Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 19

Adiyisɛm Nhoma No Mu Nsɛm—Ɛfa Wo Ho Sɛn Nnɛ?

Adiyisɛm Nhoma No Mu Nsɛm—Ɛfa Wo Ho Sɛn Nnɛ?

“Anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den.”—ADI. 1:3.

DWOM 15 Kamfo Yehowa Abakan No!

NEA YƐREBESUA *

1-2. Dɛn ne ade baako nti a ɛsɛ sɛ Adiyisɛm nhoma no mu nsɛm ho hia yɛn?

 OBI de ne album ama wo sɛ hwɛ mu pɛn? Bere a worehwɛ mfoni a ɛwom no, wuhu sɛ nnipa bebree wom a wunnim wɔn. Nanso, mfoni baako bi de, w’ani bɔɔ so ara na wugyinae. Adɛn ntia? Efisɛ wuhuu wo ho wom. Worehwɛ nyinaa, na wopɛ sɛ wokae da a mutwaa mfoni no, ne baabi a mutwaa no. Afei nso, na wopɛ sɛ wokae obiara a ɔwɔ mfoni no mu. Saa mfoni no som bo ma wo paa.

2 Adiyisɛm nhoma no te sɛ saa mfoni no. Adɛn ntia? Anyɛ yiye koraa no, nneɛma mmienu bi ntia. Nea edi kan, wɔkyerɛw saa nhoma yi maa yɛn. Ti a edi kan, nkyekyɛm a edi kan pɛɛ no ka sɛ: “Yesu Kristo adiyisɛm; Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm.” (Adi. 1:1) Wei kyerɛ sɛ, nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, wɔankyerɛw amma nnipa nyinaa, mmom wɔkyerɛw maa yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Yɛyɛ Onyankopɔn asomfo, enti sɛ yehu sɛ yɛka ho bi na ama nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu reba mu a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Yɛbɛka no kwan foforo so a, “yehu yɛn ho wɔ mfoni no mu.”

3-4. Sɛnea Adiyisɛm nhoma no ankasa ka no, bere bɛn na emu nkɔmhyɛ no bɛba mu, na sɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn mu biara?

3 Nea ɛtɔ so mmienu no fa bere a emu nkɔmhyɛ bɛba mu no ho. Ɔsomafo Yohane a na ne mfe akɔ anim no kaa bere a ɛbɛba mu no ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Mebaa Awurade da no mu wɔ honhom mu.” (Adi. 1:10) Bere a Yohane kyerɛw saa asɛm no bɛyɛ afe 96 Y.B. mu no, na “Awurade da no” nnya mmae koraa. (Mat. 25:14, 19; Luka 19:12) Nanso Bible nkɔmhyɛ ma yehu sɛ, saa da no fii ase afe 1914. Saa bere no na wosii Yesu Hene wɔ soro. Efi saa afe no reba no, Adiyisɛm no mu nkɔmhyɛ a ɛfa Onyankopɔn nkurɔfo ho no fii ase baa mu. Nokwasɛm ne sɛ, seesei yɛwɔ “Awurade da no” mu!

4 Esiane sɛ yɛn bere yi mu na Adiyisɛm nhoma no mu nkɔmhyɛ gu so ara reba mu nti, yɛn na ɛsɛ sɛ yetie afotu a ɛwɔ Adiyisɛm 1:3 no gu aso pa mu. Ɛhɔ ka sɛ: “Anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den, ne wɔn a wotie na wodi nea wɔakyerɛw wom no so, efisɛ bere a wɔahyɛ no abɛn.” Ampa, ɛsɛ sɛ ‘yɛkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den,’ na ‘yetie’ na ‘yedi so.’ Saa nsɛm a ɛsɛ sɛ yedi so no, ebi ne sɛn?

HWƐ HU SƐ WO SOM SƆ YEHOWA ANI

5. Dɛn na ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu a esi so dua sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn som sɔ Yehowa ani?

5 Efi Adiyisɛm ti a edi kan pɛɛ no, yehu sɛ Yesu nim biribiara a na ɛrekɔ so wɔ nsafo a na ne nkurɔfo wom no mu. (Adi. 1:12-16, 20; 2:1) Nsɛm a Yesu soma ma wɔde kɔmaa nsafo nson a na ɛwɔ Asia Kumaa no ma yehu sɛ, Yesu nim nea ɛrekɔ so wɔ asafo biara mu. Yɛhwɛ nsɛm a ɔkae no a, yehu sɛ ɔde afotu pɔtee maa Kristofo a na ɛwɔ hɔ saa bere no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn som bɛsɔ Yehowa ani. Asɛm a Yesu kae no fa Onyankopɔn nkurɔfo a ɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa ho. Adesuade bɛn na ɛwom ma yɛn? Sɛ yɛne Yehowa ntam yɛ papa a, yɛn Kannifo Kristo Yesu nim paa. Yesu di yɛn anim bɔ yɛn ho ban, na n’ani tua biribiara. Onim nea yɛyɛ a, ɛbɛma yɛne Yehowa ntam akɔ so ayɛ papa. Afotu bɛn na Yesu de mae a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma nnɛ?

6. (a) Yɛhwɛ Yesu nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 2:3, 4 no a, ɔhaw bɛn na na ɛrekɔ so wɔ Efeso asafo no mu? (b) Ɛdɛn na yesua fi mu?

6 Kenkan Adiyisɛm 2:3, 4. Ɛnsɛ sɛ yɛma ɔdɔ a yedii kan nya maa Yehowa no tew kɔ. Asɛm a Yesu soma ma wɔde kɔmaa asafo a ɛwɔ Efeso no ma yehu sɛ, ɔhaw a na wɔrehyia nyinaa akyi no, na wogu so de animia resom Yehowa. Ɛno mpo no, na wɔama ɔdɔ a wɔwɔ kan no atew kɔ. Ná ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn dɔ no mu gya, anyɛ saa a, wɔn som rensɔ Yehowa ani. Ɛnnɛ nso, ehia sɛ yemia yɛn ani som Yehowa, nanso adwempa na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ saa. Ɛnyɛ nea yɛyɛ nko ara na Onyankopɔn ani gye ho, mmom ɔhwɛ adwene a yɛde yɛ nso. Adwene a yɛde som Yehowa ho hia no, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔdɔ kann ne anisɔ a yɛwɔ ma no no na ɛkanyan yɛn ma yɛsom no.—Mmeb. 16:2; Mar. 12:29, 30.

7. (a) Yɛhwɛ Adiyisɛm 3:1-3 a, ɔhaw bɛn na Yesu kaa sɛ ɛwɔ Sardi asafo no mu? (b) Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

7 Kenkan Adiyisɛm 3:1-3. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so wɛn na yɛma yɛn ani da hɔ. Ná ɛsono Sardi asafo no mufo haw. Ɛwom sɛ kan no na wɔbɔ hyew wɔ Nyankopɔn som mu, nanso afei de na wɔretɔ nko. Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wonnyan.’ Kɔkɔbɔ bɛn na ɛwom ma yɛn? Ɛyɛ ampa sɛ Yehowa werɛ remfi yɛn adwuma. (Heb. 6:10) Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, esiane sɛ bere bi a atwam no yɛyeree yɛn ho som Yehowa nti, seesei yebetumi atew ada. Ebia seesei yentumi nyɛ pii sɛ kan no, nanso ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho wɔ “Awurade adwuma” no mu, yɛkɔ so wɛn, na yɛma yɛn ani da hɔ kosi awiei.—1 Kor. 15:58; Mat. 24:13; Mar. 13:33.

8. Asɛm a wɔka kyerɛɛ anuanom a ɛwɔ Laodikea wɔ Adiyisɛm 3:15-17 no, adesuade bɛn na yenya fi mu?

8 Kenkan Adiyisɛm 3:15-17. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsi na yefi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Laodikea asafo no mufo no ma yehu ɔhaw foforo bi. Ná wɔn som ayɛ “boturobodwo.” Esiane sɛ na wɔn som ayɛ nofoonofoo nti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn asɛm yɛ “mmɔbɔ san yɛ awerɛhow.” Enti na ehia sɛ wɔkentene wɔn ho som Yehowa. (Adi. 3:19) Ɛdɛn na yesua fi mu? Sɛ yɛn ahokeka so atew a, ɛnde nneɛma pa a Yehowa ne n’ahyehyɛde no ayɛ ama yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ kɛse. (Adi. 3:18) Ɛnsɛ sɛ yɛma ɛba da sɛ asetena pa bi a yɛrepɛ nti, yebepia Yehowa som ato nkyɛn.

9. Sɛnea Yesu asɛm a ɔde kɔmaa Kristofo a na ɛwɔ Pergamo ne Tiatira no ma yehu no, asiane bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho?

9 Ɛsɛ sɛ yɛpo awaefo nkyerɛkyerɛ. Yesu kaa ebinom a na wɔwɔ Pergamo asafo mu no anim, efisɛ na wɔde mpaapaemu ba. (Adi. 2:14-16) Tiatira asafo no mufo a wɔtwee wɔn ho fii “Satan nneɛma a emu dɔ” ho no, Yesu kamfoo wɔn, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wonkura’ nokware no mu “denneennen.” (Adi. 2:24-26) Kristofo a na wɔayɛ mmerɛw wɔ saa nsafo no mu a na wodi atoro nkyerɛkyerɛ akyi no, na ehia sɛ wɔsakra. Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Nkyerɛkyerɛ biara a ɛne Yehowa de nhyia no, ɛsɛ sɛ yɛpo. Wohwɛ awaefo a, anhwɛ a “wobɛka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔmmɔ wɔn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ.” (2 Tim. 3:5) Sɛ yɛyɛ nkurɔfo a yɛyere yɛn ho sua Onyankopɔn Asɛm a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebehu atoro nkyerɛkyerɛ na yɛapo.—2 Tim. 3:14-17; Yuda 3, 4.

10. Nea Yesu ka kyerɛɛ nsafo a na ɛwɔ Pergamo ne Tiatira no, dɛn bio na yebetumi asua afi mu?

10 Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ ɔbrabɔne biara mu anaa yɛsosɔ so. Ná ɔhaw foforo bi nso wɔ Pergamo ne Tiatira asafo no mu. Ebinom a na wɔwɔ saa nsafo no mu a wɔbɔɔ aguaman anaa wɔsosɔɔ so no, Yesu kasa tiaa wɔn. (Adi. 2:14, 20) Dɛn na yesua fi mu? Sɛ yɛasom Yehowa akyɛ sɛ dɛn anaa yɛwɔ ɔsom hokwan pii mpo, na yɛde yɛn ho hyɛ ɔbrabɔne biara mu anaa yɛsosɔ so a, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ Yehowa begye yɛn atom. (1 Sam. 15:22; 1 Pet. 2:16) Sɛ wiase no abrabɔ sɛe sɛ dɛn mpo a, yɛn de, Yehowa pɛ sɛ yekura abrabɔ pa mu.—Efe. 6:11-13.

11. Ɛde besi ha yi, dɛn na yɛasua? (Adaka a yɛato din “ Nea Yesua Fi Mu Nnɛ” no, hwɛ ɛno nso.)

11 Ɛde besi ha yi, sɛn na yɛbɛbɔ nea yɛasua no mua? Yɛahu sɛ, ɛho hia sɛ yɛma yɛn som sɔ Yehowa ani. Sɛ yɛreyɛ biribi a ebetumi agu yɛn som ho fi a, ɛnsɛ sɛ yɛtenatena ho koraa; ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden gyae. (Adi. 2:5, 16; 3:3, 16) Nanso nsɛm a Yesu de kɔmaa nsafo no, ɔkaa biribi foforo nso ho asɛm. Ná ɛyɛ dɛn?

FA ANIGYE GYINA ƆSƆRETIA ANO

Wɔtow Satan fii soro baa asaase so no, sɛn na wasɔre atia Onyankopɔn nkurɔfo? (Hwɛ nkyekyɛm 12-16)

12. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ anuanom a na ɛwɔ Smirna ne Filadelfia nsafo no mu no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (Adiyisɛm 2:10)

12 Nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ anuanom a na ɛwɔ Smirna ne Filadelfia nsafo no mu no, momma yensusuw ho. Ɔka kyerɛɛ Kristofo a ɛwɔ hɔ no sɛ, ɛnsɛ sɛ wosuro amanehunu, efisɛ sɛ wogyina mu kosi awiei a, wobenya so akatua. (Kenkan Adiyisɛm 2:10; 3:10) Dɛn na yesua fi mu? Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia ɔsɔretia, na ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani gyina ano. (Mat. 24:9, 13; 2 Kor. 12:10) Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkae saa asɛm yi?

13-14. Esiane nsɛm a ebesisi a ɛwɔ Adiyisɛm ti 12 nti, dɛn na ɛbɛto Onyankopɔn nkurɔfo?

13 Adiyisɛm nhoma no bɔ yɛn amanneɛ sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo behyia ɔsɔretia wɔ “Awurade da” no mu, na ɛno ne bere a yɛwɔ mu yi. Adiyisɛm ti 12 ka sɛ, sɛ wɔwo Onyankopɔn Ahenni no pɛ a, ɔko bɛkɔ so wɔ soro. Mikael, Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no ne n’abɔfo, ne Satan ne ahonhommɔne no bɛko. (Adi. 12:7, 8) Onyankopɔn atamfo no bedi nkogu, na wɔatow wɔn agu asaase so. Ɛno bɛma asaase ne wɔn a ɛte so no ahu amane paa. (Adi. 12:9, 12) Sɛ saa nsɛm yi sisi a, dɛn na ɛbɛto Onyankopɔn nkurɔfo?

14 Adiyisɛm nhoma no ma yehu nea ɛno akyi Satan bɛyɛ. Esiane sɛ ɔrentumi nkɔ soro bio nti, ɔde n’anibere bɛba abewie wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no so; wɔn ne Onyankopɔn Ahenni no ananmusifo wɔ asaase so a “wokura Yesu ho adansedi adwuma” no mu no. (Adi. 12:17; 2 Kor. 5:20; Efe. 6:19, 20) Sɛn na saa nkɔmhyɛ yi aba mu?

15. Henanom ne ‘adansefo baanu’ a wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 11 no, na ɛdɛn na ɛtoo wɔn?

15 Anuanom a wɔasra wɔn a na wodi Ahenni asɛmpaka adwuma no anim no, Satan piapiaa Onyankopɔn atamfo ma wɔsɔre tiaa wɔn. Anuanom mmarima a wodi asɛmpaka adwuma no anim no, wɔn ne ‘adansefo baanu’ a Adiyisɛm nhoma no ka wɔn ho asɛm sɛ wokum wɔn no. * (Adi. 11:3, 7-11) Afe 1918 mu no, atamfo dii atoro too wɔn mu baawɔtwe so, na wodii wɔn asɛm kaa sɛ wɔnkɔda afiase mfe pii. Wɔn a wɔasra wɔn no adwuma no, nnipa ani so de, na ɛte sɛ nea ‘wɔakum’ no, anaa aba awiei.

16. Anwonwasɛm bɛn na esii afe 1919, nanso dɛn na Satan akɔ so ayɛ fi saa bere no?

16 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm ti 11 no san kaa sɛ, bere tiaa bi akyi no, ‘adansefo baanu’ no bɛsan aba nkwa mu. Wɔde wɔn guu afiase no, afe a edi hɔ no ara, biribi a ɛyɛ nwonwa sii, maa saa nkɔmhyɛ no baa mu. March afe 1919 no, woyii anuanom a na wɔasra wɔn no fii afiase, na akyiri yi, sobo a wɔbɔɔ wɔn no, wotwaa ne nyinaa mu. Ɛhɔ ara na wɔsan de Ahenni adwuma no hyehyɛɛ so. Nanso wei amma Satan annyae ɔsɔretia a ɔde ba Onyankopɔn nkurɔfo so no. Efi saa bere no, Satan akɔ so de ɔsɔretia a ɛte sɛ “asubɔnten” aba Onyankopɔn asomfo nyinaa so. (Adi. 12:15) ‘Wei nti na ehia sɛ yɛn mu biara mia n’ani na onya gyidi no.’—Adi. 13:10.

FA WO HO NYINAA HYƐ ADWUMA A YEHOWA DE AMA YƐN NO MU

17. Ɛwom sɛ Satan atu n’ani asi Onyankopɔn nkurɔfo so, nanso mmoa a wɔn ani nna bɛn na wɔn nsa tumi ka?

17 Adiyisɛm ti 12 ma yehu sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo benya mmoa afi baabi a wɔn ani nna. Ɛhɔ kyerɛ mu sɛ, ɛbɛyɛ te sɛ nea “asaase” amene ɔsɔretia a ɛte sɛ “asubɔnten” no. (Adi. 12:16) Saa pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ a esi. Ɛho nhwɛso ne ahyehyɛde ahorow bi a ɛwɔ Satan wiase no mu a etumi de ne nan si fam no. Yɛhwɛ atemmu nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no bi sei a, ɛtɔ da a etumi twitwa gye Onyankopɔn nkurɔfo. Mpɛn pii na Onyankopɔn asomfo adi nkonim wɔ asɛnnibea, na wei ama wɔanya ahofadi kakra. Ahofadi a wɔanya no, dɛn na wɔde ayɛ? Wɔde adi dwuma yiye paa, de ayɛ adwuma a Yehowa de ama wɔn no. (1 Kor. 16:9) Dɛn ne saa adwuma yi?

Asɛm a ɛwɔ afã mmienu bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo reka? (Hwɛ nkyekyɛm 18-19)

18. Awiei mmere yi mu no, yɛn adwuma titiriw ne sɛn?

18 Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ n’akyidifo bɛka “[Onyankopɔn] Ahenni no ho asɛmpa” wɔ asaase so nyinaa ansa na awiei no aba. (Mat. 24:14) Sɛ wɔreyɛ saa adwuma yi a, abɔfokuw anaa ɔbɔfo bi bɔ wɔn kyidɔm. Wɔka saa abɔfokuw anaa ɔbɔfo yi ho asɛm sɛ “okura daa asɛmpa a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asaase so, aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.”—Adi. 14:6.

19. Asɛm bɛn bio na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa no ka?

19 Ɛnyɛ Ahenni no ho asɛmpa nko ara ne asɛm a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ka. Adwuma a abɔfo no reyɛ, a ɛho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 8 kosi 10 no nso, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo taa wɔn akyi. Ɔhaw ahorow a emu yɛ den a ɛbɛba wɔn a wɔpo Onyankopɔn Ahenni no so no, ɛno ho asɛm na saa abɔfo yi ka. Enti, Yehowa Adansefo ka atemmusɛm a ɛte sɛ “asukɔtweaa ne ogya.” Wɔnam wei so kyerɛ atemmu a Onyankopɔn de bɛba Satan wiase bɔne yi afã nyinaa so. (Adi. 8:7, 13) Ɛho hia sɛ nkurɔfo hu sɛ wiase yi awiei adu apon ano, na sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Yehowa abufuw da no a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae akɛseakɛse wɔ wɔn abrabɔ mu. (Sef. 2:2, 3) Nanso, ɛnyɛ saa asɛm yi na nkurɔfo repɛ atie. Enti, sɛ yebetumi ayɛ saa adwuma yi a, etwa sɛ yenya akokoduru. Ahohiahia kɛse no mu no, atemmusɛm a etwa to a yɛbɛka no ano bɛyɛ den paa.—Adi. 16:21.

DI NKƆMHYƐ NO MU NSƐM SO

20. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua mmienu a edi hɔ no mu?

20 “Nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no,” ehia paa sɛ yedi so, efisɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, yɛka ho bi na ɛreba mu. (Adi. 1:3) Nanso yɛbɛyɛ dɛn akɔ so amia yɛn ani de nokwaredi agyina ɔsɔretia ano, na yɛakɔ so de akokoduru aka asɛmpa no? Nneɛma mmienu yi betumi ahyɛ yɛn den: Nea edi kan ne nea Adiyisɛm nhoma no ka fa Onyankopɔn atamfo ho no. Nea ɛtɔ so mmienu ne nhyira a wɔn a wobedi nokware akosi awiei no benya. Yebesusuw saa nsɛm yi ho wɔ adesua mmienu a edi hɔ no mu.

DWOM 32 Gyina Yehowa Afã!

^ Nsɛm akɛseakɛse resisi wɔ yɛn bere yi so! Adiyisɛm nhoma no mu nkɔmhyɛ bebree gu so reba mu. Saa nkɔmhyɛ yi fa yɛn ho sɛn? Adesua yi, ne mmienu a edi hɔ no mu no, yebehu Adiyisɛm nhoma no mu nsɛntitiriw bi. Ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛde nhoma no mu nsɛm bɛbɔ yɛn bra, na ama yɛn som akɔ so asɔ Yehowa Nyankopɔn ani.

^ Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa November 15, 2014, Borɔfo Ɔwɛn-Aban mu no, kr. 30.