betumi de ne honhom no aboa yɛn ama yɛahu sɛnea Bible no betumi aboa yɛn wɔ yɛn haw no ho. (Kenkan Hebrifo 4:12.) Ronald a yɛaka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Ɛyɛ me dɛ paa sɛ anadwo biara na mekenkan Bible. Yehowa suban ne sɛnea ɔhwɛ n’asomfo no, ɛyɛ a migye bere dwinnwen ho paa. Wei boa me ma mesan nya ahoɔden.”

11. Sɛn na Bible boaa onuawa bi a na ne kunu awu maa onyaa ahoɔden?

11 Sɛ ɔhaw bi to yɛn na yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm dwinnwen ho a, ɛremma yɛn haw no mmunkam yɛn so. Yɛnhwɛ sɛnea Bible boaa onuawa bi a ne kunu awu. Asafo mu panyin bi ka kyerɛɛ onuawa no sɛ, sɛ ɔkenkan Hiob nhoma no a, nneɛma pa pii wom a ebetumi aboa no. Bere a ofii ase kenkanee no, ade a edi kan a ɔyɛe ne sɛ, ɔkasa tiaa Hiob sɛ ɔde n’adwene si ne haw no so dodo. Bere a ɔredwen ho no, ɔkaa no ne tirim sɛ: “Hiob! Gyae saa, nnwen wo nko ara wo haw ho!” Nanso akyiri yi, obehui sɛ ɔno nso suban reyɛ ayɛ sɛ Hiob de no bi. Wei boaa no ma ɔsesaa n’adwene na ɛhyɛɛ no den maa otumi gyinaa ɛyaw a ne kunu wu de aba no ano.

Yehowa fa Kristofo fekubɔ so hyɛ yɛn den (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa fa yɛn nuanom Kristofo so ma yɛn ahoɔden?

12 Kristofo fekubɔ hyɛ yɛn den. Fekuw a yɛne yɛn nuanom Kristofo bɔ no, ɛno nso yɛ ɔkwan foforo a Yehowa fa so ma yɛn ahoɔden. Paul kyerɛwee sɛ na ne ho pere no sɛ ɔne ne nuanom Kristofo nyinaa, “obiara . . . bɛhyɛ ne yɔnko nkuran.” (Rom. 1:11, 12) Mary a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ani gye fekubɔ a ɛte saa ho paa. Ɔkaa sɛ: “Kristofo a Yehowa faa wɔn so boaa me no, na wonnim me haw no ho hwee mpo. Ebinom kaa nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛɛ me, na ebinom nso kyerɛw nsɛm guu kaad so brɛɛ me. Saa nsɛm no ara na na mihia. Ade baako a ɛboaa me nso ne sɛ, anuanom mmea a na m’asɛm no bi ato wɔn pɛn no, mekaa m’asɛm kyerɛɛ wɔn. Asafo mu mpanyimfo no nso ma mihui sɛ anuanom a wɔwɔ asafo no mu dɔ me.”

13. Obiara bɛyɛ dɛn ahyɛ ne yɔnko den wɔ asafo nhyiam ase?

13 Baabi a yebetumi ahyehyɛ yɛn ho nkuran baako paa ne asafo nhyiam ase. Sɛ wokɔ asafo nhyiam a, ɛdɛn na wubetumi ayɛ de ahyɛ wo nuanom den? Wubetumi aka akyerɛ wɔn sɛ wodɔ wɔn, na w’ani sɔ nneɛma pa a wɔyɛ no. Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi. Da bi, aka kakra ama asafo nhyiam afi ase no, asafo mu panyin bi a wɔfrɛ no Peter ka kyerɛɛ onuawa bi a ne kunu nyɛ Yehowa Danseni sɛ: “M’ani agye paa sɛ mahu wo wɔ adesua ase. Da biara, wusiesie wo mma nsia no ho kama ba adesua, na moba nso a, obiara ma mmuae.” Onuawa no tee asɛm no, ɛkaa ne koma paa, na n’ani tetɛwee. Ɔka kyerɛɛ ɔpanyin no sɛ: “Asɛm a woaka yi, ɛnnɛ meda a, mɛda.”

Yehowa fa asɛnka adwuma no so hyɛ yɛn den (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Yɛkɔ asɛnka a, ɛboa yɛn sɛn?

14 Asɛnka ma yenya ahoɔden. Sɛ yɛka Bible mu nokwasɛm kyerɛ nkurɔfo a, sɛ wotie oo, wɔantie oo, yɛn ho dwo yɛn, na yenya ahoɔden. (Mmeb. 11:25) Onuawa bi a wɔfrɛ no Stacy hui sɛ asɛnka ma yenya ahoɔden ampa. Bere a wotuu ne busuani fii asafo no mu no, ɛma ɔyɛɛ basaa paa. Obisaa ne ho sɛ, ‘Biribi wɔ hɔ a na ɛsɛ sɛ meyɛ boa me busuani no a manyɛ anaa?’ Ɛno ara na na odwen ho. Ɛdɛn na ɛboaa no maa ne ho tɔɔ no? Ɛyɛ asɛnka adwuma no! Sɛ ɔreyɛ asɛnka adwuma no a, na odwen nea obetumi ayɛ aboa nkurɔfo a wɔwɔ n’asaasesin mu no ho. Ɔkaa sɛ: “Saa bere no, Yehowa maa minyaa Bible suani bi a onyaa nkɔanim ntɛmntɛm. Ɛno hyɛɛ me nkuran paa. Ade a ɛboa me paa wɔ m’asetenam ne sɛ mɛkɔ asɛnka.”

15. Ɛdɛn na yesua fi asɛm a Mary kae no mu?

15 Ebinom wɔ hɔ a, wɔn nsɛm tebea nti, ebia wobenya adwene sɛ wɔrentumi nyɛ asɛnka adwuma no pii. Sɛ saa na ɛyɛ wo a, kae sɛ, sɛ woyere wo ho yɛ nea wubetumi a, Yehowa ani begye. Ma yɛnhwɛ Mary a yɛadi kan aka ne ho asɛm no. Bere a otu kɔɔ asaasesin a wɔka ɔman foforo so kasa mu no, na ɛyɛ no sɛ ne so nni mfaso. Ɔkaa sɛ: “Mfiase no, nea na mitumi yɛ ara ne sɛ mɛma mmuae tiawa, anaa mɛkan kyerɛwsɛm baako bi, anaa mede kratawa bɛma wɔ asɛnka mu.” Sɛ ɔhwɛ nea wɔn a wotumi ka kasa no yiye tumi yɛ, na ɔhwɛ nea ɔno nso yɛ a, na ohu ne ho sɛ ɔyɛ nkyene a, na wayera mu. Nanso ɔsesaa n’adwene. Obehui sɛ, sɛ ontumi nka kasa no yiye mpo a, Yehowa betumi de no ayɛ adwuma. Ɔkaa sɛ, “Nsɛm a Bible ka no, ɛnyɛ den sɛ obi bɛte ase, na ɛno ara nso na ɛsesa nkurɔfo abrabɔ.”

16. Wɔn a biribi nti wɔaka dan mu no, dɛn na ɛbɛboa wɔn ama wɔanya ahoɔden aka asɛmpa no?

16 Yɛn mu bi wɔ hɔ a yɛpɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no bi, nanso yɛaka dan mu. Yehowa nim ne nyinaa, na asɛnka adwuma no ho anigye a yɛwɔ no nko ara mpo ma n’ani gye. Obetumi abue kwan bi ama yɛn ama yɛatumi aka asɛmpa no akyerɛ wɔn a wɔhwɛ yɛn ne nnuruyɛfo. Sɛ yɛde nea na yetumi yɛ kan no toto nea seesei yɛyɛ ho a, ebetumi ama yɛn abam abu. Nanso sɛ yɛde yɛn adwene si nea Yehowa reyɛ boa yɛn seesei no so a, yebenya ahoɔden na yɛde agyina ɔhaw biara ano.

17. Sɛnea Ɔsɛnkafo 11:6 kyerɛ no, sɛ ɛte sɛ nea asɛnka adwuma a yɛreyɛ no nsow aba mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara yɛ?

17 Sɛ yegu nokware aba no a, yɛrentumi nkyerɛ sɛ wei anaa wei na ebefifi na agye ntini. (Kenkan Ɔsɛnkafo 11:6.) Ɛho nhwɛso ni. Barbara yɛ onuawa a wadi mfe 80 ne kakra. Ɔtaa fa tɛlɛfon ne nkrataakyerɛw so na edi adanse. Bere bi, ɔkyerɛw krataa bi a na ɔde rekodi adanse, na ɔde March 1, 2014 Ɔwɛn-Aban baako kaa ho. Ná asɛm bi wɔ Ɔwɛn-Aban no mu a yɛato din sɛ, “Nea Onyankopɔn Ayɛ Ama Wo.” Onnim nea ɛyɛe a ne krataa no kodii awarefo bi a wɔatu wɔn nsam. Awarefo no kenkan Ɔwɛn-Aban no mpɛn pii. Ɔbarima no faa no sɛ Yehowa na ɔrekasa kyerɛ no tee. Wɔn mmienu nyinaa fii ase kɔɔ asafo nhyiam. Wotuu wɔn no, na mfe 27 atwam, nanso afei wɔsan fii ase som Yehowa. Krataa baako pɛ a Barbara kyerɛwee nti, hwɛ nea efii mu bae. Hwɛ sɛnea wei bɛhyɛ no den na ama n’ani agye!

Yehowa fa nneɛma a edidi so yi so na ɛhyɛ yɛn den (1) mpaebɔ, (2) Bible, (3) Kristofo fekubɔ, ne (4) asɛnka adwuma no (Hwɛ nkyekyɛm 9-10, 12, 14)

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na Yehowa ama yɛn ahoɔden?

18 Yehowa ama yɛn nneɛma bebree a ɛma yenya ahoɔden paa. Saa nneɛma no bi ne: mpaebɔ, Bible, Kristofo fekubɔ, ne asɛnka adwuma no. Sɛ yɛde saa nneɛma no yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi sɛ obetumi aboa yɛn, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. Momma yɛmfa yɛn werɛ nyinaa nhyɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no mu. Efisɛ n’ani gye ho sɛ “ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho” no.—2 Be. 16:9.

DWOM 61 Adansefo, Monkɔ Mo Anim!

^ nky. 5 Yɛte mmere a emu yɛ den mu, enti yehyia ɔhaw bebree. Nanso Yehowa boa yɛn ma yetumi gyina ano. Adesua yi mu no, yebehu sɛ ɔhaw ne amanehunu a ɔsomafo Paul ne Timoteo faa mu nyinaa, Yehowa boaa wɔn ma wɔkɔɔ so som no. Yɛbɛhwɛ nea Yehowa yɛ de boaa wɔn. Ɛnnɛ nso, Yehowa ama yɛn nneɛma nnan bi a ɛboa yɛn ma yetumi gyina yɛn haw ahorow ano na yɛkɔ so som no. Yɛbɛhwɛ saa nneɛma nnan no.

^ nky. 2 Wɔasesa din no.

^ nky. 53 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a wɔkaa Paul hyɛɛ fie wɔ Roma no, ɔkyerɛw nkrataa pii kɔmaa asafo ahorow, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbɛsraa no no.

^ nky. 55 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a Timoteo kɔsrasraa asafo ahorow no, ɔhyɛɛ anuanom den.