Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 22

Afotu Pa a Yɛde Bɛbɔ Yɛn Bra

Afotu Pa a Yɛde Bɛbɔ Yɛn Bra

“Yehowa ankasa na ɔma nyansa.”—MMEB. 2:6.

DWOM 89 Tie Onyankopɔn Asɛm na Nya Nhyira

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na yɛn nyinaa hia nyansa a efi Onyankopɔn hɔ? (Mmebusɛm 4:7)

 SƐ WOASI gyinae kɛse bi da a, wubegye atom sɛ wobɔɔ mpae hwehwɛɛ nyansa, efisɛ na wuhia nyansa ansa na woatumi asi saa gyinae no. (Yak. 1:5) Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ: “Nyansa ne ade a ehia paa.” (Kenkan Mmebusɛm 4:7.) Ɛnyɛ nyansa biara kɛkɛ na na Solomon reka ho asɛm, mmom nyansa a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ na na ɔreka ho asɛm. (Mmeb. 2:6) Yemmisa sɛ, nyansa a efi Nyankopɔn hɔ no, ebetumi aboa yɛn ama ɔhaw a yehyia no nnɛ no, yɛatumi adi ho dwuma yiye anaa? Yiw, ebetumi, sɛnea adesua yi bɛma yɛahu no.

2. Nneɛma a yɛyɛ a ɛbɛma yɛayɛ anyansafo paa no, emu baako ne sɛn?

2 Ade baako a yɛyɛ a ɛbɛma yɛayɛ anyansafo paa ne sɛ, mmarima mmienu a na nkurɔfo bu wɔn sɛ wonim nyansa paa no, yebesua wɔn nkyerɛkyerɛ, na yɛde abɔ yɛn bra. Nea yebedi kan aka ne ho asɛm ne Solomon. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhumu pii.” (1 Ahe. 4:29) Nea ɔtɔ so mmienu ne Yesu. Ɔno de, onim nyansa sen onipa biara. (Mat. 12:42) Bible hyɛɛ Yesu ho nkɔm sɛ: “Yehowa honhom bɛtena no so, nyansa ne ntease honhom.”—Yes. 11:2.

3. Ɛdɛn na yebesua wɔ adesua yi mu?

3 Onyankopɔn maa Solomon ne Yesu nyinaa nyansa paa. Ɛno nti, wotumi de afotu pa maa yɛn wɔ nneɛma bi a ɛho hia ho. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ saa nneɛma no mu mmiɛnsa. Ɛno ne sɛnea yebenya sika ne adwuma ho adwempa, ɛne sɛnea ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho tra so anaa yebu yɛn ho sɛ yɛnsɛ hwee.

SƐNEA YEBENYA SIKA HO ADWEMPA

4. Ná ɛsono Solomon sikasɛm, ɛnna ɛsono Yesu sikasɛm. Kyerɛkyerɛ mu.

4 Ná Solomon wɔ sika paa; asetena pa a na ɔwom de, ɛsɛ w’ani. (1 Ahe. 10:7, 14, 15) Nanso Yesu de, na nneɛma a ɔwɔ nnɔɔso, na na onni ɔno ara ne fie. (Mat. 8:20) Nanso na wɔn mmienu nyinaa wɔ ahonyade ho adwempa, efisɛ wɔn nyinaa nyaa wɔn nyansa no fii Yehowa Nyankopɔn hɔ.

5. Sika ho adwempa bɛn na na Solomon wɔ?

5 Solomon kaa sɛ sika “bɔ onipa ho ban.” (Ɔsɛnk. 7:12) Sɛ yɛwɔ sika a, yetumi nya nneɛma a yehia wɔ asetena mu, na ɛtɔ da a, nea yɛpɛ mpo, ɛma yɛn nsa tumi ka bi. Nanso Solomon sika nyinaa akyi no, ohui sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a, ɛho hia koraa kyɛn sika. Ɛho nhwɛso ni. Ɔkaa sɛ: “Hwehwɛ din pa, na ɛnyɛ ahonyade pii.” (Mmeb. 22:1) Afei nso, Solomon hui sɛ wɔn a wɔn ani bere sika no, wɔn ani ntaa nsɔ nea wɔwɔ. (Ɔsɛnk. 5:10, 12) Ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ mma yɛmmfa yɛn werɛ nyinaa nnhyɛ sika mu, efisɛ sika biara a yɛwɔ no, ebetumi atu ayera da koro pɛ.—Mmeb. 23:4, 5.

Sɛnea yebu ahonyade nti, yentumi nhwehwɛ Ahenni no kan wɔ yɛn asetena mu anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 6-7) *

6. Adwempa bɛn na na Yesu wɔ wɔ ahonyade ho? (Mateo 6:31-33)

6 Ná Yesu wɔ ahonyade ho adwempa, na na odidi nom. (Luka 19:2, 6, 7) Ɛbere bi, ɔyɛɛ nsã bi. Ná ɛyɛ papa paa kyɛn nsã biara. Ɛno ne anwonwade a odii kan yɛe. (Yoh. 2:10, 11) Da a owui no mpo, na ɔhyɛ ataade a ne bo yɛ den. (Yoh. 19:23, 24) Nanso Yesu abrabɔ mu no, ɛnyɛ ahonyade ne ade a na ɛho hia no paa. Enti ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Obiara rentumi nsom awuranom baanu . . . Morentumi nsom Onyankopɔn nsan nsom Ahonyade.” (Mat. 6:24) Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, sɛ yɛhwehwɛ Ahenni no kan a, Yehowa nso bɛhwɛ ama yɛn nsa aka nea yehia.—Kenkan Mateo 6:31-33.

7. Onua bi a onyaa sika ho adwempa no, ɛboaa no sɛn?

7 Sika ho afotu a Yehowa de ama yɛn no, yɛn nuanom bebree de ayɛ adwuma ama aboa wɔn. Wo de, yɛnhwɛ onua sigyani bi a ne din de Daniel. Ɔka sɛ: “Merenyin no, meyɛɛ m’adwene sɛ Yehowa som paa na mede besi m’ani so.” Ɛnam sɛ Daniel yɛɛ ne ho awiɛmfoɔ na wanyɛ akɛsesɛm nti, watumi de ne bere ne ne nimdeɛ aboa asafo nnwuma bebree. Ɔsan ka sɛ: “Metumi de me nsa asi me bo aka sɛ, minnuu me ho da sɛ misii saa gyinae no. Sɛ mede sii m’ani so sɛ mɛpɛ sika a, anka metumi anya me ho tam. Nanso meyɛɛ saa a, anka ɛbɛyɛ dɛn na manya nnamfo pa bebree a seesei mewɔ no? Ahenni no a mede dii kan no nti, manya anigye ne abotɔyam paa. Nanso sɛ mede sikapɛ sii m’ani so a, anka ɛbɛyɛ dɛn na manya weinom nyinaa? Sɛ yɛde wiase sika nyinaa ma me mpo a, ɛrento nhyira a Yehowa de ama me no da.” Anokwa, sɛ yɛamfa sikapɛ ansi yɛn ani so, na yɛde Onyankopɔn som si yɛn ani so a, ɛso mfaso de, buburugyaa.

SƐNEA YEBENYA ADWUMA HO ADWEMPA

8. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Solomon wɔ adwuma ho adwempa? (Ɔsɛnkafo 5:18, 19)

8 Anigye a yenya fi adwumaden mu no, Solomon kaa sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn akyɛde.” (Kenkan Ɔsɛnkafo 5:18, 19.) Ɔkyerɛwee sɛ: “Adwumaden biara so wɔ mfaso.” (Mmeb. 14:23) Ná Solomon nim nea ɔreka. Ná ɔyɛ adwuma ankasa! Osisii adan, ɔyeyɛɛ bobefuw, na ɔyeyɛɛ nturo ne atare. Afei nso, ɔkyekyee nkurow. (1 Ahe. 9:19; Ɔsɛnk. 2:4-6) Ná weinom nyinaa yɛ adwumaden, na ɛmaa Solomon nyaa akomatɔyam paa. Nanso na Solomon nim sɛ, sɛ n’anigye bewie pɛyɛ a, gye sɛ ɔyɛ biribi ka ho. Ɛne sɛ ɔbɛma n’ani aku Yehowa som ho. Ɛno nti, ɔyɛɛ nneɛma pii wɔ Yehowa som mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔhwɛ ma wosii asɔrefie fɛfɛɛfɛ bi a wɔde bɛsom Yehowa. Saa asɔrefie no, edii mfe mmaako mmaako nson ansa na wɔresi awie! (1 Ahe. 6:38; 9:1) Solomon yɛɛ ɔno ara ne nnwuma, ɛnna ɔyɛɛ Onyankopɔn som mu adwuma nso. Bere a ɔhwɛɛ ne mmienu nyinaa no, ohui sɛ nea ehia paa sɛ onipa yɛ ne sɛ ɔbɛsom Yehowa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Asɛm no awiei, nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro nokware Nyankopɔn no na di ne mmara nsɛm so.”—Ɔsɛnk. 12:13.

9. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu amma adwuma annye n’adwene?

9 Ná Yesu yɛ adwumaden. Bere a ɔbaa asaase so a ɔrenyin no, na ɔyɛ kapentani. (Mar. 6:3) Bere a Yesu awofo rebrɛ hwɛ wɔn abusua a emufo dɔɔso no, akyinnye biara nni ho sɛ, n’awofo ani sɔɔ adwumaden a ɔyɛ de boaa wɔn no. Esiane sɛ na sintɔ biara nni Yesu ho nti, na n’adwuma ho twa, enti ɛbɛyɛ sɛ na onya adwuma paa! Ná Yesu ani gye n’adwuma no ho. Ɛwom sɛ na Yesu ani ku n’adwuma ho de, nanso na ɔwɔ bere a ɔde som Yehowa. (Yoh. 7:15) Akyiri yi a ɔde ne bere nyinaa kaa asɛmpa no, otuu n’atiefo fo sɛ: “Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma. Mmom aduan a ɛnsɛe a ɛma daa nkwa.” (Yoh. 6:27) Afei nso, Yesu Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɔkaa sɛ: “Mommoaboa mo agyapade ano wɔ soro.”—Mat. 6:20.

Yɛn adwuma a yɛyɛ ne asafo no mu dwumadi no, yɛbɛyɛ dɛn de ebiara ato nea ɛda? (Hwɛ nkyekyɛm 10-11) *

10. Ɔhaw bɛn na ebinom betumi ahyia wɔ adwumam?

10 Sɛ yɛde Onyankopɔn afotu a nyansa wom no yɛ adwuma a, ɛbɛma yɛanya adwuma ho adwempa. Kristofo de, wɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnyɛ adwumaden, na yɛnyɛ adwuma pa.’ (Efe. 4:28) Mpɛn pii no, adwumawuranom hu sɛ yedi nokware na yɛyere yɛn ho yɛ adwuma. Ɛno nti, ebia wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ wɔn ani gye yɛn adwuma ho paa. Ɛba no saa a, anhwɛ a yebefi ase de bere pii ayɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a adwumawura no bɛbɔ Yehowa Adansefo din pa. Sɛ yɛyɛ saa a, ebia ɛrenkyɛ yebehu sɛ yennya bere mma yɛn abusua ne Yehowa som. Yehu no saa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho biribi, na yɛatumi anya bere ayɛ nneɛma a ehia paa no.

11. Adwuma ho adwempa a yebenya no, ɛdɛn na onua bi sua fii mu?

11 Onua aberante bi a ne din de William ahu sɛ, sɛ yenya adwuma ho adwempa a mfaso wɔ so paa. Asafo mu panyin bi faa William adwumam, na ɔka ɔpanyin no ho asɛm sɛ: “[Onua yi] yɛ obi a ɔwɔ adwuma ho adwempa paa. Ɔyere ne ho yɛ adwuma. N’adwuma ho twa, na wɔn a ɔyɛ adwuma ma wɔn no, ɔne wɔn ntam yɛ papa. Nanso sɛ ɔpɔn adwuma a, na wapɔn. Ɔde bere a aka no hwɛ n’abusua de bi som Yehowa. Na wunim? Ɔyɛ obi a n’ani gye paa!” *

ƐNSƐ SƐ YEBU YƐN HO TRA SO ANAA YEBU YƐN HO SƐ YƐNSƐ HWEE

12. Ɔkwan bɛn so na Solomon kyerɛe sɛ ommu ne ho ntra so, na ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛyɛɛ ahantan?

12 Bere a na Solomon som Yehowa yiye no, na ommu ne ho ntra so. Ɔyɛ aberante no, ɔde ahobrɛase gye toom sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ, enti ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ no nea ɔnyɛ. (1 Ahe. 3:7-9) Bere a Solomon bɛyɛɛ ɔhene no, ahyɛase no, na onim sɛ ahantan tumi ma nnipa hwe ase. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na ahomaso honhom di ahwease anim.” (Mmeb. 16:18) Nanso akyiri yi, awerɛhosɛm ne sɛ, ɔno ara antumi amfa n’afotu no anyɛ adwuma. Bere a odii hene duu baabi no, ɔbɛyɛɛ ahomaso, na ofii ase buu Onyankopɔn mmara so. Ná mmara no baako ne sɛ, sɛ obi yɛ Hebrini na ɔyɛ ɔhene a, “ɛnsɛ sɛ ɔware mmea bebree na ne koma amman.” (Deut. 17:17) Nanso Solomon buu n’ani guu saa mmara no so, na ɔwaree mmea 700 ne mpenafo 300, na na bebree yɛ abosonsomfo mpo! (1 Ahe. 11:1-3) Ɛbɛyɛ sɛ Solomon adwene yɛɛ no sɛ biribiara ntumi nto no. Nanso ewiee ase no, twe a Solomon twee ne ho fii Yehowa ho no kɔfaa nsunsuanso bɔne brɛɛ no.—1 Ahe. 11:9-13.

13. Sɛ yedwinnwen Yesu ahobrɛase no ho a, ɛdɛn na yebetumi asua afi mu?

13 Yesu ammu ne ho antra so; ɔbrɛɛ ne ho ase. Ansa na Yesu reba asaase so no, ɔyɛɛ nneɛma akɛseakɛse bebree de som Yehowa. Wɔnam Yesu so na ‘ɛbɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asaase so.’ (Kol. 1:16) Bere a Yesu bɔɔ asu no, ɛbɛyɛ sɛ ɔkaee nneɛma a ɔyɛe bere a na ɔwɔ ne Papa nkyɛn no. (Mat. 3:16; Yoh. 17:5) Nanso saa nimdeɛ no amma Yesu anyɛ ahantan. Wanyɛ biribiara nso a ɛkyerɛ sɛ ɔkyɛn afoforo. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wamma asaase so sɛ “wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mat. 20:28) Afei nso, ɔde ahobrɛase kaa sɛ ɔno ara rentumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee. (Yoh. 5:19) Momma yɛnka, na Yesu brɛ ne ho ase paa! Nea Yesu yɛe no yɛ nhwɛso a edi mu paa a ɛsɛ sɛ yesuasua.

14. Ɛdɛn na yebetumi asua afi Yesu hɔ na yɛammu yɛn ho sɛ yɛnsɛ hwee?

14 Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ ɛnsɛ sɛ obiara bu ne ho sɛ ɔnsɛ hwee. Bere bi, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ti nwi mpo, wakan ne nyinaa.” (Mat. 10:30) Sɛ yɛn adwene taa yɛ yɛn sɛ yɛnsɛ hwee a, saa asɛm no kyekye yɛn werɛ paa. Wei kyerɛ sɛ yɛn soro Agya no dwen yɛn ho paa, na yɛsom bo ma no. Sɛ Yehowa ama kwan sɛ yɛnsom no, na obu yɛn sɛ yɛfata sɛ yɛkɔ wiase foforo no mu a, ɛnde ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ yɛnsɛ hwee.

Sɛ yedwen yɛn nko ara yɛn ho a, hokwan ne nhyira bɛn na ɛbɛbɔ yɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 15) *

15. (a) Adwempa bɛn na Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ yennya? (b) Sɛnea mfoni a ɛwɔ kratafa 24 no ma yehu no, sɛ yedwen yɛn nko ara yɛn ho a, nhyira bɛn na ɛbɛbɔ yɛn?

15 Bɛyɛ mfe 15 a atwam no, Ɔwɛn-Aban no kaa adwempa bi a ɛsɛ sɛ yenya ho asɛm. Ɛkaa sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛrempɛ sɛ yebebu yɛn ho atra so dodo ma yɛabɛyɛ ahomaso; saa ara nso na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛne eyi bɔ abira na yɛanya adwene sɛ yɛmfata koraa. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebebu yɛn ho sɛnea ɛsɛ, ɛne sɛ, yebenya adwene a ɛbɛma yɛahu nea yɛbɔ mu mmɔden ne nea yɛmmɔ mu mmɔden nso. Kristoni bea bi kaa no saa kwan yi so sɛ: ‘Menyɛ nipa bɔne; ɛnna menyɛ nipa soronko bi nso. Mewɔ su pa ne su a enye, na saa na obiara nso te.’” * Sɛ wohwɛ asɛm yi a, wuhu sɛ, sɛ yɛammu yɛn ho antra so, anaa yɛammu yɛn ho sɛ yɛnsɛ hwee a, mfaso wɔ so paa.

16. Adɛn nti na Yehowa ma yɛn afotu pa?

16 Yehowa nam n’Asɛm no so ma yɛn afotu pa. Ɔdɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ yɛn ani gye. (Yes. 48:17, 18) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ani gye paa a, nea nyansa wom a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ nneɛma a ɛbɛma Yehowa koma atɔ ne yam. Wɔn a wodwen wɔn nko ara ho, na sika ne adwuma agye wɔn adwene no kɔfa ɔhaw bɛto wɔn so. Sɛ yɛyɛ nea ɛbɛma Yehowa koma atɔ ne yam a, yebetumi akwati saa ɔhaw no bebree. Enti momma yɛn nyinaa nsi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛyɛ anyansafo na yɛama Yehowa koma adi ahurusi!—Mmeb. 23:15.

DWOM 94 Yɛn Ani Sɔ Onyankopɔn Asɛm No

^ Sɛ yɛreka nyansa a, na Solomon ne Yesu nyinaa wɔ bi paa. Yehowa Nyankopɔn na ɔmaa wɔn saa nyansa no. Solomon ne Yesu nyinaa maa yɛn afotu a ɛbɛma yɛanya sika ne adwuma ho adwempa. Bio nso, wɔma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho tra so, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho sɛ yɛnsɛ hwee. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi saa afotusɛm no mu. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛn nuanom Kristofo bi de saa Bible mu afotusɛm no ayɛ adwuma anya so mfaso.

^ Hwɛ asɛm a yɛato din “Nea Ɛbɛma W’ani Agye Adwumaden Ho” wɔ February 1, 2015 Ɔwɛn-Aban no mu.

^ Hwɛ asɛm a yɛato din “Bible Betumi Aboa Wo Ma Woanya Anigye” wɔ August 1, 2005 Ɔwɛn-Aban no mu.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: John ne Tom nyinaa yɛ mmerante wɔ asafo baako mu. John sɛe bere pii wɔ ne kar ho. Tom de ne kar fa anuanom kɔ asɛnka ne adesua.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: John pɔn adwuma a, ɔtena mu yɛ adwuma no bi ka ho. Ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi ama ahaw n’adwumawura. Enti bere biara a n’adwumawura bɛka sɛ ɔnka mu nyɛ adwuma no, na wapene so. Saa anwummere no ara, Tom a ɔyɛ asafo mu somfo no de, ɔne asafo mu panyin bi akɔsra asafo no muni bi. Tom dii kan ka kyerɛɛ n’adwumawura sɛ wayi anwummere anwummere bi a ɔde yɛ nneɛma bi wɔ Yehowa som mu.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: John dwen ɔno nko ara ho. Tom de, Yehowa som mu adwuma na odwen ho. Wei nti, ɔreboa ama wɔasiesie Nhyiam Asa bi, na ama wɔanya nnamfo wɔ hɔ.