Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 23

Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa

Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa

“Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”—MAT. 22:37.

DWOM 134 Onyankopɔn De Mmofra Ahyɛ Awofo Nsa

NEA YƐREBESUA *

1-2. Sɛ yɛn tebea sesa a, yetumi nya Bible nnyinasosɛm mu ntease a ɛkɔ akyiri. Adɛn ntia?

 AYEFOROHYIA da no, ayeforo ne ayeforokunu a wɔasiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ no yɛ dinn tie aware ho ɔkasa a efi Bible mu no. Nnyinasosɛm a ɛwɔ ɔkasa no mu no, ɛnyɛ asɛm a wɔntee da. Nanso efi saa da no rekɔ de, wohu sɛ ɛfa wɔn ho paa. Adɛn ntia? Efisɛ afei de wɔabɛyɛ awarefo, na wobehia saa afotusɛm no.

2 Saa ara na sɛ awarefo wo a, ɛte. Ebia wɔde mfe bebree atie kasa ahorow a ɛfa abatete ho. Nanso afei a wɔawo no na wɔbɛte saa afotusɛm no ase yiye. Seesei wɔn ankasa rebɛtete ba. Wei nyɛ adwuma ketewa! Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yɛn tebea sesa a, Bible nnyinasosɛm a yenim no yiye no, yetumi nya mu ntease a ɛkɔ akyiri. Wei yɛ ade baako nti a Yehowa asomfo kenkan Kyerɛwnsɛm no wɔn “nkwa nna nyinaa,” sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Israel ahemfo sɛ wɔnyɛ no, na wɔsan dwinnwen ho.—Deut. 17:19.

3. Ɛdɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Awofo, moanya hokwan kɛse bi a Kristoni betumi anya. Ɛne sɛ mobɛtete mo mma ama wɔabehu Yehowa. Nanso ɛnyɛ Onyankopɔn ho nsɛm kɛkɛ na ɛsɛ sɛ moka kyerɛ mo mma. Mmom ɛsɛ sɛ moboa wɔn ma wɔbɛdɔ Yehowa paa. Dɛn na mubetumi ayɛ na ama mo mma abɛdɔ Yehowa kɛse? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ Bible nnyinasosɛm nnan a ɛbɛboa mo ama moatumi ayɛ saa. (2 Tim. 3:16) Afei yɛbɛhwɛ sɛnea awofo bi a wɔyɛ Kristofo de Bible mu afotusɛm ayɛ adwuma anya so mfaso.

NNYINASOSƐM NNAN A EBETUMI ABOA AWOFO

Sɛ bere nyinaa wohwehwɛ Yehowa akwankyerɛ na woyɛ nhwɛso pa a, ɛbɛboa wo mma sɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 4, 8)

4. Sɛ awofo betumi de Yehowa ho dɔ adua wɔn mma koma mu a, dɛn ne Bible nnyinasosɛm baako a ebetumi aboa wɔn? (Yakobo 1:5)

4 Nnyinasosɛm 1: Hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ. Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wo nyansa a ɛbɛboa wo ama woatumi de ne ho dɔ adua wo mma koma mu. (Kenkan Yakobo 1:5.) Ɔno ne obi a ɔfata paa sɛ ɔma wo afotu. Adɛn nti na yɛreka saa? Nneɛma pii ntia. Yɛnhwɛ mu mmienu. Nea edi kan, Yehowa ne ɔwofo a ɔwɔ suahu sen ɔwofo biara. (Dw. 36:9) Nea ɛtɔ so mmienu ne sɛ, Yehowa afotu biara, nyansa wom, enti bere biara a yɛde bɛyɛ adwuma no, yenya so mfaso.—Yes. 48:17.

5. (a) Dɛn na Yehowa ahyehyɛde no ayɛ a ɛboa awofo? (b) Bere a wohwɛɛ video no, dɛn na wusua fii ɔkwan a Onua ne Onuawa Amorim faa so tetee wɔn mma no mu?

5 Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no so ama yɛn honhom fam aduan bebree a ebetumi aboa wo ama woatete wo mma ama wɔadɔ Yehowa. (Mat. 24:45) Nsɛm a ebetumi aboa awofo no bi wɔ nsɛm a ɛba toatoa so a wɔato din “Mmoa a Wɔde Ma Abusua No” mu. Kan no, na ɛba Nyan! nsɛmma nhoma a yetintim no mu, nanso seesei de, ɛba yɛn wɛbsaet, jw.org so. Afei video ahorow a ɛwɔ jw.org no, bebree wɔ hɔ a ɛyɛ nkɔmmɔ-twetwe ne ɔyɛkyerɛ a ebetumi aboa awofo ama wɔde Yehowa afotusɛm atete wɔn mma. *Mmeb. 2:4-6.

6. Akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn no, sɛn na Agya bi ne ne yere te nka wɔ ho?

6 Awofo pii ka sɛ wɔn ani sɔ mmoa a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn no. Agya bi a ne din de Joe kaa sɛ: “Ɛnna fam sɛ obi bɛtete mmofra mmiɛnsa wɔ nokware no mu. Me ne me yere bɔ mpae bere nyinaa sɛ Yehowa mmoa yɛn. Yɛahu sɛ, mpɛn pii no, sɛ yɛrehyia ɔhaw bi na yenhu nea yɛnyɛ a, wobɛhwɛ no na video anaa asɛm bi apue saa bere no ara a yebetumi de adi yɛn haw no ho dwuma. Yehowa akwankyerɛ a yɛhwehwɛ no bere nyinaa no na ekurakura yɛn.” Joe ne ne yere ahu sɛ, video ne nsɛm ahorow yi aboa wɔn mma no ama wɔabɛn Yehowa.

7. Adɛn nti na ehia sɛ bere nyinaa awofo hwɛ sɛ wɔreyɛ nhwɛso pa? (Romafo 2:21)

7 Nnyinasosɛm 2: Yɛ nhwɛso pa. Mmofra hwɛ wɔn awofo paa, na mpɛn pii no wosuasua wɔn. Ɛwom, ɔwofo biara nni hɔ a bɔne nni ne ho. (Rom. 3:23) Nanso awofo a wɔdɔ Yehowa no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa ama wɔn mma asuasua. (Kenkan Romafo 2:21.) Agya bi kaa mmofra ho asɛm sɛ: “Sɛnea foam tumi nonom nsu biara no, saa ara na mmofra nso te.” Ɔsan kaa sɛ: “Sɛ yɛka biribi na yɛamfa anyɛ adwuma nso a, wɔbɛka.” Enti sɛ yɛpɛ sɛ yɛn mma dɔ Yehowa a, ɛnde ɔdɔ a yɛn ankasa wɔ ma Yehowa no, ɛsɛ sɛ emu yɛ den paa, na ɛda adi ma wohu.

8-9. Nsɛm a Andrew ne Emma kae no, dɛn na wusua fii mu?

8 Akwan a awofo bɛfa so akyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔadɔ Yehowa no dɔɔso. Onua bi a wɔfrɛ no Andrew adi mfe 17. Ɔkaa sɛ: “Ná m’awofo ka kyerɛ me daa sɛ, mpaebɔ ho hia paa. Anadwo biara, na me papa ne me bɔ mpae. Sɛ mabɔ mpae dedaw mpo a, na ɔsan ne me bɔ mpae. Bere nyinaa, na m’awofo kae yɛn sɛ: ‘Yehowa de, mubetumi ne no akasa mpɛn dodow biara a mopɛ.’ Sɛnea da biara na wɔka mpae ho asɛm kyerɛ yɛn no, ɛmaa m’ani begyee mpaebɔ ho paa, na seesei ɛnyɛ den mma me sɛ mɛbɔ Yehowa mpae, na mihu no sɛ ɔyɛ m’Agya a ɔdɔ me.” Awofo, munhu sɛ, sɛ mo ankasa modɔ Yehowa a, ebetumi apusuw mo mma ama wɔn nso abɛdɔ no.

9 Momma yɛnhwɛ Emma nso. Bere a ne papa guan gyaw wɔn hɔ yayaayaw no, ogyaw ne maame ɛka kɛse. Emma kaa sɛ: “Mpɛn pii no, na me maame ho kyere no sikasɛm mu. Nanso daa na ɔka sɛ, Yehowa dwen n’asomfo ho na ɔma wɔn nea wohia. Sɛnea ɔbɔɔ ne bra no ma mihui sɛ ogye nea ɔreka no di. Nea me maame de kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no, ɔde bɔɔ ne bra.” Dɛn na yebetumi asua afi mu? Ɛne sɛ, sɛ abrabɔ mu yɛ den ma awofo mpo a, wobetumi ayɛ nhwɛso pa ama wɔn mma asuasua.—Gal. 6:9.

10. Israelfo a na wɔyɛ awofo no, hokwan bɛn na na wɔn mu pii wɔ a na ebetumi ama wɔne wɔn mma abɔ nkɔmmɔ? (Deuteronomium 6:6, 7)

10 Nnyinasosɛm 3: Ɛyɛ a wo ne wo mma ntaa mmɔ nkɔmmɔ. Yehowa ka kyerɛɛ tete Israelfo no sɛ wɔmfa ne ho asɛm nkyerɛkyerɛ wɔn mma bere nyinaa. (Kenkan Deuteronomium 6:6, 7.) Da biara, na awofo no nya kwan a wobetumi ne wɔn mma abɔ nkɔmmɔ na wɔde Yehowa ho dɔ adua mmofra no komam. Yɛfa Israelni abarimaa sei a, ɛbɛyɛ sɛ na ɔde nnɔnhwerew pii boa ne papa ma wodua nnɔbae wɔ afuw mu anaa wotwa nnɔbae. Yɛreka yi nso, ebia na abarimaa no nuabea ne ne maame de nnɔnhwerew pii repam ade, wɔrenwene ntama, anaa wɔreyɛ fie nnwuma foforo. Bere a wɔreyɛ saa nnwuma yi nyinaa yɛ bere a na awofo no betumi ne wɔn mma no abɔ nneɛma pii a ɛho hia ho nkɔmmɔ. Nneɛma a na wobetumi aka ho asɛm no bi ne Yehowa papayɛ ne sɛnea ɔboa wɔn abusua no.

11. Bere bɛn na awofo a wɔyɛ Kristofo betumi ne wɔn mma abɔ nkɔmmɔ?

11 Mmere adan. Aman bebree wɔ hɔ a, awofo ne mmofra nnya bere mma wɔn ho wɔ da no mu. Ebia na awofo no wɔ adwumam, ɛnna mmofra no nso wɔ sukuu mu. Wei nti, ɛsɛ sɛ awofo hwehwɛ bere ne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ. (Efe. 5:15, 16; Filip. 1:10) Bere a wobetumi ayɛ saa no baako ne bere a wɔde yɛ abusua som. Onua aberante bi a wɔfrɛ no Alexander kaa sɛ: “Me papa yɛ nhyehyɛe bere nyinaa ma yɛyɛ abusua som, na ɔmma biribiara mmetwitware bere a abusua no de hyiam no mu. Sɛ yewie adesua no a, na yɛde nkɔmmɔ atoa so.”

12. Sɛ abusua no reyɛ abusua som a, dɛn na ɛsɛ sɛ abusua ti no kae?

12 Sɛ woyɛ abusua ti a, dɛn na wubetumi ayɛ na ama wo mma ani agye abusua som ho? Nhoma foforo kamakama a yɛato din, Wubetumi Anya Anigye Daa! no, wo ne wo mma sua a, ɛbɛboa paa. Ebetumi abue kwan ama moafi mo komam abɔ nkɔmmɔ. Esiane sɛ wopɛ sɛ wo mma bue wɔn komam ka nea ɛhaw wɔn ne sɛnea wɔte nka nti, sɛ moreyɛ abusua som a, ntwiw wɔn anim na nworo nsɛm ngu wɔn so. Sɛ wo mma ka biribi a ɛne Bible nhyia nso a, mma ɛnnyɛ wo ahometew na mma wo bo mmfuw. Mmom, ma ɛnyɛ wo dɛ sɛ wɔaka wɔn komam asɛm akyerɛ wo, na hyɛ wɔn nkuran sɛ biribiara ni a, wɔnka nkyerɛ wo; mma wɔmmfa nnsie. Sɛ wubetumi aboa wo mma yiye a, gye sɛ wuhu sɛnea wɔte nka ankasa.

Ɔkwan bɛn so na awofo betumi de abɔde akyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔahu Yehowa su ahorow? (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Bere bɛn bio na awofo betumi aboa wɔn mma ama wɔabɛn Yehowa?

13 Awofo, efi anɔpa kosi anwummere, hokwan biara a mubenya no, momfa mmoa mo mma na wɔmmɛn Yehowa. Ɛnyɛ bere a moahyɛ sɛ mo ne wɔn besua Bible no nko ara na ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ wɔn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no ho ade. Nea ɔbaatan bi a wɔfrɛ no Lisa kae ni: “Abɔde a atwa yɛn ho ahyia no, yɛde boaa yɛn mma no ma wosuaa biribi faa Yehowa ho. Sɛ yɛn kraman no huruhuruw di agorɔ na ɛma yɛn mma no serew a, na yɛtaa ka kyerɛ wɔn sɛ, ɛno ma yehu sɛ Ɔbɔadeɛ no ani gye, na nneɛma tumi yɛ no anika sɛnea yɛn nso yɛte no.”

Awofo, munim mo mma nnamfo? (Hwɛ nkyekyɛm 14) *

14. Adɛn nti na ehia sɛ awofo boa wɔn mma ma wɔfa nnamfo pa? (Mmebusɛm 13:20)

14 Nnyinasosɛm 4: Boa wo mma ma wɔmfa nnamfo pa. Onyankopɔn Asɛm ka no pen sɛ, sɛ yɛfa nnamfo pa a, ɛboa yɛn, na yɛfa nnamfo bɔne nso a, epira yɛn. (Kenkan Mmebusɛm 13:20.) Awofo, munim mo mma nnamfo? Moahyia wɔn ne wɔn abɔ nkɔmmɔ da? Dɛn na mubetumi ayɛ de aboa mo mma ama wɔafa nnamfo a wɔdɔ Yehowa? (1 Kor. 15:33) Nea mubetumi ayɛ ne sɛ, sɛ mo abusua no reyɛ biribi a, mubetumi ato nsa afrɛ anuanom a wɔbɔ mmɔden wɔ Onyankopɔn som mu abɛka mo ho.—Dw. 119:63.

15. Ɛdɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ama wɔanya nnamfo pa?

15 Yɛnhwɛ agya bi a wɔfrɛ no Tony. Nea ɔne ne yere yɛe a ɛmaa wɔn mma nyaa nnamfo pa no, ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Me ne me yere to nsa frɛ anuanom mmea ne mmarima ba yɛn fie. Ɛsono obiara ne mfe a wadi ne ne nsɛm tebea. Yɛayɛ saa mfe pii. Sɛ wɔba a, yɛne wɔn bom didi, na yɛyɛ abusua som. Wei yɛ kwan pa a yɛfa so hu anuanom a wɔdɔ Yehowa na wɔde anigye som no no yiye. Wɔn a abɛsoɛ yɛn pɛn no, na ebi yɛ amansin so ahwɛfo, asɛmpatrɛwfo, ne anuanom afoforo. Wɔn suahu, wɔn ahokeka, ne sɛnea wokum wɔn ho boa afoforo no aboa yɛn mma no paa ama wɔabɛn Yehowa.” Awofo, momma ɛnyɛ mo ahiasɛm sɛ mobɛboa mo mma ama wɔanya nnamfo pa.

MPA ABAW!

16. Sɛ wo ba ka sɛ ɔrensom Yehowa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

16 Fa no sɛ woayɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛboa wo mma ama wɔasom Yehowa, nanso baako se ɔrensom Yehowa. Ɛba saa a, nnya adwene sɛ woantumi anyɛ w’adwuma yiye sɛ ɔwofo. Yehowa de obiara pɛ ama no, na wo ba no nso ka ho. Enti obiara betumi asi gyinae sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn anaa ɔrensom no. Sɛ wo ba si gyinae sɛ ɔrensom Yehowa bio a, mma w’abam mmmu. Mmom, nya anidaso sɛ obetumi asan aba Yehowa nkyɛn. Kae ɔba desɛefo mfatoho no. (Luka 15:11-19, 22-24) Saa aberante no man fii trenee kwan so koraa, nanso ewiee ase no, ɔsan bae. Ebia obi bɛka sɛ, “Sɛ́ ɛno de ɛyɛ mfatoho kɛkɛ. So biribi a ɛte saa betumi asi ankasa?” Yiw, ebetumi asi paa! Nokwasɛm ne sɛ, ebi mpo asi dedaw. Wo de, yɛnhwɛ aberante bi a wɔfrɛ no Elie suahu.

17. Elie suahu no, sɛn na ahyɛ wo nkuran?

17 Elie kaa n’awofo ho asɛm sɛ: “Wɔyɛɛ nea wobetumi nyinaa sɛ wɔbɛboa me ama madɔ Yehowa, na m’ani agye n’Asɛm Bible ho. Nanso bere a midii bɛyɛ mfe 15 no, mifii ase yɛɛ mmofrabɔnesɛm.” Elie wɔ fie a, asɛ abofra pa, nanso opue a, ɛsono ne suban. N’awofo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa no ama wasom Yehowa, nanso wamfa ne ti annye. Ewiee ase no, ofii fie kobuu brabɔne. Ne mmofrabɔnesɛm nyinaa akyi no, ɛwom ara a na ɔka Bible mu asɛm kyerɛ n’adamfo bi. Elie kaa sɛ: “Bere biara a mɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ m’adamfo no, na ɛma midwinnwen Yehowa ho. Meyɛ abofra no, Bible mu nokware a m’awofo bɔɔ mmɔden de duaa me komam a antumi annyin no, afei de, na afi ase renyin nkakrankakra.” Bere bi akyi no, Elie fii ase suaa nokware no bio. * Hwɛ sɛnea n’awofo ani gyei sɛ wɔyeree wɔn ho de Yehowa ho dɔ duaa ne komam fii ne mmofraase pɛɛ!—2 Tim. 3:14, 15.

18. Awofo a wɔyere wɔn ho kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔdɔ Yehowa no, wuhu wɔn sɛn?

18 Awofo, moanya hokwan kɛse bi. Ɛne sɛ, moretete nkyirimma a wɔbɛsom Yehowa daakye. (Dw. 78:4-6) Ɛnyɛ adwuma ketewa, na yefi yɛn koma nyinaa mu kamfo mo sɛ moreyɛ mo fam de aboa mo mma! Sɛ motoa so yɛ nea mo ahoɔden betumi nyinaa de boa mo mma ma wɔdɔ Yehowa, na mode ne nteɛso ne ne kasakyerɛ tete wɔn a, ɛnde munnya awerɛhyem sɛ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no ani begye.—Efe. 6:4.

DWOM 135 Yehowa Adesrɛ Ne Sɛ: “Me Ba, Yɛ Onyansafo”

^ Kristofo a wɔyɛ awofo dɔ wɔn mma papaapa. Wɔyere wɔn ho hwɛ ma wɔn mma nsa ka nea wohia ne nea ɛbɛma mmofra no ani agye. Awofo yi yɛ biribi a ehia kyɛn wei mpo. Ɛne sɛ, wɔyɛ nea wobetumi biara boa wɔn mma ma wɔdɔ Yehowa paa. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ Bible nnyinasosɛm nnan bi a ebetumi aboa awofo ama wɔatumi ayɛ saa.

^ Hwɛ video a yɛato din, Yehowa Akyerɛ Yɛn Sɛnea Yɛbɛtete Yɛn Mma. Ɛwɔ jw.org.

^ Hwɛ asɛm a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa.” Ɛbaa April 1, 2012 Ɔwɛn-Aban no mu.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Papa bi pɛ sɛ ohu ne babarima nnamfo yiye, enti ɔne ne ba no ne ne ba no adamfo bi rebɔ baskɛtbɔɔl.