Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 20

Adiyisɛm Nhoma No Mu Nsɛm—Ɛfa Onyankopɔn Atamfo Ho Sɛn?

Adiyisɛm Nhoma No Mu Nsɛm—Ɛfa Onyankopɔn Atamfo Ho Sɛn?

“Wɔboaboaa ahemfo no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Armagedon.”—ADI. 16:16.

DWOM 150 Hwehwɛ Nyankopɔn na Nya Nkwa

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Adiyisɛm nhoma no ma yehu fa Onyankopɔn nkurɔfo ho?

 ADIYISƐM nhoma no ma yehu sɛ, Onyankopɔn soro Ahenni no afi ase redi tumi, na wɔapam Satan afi soro. (Adi. 12:1-9) Pam a wɔapam Satan no ama anigye aba soro, nanso ɛde ɔhaw pii abrɛ yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ wɔn a wɔde nokwaredi resom Yehowa wɔ asaase so no, Satan de n’anibere abewie wɔn so.—Adi. 12:12, 15, 17.

2. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so de nokwaredi asom Yehowa?

2 Amanehunu a Satan de ba yɛn so nyinaa akyi no, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so de nokwaredi asom Yehowa? (Adi. 13:10) Ade baako a ɛbɛboa yɛn ne sɛ, yebehu nea ɛbɛba daakye. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔsomafo Yohane ka nhyira a yɛn nsa bɛka nnansa yi ara no bi ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Saa nhyira no baako ne sɛ, wɔbɛsɛe Onyankopɔn atamfo nyinaa. Momma yɛnhwɛ sɛnea Adiyisɛm nhoma no ka atamfo yi ho asɛm, ne nea ɛbɛto wɔn.

WƆDE NNEƐMA BI GYINA HƆ MA ONYANKOPƆN ATAMFO

3. Nneɛma a wɔde gyina hɔ ma biribi wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, emu bi ne nea ɛwɔ he?

3 Adiyisɛm nhoma no mfiase pɛɛ na wɔbɔ yɛn amanneɛ sɛ, emu nsɛm no yɛ “nsɛnkyerɛnne” anaa nneɛma bi a wɔde gyina hɔ ma biribi. (Adi. 1:1) Ɛka nkekaboa bi a wogyina hɔ ma Onyankopɔn atamfo ho asɛm. Ɛho nhwɛso ne ‘akekaboa bi a ɔrepue afi po mu’ no. “Ɔwɔ mmɛn du ne ti ason.” (Adi. 13:1) Ɔno akyi no, akekaboa foforo bi nso ‘pue fii asaase mu.’ Saa akekaboa yi kasa te sɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hu, na “ɔma ogya mpo fi soro ba.” (Adi. 13:11-13) Afei, “akekaboa kɔkɔɔ bi” nso bae a na tuutuuni bi te ne so. Saa nkekaboa mmiɛnsa yi gyina hɔ ma nkurɔfo bi a efi teteete nyinaa wɔsɔre tia Yehowa Nyankopɔn ne n’Ahenni no. Ɛno nti, ɛho hia sɛ yehu saa atamfo no.—Adi. 17:1, 3.

MMOA AKƐSE NNAN

Wopue ‘fi po mu.’ (Dan. 7:1-8, 15-17) Wogyina hɔ ma aban ahorow a wodii aman a na Onyankopɔn nkurɔfo dɔɔso wɔ hɔ so, anaa wɔtan Onyankopɔn nkurɔfo ani fi Daniel bere so (Hwɛ nkyekyɛm 4, 7)

4-5. Sɛn na asɛm a ɛwɔ Daniel 7:15-17 no boa yɛn ma yehu nea saa nkekaboa no gyina hɔ ma?

4 Ansa na yebehu saa atamfo no, ɛsɛ sɛ yehu nea saa nkekaboa no ne tuutuuni no gyina hɔ ma. Sɛ yɛbɛte ase yiye a, gye sɛ yɛma Bible no kyerɛ yɛn. Nneɛma a wɔde gyina hɔ ma biribi a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, bebree wɔ hɔ a Bible nhoma afoforo adi kan akyerɛkyerɛ mu. Ɛho nhwɛso ni. Odiyifo Daniel soo dae bi, na ohui sɛ ‘mmoa akɛse anan apue afi ɛpo mu.’ (Daniel 7:1-3) Daniel kyerɛ mu sɛ, mmoa akɛse yi gyina hɔ ma “ahemfo” anaa aban ahorow nnan. (Kenkan Daniel 7:15-17.) Nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ yi boa yɛn ma yehu sɛ, mmoa a wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, ɛda adi sɛ wɔn nso begyina hɔ ama aban anaa tumidi.

5 Nneɛma a wɔde gyina hɔ ma biribi a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, momma yɛmpɛɛpɛɛ bi mu nhwɛ. Yɛyɛ saa a, yebehu sɛ nneɛma a wɔde gyina hɔ ma biribi no, Bible no boa yɛn ma yɛte ase. Yɛde nkekaboa a wɔba toatoaa so no befi ase. Nea edi kan, yɛbɛhwɛ nea wɔn mu biara gyina hɔ ma. Afei yɛbɛhwɛ nea ɛbɛto saa nkekaboa yi. Ne korakora no, yɛbɛhwɛ sɛnea saa nsɛm yi fa yɛn ho.

YƐAHU WƆN A WƆYƐ ONYANKOPƆN ATAMFO NO

AKEKABOA A ƆWƆ TI NSON

Opue ‘fi po mu,’ na ɔwɔ ti nson, mmɛn du, ne ahemmotiri du (Adi. 13:1-4) Ogyina hɔ ma aban ahorow nyinaa a adi nnipa so fi tete besi nnɛ. Ti nson no gyina hɔ ma wiase nyinaa tumidi nson a wodii aman a na Onyankopɔn nkurɔfo dɔɔso wɔ hɔ so, anaa wɔtan Onyankopɔn nkurɔfo ani (Hwɛ nkyekyɛm 6-8)

6. Akekaboa a ɔwɔ ti nson a ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 13:1-4 no gyina hɔ ma dɛn?

6 Akekaboa a ɔwɔ ti nson no gyina hɔ ma dɛn? (Kenkan Adiyisɛm 13:1-4.) Yehu sɛ saa aboa yi te sɛ ɔsebɔ, nanso ne nan te sɛ osisi nan, n’ano te sɛ gyata ano, na ɔwɔ mmɛn du. Saa ara na mmoa nnan a wɔn ho asɛm wɔ Daniel ti 7 no nso te. Nanso Adiyisɛm nhoma no de, ɛnka mmoa nnan ho asɛm, mmom aboa baako a ɔte sɛ mmoa nnan no nyinaa na ɛka ho asɛm. Saa akekaboa yi, ɛnyɛ aban bi anaa ahemman bi a edi wiase nyinaa so na egyina hɔ ma. Wɔka akekaboa yi ho asɛm sɛ, odi “mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa ne aman nyinaa so.” Enti, ɛsɛ sɛ ɛyɛ kɛse sen aban a edi ɔman baako pɛ bi so. (Adi. 13:7) Ɛnde, ɛda adi sɛ saa akekaboa yi begyina hɔ ama aban ahorow nyinaa a adi nnipa so fi tete besi nnɛ. *Ɔsɛnk. 8:9.

7. Akekaboa no ti nson no, emu biara gyina hɔ ma dɛn?

7 Ti nson no mu biara gyina hɔ ma dɛn? Asɛm bi wɔ Adiyisɛm ti 17 a ɛbɛma yɛanya mmuae no, efisɛ ɛka aboa a ɔwɔ Adiyisɛm ti 13 no honi ho asɛm. Adiyisɛm 17:10 ka sɛ: “Ahemfo baason na ɛwɔ hɔ: Baanum ahwe ase, baako wɔ hɔ, na ɔfoforo no nnya mmae; na sɛ ɔba a, ɛsɛ sɛ ɔtena hɔ kakra.” Aban ahorow a Satan de wɔn adi dwuma nyinaa, emu nson na wɔka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “ti” efisɛ na wɔwɔ tumi paa. Aman a na Onyankopɔn nkurɔfo dɔɔso wɔ so no, saa aban ahorow yi dii wɔn so, anaa saa aban ahorow yi tan Onyankopɔn nkurɔfo ani. Eduu ɔsomafo Yohane bere so no, na wɔn mu nnum ahenni atwam. Wɔne Egypt, Asiria, Babilon, Medo-Persia, ne Greece. Wiase nyinaa tumidi a ɛtɔ so nsia ne Roma. Bere a wɔde Adiyisɛm nhoma no mu nsɛm maa Yohane no, na ɛno ne tumidi a ɛwɔ hɔ. Ná aban bɛn na ɛbɛyɛ ti a ɛtɔ so nson a ɛyɛ wiase nyinaa tumidi a etwa to no?

8. Akekaboa no ti a ɛtɔ so nson no, egyina hɔ ma tumidi bɛn?

8 Sɛnea yebehu no, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no boa yɛn ma yehu akekaboa no ti a ɛtɔ so nson, anaa nea etwa to no. Awiei mmere yi, anaa “Awurade da” yi mu no, ɔman bɛn na ɛwɔ tumi paa? (Adi. 1:10) Ɛyɛ United Kingdom ne United States of America a wɔaka abom. Ɛno ara nso na yɛfrɛ no Anglo-Amerika Wiase Tumidi no. Wei nti, yebetumi aka sɛ, ɛno ne akekaboa no ti a ɛtɔ so nson a ɛho asɛm wɔ Adiyisɛm 13:1-4 no.

AKEKABOA A ƆWƆ MMƐN MMIENU TE SƐ OGUAN BA

Opue ‘fi asaase mu’ na ɔkasa “te sɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hu.” Ɔma ‘ogya fi soro ba’ na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ “atoro diyifo.” (Adi. 13:11-15; 16:13; 19:20) Aboa a ɔwɔ mmɛn mmienu a ɔno ara nso ne atoro diyifo no gyina hɔ ma Anglo-Amerika. Ɔdaadaa asaase sofo nyinaa na ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ “akekaboa” a ɔwɔ ti nson ne mmɛn du no “honi.” (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9. Akekaboa a ɔwɔ “mmɛn abien te sɛ oguan ba” no gyina hɔ ma tumidi bɛn?

9 Adiyisɛm ti 13 ma yehu sɛ Anglo-Amerika Wiase Tumidi no san yɛ n’ade te sɛ akekaboa bi. Saa akekaboa no, “ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguan ba, nanso ofii ase kasae te sɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hu.” Saa aboa yi yɛ “nsɛnkyerɛnne akɛse, na ɔma ogya mpo fi soro ba asaase so wɔ nnipa anim.” (Adi. 13:11-15) Adiyisɛm ti 16 ne 19 ka saa akekaboa yi ho asɛm sɛ, ɔyɛ “atoro diyifo.” (Adi. 16:13; 19:20) Daniel nso ka biribi a ɛte saa. Ɔka sɛ, Anglo-Amerika Wiase Tumidi no ‘bɛsɛe ade aboro so.’ (Dan. 8:19, 23, 24) Saa pɛpɛɛpɛ na esii wɔ Wiase Ko II no mu. Atopae mmienu a wɔtoe a ɛboa maa ɔko no baa awiei no, Britain ne Amerika abɔde mu nyansahufo na ɛyɛe. Ampa ara, Anglo-Amerika Wiase Tumidi no ‘maa ogya fii soro baa asaase so.’

AKEKABOA KƆKƆƆ

Babilon Kɛse a ɔyɛ tuutuuni no te ne so. Wɔka saa aboa no ho asɛm sɛ ɔhene a ɔtɔ so nwɔtwe. (Adi. 17:3-6, 8, 11) Mfiase no, tuutuuni no na na ɔkyerɛ akekaboa no nea ɔnyɛ, nanso akyiri yi, akekaboa no sɛee tuutuuni no. Tuutuuni no gyina hɔ ma wiase nyinaa atorosom ahemman. Ɛnnɛ, aboa no gyina hɔ ma Amanaman Nkabom a ɛyɛ adwuma ma aban ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no (Hwɛ nkyekyɛm 10, 14-17)

10. “Akekaboa no honi no” gyina hɔ ma dɛn? (Adiyisɛm 13:14, 15; 17:3, 8, 11)

10 Wei akyi no, akekaboa foforo nso yi ne ti. Saa akekaboa yi te sɛ akekaboa a ɔwɔ ti nson no pɛpɛɛpɛ, nanso wei de ɔyɛ kɔkɔɔ. Wɔfrɛ no “akekaboa no honi,” na wɔka ne ho asɛm sɛ, ɔyɛ “ɔhene a ɔto so awotwe.” * (Kenkan Adiyisɛm 13:14, 15; 17:3, 8, 11.) Adiyisɛm nhoma no ka saa “ɔhene” yi ho asɛm sɛ ɔbae, ɛnna ɔyerae, ɛnna ɔsan puei. Wei de, Amanaman Nkabom a ɛyɛ adwuma ma aban ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no, ne ho asɛm paa na ɛreka yi! Bere a edii kan bae no, na wɔfrɛ no Amanaman Apam. Wiase Ko II no mu no, egui anaasɛ ɛyerae. Akyiri yi, ɛsan bae sɛ Amanaman Nkabom.

11. Aban ahorow a wɔka wɔn ho asɛm sɛ nkekaboa no, dɛn na wɔhyɛ nkurɔfo kutupa sɛ wɔnyɛ, na adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro wɔn?

11 Aban ahorow a wɔka wɔn ho asɛm sɛ nkekaboa no nam wɔn nnaadaasɛm so hyɛ nkurɔfo kutupa sɛ wɔnsɔre ntia Yehowa ne ne nkurɔfo. Sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔboaboa ‘asaase nyinaa so ahemfo ano’ kɔ ɔko bi a wɔfrɛ no Armagedon. Ɛno ne “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no.” (Adi. 16:13, 14, 16) Nanso wei mma yɛmmɔ hu. Yɛn Nyankopɔn Pumpuni Yehowa bɛwosow ne ho ntɛm pa ara, na wagye wɔn a wɔtaa ne tumidi akyi nyinaa.—Hes. 38:21-23.

12. Dɛn na ɛbɛto nkekaboa no nyinaa?

12 Dɛn na ɛbɛto nkekaboa no nyinaa? Mmuae no wɔ Adiyisɛm 19:20. Ɛhɔ ka sɛ: “Wɔkyeree akekaboa no ne atoro diyifo a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne wɔ n’anim de daadaa wɔn a wonyaa akekaboa no ahyɛnsode no ne wɔn a wɔsom ne honi no. Afei wɔtow wɔn baanu nyinaa guu ogya tare a sɔfe redɛw wom no mu animono.” Wei kyerɛ sɛ, bere a aban ahorow yi tumidi da so gyina mu no, Onyankopɔn bɛsɛe wɔn afebɔɔ.

13. Ɔhaw bɛn na aban ahorow a ɛwɔ wiase no de ba Kristofo so?

13 Wei fa yɛn ho sɛn? Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti, ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware, na yɛtaa n’Ahenni no akyi. (Yoh. 18:36) Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho fɔrefɔre wiase amanyɔsɛm. Ebetumi ayɛ den paa ama yɛn sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi amanyɔsɛm ho, efisɛ aban a ɛwɔ wiase nyinaa pɛ sɛ wɔn manfo de wɔn kasa ne wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ wɔtaa wɔn akyi denneennen. Wɔn a wɔbɛma aban no ahunahuna wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ amanyɔsɛm mu no benya aboa no ahyɛnsode no bi. (Adi. 13:16, 17) Obiara nso a obegye saa ahyɛnsode no, Yehowa ne no bedi, na daa nkwa bɛbɔ no. (Adi. 14:9, 10; 20:4) Wei nti, sɛ aban ahorow no bɛyɛ dɛn oo, wɔbɛyɛ dɛn oo, ehia paa sɛ yɛn mu biara hwɛ yiye na wamfa ne ho anhyɛ amanyɔsɛm mu ketekete mpo!

TUUTUUNI KƐSE NO AWIEI BƐYƐ TAN

14. Yɛhwɛ Adiyisɛm 17:3-5 a, ade a ɛyɛ nwonwa bɛn na ɔsomafo Yohane san hui?

14 Ɔsomafo Yohane ka sɛ biribi a ɔsan hui maa ‘ne ho dwiriw no paa.’ Ɛdɛn na ohui? Ohui sɛ ɔbea bi te nkekaboa a wɔn ho yɛ hu no baako so. (Adi. 17:1, 2, 6) Wɔka ɔbea yi ho asɛm sɛ ɔyɛ “tuutuuni kɛse,” na ne din de “Babilon Kɛse.” Ɔne ‘asaase so ahemfo abɔ aguaman.’—Kenkan Adiyisɛm 17:3-5.

15-16. Hena ne “Babilon Kɛse” no, na yɛyɛ dɛn hu?

15 Hena ne “Babilon Kɛse” no? Yɛrentumi nka sɛ saa ɔbea yi gyina hɔ ma aban bi, efisɛ wɔka ne ho asɛm sɛ ɔne asaase so ahemfo abɔ aguaman. (Adi. 18:9) Nokwasɛm ne sɛ, te a ɔte wɔn so no kyerɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ atumfo no nea wɔnyɛ. Afei nso, yɛrentumi nka sɛ ogyina hɔ ma Satan wiase yi mu aguadifo adifudepɛfo no, efisɛ wɔka wɔn ho asɛm wɔ baabi foforo wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ “asaase so aguadifo.”—Adi. 18:11, 15, 16.

16 Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ, sɛ obi ka sɛ ɔsom Nyankopɔn na ɔde ne ho hyɛ abosonsom mu a, yetumi ka sɛ ɔyɛ ‘oguamammɔfo’ anaa tuutuuni. Afei nso, sɛ obi yɛ biribi de kyerɛ sɛ ɔyɛ wiase no adamfo a, ɔno nso yetumi ka sɛ ɔyɛ ‘ɔwaresɛefo’ anaa tuutuuni. (1 Be. 5:25; Yak. 4:4) Nanso wɔn a wɔde nokwaredi som Onyankopɔn no de, wɔka wɔn ho asɛm sɛ ‘efĩ nkaa wɔn’ anaa wɔyɛ “mmaabun.” (2 Kor. 11:2; Adi. 14:4, ase hɔ asɛm) Ná tete Babilon yɛ atorosom adwosuo. Enti, yebetumi aka sɛ Babilon Kɛse no gyina hɔ ma atorosom nyinaa. Nokwasɛm ne sɛ, ɔyɛ wiase nyinaa atorosom ahemman.—Adi. 17:5, 18; hwɛ asɛm a ɛwɔ jw.org a yɛato din “Dɛn Ne Babilon Kɛse?” no.

17. Dɛn na ɛbɛto Babilon Kɛse no?

17 Dɛn na ɛbɛto Babilon Kɛse no? Asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 17:16, 17 ma yenya mmuae no. Ɛhɔ ka sɛ: “Mmɛn du a wuhui no, ne afei akekaboa no, eyinom bɛtan tuutuuni no na wɔayɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw, na wobedi ne nam na wɔde ogya ahyew no dwerɛbee. Onyankopɔn na ɔde hyɛɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu.” Ampa, Yehowa bɛkanyan amanaman no, na wɔnam akekaboa kɔkɔɔ a ogyina hɔ ma Amanaman Nkabom no so, atow ahyɛ atorosom nyinaa so ayɛ no defedefe.—Adi. 18:21-24.

18. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛne Babilon Kɛse no nni hwee yɛ?

18 Wei fa yɛn ho sɛn? Ɛsɛ sɛ yɛn ‘som ho tew a efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ani so.’ (Yak. 1:27) Babilon Kɛse no atoro nkyerɛkyerɛ, n’abosonsom afahyɛ, ɔbrafĩ a abu so wom, ne ahonhonsɛm a ɛkɔ so wom no, ɛnsɛ sɛ yɛma emu biara nya yɛn so nkɛntɛnso da! Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ, ‘womfi ne mu’ sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn remmu wɔn sɛ wɔka ne bɔne no ho.—Adi. 18:4.

ONYANKOPƆN TAMFO KƐSE NO ATEMMU

ƆWƆ KƐSE KƆKƆƆ A NE HO YƐ HU

Satan na ɔma akekaboa no tumi. (Adi. 12:3, 9, 13; 13:4; 20:2, 10) Wɔde Yehowa tamfo kɛse Satan bɛto amoa donkudonku mu mfe 1,000. Ɛno akyi no, wɔbɛtow Satan ato “ogya tare a sɔfe wom no mu.” (Hwɛ nkyekyɛm 19-20)

19. Hena ne “ɔwɔ kɛse kɔkɔɔ a ne ho yɛ hu” no?

19 Adiyisɛm nhoma no san ka “ɔwɔ kɛse kɔkɔɔ a ne ho yɛ hu” bi ho asɛm. (Adi. 12:3) Saa ɔwɔ yi ne Yesu ne n’abɔfo koe. (Adi. 12:7-9) Otu n’ani si Onyankopɔn nkurɔfo so, na ɔma aban ahorow a wɔka wɔn ho asɛm sɛ nkekaboa no tumi. (Adi. 12:17; 13:4) Hena ne saa ɔwɔ yi? Ɔno ne “ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan” no. (Adi. 12:9; 20:2) Yehowa atamfo a aka nyinaa, ɔno na ɔhyɛ wɔn kutupa.

20. Dɛn na ɛbɛto ɔwɔ kɛse no?

20 Dɛn na ɛbɛto ɔwɔ kɛse no? Adiyisɛm 20:1-3 ka sɛ ɔbɔfo bi bɛtow Satan ato “amoa donkudonku” bi mu. Ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔde no ato afiase. Sɛ wɔde Satan to afiase a, “ɔrentumi nkɔdaadaa amanaman no bio kosi sɛ mfe 1,000 no bɛba awiei.” Awiei koraa no, wɔbɛtow Satan ne n’ahonhommɔne no agu “ogya tare a sɔfe wom no mu.” Wei kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ. (Adi. 20:10) Wo de, hwɛ sɛ wote wiase bi mu a Satan ne n’ahonhommɔne no nni hɔ. Ɛbɛyɛ anigyesɛm paa!

21. Nea yɛasua wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye?

21 Nneɛma a wɔde gyina hɔ ma biribi wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, yɛn ani agye paa sɛ yɛate ase! Yɛahu wɔn a egyina hɔ ma Yehowa atamfo no, na yɛasan ahu nea ɛbɛto wɔn. Ampa, “anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den, ne wɔn a wotie”! (Adi. 1:3) Sɛ woyi Onyankopɔn atamfo no fi hɔ a, nhyira bɛn na nnipa anokwafo benya? Yɛbɛka ɛno ho asɛm wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 23 Yehowa Redi Tumi

^ Adiyisɛm nhoma no de nneɛma bi na egyina hɔ ma Onyankopɔn atamfo. Daniel nhoma no ma yehu nea saa nneɛma no kyerɛ. Adesua yi mu no, yɛde Daniel nhoma no mu nkɔmhyɛ bi a ɛne nea ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu di nsɛ bɛyɛ ntotoho. Yɛnam saa kwan yi so betumi ahu Onyankopɔn atamfo. Afei, yebesusuw nea ɛbɛto wɔn no ho.

^ Ade foforo nso a ɛma yehu sɛ aboa a ɔwɔ ti nson no gyina hɔ ma aban ahorow nyinaa ne sɛ, ɔwɔ “mmɛn du.” Bible mu no, wɔtaa de nɔma du no gyina hɔ ma biribi a edi mu.

^ Akekaboa a odi kan no, na “ahemmotiri” bobɔ ne mmɛn ho, nanso saa akekaboa yi de, onni bi. (Adi. 13:1) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ‘ofi ahemfo ason no mu na ɛbae,’ na wɔn na ɛma no tumi. Hwɛ asɛm a ɛwɔ jw.org a yɛato din “Dɛn Ne Akekaboa Kɔkɔɔ a Adiyisɛm Ti 17 Ka Ne Ho Asɛm No?