Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 22

Kɔ So Fa “Ɔkwan Kronkron” No So

Kɔ So Fa “Ɔkwan Kronkron” No So

“Ɔkwantempɔn bi bɛda hɔ. . . . Ɔkwan Kronkron.”—YES. 35:8.

DWOM 31 O Wo ne Onyankopɔn Nnantew!

NEA YƐREBESUA a

1-2. Yudafo a na wɔte Babilon no, gyinae a ɛho hia bɛn na na ɛsɛ sɛ wɔsi? (Esra 1:2-4)

 YUDAFO a na wɔakɔyɛ nkoa wɔ Babilon mfe 70 no, ɔhene no bɔɔ dawuru sɛ wɔbetumi asan akɔ wɔn kurom. (Kenkan Esra 1:2-4.) Yehowa nko ara na na obetumi ayɛ saa. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Efisɛ na Babilonfo nnyaa wɔn nkoa. (Yes. 14:4, 17) Nanso na atamfo adi Babilon so nkonim, na na ɔhene foforo a waba no aka akyerɛ Yudafo no sɛ wɔbetumi afi ɔman no mu. Ɛno nti, na ɛsɛ sɛ Yudani biara, ɛnkanka mmusua ti si gyinae sɛ wɔbefi Babilon anaasɛ wɔbɛkɔ so atena hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na saa gyinaesi no nna fam. Adɛn ntia?

2 Wɔn mu bebree wɔ hɔ a, onyin nti, na ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbetwa saa kwantenten no. Afei nso, esiane sɛ wɔwoo Yudafo no dodow no ara wɔ Babilon nti, ɛhɔ ara na na wɔnim. Wɔn de, na wɔnte nka sɛ Israel yɛ wɔn kurom, na mmom wɔn nananom na efi hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na asi Yudafo no bi yiye paa wɔ Babilon, enti na ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ adan pa a wɔtete mu ne nnwuma a wɔyɛ no, wɔbegyaw hɔ akɔtena baabi a wɔnnim.

3. Yudafo anokwafo a na wɔbɛsan akɔ Israel no, nhyira bɛn na na wɔbenya?

3 Yudafo anokwafo a na wɔbɛsan akɔ Israel no, na wɔnim sɛ nhyira a wɔbenya no bɛdɔɔso paa; ná ɛbɛsen biribiara a wɔde bɛbɔ afɔre. Nhyira no mu kɛse paa ne sɛ na wɔbenya kwan asom Yehowa. Ɛwom sɛ na abosomfie bɛyɛ 50 na ɛwɔ Babilon, nanso na Yehowa asɔrefie nni saa kurow no mu. Afɔre ahorow a na Mose Mmara no ka sɛ ɛsɛ sɛ Israelfo no bɔ no, na afɔremuka biara nni hɔ a wɔbɛbɔ wɔ so. Afei nso, na asɔfodi nhyehyɛe biara nni hɔ a ɛbɛhwɛ ama afɔrebɔ a ɛtete saa no akɔ so. Bio nso, abosonsomfo a na ɛwɔ kurow no mu no, na wɔdɔɔso koraa sen wɔn a na wɔdi Yehowa mmara so. Enti Yudafo mpempem a na wɔdɔ Onyankopɔn no, na wɔrehwɛ kwan sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn kurom asan akɔpagyaw nokwaresom.

4. Yudafo a na wɔbɛsan akɔ Israel no, mmoa bɛn na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn?

4 Sɛ obi fi Babilon rekɔ Israel a, na ebegye no bɛyɛ abosome nnan, efisɛ na ɔkwan no so fa nna fam. Nanso Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, sɛ wɔsi kwan so a, biribiara a ɛbɛyɛ akwanside ama wɔn no, obeyi afi hɔ. Yesaia kyerɛwee sɛ: “Munsiesie Yehowa kwan! Mompae kwantempɔn a ɛda mu tee wɔ asaase pradadaa so mma yɛn Nyankopɔn. . . . Asaase a ɛso atutu no, momma ɛso nyɛ toromtorom, na asaase a ayɛ mmonkyemmɔnka no nyɛ asaasetraa.” (Yes. 40:3, 4) Wo de, twa wei ho mfoni hwɛ: kwantempɔn a ɛda mu tee wɔ asaase pradadaa so, mmonkyemmɔnka a ayɛ asaasetraa. Sɛ akwantufo no nam so a, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ wɔn dɛ afa! Ná ɛbɛyɛ mmerɛw koraa ama wɔn sɛ wɔbɛfa kwantempɔn a ɛda mu tee so sen sɛ wɔbɛforo mmepɔw ne nkoko, na wɔafa baabi a ɛhɔ yɛ mmonkyemmɔnka. Ɛno da nkyɛn a, na wɔn ho nso bɛyɛ hare.

5. Sɛnkyerɛnne kwan so kwantempɔn a na efi Babilon kɔ Israel no, na edin bɛn na ɛda so?

5 Ɛnnɛ, akwantempɔn pii wɔ hɔ a, edin deda so anaa wɔama no nɔma. Sɛnkyerɛnne kwan so kwantempɔn a Yesaia kaa ho asɛm no nso, na edin da so. Bible ka sɛ: “Na ɔkwantempɔn bi bɛda hɔ. Saa kwan no, wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron. Nea ne ho ntew remfa so.” (Yes. 35:8) Saa bere no, na Israelfo no bɛte saa bɔhyɛ no ase sɛn? Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ, ɛfa yɛn ho sɛn?

“ƆKWAN KRONKRON” NO—TETE NO NE NNƐ

6. Adɛn nti na na wɔfrɛ ɔkwan no ɔkwan kronkron?

6 “Ɔkwan Kronkron.” Saa kwantempɔn yi din yɛ dɛ papa! Adɛn nti na na wɔfrɛ ɔkwan no ɔkwan kronkron? Israel man a na wɔbɛsan akyekye no, na wɔremma “nea ne ho ntew” biara ntena mu bi. Wei kyerɛ sɛ Yudani biara a na wayɛ n’adwene sɛ obebu brabɔne, ɔbɛsom abosom, anaa ɔbɛyɛ bɔne kɛse bi no, na wɔremma no kwan wɔ hɔ. Yudafo a na wɔbɛsan akɔ wɔn kurom no, na wɔbɛyɛ “ɔman kronkron” ama wɔn Nyankopɔn. (Deut. 7:6) Nanso na ɛno nkyerɛ sɛ wɔn a wɔbefi Babilon akɔ no, na ɛho nhia sɛ wɔyɛ nsakrae biara na ama wɔasɔ Yehowa ani.

7. Nsakrae bɛn na na ehia sɛ Yudafo no bi yɛ? Ma ho nhwɛso.

7 Sɛnea yɛadi kan ahu no, wɔwoo Yudafo dodow no ara wɔ Babilon, enti ɛda adi sɛ na Babilonfo adwene ne wɔn nneyɛe anya wɔn mu bebree so tumi. Yudafo a wɔdii kan kɔɔ Israel no, mfe pii akyi no, Esra hui sɛ na wɔn mu bi akɔwareware abosonsomfo mmea. (Ex. 34:15, 16; Esra 9:1, 2) Akyiri yi, bere a Amrado Nehemia hui sɛ mmofra a wɔawo wɔn wɔ Israel no ntumi nka Hebri kasa no, ne ho dwiriw no paa. (Deut. 6:6, 7; Neh. 13:23, 24) Hebri kasa ne kasa titiriw a wɔde kyerɛw Onyankopɔn Asɛm no. Enti, sɛ mmofra no nte saa kasa no a, na ɛbɛyɛ dɛn na wɔasua sɛnea wɔbɛdɔ Yehowa na wɔasom no? (Esra 10:3, 44) Wei ma yehu sɛ, na ɛsɛ sɛ Yudafo no yɛ nsakrae akɛse paa. Nanso na ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛyɛ saa nsakrae yi wɔ Israel, efisɛ nkakrankakra na wɔresan ama nokwaresom so bio wɔ hɔ.—Neh. 8:8, 9.

Efi afe 1919 no, mmea, mmarima ne mmofra ɔpepem pii afi Babilon Kɛse no mu, na wɔabɛfa “Ɔkwan Kronkron” no so (Hwɛ nkyekyɛm 8)

8. Nsɛm a esisii teteete yi, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

8 Ebia ebinom bɛka sɛ ‘asɛm na ɛyɛ anika sei. Nanso Yudafo ho asɛm a esii teteete yi de, ɛfa yɛn ho sɛn nnɛ?’ Ɛfa yɛn ho paa, efisɛ ɔkwan bi so no, yɛn nso yɛnam “Ɔkwan Kronkron” no so. Sɛ yɛka wɔn a wɔasra wɔn no ho oo, sɛ yɛka “nguan foforo” no ho oo, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so fa “Ɔkwan Kronkron” no so. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so asom Yehowa nnɛ ne daakye bere a n’Ahenni no de nhyira pii aba asaase so no. b (Yoh. 10:16) Efi afe 1919 no, mmea, mmarima ne mmofra ɔpepem pii afi Babilon Kɛse a ɛyɛ atorosom a ɛwɔ wiase nyinaa no mu, na wɔabɛfa “Ɔkwan Kronkron” no so. Ɛda adi sɛ woka saafo no ho. Ɛwom sɛ wɔfii ase paee saa kwantempɔn no akyɛ paa, nanso bɛyɛ mfe 100 ni na nkurɔfo fii ase faa so.

SƐNEA WƆSIESIEE KWAN NO

9. Sɛnea Yesaia 57:14 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na wɔsiesiee “Ɔkwan Kronkron” no?

9 Yudafo a na wɔrefi Babilon no, Yehowa hwɛ ma wɔyii akwanside biara fii wɔn kwan mu. (Kenkan Yesaia 57:14.) Yɛn bere yi so “Ɔkwan Kronkron” no nso ɛ? Mfe ɔhaha pii ansa na afe 1919 reba no, Yehowa maa mmarima anokwafo bi siesiee kwan mu maa wɔn a na wɔbefi Babilon Kɛse no mu no. (Fa toto Yesaia 40:3 ho.) Wɔde nhyehyɛe a ɛho hia guu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a akyiri yi, nnipa komapafo betumi afi Babilon Kɛse no mu abɛka Onyankopɔn nkurɔfo ho ma wɔasom no. Nhyehyɛe bɛn na wɔde guu akwan mu? Momma yensusuw emu bi ho nhwɛ.

Mfe ɔhaha pii ansa na afe 1919 reba no, Yehowa maa mmarima anokwafo bi siesiee kwan mu maa wɔn a na wɔbefi Babilon Kɛse no mu no (Hwɛ nkyekyɛm 10-11)

10-11. Bible a wɔkyerɛ ase na wɔtintim no, sɛn na aboa ama Bible mu nimdeɛ adɔɔso? (Hwɛ mfoni no nso.)

10 Bible a wɔtintim. Efi teteete besi afe 1450 no, na nkurɔfo de wɔn nsa na ɛkyerɛw Bible no bi. Ná saa adwuma no gye bere paa. Wei nti, na Bible ho yɛ na, na na ne bo nso yɛ den paa. Nanso bere a afiri a wɔde tintim nhoma bae no, afei de na wɔbetumi atintim Bible no bebree ama nkurɔfo nsa atumi aka bi.

11 Bible a wɔkyerɛ ase. Bere bi a abɛsen kɔ no, na Bible a wɔakyerɛ ase kɔ Latin kasa mu paa na na ɛwɔ hɔ. Saa kasa no nso de, nhomanimfo nko ara na na wɔtumi te ase. Nanso bere a nhomatintim bɔ petee no, adwuma a nnipa bi a na wɔsuro Onyankopɔn yɛ de kyerɛ Bible no ase kɔ kasa a nkurɔfo ka mu no, wɔmiaa mu. Afei de, na Bible akenkanfo betumi de nea asɔfo kyerɛkyerɛ no atoto nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa ho.

Mmarima anokwafo bi siesiee kwan mu maa wɔn a na wɔbefi Babilon Kɛse no mu no (Hwɛ nkyekyɛm 12-14) c

12-13. Sɛnea komapafo a wɔsuaa Bible no wɔ afe 1835 mu hɔ fii ase paa atorosom nkyerɛkyerɛ ho ntama no, ma ho nhwɛso.

12 Nhoma a wɔde sua Bible. Bible asuafo a wɔn ani da hɔ suaa nneɛma pii fii Onyankopɔn Asɛm a wɔkenkanee no mu. Nea Bible asuafo no hui a wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo no hyɛɛ asɔfo no abufuw. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, afe 1835 mu hɔ no, mmarima anokwafo bi fii ase tintim nkratawa de paa atosɛm a nsɔrensɔre no kyerɛkyerɛ no ho ntama.

13 Bɛyɛ afe 1835 no, nyamesuroni bi a ne din de Henry Grew tintim kratawa bi a ɛka tebea a awufo wom ho asɛm. Ɔnam Kyerɛwnsɛm no so kyerɛkyerɛɛ mu wɔ kratawa no mu sɛ, wu a obi ntumi nwu da no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na mmom ɛnyɛ biribi a wɔde wo yɛn sɛnea na nsɔrensɔre dodow no ara kyerɛkyerɛ no. Afe 1837 no, bere a ɔsɔfo bi a ne din de George Storrs te keteke mu no, ohuu saa kratawa no bi wom. Ɔkenkanee, na ogye dii sɛ wahu nokwasɛm titiriw bi. Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Afe 1842 no, ɔmaa ɔkasa ahorow bi toatoaa so a na ɛyɛ anika paa. Ná asɛmti a ɛda so ne “Nhwehwɛmu—So Abɔnefo Nwu Da?” Nhoma ahorow a George Storrs kyerɛwee no nyaa aberante bi a ne din de Charles Taze Russell so tumi paa.

14. Nhyehyɛe a ebinom de guu akwan mu tete no, sɛn na ɛboaa Onua Russell ne ne mfɛfo? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Nhyehyɛe a ebinom de guu akwan mu tete no, sɛn na ɛboaa Onua Russell ne ne mfɛfo? Wɔn adesua mu no, wɔde nsɛm asekyerɛ nhoma, nhoma a wɔahyehyɛ nsɛmfua wom, ne Bible nkyerɛase ahorow dii dwuma. Wei nyinaa, na ebinom ayɛ dedaw. Afei nso, Bible mu nhwehwɛmu a mmarima bi te sɛ Henry Grew, George Storrs, ne afoforo yɛe no boaa wɔn. Onua Russell ne ne mfɛfo no nso de nneɛma bi guu akwan mu; wɔn nso yɛɛ nhoma ne nkratawa bebree a ɛkaa Bible mu nsɛntitiriw pii ho asɛm.

15. Nsɛm atitiriw bɛn na esisii afe 1919?

15 Ná Babilon Kɛse no akɛntɛn Onyankopɔn nkurɔfo so, nanso afe 1919 no, Onyankopɔn nkurɔfo dee wɔn ho. Saa afe no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi a Bible hyɛɛ ne ho nkɔm no yii ne ti sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa nnipa komapafo ma wɔafi ase afa “Ɔkwan Kronkron” no so. (Mat. 24:45-47) Nokwasɛm ne sɛ, nhyehyɛe a anokwafo no de guu akwan mu tete no nti, ɛboaa wɔn a wɔdii kan faa kwantempɔn no so no ma wɔnyaa Yehowa atirimpɔw ho nimdeɛ pii. (Mmeb. 4:18) Afei nso, na ebetumi aboa wɔn ma wɔde Yehowa mmara abɔ wɔn bra. Efi tete besi nnɛ nyinaa, nsakrae biara a ehia sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ no, ɔnhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ ne nyinaa prɛko pɛ. Mmom, ɔtew ne nkurɔfo ho nkakrankakra. (Hwɛ adaka a yɛato din “ Yehowa Tew Ne Nkurɔfo Ho Nkakrankakra” no.) Bere a yɛn nyinaa betumi ayɛ nea ɛsɔ yɛn Nyankopɔn ani wɔ biribiara mu no, hwɛ sɛnea yɛn ani begye afa!—Kol. 1:10.

“ƆKWAN KRONKRON” NO DA SO ARA WƆ HƆ

16. Efi afe 1919 reba no, nsiesie adwuma bɛn na akɔ so wɔ “Ɔkwan Kronkron” no so? (Yesaia 48:17; 60:17)

16 Ɔkwan biara, ehia sɛ wɔtaa siesie. Efi afe 1919 reba no, nsiesie adwuma da so ara rekɔ so wɔ “Ɔkwan Kronkron” no so sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii betumi afi Babilon Kɛse no mu abɛfa so. Akoa nokwafo ne ɔbadwemma a afei ara na na wɔapaw wɔn no fii wɔn adwuma ase, na afe 1921 no, wɔtintim nhoma bi a yɛde sua Bible. Ná ɛbɛboa wɔn a wɔnnim Bible mu ma wɔasua Bible mu nokware no. Wɔtoo saa nhoma no din, The Harp of God. Wɔtintim bɛyɛ ɔpepem nsia wɔ kasa 36 mu, na nnipa pii de suaa nokware no. Nnansa yi ara nso, yɛanya nhoma foforo kamakama bi a yɛde yɛ Bible adesua. Ɛno ne Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no. Awiei bere yi mu nyinaa, Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ma yɛn honhom fam aduan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nyinaa bɛkɔ so afa “Ɔkwan Kronkron” no so.—Kenkan Yesaia 48:17; 60:17.

17-18. Ɛhe na “Ɔkwan Kronkron” no kopue?

17 Yebetumi aka sɛ bere biara a obi bɛpene so sɛ yɛne no nsua Bible no, na wafi ase refa “Ɔkwan Kronkron” no so. Ebinom fa kwantempɔn no so kakraa bi a na wɔafi so. Afoforo nso asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so afa so kosi sɛ wɔbedu baabi a wɔrekɔ no. Ɛnde, yemmisa sɛ ɛhefa na wɔrekɔ?

18 Wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no, “Ɔkwan Kronkron” no de wɔn bɛkɔ akopue “Onyankopɔn paradise mu” wɔ soro. (Adi. 2:7) Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so nso, saa kwantempɔn no de wɔn bɛkɔ pɛyɛ mu wɔ mfirihyia 1,000 no awiei. Ɛnnɛ, sɛ wonam saa kwantempɔn no so a, nhwɛ w’akyi. Afei nso, mfi kwantempɔn no so kosi sɛ wubedu wiase foforo no mu. Yɛma wo “nantew yiye.”

DWOM 24 Bra Yehowa Bepɔw So

a Sɛnkyerɛnne kwan so kwantempɔn a na efi Babilon kɔ Israel no, Yehowa frɛɛ no “Ɔkwan Kronkron.” Ɛnnɛ nso ɛ, Yehowa ayi kwan bi ato hɔ ama ne nkurɔfo anaa? Yiw. Efi afe 1919 no, nnipa ɔpepem pii afi Babilon Kɛse no mu, na wɔabɛfa “Ɔkwan Kronkron” no so. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so fa ɔkwan no so kosi sɛ yebedu baabi a yɛrekɔ.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua Russell ne ne mfɛfo de nhoma a wɔde sua Bible a na ebinom ayɛ dedaw no dii dwuma.