Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkɔ So Nhyehyɛ Mo Ho Nkuran Da Biara

Monkɔ So Nhyehyɛ Mo Ho Nkuran Da Biara

“Sɛ mowɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, monka.”​—ASO. 13:15.

NNWOM: 121, 45

1, 2. Kyerɛ nea enti a nkuranhyɛ ho hia.

CRISTINA [1] adi mfe 18. Ɔka sɛ: “M’awofo nhyɛ me nkuran da, na mmom wɔkasa tia me daa. Wodidi me atɛm ma ɛyɛ me yaw paa. Wɔka sɛ manyin agyaw me nyansa hɔ, midi mmofraasɛm, na afei nso mayɛ kutuu. Enti, ɛyɛ a metaa sũ, na mempɛ sɛ me ne wɔn bɛkasa mpo. Mete nka sɛ mfaso biara nni me so.” Sɛ obiara nhyɛ yɛn nkuran a, ɛma asetena yɛ den paa!

2 Nanso, sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran a, ebetumi aboa wɔn paa. Aberante bi a wɔfrɛ no Rubén ka sɛ: “Mfe pii ni na mate nka sɛ me so nni mfaso biara. Nanso, bere bi me ne asafo mu panyin bi kɔɔ asɛnka. Ɔpanyin no hui sɛ na nneɛma nkɔ yiye mma me saa da no. Mekaa nea ɛrehaw me no kyerɛɛ no, na ɔyɛɛ aso tiee me. Ɔtwee m’adwene sii nneɛma pa a mereyɛ so. Ɔsan nso twee m’adwene sii asɛm a Yesu kae sɛ, yɛn mu biara som bo sen nkasanoma bebree no so. Bere biara a mɛkae saa kyerɛwsɛm no, ɛka me koma paa. Nkɔmmɔ a ɔpanyin no ne me bɔe no boaa me yiye.”​—Mat. 10:31.

3. (a) Dɛn na ɔsomafo Paulo ka faa nkuranhyɛ ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Sɛ Bible ka sɛ ehia sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran daa a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Hebrifo Kristofo no sɛ: “Anuanom, monhwɛ yiye na koma bɔne a enni gyidi amma mo mu biara mu da, na wanwae amfi Onyankopɔn teasefo no ho; mmom no monkɔ so ntutu mo ho mo ho fo [anaa, monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran] da biara, . . . na bɔne nnaadaa nti, mo mu biara ansen ne kɔn.” (Heb. 3:12, 13) Sɛ obi ahyɛ wo nkuran ama wo koma atɔ wo yam pɛn a, ɛnde wunim mfaso a ɛwɔ afotu a ɛka sɛ yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran no so paa. Enti momma yensusuw nsɛmmisa yi ho: Adɛn nti na nkuranhyɛ ho hia paa? Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yehowa, Yesu, ne Paulo hyɛɛ afoforo nkuran no mu? Na yɛbɛyɛ dɛn de nkuranhyɛ a ɛfata ama afoforo?

OBIARA HIA NKURANHYƐ

4. Henanom na wohia nkuranhyɛ, nanso adɛn nti na ɛnnɛ nkuranhyɛ ho ayɛ nã saa?

4 Yɛn nyinaa hia nkuranhyɛ. Ne titiriw no, yɛn mmofraberem paa na ehia sɛ wɔhyɛ yɛn nkuran. Ɔkyerɛkyerɛfo bi a wɔfrɛ no Timothy Evans ka sɛ: “Mmofra . . . hia nkuranhyɛ sɛnea afifide hia nsu no.” Ɔtoaa so sɛ: “Sɛ wohyɛ abofra nkuran a, ɛma ohu sɛ mfaso wɔ ne so, na ne ho hia.” Nanso, yɛte mmere a emu yɛ den mu. Nnipa yɛ pɛsɛmenkominya, na wonni tema. Enti nkuranhyɛ ho ayɛ nã. (2 Tim. 3:1-5) Ebinom awofo anhyɛ wɔn nkuran da, enti ama wɔn nso nkamfo wɔn mma. Adwumayɛfo pii wɔ hɔ a, obiara nkamfo wɔn, enti wonwiinwii sɛ obiara nhyɛ wɔn nkuran wɔ adwuma mu.

5. Dɛn ne nkuranhyɛ?

5 Sɛ yɛhyɛ obi nkuran a, mpɛn pii no nea ɛkyerɛ ne sɛ, onii no ayɛ adepa bi na yɛrekamfo no. Afei nso, sɛ yɛma afoforo hu sɛ wɔwɔ suban pa anaasɛ ‘yɛkyekye akra a wɔahaw werɛ’ a, na yɛrehyɛ wɔn nkuran. (1 Tes. 5:14) Nea Hela asɛmfua a wɔtaa kyerɛ ase “nkuranhyɛ” kyerɛ paa ne sɛ “wobɛka akɔ afoforo ho.” Esiane sɛ yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea bom som nti, yɛtaa nya hokwan hyɛ wɔn nkuran. (Kenkan Ɔsɛnkafo 4:9, 10.) Yenya hokwan a ɛfata saa a, ɛyɛ a yɛma afoforo hu nea enti a yɛdɔ wɔn na wɔn ho hia yɛn no anaa? Ansa na yɛbɛma saa asɛm no ho mmuae no, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw Bible mu bɛ yi ho. Ɛka sɛ: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de, O hwɛ sɛnea eye!”​—Mmeb. 15:23.

6. Adɛn nti na Ɔbonsam pɛ sɛ obu yɛn abam? Ma ɛho nhwɛso.

6 Satan Ɔbonsam pɛ sɛ obu yɛn abam. Onim sɛ, sɛ yɛn abam bu a, ebetumi ama yɛne Yehowa ntam asɛe, na ahaw yɛn wɔ akwan foforo so nso. Mmebusɛm 24:10 ka sɛ: “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.” Satan bɔɔ ɔtreneeni Hiob sobo, na ɔde ɔhaw ahorow baa no so sɛnea ɛbɛyɛ a Hiob abam bebu. Nanso, saa pɔw bɔne no ankosi hwee. (Hiob 2:3; 22:3; 27:5) Sɛ yɛhyɛ yɛn abusuafo ne asafo no mufo nkuran a, yebetumi ako atia Ɔbonsam nnwuma. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma anigye ne abotɔyam aba yɛn afie ne yɛn Ahenni Asa so.

BIBLE MU NHWƐSO A YEBETUMI ASUASUA

7, 8. (a) Nhwɛso bɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nim hia a ehia sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran? (b) Awofo bɛyɛ dɛn asuasua Yehowa nhwɛso no? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

7 Yehowa. Odwontofo no too dwom sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn honhom abotow.” (Dw. 34:18) Bere a na ehu aka Yeremia na n’abam abu no, Yehowa hyɛɛ odiyifo nokwafo no den ma onyaa akokoduru. (Yer. 1:6-10) Afei susuw odiyifo Daniel a na ne mfe akɔ anim no nso ho hwɛ. Bere bi, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo ma ɔkɔhyɛɛ Daniel den. Ɔbɔfo no frɛɛ Daniel ‘ɔbarima a wɔpɛ n’asɛm paa,’ kyerɛ sɛ, obi a ɔsom bo paa. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa asɛm no hyɛɛ Daniel den paa! (Dan. 10:8, 11, 18, 19) Wo nso ɛ? Wubetumi ahyɛ adawurubɔfo, akwampaefo, ne anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim a wɔn ahoɔden so atew no nkuran anaa?

8 Ná anka Onyankopɔn betumi afa no sɛ ɔne Yesu, ne Ba a ɔdɔ no no, ayɛ adwuma mfe pii wɔ soro, enti ɛho nhia sɛ ɔkamfo no anaa ɔhyɛ no nkuran bere a ɔbaa asase so no. Mmom no, Yesu tee mprenu sɛ n’Agya fi soro reka sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” (Mat. 3:17; 17:5) Enti Onyankopɔn kamfoo Yesu, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔrebɔ ne ho mmɔden. Mprenu a Yesu tee saa asɛm no nyinaa no, ɛbɛyɛ sɛ emu biara hyɛɛ no nkuran. Ɔtee nea edi kan no bere a ɔhyɛɛ ne som adwuma ase no. Afei, ɔtee nea etwa to no bere a aka kakra ma wawie ne som adwuma wɔ asase so no. Ade rebɛkye ma Yesu awu a na ne ho yeraw no no, Yehowa somaa ɔbɔfo ma ɔkɔhyɛɛ no den. (Luka 22:43) Sɛ yɛyɛ awofo a, momma yensuasua Yehowa nhwɛso no na yɛnhyɛ yɛn mma nkuran daa. Sɛ wɔyɛ adepa nso a, momma yɛnkamfo wɔn. Ne titiriw no, sɛ wɔrehyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ wɔ sukuu mu a, momma yɛnkɔ so mmoa wɔn paa.

9. Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yesu ne n’asomafo no dii no mu?

9 Yesu. Anadwo a Yesu de Nkaedi no sii hɔ no, suban baako a enye a ohui sɛ n’asomafo no reda no adi ne ahantan. Yesu brɛɛ ne ho ase hohoroo wɔn nan ho, nanso na wɔda so ara regye nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye; na Petro nso hoahoaa ne ho. (Luka 22:24, 33, 34) Ne nyinaa mu no, Yesu kamfoo n’asomafo anokwafo no sɛ wɔbataa ne ho wɔ ne sɔhwɛ mu. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛyɛ nnwuma akɛse a ɛsen nea ɔno ayɛ no, na ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn pɛ wɔn asɛm. (Luka 22:28; Yoh. 14:12; 16:27) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So ɛnsɛ sɛ misuasua Yesu na mekamfo me mma ne afoforo wɔ nneɛma pa a wɔyɛ ho sen sɛ mede m’adwene besi wɔn sintɔ ahorow so?’

10, 11. Dɛn na ɔsomafo Paulo yɛe a ɛkyerɛ sɛ na onim hia a ehia sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran?

10 Ɔsomafo Paulo. Paulo kamfoo ne mfɛfo Kristofo wɔ nkrataa a ɔkyerɛwee no mu. Ná ɔne wɔn mu binom atutu akwan mfe pii, enti na onim wɔn sintɔ ahorow. Nanso, ɔkamfoo wɔn. Nhwɛso bi ni. Paulo kae sɛ Timoteo yɛ ne “ba dɔfo ne ɔnokwafo Awurade mu,” na ɔno na obeyi ne yam adi Kristofo foforo nsɛm ho dwuma. (1 Kor. 4:17; Filip. 2:19, 20) Ɔsomafo no kamfoo Tito kyerɛɛ Korinto asafo no sɛ Tito yɛ ‘obi a ɔka ne ho, na ɔyɛ ne yɔnko dwumayɛni ma wɔn yiyedi.’ (2 Kor. 8:23) Bere a Timoteo ne Tito tee asɛm a Paulo ka faa wɔn ho no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ wɔn nkuran paa!

11 Paulo ne Barnaba de wɔn nkwa too asiane mu san kɔɔ mmeae a na wɔayɛ wɔn basabasa no. Ɛho nhwɛso bi ni. Bere bi, ɛwom sɛ na Listrafo no asɔre atia Paulo ne Barnaba denneennen de, nanso wɔsan kɔɔ hɔ kɔhyɛɛ asuafo foforo no nkuran sɛ wɔntena gyidi no mu. (Aso. 14:19-22) Wɔ Efeso no, Paulo kɔtoo nnipakuw bi a na wɔn bo afuw. Asomafo Nnwuma 20:1, 2 ka sɛ: “Basabasa no ano brɛɛ ase no, Paulo soma kɔfrɛɛ asuafo no, na bere a ɔhyɛɛ wɔn nkuran na ɔne wɔn dii nkra no, osii kwan so kɔɔ Makedonia. Bere a ɔkɔfaa hɔnom na ɔkaa nsɛm bebree de hyɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nkuran no, ɔbaa Hela.” Weinom nyinaa ma yehu sɛ na nkuranhyɛ ho hia Paulo paa.

SƐNEA YƐHYEHYƐ YƐN HO NKURAN NNƐ

12. Ɔkwan bɛn so na asafo nhyiam a yɛkɔ no ma yetumi hyɛ afoforo nkuran na yɛn nso yenya nkuranhyɛ?

12 Ade baako nti a yɛn soro Agya no pɛ sɛ yehyiam daa ne sɛ, ɛma yetumi hyɛ afoforo nkuran, na yɛn nso yenya nkuranhyɛ fi afoforo hɔ. (Kenkan Hebrifo 10:24, 25.) Sɛnea na Yesu akyidifo a wodi kan no hyiam sua ade na wɔhyehyɛ wɔn ho nkuran no, saa ara na ɛnnɛ yɛn nso yɛyɛ. (1 Kor. 14:31) Cristina a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua yi mfiase no ka sɛ: “Ade a m’ani gye ho paa wɔ asafo nhyiam ho ne ɔdɔ ne nkuranhyɛ a mekɔ hɔ a minya no. Ɛtɔ da a, mɛkɔ Ahenni Asa so no, na mabotow. Nanso, anuanom mmea no behyia me yɛ me atuu, na wɔka kyerɛ me sɛ me ho ayɛ fɛ. Wɔka kyerɛ me sɛ wɔdɔ me na wɔkamfo me wɔ nkɔso a merenya wɔ Yehowa som mu no ho. Wɔn nkuranhyɛ no ma me ho tɔ me paa!” Sɛ yɛn mu biara yɛ ne fam de sɛnea ɛbɛyɛ a “obiara benya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ” a, hwɛ sɛnea ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam!​—Rom. 1:11, 12.

13. Adɛn nti na Onyankopɔn asomfo a wɔn ho akokwaw hia nkuranhyɛ?

13 Onyankopɔn asomfo a wɔn ho akokwaw mpo hia nkuranhyɛ. Yɛmfa Yosua sɛ nhwɛso. Ná ɔde nokwaredi asom Onyankopɔn mfe pii. Nanso, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnhyɛ no nkuran. Yehowa kae sɛ: “Fa Yosua yɛ ɔman no kannifo na hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi ɔman yi anim atwa Yordan, na ɔde asase a wubehu no bɛma wɔn.” (Deut. 3:27, 28) Ná wɔde asɛyɛde kɛse bi rebɛhyɛ Yosua nsa. Ɛno ne sɛ, ɔno na na obedi Israelfo anim akɔko afa Bɔhyɛ Asase no. Ná obehyia akwanside, na anyɛ yiye koraa no, na obedi nkogu baako wɔ ɔko mu. (Yos. 7:1-9) Wei ma yehu paa sɛ na ehia sɛ wɔhyɛ Yosua nkuran na wɔhyɛ no den! Enti momma yɛn mu biara nhyɛ asafo mu mpanyimfo ne amansin so ahwɛfo a wɔyɛ adwumaden de hwɛ Onyankopɔn nguankuw no nkuran. (Kenkan 1 Tesalonikafo 5:12, 13.) Ɔmansin sohwɛfo bi kae sɛ: “Ɛtɔ da a, anuanom binom kyerɛw krataa bɛda yɛn ase, na wɔka sɛnea wɔn ani sɔɔ yɛn nsrahwɛ no. Yɛde saa nkrataa yi sie, na sɛ yɛbotow a, na yɛakenkan. Saa nkrataa no hyɛ yɛn nkuran paa.”

Sɛ yeyi yɛn yam hyɛ yɛn mma nkuran a, ɛma wonyin yiye (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Dɛn na ɛma yehu sɛ nkamfo ne nkuranhyɛ boa paa bere a yɛretu afoforo fo?

14 Kristofo asafo no mu mpanyimfo ne awofo nim sɛ, ɔkwan pa a wobetumi afa so aboa obi ama ɔde Bible afotu ayɛ adwuma ne sɛ wɔbɛhyɛ no nkuran na wɔakamfo no. Bere a Paulo kamfoo Korintofo no sɛ wɔde n’afotu ayɛ adwuma no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ anuanom no nkuran ma wɔkɔɔ so yɛɛ nea ɛteɛ. (2 Kor. 7:8-11) Andreas wɔ mma baanu, na ɔka sɛ: “Sɛ wohyɛ mmofra nkuran a, ɛboa wɔn ma wɔne Yehowa ntam yɛ papa, na ɛma wɔn ho kokwaw. Sɛ wode afotu rema obi na wohyɛ no nkuran a, ɛma otumi de afotu no yɛ adwuma yiye. Ɛwom sɛ yɛn mma nim nea ɛteɛ de, nanso sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran daa a, ɛma wɔyɛ adepa bere nyinaa.”

SƐNEA WƆDE NKURANHYƐ A ƐFATA MA

15. Dɛn ne ade baako a yebetumi ayɛ de ahyɛ afoforo nkuran?

15 Kyerɛ suban pa a wo mfɛfo asomfo da no adi ne nneɛma pa a wɔyɛ ho anisɔ. (2 Be. 16:9; Hiob 1:8) Yehowa ne Yesu ani sɔ nea yɛn mu biara yɛ de boa Ahenni adwuma no kɛse. Sɛ yɛn nsɛm tebea nti, yɛn mmɔdenbɔ ne yɛn ntoboa sua mpo a, wɔn ani sɔ. (Kenkan Luka 21:1-4; 2 Korintofo 8:12.) Nhwɛso bi ni. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no bi bɔ mmɔden paa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ asafo nhyiam ne asɛnka daa. So ɛnsɛ sɛ yɛkamfo wɔn na yɛhyɛ wɔn nkuran?

16. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛhyɛ afoforo nkuran?

16 Hokwan biara a wubenya no, fa hyɛ afoforo nkuran. Sɛ yehu sɛ obi ayɛ biribi a ɛfata nkamfo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛkamfo no? Wo de, hwɛ nea esii bere a Paulo ne Barnaba kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia no. Hyiadan mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, anuanom, sɛ mowɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, monka.” Enti Paulo maa ɔkasa bi a ɛka koma paa kyerɛɛ wɔn. (Aso. 13:13-16, 42-44) Sɛ yebetumi aka asɛm bi de ahyɛ obi nkuran a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka yɛn ano tom? Sɛ yɛtaa hyɛ nkurɔfo nkuran a, yebehu sɛ afoforo nso bɛhyɛ yɛn nkuran.​—Luka 6:38.

17. Dɛn ne ɔkwan pa a yebetumi afa so akamfo afoforo?

17 Ka biribi pɔtee ho asɛm, ma ɛnyɛ nea efi wo komam. Sɛ yɛka kyerɛ obi sɛ wayɛ ade na yɛhyɛ no nkuran a, eye. Nanso, asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Tiatira no ma yehu sɛ, sɛ yɛka biribi pɔtee ho asɛm a, ɛno mmom na eye paa. (Kenkan Adiyisɛm 2:18, 19.) Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛyɛ awofo a, yebetumi aka akyerɛ yɛn mma sɛ yɛn ani sɔ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa yiye no. Yebetumi aka biribi pɔtee a maame bi a ɔno nkutoo retete ne mma reyɛ ho asɛm akyerɛ no, na yɛama wahu sɛ yɛn ani sɔ mmɔden a ɔrebɔ ɛmfa ho nea ɔrefa mu no. Nkamfo ne nkuranhyɛ a ɛte saa betumi aboa paa!

18, 19. Wɔn a wohia nkuranhyɛ no, yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ wɔn den?

18 Yehowa ankasa remmɛka nkyerɛ yɛn sɛ yɛnka biribi a ɛhyɛ nkuran nkyerɛ obi pɔtee sɛnea ɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnhyɛ Yosua nkuran na ɔnhyɛ no den no. Nanso, sɛ yɛka nkuranhyɛsɛm kyerɛ yɛn mfɛfo gyidifo ne afoforo a, ɛma Onyankopɔn ani gye. (Mmeb. 19:17; Heb. 12:12) Nhwɛso bi ni. Sɛ onua bi ma baguam ɔkasa wie a, yebetumi aka akyerɛ no sɛ yenyaa afotu bi a na yehia paa wɔ ne kasa no mu, anaa ne kasa no aboa yɛn ma yɛate kyerɛwsɛm bi ase yiye. Bere bi, onua bi kɔmaa ɔkasa wɔ nhyiam ase. Akyiri yi, onuawa bi kyerɛw krataa kɔmaa ɔkasafo no sɛ: “Ɛwom sɛ wo ne me kasae simma kakraa bi de, nanso bere a wuhui sɛ awerɛhow ahyɛ me ma no, wokyekyee me werɛ, na wohyɛɛ me den. Mepɛ sɛ wuhu sɛ, sɛnea wotɔɔ wo bo ase kasae wɔ asɛnka agua no so ne bere a wo ne me nkutoo kasae no, ɛkaa me koma paa, na metee nka sɛ ɛyɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ.”

19 Sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛde afotu a Paulo de mae no bɛyɛ adwuma a, yebenya akwan pii a yebetumi afa so ahyɛ afoforo nkuran ma wɔne Yehowa ntam akɔ so ayɛ kama. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ na monhyehyɛ mo ho den, sɛnea moreyɛ no ara.” (1 Tes. 5:11) Sɛ yɛn nyinaa ‘hyehyɛ yɛn ho nkuran da biara da’ a, yɛbɛma Yehowa ani agye.

^ [1] (nkyekyɛm 1) Wɔasesa edin ahorow no bi.