ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM November 2016

Adesua nsɛm a yebesua December 26, 2016 kosi January 29, 2017.

Asɛmfua a Ná Ɛka Koma Paa!

Asɛmfua bɛn na Yesu de dii dwuma a na ɛka koma paa?

Monkɔ So Nhyehyɛ Mo Ho Nkuran Da Biara

Adɛn nti na nkuranhyɛ ho hia? Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yehowa, Yesu, ne ɔsomafo Paulo hyɛɛ afoforo nkuran no mu? Na wobɛyɛ dɛn de nkuranhyɛ a ɛfata ama afoforo?

Onyankopɔn Nam N’Asɛm So Ama Yɛanya Nhyehyɛe Pa

Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔyɛ nhyehyɛe pa sen obiara. Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ n’asomfo nso bɛyɛ nnipa a wɔwɔ nhyehyɛe pa anaa?

Wowɔ Obu Kɛse Ma Yehowa Asɛm No?

Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɔ mmɔden tie afotu a ɛwɔ N’Asɛm Bible mu na wɔtaa n’ahyehyɛde no akyi a, wonya so mfaso paa.

Wafrɛ Yɛn Afi Sum Mu

Efi afeha a ɛto so mmienu Y.B. mu reba no, ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo kɔɔ sum mu? Ɛyɛɛ dɛn na wofii ase huu hann bi, na bere bɛn na wohuu saa hann no?

Wɔtwee Wɔn Ho Fii Atoro Som Ho

Bere bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo dee wɔn ho koraa fii Babilon nkoasom mu?

“Ahenni Adawurubɔfo a Mowɔ Britain​—Monkanyan Mo Ho!!”

Ahenni adawurubɔfo dodow annya nkɔanim ahe biara wɔ mfe du ntam wɔ Britain! Awiei koraa no, dɛn na ɛde nkɔso bae?