Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 24

Botae a Wode Asisi W’ani So Wɔ Yehowa Som Mu No, Wubetumi Adu Ho

Botae a Wode Asisi W’ani So Wɔ Yehowa Som Mu No, Wubetumi Adu Ho

“Sɛ yɛreyɛ adepa a, mommma yɛmmpa abaw, efisɛ yɛampa abaw a, bere a ɛsɛ mu, yebenya so akatua.”—GAL. 6:9.

DWOM 84 Yɛbɛboa Adwuma No

NEA YƐREBESUA a

1. Dɛn na ɛyɛ den ma yɛn mu pii sɛ yɛbɛyɛ?

 WODE botae bi sii w’ani so wɔ Yehowa som mu a na ɛyɛ den ma wo sɛ wubedu ho anaa? b Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko ara. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, na Philip pɛ sɛ ɔtaa bɔ mpae na ɔma ne mpaebɔ tu mpɔn, nanso na ɛyɛ den sɛ obenya bere de abɔ mpae. Erika nso, na ne botae ne sɛ obedu asɛnka nhyiam ase ntɛm, nanso ɛkame ayɛ sɛ asɛnka nhyiam biara na ɔka akyi. Tomáš nso bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ ɔbɛkan Bible no nyinaa awie. Ɔka sɛ: “Ná Bible akenkan nyɛ me dɛ. Mebɔɔ mmɔden mprɛnsa sɛ mɛkan, nanso emu biara, mekan du Leviticus a na agye agu.”

2. Sɛ yɛde botae bi asi yɛn ani so wɔ Yehowa som mu na yentumi nnuu ho a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu?

2 Sɛ wode botae bi asi w’ani so na wuntumi nnuu ho a, mma w’abam mmmu. Kae sɛ botae biara a wode besi w’ani so no, sɛ ɛyɛ ketewa mpo a, gye sɛ woyere wo ho paa na woatumi adu ho. Nokwasɛm ne sɛ, ɔpɛ a woda so ara wɔ sɛ wubedu wo botae ho no kyerɛ sɛ ayɔnkofa a wo ne Yehowa wɔ no som bo ma wo, na wopɛ sɛ woyɛ nea wubetumi nyinaa de som no. Yehowa ani sɔ wo mmɔdenbɔ no. Nanso ɔnhwɛ kwan sɛ wobɛyɛ nea ɛboro w’ahoɔden so. (Dw. 103:14; Mika 6:8) Enti hwɛ wo tebea ho na fa botae a wubetumi adu ho si w’ani so. Sɛ wode botae bi si w’ani so a, dɛn na wobɛyɛ na woatumi adu ho? Momma yɛnhwɛ nyansahyɛ ahorow bi a ɛbɛboa yɛn.

NYA ƆPƐ A EMU YƐ DEN

Bɔ Yehowa mpae na ɔmma ɔpɛ a wowɔ no mu nyɛ den (Hwɛ nkyekyɛm 3-4)

3. Adɛn nti na ehia sɛ wunya ɔpɛ a emu yɛ den?

3 Sɛ wubetumi adu wo botae ho wɔ Yehowa som mu a, ehia paa sɛ wunya ɔpɛ a emu yɛ den. Obi wɔ ɔpɛ a emu yɛ den a, ɔyere ne ho yɛ nea ɛbɛma wadu ne botae ho. Mframa a epia ɔkorow kɔ baabi a ɛsɛ sɛ ɛkɔ no, yebetumi de atoto ɔpɛ a emu yɛ den ho. Sɛ mframa no kɔ so bɔ a, ɛda adi sɛ nea ɔka korow no bɛkɔ akodu baabi a ɔrekɔ no. Na sɛ mframa no rebɔ denneennen mpo de a, ebia obedu ntɛm. Saa ara nso na ɔpɛ a yɛwɔ no, sɛ emu reyɛ den a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebedu yɛn botae ho. Onua bi a ne din de David a ɔwɔ El Salvador ka sɛ: “Sɛ wunya ɔpɛ a emu yɛ den a, ɛma woyere wo ho. Wobɔ mmɔden sɛ woremma biribiara nsiw wo kwan sɛ wubedu wo botae ho.” Enti dɛn na wubetumi ayɛ na woanya ɔpɛ a emu yɛ den?

4. Dɛn na yebetumi abɔ ho mpae? (Filipifo 2:13) (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Bɔ Yehowa mpae na ɔmma ɔpɛ a wowɔ no mu nyɛ den. Yehowa betumi afa ne honhom no so akanyan wo ma woadu wo botae ho. (Kenkan Filipifo 2:13.) Ɛtɔ da a yɛde botae bi si yɛn ani so, efisɛ yenim sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na ɛyɛ ne kwan so. Nanso ebia yɛreka yi, na ɔpɛ a yɛde bɛyɛ no nni hɔ. Saa na na ɛte wɔ onuawa bi a ne din de Norina a ɔwɔ Uganda fam. Ná ɔde asi n’ani so sɛ ɔbɛyɛ Bible adesua, nanso na biribiara nkanyan no, efisɛ na ɔte nka sɛ onnim nkyerɛkyerɛ. Dɛn na ɛboaa no? Ɔka sɛ: “Mifii ase bɔɔ Yehowa mpae da biara sɛ ɔmmoa me na minnya ɔpɛ a emu yɛ den a mede bɛyɛ Bible adesua. Afei, meyeree me ho sɛ mɛma me nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Abosome kakra akyi no, mihui sɛ ɔpɛ a mewɔ no mu ayɛ den. Saa afe no ara, mehyɛɛ Bible adesua mmienu ase.”

5. Dɛn na yebetumi adwinnwen ho, na ama ɔpɛ a yɛwɔ no mu ayɛ den?

5 Dwinnwen nea Yehowa ayɛ ama wo no ho. (Dw. 143:5) Adom a Yehowa de dom ɔsomafo Paul no, odwinnwen ho, na ɛkanyan no ma ɔyeree ne ho yɛɛ Yehowa adwuma. (1 Kor. 15:9, 10; 1 Tim. 1:12-14) Saa ara nso na sɛ wokɔ so dwinnwen nea Yehowa ayɛ ama wo no ho a, ɛbɛma woanya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wubedu wo botae ho. (Dw. 116:12) Ná onuawa bi a ɔwɔ Honduras de asi n’ani so sɛ ɔbɛyɛ daa kwampaefo. Yɛnhwɛ nea ɛboaa no. Ɔka sɛ: “Midwinnwen ɔdɔ kɛse a Yehowa ayi no adi akyerɛ me no ho. Ɔde me abɛka ne nkurɔfo ho, ɔhwɛ me, na ɔbɔ me ho ban. Wei a midwinnwen ho no ma minyaa ɔdɔ kɛse maa no, na ɛma minyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛyɛ akwampae adwuma no.”

6. Dɛn bio na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya ɔpɛ a emu yɛ den?

6 Nhyira a wubenya bere a woadu wo botae ho no, ɛno na fa w’adwene si so. Erika a yɛadi kan aka ne ho asɛm no de sii n’ani so sɛ obedu asɛnka nhyiam ase ntɛm. Momma yɛnhwɛ nea ɛboaa no. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ na mintumi nnu asɛnka nhyiam ase ntɛm nti, mibehui sɛ na nneɛma pii pa me ti so. Nanso sɛ midu hɔ ntɛm a, metumi akyiakyia anuanom na me ne wɔn abɔ nkɔmmɔ. Afei nso, metumi ate nsɛm a ɛbɛboa me ama m’ani agye asɛnka ho, na matu mpɔn.” Mfaso a Erika du asɛnka nhyiam ase ntɛm a obenya no, ɛno na ɔde n’adwene sii so, na ɛboaa no ma otumi duu ne botae no ho. Wo nso, nhyira bɛn na wubetumi de w’adwene asi so? Sɛ wo botae ne sɛ wobɛkenkan Bible daa, anaa wo mpaebɔ betu mpɔn a, dwinnwen sɛnea woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa no mu den no ho. (Dw. 145:18, 19) Sɛ suban pa bi na wopɛ sɛ wunya a, fa w’adwene si sɛnea ɛbɛboa ama wo ne afoforo ntam ayɛ kama no so. (Kol. 3:14) Nea enti a wopɛ sɛ wudu wo botae ho no, wubetumi akyerɛw ato hɔ. Ɛyɛ a, taa hwɛ. Tomáš a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Botae a mede asi m’ani so no, sɛ mihu sɛ ɛso mfaso dɔɔso a, ɛma meyere me ho sɛ medu ho.”

7. Dɛn na ɛboaa Julio ne ne yere ma wɔduu wɔn botae ho?

7 Wo ne wɔn a wɔbɛhyɛ wo nkuran no mmɔ. (Mmeb. 13:20) Ná Julio ne ne yere pɛ sɛ wɔyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Yɛnhwɛ nea ɛboaa wɔn. Ɔbarima no ka sɛ: “Yɛfaa nnamfo a na wɔbɛboa yɛn ama yɛadu yɛn botae no ho, na na yɛne wɔn bɔ ho nkɔmmɔ. Ná wɔn mu pii adu botae a ɛtete saa ho, enti na wɔbetumi ama yɛn nyansahyɛ a ɛbɛboa yɛn. Ɛwom ara a na wɔbisa yɛn sɛnea nneɛma rekɔ, afei nkuranhyɛ biara a yehia no na wɔde ma yɛn.”

NA SƐ BIRIBIARA NKANYAN YƐN NSO Ɛ?

Yɛ wo botae ho adwuma (Hwɛ nkyekyɛm 8)

8. Sɛ yɛpɛ sɛ biribi kanyan yɛn ansa na yɛayɛ yɛn botae ho adwuma a, dɛn na ebetumi asi? (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Nokwasɛm ne sɛ, yɛn nyinaa, ɛtɔ mmere bi a, botae bi a yɛde asi yɛn ani so no, hwee nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ ho adwuma. Wei kyerɛ sɛ yɛrentumi nyɛ nea esi yɛn ani so no ho adwuma anaa? Ɛnte saa. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a, mframa a ano yɛ den betumi apia korow ma akɔ baabi a ɛsɛ sɛ ɛkɔ. Nanso ɛsono mframa biara ne n’ahoɔden, na ɛtɔ da a, ebia mframa mmɔ koraa. Wei kyerɛ sɛ nea ɔka korow no bɛka baabi a ɔwɔ no anaa? Ɛnte saa ankasa. Akorow no bi wɔ hɔ a ingyin bɔ ho, ebi nso wɔ tabon a wɔde hare. Nea ɔka korow no betumi de emu biara adi dwuma na ama watumi adu baabi a ɔrekɔ no. Ɔpɛ a yɛwɔ no, yebetumi de atoto mframa no ho; etumi sesa. Ɛtɔ mmere bi a, ebia hwee renkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ yɛn botae no ho adwuma. Enti sɛ yɛpɛ sɛ biribi kanyan yɛn ansa na yɛayɛ yɛn botae ho adwuma a, anhwɛ a yɛrentumi nnu ho da. Nanso sɛnea obi a ɔka korow tumi fa akwan foforo so kodu baabi a ɔrekɔ no, yɛn nso sɛ biribiara nkanyan yɛn mpo a, yebetumi afa akwan foforo so adu yɛn botae ho. Ɛwom sɛ ebehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so, nanso ɛbɛboa yɛn. Ansa na yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ no, momma yensusuw asɛmmisa bi a ebetumi asɔre ho.

9. Sɛ biribiara nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ yɛn botae ho adwuma a, ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛyɛ ho adwuma anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Yehowa pɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu de anigye som no. (Dw. 100:2; 2 Kor. 9:7) Enti botae a yɛde asi yɛn ani so wɔ ne som mu no, sɛ biribiara nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ ho adwuma a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ anaa? Yɛnhwɛ nea ɔsomafo Paul yɛe. Ɔkaa sɛ: “Meboro me nipadua, na mehyɛ no sɛ akoa.” (1 Kor. 9:25-27) Sɛ na Paul nni ɔpɛ a ɔde bɛyɛ nea Yehowa pɛ mpo a, na omia n’ani yɛ. Yehowa ani gyee Paul som ho anaa? Yiw! Mmɔden a Paul bɔe no, Yehowa hyiraa so.—2 Tim. 4:7, 8.

10. Sɛ biribiara nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ yɛn botae ho adwuma na sɛ yɛyɛ a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?

10 Yɛn nso, sɛ mpo biribiara nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ yɛn botae ho adwuma na sɛ Yehowa hu sɛ yɛreyɛ a, ɛma n’ani gye. Nea enti a n’ani gye ne sɛ, ɛwom sɛ ebia yɛn ani nnye ade a yɛreyɛ no ho, nanso onim sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma no nti na yɛreyɛ. Sɛnea Yehowa hyiraa Paul no, yɛn nso, mmɔden biara a yɛbɛbɔ no, obehyira so. (Dw. 126:5) Sɛ yehu sɛ Yehowa rehyira yɛn a, ebetumi akanyan yɛn ama yɛadu yɛn botae ho. Onuawa bi a ofi Poland a ne din de Lucyna ka sɛ: “Ɛtɔ da a mempɛ sɛ mekɔ asɛnka, ɛnkanka bere a mabrɛ no. Nanso sɛ mimia m’ani kɔ a anigye a minya de, yɛnka.” Enti sɛ biribiara nkanyan yɛn a, momma yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ.

11. Sɛn na Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn ho so kɛse?

11 Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hyɛ wo ho so. Obi a ɔhyɛ ne ho so no, omia n’ani sɛ ɔrenyɛ adebɔne. Nanso sɛ yebetumi ayɛ adepa nso a, ehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so, ɛnkanka bere a wɔde adwuma denneennen bi ahyɛ yɛn nsa anaa biribiara nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ adepa no. Kae sɛ, ahohyɛso ka honhom aba no ho, enti srɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron no mmoa wo na woatumi anya suban a ehia yi. (Luka 11:13; Gal. 5:22, 23) David a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛnea mpaebɔ boaa no. Ná ɔpɛ sɛ ɔtaa yɛ ne kokoam adesua. Ɔka sɛ: “Ná metaa srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me mma menhyɛ me ho so. Yehowa mmoa so nti, mitumi yɛɛ nhyehyɛe pa a mede sua ade daa.”

12. Asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 11:4 no, sɛn na ɛfa botae a yɛde sisi yɛn ani so ho?

12 Ntwɛn sɛ biribiara bɛtotɔ ne kwan mu ansa. Wiase yi mu de, ɛda adi sɛ, yɛrentumi nnya biribiara pɛpɛɛpɛ da. Enti sɛ yɛretwɛn sɛ biribiara bɛtotɔ ne kwan mu ansa a, ebia yɛrentumi nnu yɛn botae ho da. (Kenkan Ɔsɛnkafo 11:4.) Onua bi a ne din de Dayniel ka sɛ: “Sɛ́ biribiara bɛtotɔ ne kwan mu pɛpɛɛpɛ de, biribiara nni hɔ saa. Nea ehia ara ne sɛ yebefi ase. Yɛyɛ saa a, nea aka no ara bɛba.” Onua bi a ne din de Paul a ɔwɔ Uganda nso ka ade foforo nti a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ mmɔtohɔ. Ɔka sɛ: “Sɛ nneɛma nkɔ yiye mpo na yɛhyɛ ase a, yɛma Yehowa nya biribi a obegyina so ahyira yɛn.”—Mal. 3:10.

13. Sɛ yɛde botae nketenkete sisi yɛn ani so a, sɛn na ɛbɛboa yɛn?

13 Fa botae ketewa bi fi ase. Sɛ yɛde botae bi a ɛyɛ den paa sɛ yebedu ho si yɛn ani so a, ebia biribiara renkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ ho adwuma. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, ɛnde adɛn na womfa ketewa bi a wubetumi adu ho mmom nsi w’ani so? Sɛ suban pa bi na wopɛ sɛ wunya a, adɛn na wumfi ase nna no adi nkakrankakra? Sɛ wode asi w’ani so sɛ wobɛkenkan Bible no nyinaa a, wubetumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woakenkan no nkakrankakra anaa? Tomáš a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, na ɔpɛ sɛ ɔde afe baako kenkan Bible no, nanso na ɛyɛ den ma no. Ɔka sɛ: “Mihui sɛ na mekenkan bebree dodo. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ nhyehyɛe foforo a ɛbɛma makenkan nkyekyɛm kakraa bi da biara na madwinnwen ho. Wei maa akenkan no bɛyɛɛ me dɛ.” Bere a akenkan no soo Tomáš dɛ mu no, ofii ase de bere pii kenkanee. Nkakrankakra, otumi kenkan Bible no nyinaa wiei. c

SƐ BIRIBI NTI WOANTUMI ANNU WO BOTAE HO A, MMA W’ABAM MMMU

14. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yebedu yɛn botae ho?

14 Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den anaa yemia yɛn ani sɛ dɛn mpo a, nneɛma bi betumi ayɛ osiakwan. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ‘biribi a yɛnhwɛ kwan’ betumi asi ama ayɛ den sɛ yebedu yɛn botae ho. (Ɔsɛnk. 9:11, ase hɔ asɛm) Yebetumi ahyia ɔhaw bi ama yɛn abam abu. (Mmeb. 24:10) Yɛn sintɔ nso betumi ama yɛayɛ biribi a ɛbɛma ayɛ den sɛ yebedu yɛn botae ho. (Rom. 7:23) Anaa ebia yɛbɛte nka sɛ yɛabrɛ. (Mat. 26:43) Sɛ biribi ama ayɛ den sɛ yebedu yɛn botae ho a, dɛn na ebetumi aboa yɛn?

15. Sɛ biribi nti yɛantumi annu yɛn botae ho a, ɛno kyerɛ sɛ yɛadi nkogu anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Dwom 145:14)

15 Kae sɛ, sɛ biribi nti woantumi annu wo botae ho a, ɛno nkyerɛ sɛ woadi nkogu. Bible ka sɛ, yebetumi ahyia ɔhaw mpɛn pii. Nanso ɛsan ka no pefee sɛ, Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛasan agyina yɛn nan so. (Kenkan Dwom 145:14.) Onua Philip a yɛaka ne ho asɛm no ka sɛ: “Ɛnyɛ mpɛn dodow a mantumi annu me botae ho no na mede m’adwene si so. Mmom, mpɛn dodow a mesan sɔre gyina me nan so no, ɛno na mede m’adwene si so.” David a yɛaka ne ho asɛm no ka sɛ: “Nneɛma a ɛma ɛyɛ den sɛ medu me botae ho no, mimmu no sɛ akwanside, na mmom mibu no sɛ hokwan a mede bɛma Yehowa ahu sɛ medɔ no paa.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubedu wo botae ho na woampa abaw a, ɛma Yehowa hu sɛ wopɛ sɛ wosɔ n’ani. Sɛ Yehowa hu sɛ woreyere wo ho adu wo botae ho a, n’ani gye paa!

16. Sɛ biribi nti woantumi annu wo botae ho a, dɛn na wubetumi asua afi mu?

16 Nea enti a woantumi annu wo botae ho no, sua biribi fi mu. Dwinnwen nea ɛma ɛbaa saa no ho, na bisa wo ho sɛ, ‘Biribi wɔ hɔ a metumi ayɛ a ɛremma mensan nhyia ɔhaw foforo anaa?’ (Mmeb. 27:12) Ɛtɔ da nso a, sɛ yɛantumi annu yɛn botae ho a, ebetumi akyerɛ sɛ, yɛde biribi a ɛyɛ den sɛ yebedu ho na esii yɛn ani so. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, san susuw wo botae no ho, na hwɛ sɛ ɛyɛ biribi a wubetumi adu ho anaa. d Botae a wode asi w’ani so no, sɛ ɛboro wo so na woantumi annu ho a, Yehowa renka sɛ woadi nkogu.—2 Kor. 8:12.

17. Nea yɛatumi ayɛ dedaw no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?

17 Ma nea woatumi ayɛ dedaw no ntena w’adwenem. Bible ka sɛ “Onyankopɔn nyɛ obi a ɔnteɛ, enti ne werɛ remfi mo adwuma.” (Heb. 6:10) Enti wo nso, mma wo werɛ mmfi nea woatumi ayɛ. Dwinnwen nea woatumi ayɛ dedaw no ho. Ebetumi ayɛ ayɔnkofa a wo ne Yehowa wɔ, ne ho asɛm a woka kyerɛ afoforo, anaa asu a woabɔ. Sɛnea bere bi a atwam no wutumi yeree wo ho duu botae a wode sisii w’ani so wɔ Yehowa som mu ho no, saa ara na nea wode asi w’ani so seesei no nso, wubetumi ayere wo ho adu ho.—Filip. 3:16.

Ma w’ani nnye wɔ akwantu no mu (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Bere a yɛreyɛ botae a yɛde asi yɛn ani so ho adwuma no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛbɛyɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

18 Yehowa mmoa so nti, wubetumi adu wo botae ho sɛnea obi a ɔka korow de anigye kodu baabi a ɔrekɔ no. Kae sɛ wɔn a wɔka korow no, wɔn mu pii nso ani gye bere a wɔnam nsu so retu kwan no. Wo nso, bere a woreyere wo ho sɛ wubedu wo botae ho no, mma wo werɛ mmfi sɛ wubehu sɛnea Yehowa reboa wo na ɔrehyira wo no. Woyɛ saa a, ɛbɛma w’ani agye. (2 Kor. 4:7) Sɛ woampa abaw a, wubenya nhyira pii.—Gal. 6:9.

DWOM 126 Kɔ So Wɛn, Gyina Hɔ Pintinn

a Yehowa ahyehyɛde no taa hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa botae nsisi yɛn ani so wɔ ne som mu. Nanso sɛ yɛde botae bi asi yɛn ani so na ɛyɛ den sɛ yebedu ho nso ɛ? Botae a yɛde asisi yɛn ani so no, adesua yi bɛma yɛn nyansahyɛ ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛadu ho.

b ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Botae a wubetumi de asi w’ani so wɔ Yehowa som mu no, ebi ne biribiara a wopɛ sɛ wobɔ mmɔden tu mpɔn wom anaa wudu ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi asom Yehowa yiye, na ama n’ani agye. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wubetumi de asi w’ani so sɛ wubenya suban pa, anaa nneɛma a woyɛ de som Yehowa te sɛ Bible akenkan, kokoam adesua ne asɛnka no, wubetu mpɔn wom.

c Hwɛ nhoma a yɛato din Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso kr. 10-11, nky. 4 no.

d Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din “Yɛ Nea W’ahoɔden Betumi, na Nya Anigye” a ɛwɔ July 15, 2008 Ɔwɛn-Aban mu no.