Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 21

Sɛnea Yehowa Bua Yɛn Mpaebɔ

Sɛnea Yehowa Bua Yɛn Mpaebɔ

“Yenim sɛ yɛn nsa bɛka nea yɛabisa no, efisɛ yɛabisa afi ne hɔ.”—1 YOH. 5:15.

DWOM 41 Tie Me Mpaebɔ

NEA YƐREBESUA a

1-2. Adwene bɛn na yebetumi anya wɔ yɛn mpaebɔ ho?

 ƐTƆ da a, ɛyɛ wo sɛ Yehowa ntie wo mpaebɔ anaa? Sɛ saa a, kae sɛ ɛnyɛ wo nko. Anuanom bebree nso te nka saa, ɛnkanka bere a wɔrehyia sɔhwɛ no. Yɛn nso, sɛ yɛrehu amane a, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yebehu sɛnea Yehowa bua yɛn mpaebɔ.

2 Momma yɛnhwɛ nea enti a yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bua n’asomfo mpaebɔ. (1 Yoh. 5:15) Yebesusuw nsɛmmisa a edidi so yi nso ho: Adɛn nti na ɛtɔ da a ebetumi ayɛ yɛn sɛ Yehowa mmua yɛn mpaebɔ? Akwan bɛn na Yehowa fa so bua yɛn mpaebɔ?

EBIA YEHOWA REMMUA YƐN MPAEBƆ SƐNEA YƐHWƐ KWAN

3. Adɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yɛbɔ no mpae?

3 Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn paa na yɛsom bo ma no. (Hag. 2:7; 1 Yoh. 4:10) Ɛno nti na ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ no mpae no. (1 Pet. 5:6, 7) Ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn ma yɛbata ne ho denneennen na yetumi gyina ɔhaw biara a yɛrehyia no ano.

Yehowa gyee Dawid fii n’atamfo nsam de buaa ne mpaebɔ (Hwɛ nkyekyɛm 4)

4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa bua n’asomfo mpaebɔ? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Yɛkan Bible a, yɛtaa hu sɛ Yehowa buaa n’asomfo mpaebɔ. Emu nea ɛwɔ he na wokae? Ɔhene Dawid ho asɛm aba wo tirim anaa? N’asetena nyinaa mu no, atamfo a wɔn ho yɛ hu pii teetee no, enti na ɔtaa bɔ Yehowa mpae hwehwɛ ne mmoa. Bere bi ɔsrɛe sɛ: “O Yehowa, tie me mpaebɔ; yɛ aso tie me sufrɛ. Wo nokwaredi ne wo trenee nti, gye me so.” (Dw. 143:1) Mpae a Dawid bɔe sɛ Yehowa nnye no no, otiei. (1 Sam. 19:10, 18-20; 2 Sam. 5:17-25) Dawid tumi de ahotoso kaa sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.” Yɛn nso, yebetumi anya saa ahotoso no bi.—Dw. 145:18.

Yehowa maa Paul ahoɔden ma ɔde gyinaa ne haw ano de buaa ne mpaebɔ (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Yehowa asomfo a wɔtenaa ase tete no, bere nyinaa na Yehowa buaa wɔn mpaebɔ sɛnea na wɔhwɛ kwan anaa? Ma ho nhwɛso. (Hwɛ mfoni no nso.)

5 Ebia Yehowa remmua yɛn mpaebɔ sɛnea yɛhwɛ kwan. Biribi saa na ɛtoo ɔsomafo Paul. “Ɔhonam mu nsɔe” bi a na ɛreteetee no no, ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma emfi ne so. Paul hyɛɛ da bɔɔ saa ɔhaw kɛse yi ho mpae mprɛnsa. Yehowa buaa saa mpaebɔ no anaa? Yiw, nanso ɛnyɛ sɛnea na Paul hwɛ kwan. Sɛ́ anka Yehowa beyi ɔhaw no afi hɔ no, ɔmaa no tumi a ɛbɛboa no ama wakɔ so de nokwaredi asom no.—2 Kor. 12:7-10.

6. Adɛn nti na ɛtɔ da a ebetumi ayɛ yɛn sɛ Yehowa mmua yɛn mpaebɔ?

6 Yɛn nso, ɛtɔ da a ebia ɛnyɛ sɛnea yɛhwɛ kwan no na Yehowa bebua yɛn mpaebɔ. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nim bere pɔtee a ɛsɛ sɛ ɔboa yɛn. Obetumi mpo ‘ayɛ ade ma aboro nea yɛsrɛ anaa yesusuw koraa no.’ (Efe. 3:20) Ɛno nti, obetumi abua yɛn mpaebɔ wɔ bere a yɛnhwɛ kwan. Afei nso, ɔkwan bi a yɛn ani nna so no, obetumi afa so abua yɛn mpaebɔ.

7. Adɛn nti na ebia ɛho behia sɛ yɛsesa nea yɛbɔ ho mpae? Ma ho nhwɛso.

7 Sɛ yehu nea Yehowa pɛ yiye a, ebia ɛho behia sɛ yɛsesa nea yɛbɔ ho mpae. Momma yɛnhwɛ Martin Poetzinger. Onua Poetzinger waree no, ankyɛ koraa na Nasi aban no kyeree no kɔtoo afiase. Mfiase no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔnyi no mfi afiase na ɔnkɔhwɛ ne yere, na ɔnsan nkɔka asɛmpa no. Nanso nnawɔtwe mmienu akyi no, wanhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ na Yehowa pɛ sɛ ofi afiase hɔ. Enti ofii ase bɔɔ mpae sɛ: “Yehowa mesrɛ wo, kyerɛ me nea wopɛ sɛ meyɛ.” Afei, nea na anuanom a ɛwɔ afiase hɔ refa mu no, ofii ase dwen ho. Ná wɔn mu pii redwen wɔn yerenom ne wɔn mma ho paa. Afei Onua Poetzinger bɔɔ mpae sɛ: “Yehowa meda wo ase sɛ woama me dwumadi foforo. Boa me ma mintumi nhyɛ me nuanom nkuran na menkyekye wɔn werɛ.” Mfe nkron a edi hɔ no, saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe wɔ afiase hɔ!

8. Sɛ yɛrebɔ mpae a, ade a ɛho hia bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi?

8 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa wɔ bere pɔtee a ɔde di n’atirimpɔw biara ho dwuma. Saa atirimpɔw no baako ne sɛ ɔhaw te sɛ atoyerɛnkyɛm, yare, ne owu a ɛreteetee yɛn nnɛ no, obetu ase. Yehowa nam n’Ahenni no so na ɔbɛma n’atirimpɔw aba mu. (Dan. 2:44; Adi. 21:3, 4) Nanso enkosi saa bere no, Yehowa ama Satan kwan sɛ onni wiase yi so. b (Yoh. 12:31; Adi. 12:9) Sɛ Yehowa yi nnipa haw fi hɔ saa bere yi a, ɛbɛyɛ te sɛ nea Satan adedi no rekɔ yiye. Nanso bere a yɛretwɛn sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow bi bɛba mu no, ɛno nkyerɛ sɛ wato yɛn agyaagyaamu. Momma yensusuw akwan a Yehowa fa so boa yɛn no bi ho.

AKWAN A YEHOWA FA SO BUA YƐN MPAEBƆ

9. Sɛ yɛpɛ sɛ yesisi gyinae a, sɛn na Yehowa betumi aboa yɛn? Ma ho nhwɛso.

9 Ɔma yɛn nyansa. Yehowa hyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nyansa ma yɛde asisi gyinae pa. Sɛ yɛresi gyinae bi a ɛbɛsesa yɛn asetena yɛn nkwa nna nyinaa a, saa bere no paa na yehia Onyankopɔn nyansa. Ebi ne bere a yɛresi gyinae sɛ yebedi sigya anaa yɛbɛware. (Yak. 1:5) Yɛnhwɛ onuawa sigyani bi a ne din de Maria. c Ná ɔyɛ daa kwampaefo a ɔde anigye resom Yehowa bere a ohyiaa onua bi. Ɔka sɛ: “Bere a yɛn adamfofa no mu yɛɛ den no, m’ani begyee ne ho na ɔno nso ani begyee me ho. Afei mihui sɛ ɛsɛ sɛ misi gyinae. Mebɔɔ asɛm no ho mpae mpɛn pii. Ná mihia Yehowa akwankyerɛ, nanso na minim sɛ ɛnyɛ Yehowa na obesi gyinae no ama me.” Mpae a ɔbɔe sɛ Yehowa mma no nyansa no, ogye di sɛ otiei. Ɔkwan bɛn so? Bere a ɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ asafo nhoma mu no, onyaa nsɛm pɔtee a ɛboaa no ma onyaa ne nsɛmmisa ho mmuae. Afotu pa a ne maame a ɔsom Yehowa nso de maa no no, otie guu aso pa mu. Saa afotu no boaa Maria ma osusuw sɛnea ɔte nka no ho kɔɔ akyiri. Ewiee ase no, otumi sii gyinae pa.

Sɛn na Yehowa hyɛ yɛn den ma yetumi gyina yɛn haw ano? (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Sɛnea Filipifo 4:13 kyerɛ no, dɛn na Yehowa bɛyɛ de aboa n’asomfo? Ma ho nhwɛso. (Hwɛ mfoni no nso.)

10 Ɔhyɛ yɛn den ma yetumi gyina yɛn haw ano. Sɛnea Yehowa yɛ maa ɔsomafo Paul no, yɛn nso ɔbɛhyɛ yɛn den ma yɛatumi agyina yɛn haw ano. (Kenkan Filipifo 4:13.) Momma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa boaa onua bi a ne din de Benjamin ma ogyinaa tebea bi a emu yɛ den ano. Ɔyɛ aberantewaa no, ɔne n’abusua dii atutena wɔ atubrafo atenae wɔ Afrika. Benjamin ka sɛ: “Mebɔɔ Yehowa mpae daa sɛ ɔmma me ahoɔden a mede bɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Yehowa ma minyaa asomdwoe, ɔmaa me akokoduru a ɛbɛma makɔ so aka asɛmpa no, ne nhoma a ɛbɛboa me ma me gyidi ayɛ den. Ɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ wabua me mpaebɔ no.” Ɔtoa so sɛ: “Bere a mekenkan anuanom afoforo suahu, na mihuu sɛnea Yehowa boaa wɔn ma wɔgyinaa wɔn haw ano no, ɛhyɛɛ me den ma misii me bo sɛ mɛkɔ so adi Yehowa nokware.”

Yehowa nam wo nuanom Kristofo so aboa wo pɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 11-12) d

11-12. Sɛn na ebia Yehowa bɛfa yɛn nuanom Kristofo so abua yɛn mpaebɔ? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Ɔfa yɛn nuanom Kristofo so. Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu de ne nkwa abɔ afɔre ama yɛn no, ɔbɔɔ mpae denneennen. Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ mma ɔmmma nkurɔfo mmmu no sɛ ɔyɛ busuyɛfo a ɔfata owu. Sɛ́ anka Yehowa bɛyɛ Yesu adesrɛ no ama no no, ɔsomaa ɔbɔfo bi mmom ma ɔkɔhyɛɛ no den. (Luka 22:42, 43) Yɛn nso, ebia Yehowa bɛma yɛn nua bi afrɛ yɛn wɔ fon so anaa wabɛsra yɛn ahyɛ yɛn den. Yɛn mu biara betumi ahwehwɛ hokwan de aka “asɛmpa” akyerɛ yɛn nuanom Kristofo.—Mmeb. 12:25.

12 Momma yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Miriam. Bere a ne kunu wui nnawɔtwe kakraa bi akyi no, da bi na aka ɔno nko ara wɔ fie. Ná n’adwene atu afra, na ɔtee nka sɛ anidaso nyinaa asa. Osui ara ma na ɔyɛ ne ho hwee a ɛnyɛ yiye, na na ɔrepɛ obi aka n’asɛm akyerɛ no. Ɔka sɛ: “Ahoɔden a menya de afrɛ obi mpo na ayɛ asɛm, enti mebɔɔ Yehowa mpae. Bere a migu so resu na merebɔ mpae no, obi frɛɛ me wɔ fon so. Ná ɛyɛ asafo mu panyin bi a ɔpɛ m’asɛm.” Saa ɔpanyin no ne ne yere kyekyee Miriam werɛ. Ogye di paa sɛ Yehowa na ɔkaa saa onua no koma ma ɔfrɛɛ no.

Sɛn na ebia Yehowa bɛkanyan nkurɔfo ma wɔaboa yɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 13-14)

13. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa betumi afa wɔn a wɔnsom no so abua yɛn mpaebɔ.

13 Ebia ɔbɛfa nnipa a wɔnsom no so. (Mmeb. 21:1) Ɛtɔ da a, Yehowa kanyan wɔn a wɔnsom no ma wɔboa ne nkurɔfo de bua wɔn mpaebɔ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, adesrɛ a Nehemia de too Ɔhene Artasasta anim sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kɔboa ma wɔsan kyekye kurow no, Yehowa kanyan ɔhene no ma otiei. (Neh. 2:3-6) Ɛnnɛ nso, sɛ yɛkɔ ahokyere mu a, Yehowa betumi akanyan wɔn a wɔnsom no mpo ma wɔabɛboa yɛn.

14. Sɛn na Soo Hing suahu no ahyɛ wo nkuran? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Onuawa bi a ne din de Soo Hing hui sɛ Yehowa nam ne dɔkta so boaa no. Ɔwɔ ɔbabarima bi a adwenemyare taa teetee no. Ne babarima no nyaa akwanhyia bi a ani yɛ nyan, enti ɔne ne kunu gyaee adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ahwɛ no. Wei nti na wɔn sikasɛm nkɔ yiye koraa. Soo Hing ka sɛ, na ɔte nka sɛ ɔhaw no atwe ne mu ara ma n’ani so atan no. Enti ohwiee ne komam nsɛm guu Yehowa so, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmoa no. Dɔkta no faa wɔn asɛm no sɛ n’asɛm, na ɔboaa wɔn ma wɔnyaa mmoa fii aban hɔ, na wɔnyaa dan a ne bo ba fam nso tenaa mu. Ɛno akyi no, Soo Hing kaa sɛ: “Yehui sɛ na Yehowa redi boa yɛn. Ɔyɛ ‘mpaebɔ Tiefo’ ampa.”—Dw. 65:2.

YEHIA GYIDI NA YƐAHU SƐ YEHOWA REBUA YƐN MPAEBƆ

15. Dɛn na ɛboaa onuawa bi ma ohui sɛ Yehowa rebua ne mpaebɔ?

15 Ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa bua yɛn mpaebɔ a yehu no tee. Nanso mmuae a yɛn Agya a ɔwɔ soro no de ma yɛn no, ɛno ara na yehia na yɛakɔ so de nokwaredi asom no. Enti, ɛyɛ a fa w’ani to fam na woahu sɛnea Yehowa bua wo mpaebɔ. Onuawa bi a ne din de Yoko nyaa adwene sɛ, sɛ ɔbɔ mpae a onhu sɛ Yehowa bua, nanso ofii ase kyerɛkyerɛw nea ɔde ato Yehowa anim no too hɔ. Bere bi akyi no, nhoma a na wakyerɛw n’abisade no wom no, ɔfa hwɛe, na ohui sɛ Yehowa abua dodow no ara; ebi mpo wɔ hɔ a na ne werɛ afi sɛ wabisa. Ɛwom ara a, ɛsɛ sɛ yegye bere dwinnwen sɛnea Yehowa bua yɛn mpaebɔ no ho.—Dw. 66:19, 20.

16. Yɛbɔ mpae a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi? (Hebrifo 11:6)

16 Ɛnyɛ mpae a yɛbɔ Yehowa no nko ara na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi, na mmom ɔkwan biara a ɔbɛfa so abua yɛn mpae no, sɛ yegye tom a, ɛno nso kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi. (Kenkan Hebrifo 11:6.) Yɛnhwɛ Mike ne ne yere Chrissy asɛm no. Ná wɔpɛ sɛ wɔkɔsom wɔ Betel. Mike ka sɛ: “Me ne me yere hyehyɛɛ Betel akwammisa krataa mfe pii, na yɛbɔɔ ho mpae kyerɛɛ Yehowa mpɛn pii, nanso wɔamfrɛ yɛn.” Mike ne Chrissy kɔɔ so nyaa awerɛhyem sɛ Yehowa nim kwan pa a ɛsɛ sɛ ɔfa so de wɔn yɛ adwuma wɔ ne som mu. Wɔkɔɔ so yɛɛ nea wɔbetumi nyinaa, wɔkɔyɛɛ daa akwampaefo wɔ baabi a mmoa ho hia, na wɔboa ma wɔsisii asafo adan nso. Ɛnnɛ, wɔreyɛ ɔmansin adwuma. Mike ka sɛ: “Ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa bua yɛn mpaebɔ sɛnea yɛhwɛ kwan, nanso obua yɛn mpaebɔ, na akwan a ɔfa so bua no, ɛyɛ a na ɛyɛ yɛn nwanwa mpo.”

17-18. Sɛnea Dwom 86:6, 7 ma yehu no, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

17 Kenkan Dwom 86:6, 7. Ná odwontofo Dawid wɔ awerɛhyem sɛ Yehowa tie ne mpaebɔ na obua nso. Wo nso wubetumi anya saa awerɛhyem no bi. Nhwɛso ahorow a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi ama yɛn nyansa, na wahyɛ yɛn den ma yɛagyina yɛn haw ano. Ebia ɔbɛfa kwan bi so ama yɛn nuanom Kristofo anaa mpo wɔn a wɔnsom no aboa yɛn.

18 Ɛwom, yenim sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa bua yɛn mpaebɔ sɛnea yɛhwɛ kwan, nanso yenim sɛ obebua. Ɔbɛma yɛn nea yehia, na ɔbɛma yɛn nsa aka no bere pɔtee a yehia nso. Enti, kɔ so bɔ Yehowa mpae na nya gyidi sɛ obetie wo. Afei nya awerɛhyem sɛ ɔbɛhwɛ wo nnɛ, na wiase foforo a ɛreba no mu nso, ‘ɔbɛma ɔteasefo biara anya nea ohia nyinaa.’—Dw. 145:16.

DWOM 46 Yɛda Wo Ase, Yehowa

a Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛbɔ mpae na ɛne n’apɛde hyia a, obetie. Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ mmoa biara a yehia na yɛatumi akɔ so adi Yehowa nokware no, ɔde bɛma yɛn. Momma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa bua yɛn mpaebɔ.

b Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Yehowa ama Satan kwan sɛ onni wiase yi so a, hwɛ asɛm a yɛato din “Fa W’adwene Si Asɛm a Ɛho Hia Paa no So.” Ɛwɔ June 2017 Ɔwɛn-Aban mu.

c Wɔasesa edin no bi.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Maame bi ne ne babea akɔyɛ atubrafo wɔ ɔman foforo so. Wɔn nuanom Kristofo agye wɔn fɛw so, na wɔde mmoa biara a wɔhia rema wɔn.