Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Nam N’Asɛm So Ama Yɛanya Nhyehyɛe Pa

Onyankopɔn Nam N’Asɛm So Ama Yɛanya Nhyehyɛe Pa

“Yehowa de nyansa na ɛtoo asase fapem. Nhumu so na ɔnam de ɔsoro tim hɔ.”​—MMEB. 3:19.

NNWOM: 105, 107

1, 2. (a) Sɛ yɛka sɛ Onyankopɔn wɔ ahyehyɛde a, dɛn na ɛyɛ a ebinom ka? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

ONYANKOPƆN wɔ ahyehyɛde anaa? Ebia ebinom bɛka sɛ: “Wunhia ahyehyɛde biara a ɛbɛkyerɛ wo kwan. Nea ehia ara ne sɛ wo ne Onyankopɔn benya abusuabɔ.” Saa asɛm no yɛ nokware anaa? Dɛn na adanse a ɛwɔ hɔ ma yehu?

2 Adesua yi mu no, yebesusuw adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ Onyankopɔn a ɔyɛ nhyehyɛe pa sen obiara. Yɛbɛsan ahwɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a Yehowa ahyehyɛde no de akwankyerɛ ama yɛn. (1 Kor. 14:33, 40) Wɔ asomafo no bere so ne ɛnnɛ nyinaa, Kyerɛwnsɛm no aboa Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no ma wɔatumi aka asɛmpa no wɔ baabiara. Esiane sɛ yetie Bible afotu ne akwankyerɛ a efi Yehowa ahyehyɛde no hɔ nti, yɛboa ma ahotew, asomdwoe, ne baakoyɛ tena asafo no mu.

YEHOWA YƐ ONYANKOPƆN A ƆYƐ NHYEHYƐE PA SEN OBIARA

3. Dɛn na ɛma wugye di sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔyɛ nhyehyɛe pa sen obiara?

3 Nneɛma a Onyankopɔn abɔ ma yehu sɛ ɔno na ɔyɛ nhyehyɛe pa sen obiara. Bible ka sɛ: “Yehowa de nyansa na ɛtoo asase fapem. Nhumu so na ɔnam de ɔsoro tim hɔ.” (Mmeb. 3:19) Onyankopɔn “nnwuma mu ketewaa bi” na yenim, “na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom!” (Hiob 26:14) Nanso, nneɛma kakra a yenim fa okyinnsoromma, nsoromma, ne nsoromma akuw ho no ma yehu sɛ, wɔahyehyɛ abɔde a ɛwɔ wim no kama. (Dw. 8:3, 4) Yɛka nsorommakuw a, ɛyɛ nsoromma ɔpepem pii a ɛnenam wim a emu biara mpem ne yɔnko. Okyinnsoromma a ɛwɔ yɛn nsorommakuw no mu no twa owia ho hyia, na emu biara nam ne kwan so pɛpɛɛpɛ te sɛ nea ɛredi karka ho mmara so! Sɛnea biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ amansan yi mu no boro adwene ne ntease so. Ɛma yehu sɛ Yehowa a “ɔde nyansa yɛɛ ɔsoro” ne asase no fata sɛ yeyi no ayɛ, yedi no nokware, na yɛsom no.​—Dw. 136:1, 5-9.

4. Adɛn nti na nyansahufo ntumi mmaa nsɛmmisa pii ho mmuae?

4 Nyansahu ama yɛahu amansan yi ne yɛn asase yi ho nneɛma pii, na aboa yɛn ama yɛanya mfaso pii wɔ asetena mu. Nanso, nsɛmmisa pii wɔ hɔ a nyansahufo ntumi mmaa ho mmuae. Ɛho nhwɛso bi ni. Nsoromma ho animdefo ntumi nkyerɛ yɛn nea ɛyɛe a yɛn amansan yi bae, anaa nea enti a yɛte okyinnsoromma a wɔfrɛ no Asase a abɔde a nkwa wom ahyɛ so ma yi so. Afei nso, nnipa dodow no ara ntumi nkyerɛ nea enti a adesamma bɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛtena ase daa. (Ɔsɛnk. 3:11) Adɛn nti na nsɛmmisa a ɛho hia pii wɔ hɔ nanso yennyaa ho mmuae? Ade baako a ama aba saa ne sɛ, nyansahufo pii ne nnipa foforo ka sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ, na adannandi mmom na wogye tom. Nanso, Yehowa ama nsɛmmisa a ahyɛ nnipa pii so no ho mmuae wɔ n’Asɛm no mu.

5. Akwan bɛn so na yɛde yɛn ho to abɔde mu mmara so?

5 Yehowa ayɛ abɔde mu mmara ahorow a ɛnsakra na yetumi de yɛn ho to so. Saa mmara ahorow no boa anyinam nkanea ho adwumayɛfo, dorobɛn ho adwumayɛfo, mfiriyɛfo, wɔn a wɔka wimhyɛn, ne nnuruyɛfo a wɔyɛ oprehyɛn ma wotumi yɛ wɔn nnwuma. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nnuruyɛfo a wɔyɛ oprehyɛn nim sɛ baabi a akwaa bi da wɔ onipa bi mu no, ɛhɔ ara na onipa biara de da. Enti sɛ oduruyɛfo bi pɛ sɛ ɔyɛ ɔyarefo bi koma ho adwuma a, ɛho renhia sɛ okyinkyin hwehwɛ baabi a ɛhyɛ. Bio nso, yɛn nyinaa di abɔde mu mmara so. Sɛ nhwɛso no, sɛ wuhuruw fi dua bi so na woyɛ sɛ wubetu te sɛ anomaa a, wubetumi ahwere wo nkwa!

NNEƐMA A ONYANKOPƆN AHYEHYƐ

6. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa asomfo bɛyɛ nnipa a wɔwɔ nhyehyɛe pa?

6 Wɔahyehyɛ yɛn amansan no mu biribiara pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa. Wei ma yehu sɛ, Yehowa pɛ sɛ n’asomfo yɛ nnipa a wɔwɔ nhyehyɛe pa. Ɛno nti na Onyankopɔn ama yɛn Bible no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan. Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a, anka asetena bɛyɛ ɔhaw ne awerɛhow nkutoo.

7. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible yɛ nhoma a wɔyɛɛ ho nhyehyɛe yiye?

7 Bible nyɛ Yudafo ne Kristofo ho nsɛm a wɔaka abom kɛkɛ. Mmom no, ɛyɛ nhoma a wɔyɛɛ ho nhyehyɛe yiye. Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛwee. Bible mu nhoma no mu biara ne Bible mu nhoma a aka no mu nsɛm hyia. Sɛ wokenkan Genesis kosi Adiyisɛm a, wubehu asɛmti a ɛda Bible no so. Ɛno ne sɛ, Yehowa nam ‘aseni’ a wɔhyɛɛ ne ho bɔ, Kristo a ɔne Yehowa Ahenni no so hene no so bɛma obiara ahu sɛ Yehowa tumidi na ɛyɛ papa, na Ahenni no na ɛbɛma Yehowa atirimpɔw abam wɔ asase so.​—Kenkan Genesis 3:15; Mateo 6:10; Adiyisɛm 11:15.

8. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ na Israelfo no wɔ nhyehyɛe pa?

8 Sɛ yɛreka nkurɔfo a na wɔwɔ nhyehyɛe pa paa a, wɔne tete Israel man no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔ Mose Mmara no ase no, na wɔahyehyɛ “mmea a wɔbɛsom wɔ ahyiae ntamadan no ano no” yiye. (Ex. 38:8) Sɛ Israelfo no retu afi asoɛe baako akɔ baabi foforo a, na wɔwɔ nhyehyɛe a wɔde tu. Saa ara na na wɔwɔ nhyehyɛe a wɔde tutu ahyiae ntamadan no. Akyiri yi, Ɔhene Dawid hyehyɛɛ Lewifo no ne asɔfo no akuwakuw sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ wɔn adwuma no yiye. (1 Ber. 23:1-6; 24:1-3) Bere a Israelfo no tiee Yehowa no, ohyiraa wɔn maa wɔn biribiara kɔɔ so pɛpɛɛpɛ, wɔyɛɛ baako, na wonyaa asomdwoe.​—Deut. 11:26, 27; 28:1-14.

9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Kristofo asafo a ɛwɔ asomafo no bere so no wɔ nhyehyɛe pa?

9 Ná Kristofo asafo a ɛwɔ asomafo no bere so no wɔ nhyehyɛe pa, na wonyaa afotu a akwankyerɛ kuw no de mae no so mfaso. Mfiase no, asomafo no na na wɔyɛ akwankyerɛ kuw no. (Aso. 6:1-6) Akyiri yi, wɔde anuanom binom bɛkaa akwankyerɛ kuw a ɛwɔ hɔ no ho. (Aso. 15:6) Onyankopɔn de ne honhom kaa akwankyerɛ kuw no mufo anaa anuanom bi a na wɔbɛn akwankyerɛ kuw no ma wɔkyerɛw nkrataa de afotu ne akwankyerɛ kɔmaa anuanom. (1 Tim. 3:1-13; Tito 1:5-9) Bere a asafo ahorow no tiee akwankyerɛ kuw no, mfaso bɛn na wonyae?

10. Bere a asafo a na ɛwɔ hɔ tete no dii mmara a akwankyerɛ kuw no sisii ho gyinae no so no, dɛn na efii mu bae? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

10 Kenkan Asomafo no Nnwuma 16:4, 5. Anuanom a akwankyerɛ kuw no somaa wɔn no de “mmara a asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem asi ho gyinae no maa wɔn.” Bere a asafo ahorow no dii saa mmara no so no, “asafo ahorow no kɔɔ so yɛɛ den gyidi mu na wɔn dodow kɔɔ anim daa.” Sɛ wohwɛ nea Bible ka yi a, wuhu biribi a yebetumi de adi dwuma wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu nnɛ?

ƐYƐ A WUTIE AKWANKYERƐ?

11. Sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no de akwankyerɛ ma mpanyimfo a wodi asafo no anim a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

11 Ɛnnɛ, sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no de akwankyerɛ ma Baa Boayikuw anaa Ɔman Boayikuw mufo, amansin so ahwɛfo, ne asafo mu mpanyimfo a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Yehowa Asɛm no ka sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ osetie na yɛbrɛ yɛn ho ase. (Deut. 30:16; Heb. 13:7, 17) Ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia akwankyerɛ a efi Onyankopɔn ahyehyɛde no hɔ anaa yɛtew so atua, efisɛ suban a ɛte saa no betumi asɛe ɔdɔ, asomdwoe, ne baakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no. Nokwasɛm ne sɛ, Kristoni a odi nokware biara nni hɔ a ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔbɛda Diotrefe subammɔne no bi adi. Ná Diotrefe yɛ aniammɔho, na na ontie Yehowa akwankyerɛ. (Kenkan 3 Yohane 9, 10.) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Ɛyɛ a meboa me nuanom mmarima ne mmea ma wodi Yehowa nokware? Sɛ anuanom a wodi anim no de akwankyerɛ bi ma a, ɛyɛ a meyɛ ntɛm gye tom de yɛ adwuma?’

12. Nsakrae bɛn na wɔayɛ wɔ sɛnea wɔpaw asafo mu mpanyimfo ne asomfo no mu?

12 Ma yɛnhwɛ gyinae bi a Akwankyerɛ Kuw no sii nnansa yi ara. “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa November 15, 2014, Borɔfo Ɔwɛn-Aban mu no kyerɛkyerɛɛ nsakrae a wɔayɛ wɔ sɛnea wɔpaw asafo mu mpanyimfo ne asomfo no mu. Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no maa ahwɛfo akwantufo paw asafo mu mpanyimfo ne asomfo. Ɛno nti, efi September 1, 2014 reba no, amansin so ahwɛfo na wɔpaw asafo mu mpanyimfo ne asomfo. Ɔmansin sohwɛfo no bɔ mmɔden sɛ obehu anuanom mmarima a wɔakamfo wɔn akyerɛ no yiye, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔne wɔn kɔ asɛnka. Ɔhwɛ onua a wɔakamfo no akyerɛ no abusua nso. (1 Tim. 3:4, 5) Afei mpanyimfo kuw no ne ɔmansin sohwɛfo no tɔ wɔn bo ase susuw Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a wogyina so paw asafo mu mpanyimfo ne asomfo no ho.​—1 Tim. 3:1-10, 12, 13; 1 Pet. 5:1-3.

13. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yegye akwankyerɛ a mpanyimfo no de ma yɛn no tom?

13 Ehia sɛ yetie akwankyerɛ a egyina Bible so a mpanyimfo no de ma yɛn no. “Nsɛm a ɛyɛ papa” a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no na ɛkyerɛ ahwɛfo anokwafo yi a wɔwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no kwan. (1 Tim. 6:3) Yɛmfa Paulo afotu a ɛfa wɔn a wɔnenam basabasa wɔ asafo no mu no sɛ nhwɛso. Ná ebinom wɔ hɔ a “wɔnyɛ adwuma koraa, na mmom wɔde wɔn ho gyigye nsɛm a ɛmfa wɔn ho mu.” Ɛbɛyɛ sɛ mpanyimfo no tuu wɔn fo wɔ nea wɔreyɛ no ho, nanso wɔamfa wɔn afotu no anyɛ adwuma. Dɛn na na ɛsɛ sɛ asafo no mufo yɛ wɔ obi a ɔte saa ho? Paulo de akwankyerɛ yi mae sɛ: “Monhyɛ onii no nsow, mo ne no mmmɔ.” Nanso, ɔsan kae sɛ ɛnsɛ sɛ asafo no mufo bu obi a ɔte saa sɛ ɔtamfo. (2 Tes. 3:11-15) Ɛnnɛ nso, sɛ asafo no muni bi kɔ so yɛ biribi a ebetumi asɛe asafo no din a, mpanyimfo no betumi ama ɔkasa bi de abɔ anuanom kɔkɔ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebia onua anaa onuawa bi ne obi a ɔnsom Yehowa de wɔn ho ahyɛ nantew a ebetumi akowie aware mu mu. (1 Kor. 7:39) Sɛ mpanyimfo no ma ɔkasa a ɛte saa a, wobɛyɛ w’ade sɛn? Sɛ wunim nea ɔreyɛ ade a wɔreka ho asɛm wɔ kasa no mu no a, wobɛtwe wo ho afi onipa a ɔte saa ho anaa? Sɛ wudwen onipa no ho a, ɛsɛ sɛ wusi wo bo denneennen sɛ wubedi akwankyerɛ a mpanyimfo no de ama no so. Sɛ woyɛ saa a, ebia ɛbɛka onii no ama wasakra afi n’akwammɔne no ho. [1]

MOMMA AHOTEW, ASOMDWOE, NE BAAKOYƐ NTENA ASAFO NO MU

14. Yɛbɛyɛ dɛn aboa ama asafo no ho atew?

14 Sɛ yetie akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no a, yebetumi aboa ama asafo no ho atew wɔ honhom fam. Ma yensusuw biribi a ɛkɔɔ so wɔ tete Korinto ho nhwɛ. Ná Paulo ayere ne ho aka asɛmpa no wɔ saa kurow no mu, na na ɔdɔ ne mfɛfo “akronkronfo” a wɔwɔ hɔ no. (1 Kor. 1:1, 2) Enti wo de hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na ɛhaw Paulo bere a ɛho behiae sɛ ɔka aguamammɔ bi a na Korinto asafo no ahwɛ ma ɛrekɔ so ho asɛm no! Paulo ka kyerɛɛ asafo no mu mpanyimfo sɛ, wɔmfa ɔbarima a ne bra asɛe no nhyɛ Satan nsa, kyerɛ sɛ, wontu no mfi asafo no mu. Ná ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no yi “mmɔkaw” no gu sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no ho bɛtew. (1 Kor. 5:1, 5-7, 12) Sɛ mpanyimfo no tu obi a wayɛ bɔne na onnuu ne ho fi asafo no mu na yegye wɔn gyinaesi no tom a, yɛboa ma asafo no ho tew, na ebia ɛbɛka onii no ma wanu ne ho na wasrɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri.

15. Yɛbɛyɛ dɛn ama asomdwoe akɔ so atena asafo no mu?

15 Ná ɔhaw foforo nso rekɔ so wɔ Korinto asafo no mu a na ehia sɛ wɔka ho asɛm. Ɛne sɛ, na anuanom binom de wɔn nuanom kɔ asɛnnibea. Paulo bisaa wɔn asɛm bi a na ɛbɛma wɔadwen akɔ akyiri. Obisae sɛ: “Adɛn na momma wɔnyɛ mo bɔne mmom?” (1 Kor. 6:1-8) Ɛnnɛ nso, nsɛm a ɛtete saa sisi. Ɛtɔ da a, asafo no mufo binom bom yɛ adwuma bi. Wobɛhwɛ na adwuma no agu ma wɔn sika ahyew. Sɛ ɛba saa a, baako tumi bɔ ɔfoforo sobo sɛ wabɔ no apoo. Wei tumi sɛe asomdwoe a ɛwɔ anuanom ntam no. Asafo no mufo binom de wɔn nuanom akɔ asɛnnibea. Nanso Onyankopɔn Asɛm no ma yehu sɛ, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛma wɔasisi yɛn mmom sen sɛ yebegu Onyankopɔn din ho fĩ anaa yɛbɛsɛe asafo no asomdwoe. [2] Sɛ nsɛnnennen anaa akasakasa bi sɔre wɔ yɛne yɛn nuanom ntam a, ɛsɛ sɛ yɛde afotu a Yesu de mae no siesie. (Kenkan Mateo 5:23, 24; 18:15-17.) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛma baakoyɛ tena Yehowa asomfo a wɔyɛ abusua baako no mu.

16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ baako?

16 Onyankopɔn Asɛm no ma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa nkurɔfo bɛyɛ baako. Odwontofo no too dwom sɛ: “Hwɛ! Oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena biakoyɛ mu!” (Dw. 133:1) Bere a Israelfo no yɛɛ osetie maa Yehowa no, wonyaa nhyehyɛe pa na wɔyɛɛ baako. Onyankopɔn kaa tebea a ne nkurɔfo bɛkɔ mu daakye ho asɛm too hɔ sɛ: “Mɛka wɔn abom te sɛ nguankuw a wɔwɔ nguannan mu.” (Mika 2:12) Afei nso, Yehowa nam odiyifo Sefania so ka too hɔ sɛ: “Mɛdan aman no ano ma wɔaka kasa kronn [a ɛne nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no], na wɔn nyinaa bɛbɔ Yehowa din na wɔde mmati koro [anaa baakoyɛ] asom no.” (Sef. 3:9) Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ yɛanya hokwan resom Yehowa wɔ baakoyɛ mu!

Sɛ obi di mfomso a, asafo mu mpanyimfo bɔ mmɔden boa no ma ɔsan ne Yehowa ntam yɛ papa (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Sɛ baakoyɛ ne ahotew bɛkɔ so atena asafo no mu a, sɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ wɔn ade wɔ bɔne a emu yɛ duru ho nsɛm a ɛbɛtɔ wɔn anim no ho?

17 Sɛ baakoyɛ ne ahotew bɛkɔ so atena asafo no mu a, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ ntɛm di bɔne a emu yɛ duru ho nsɛm a ɛbɛtɔ wɔn anim no ho dwuma wɔ ɔdɔ mu. Ná Paulo nim sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn, nanso na onim nso sɛ Onyankopɔn mmu n’ani ngu bɔne so. (Mmeb. 15:3) Enti ɛmfa ho sɛ na Paulo dɔ anuanom a wɔwɔ Korinto no, wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛkyerɛw Korintofo Nhoma a Edi Kan a na emu nsɛm ano yɛ hyew no akɔma wɔn. Asram bi akyi no, Paulo kyerɛw Korintofo Nhoma a Ɛto so Mmienu no. Emu nsɛm no ma yehu sɛ, na mpanyimfo no de akwankyerɛ a ɔsomafo no de maa wɔn no ayɛ adwuma ama mfaso aba so. Sɛ ɛba sɛ Kristoni bi di mfomso ansa na n’ani aba ne ho so a, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw no bɔ mmɔden gye onipa a ɔte saa no si yiye wɔ odwo honhom mu.​—Gal. 6:1.

18. (a) Akwan bɛn so na afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu boaa asafo a na wɔwɔ asomafo no bere so no? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Nsɛm a yɛasusuw ho no ama yɛahu sɛ, Onyankopɔn Asɛm no a ɔnam ne honhom so ma wɔkyerɛwee no boa maa ahotew, asomdwoe, ne baakoyɛ kɔɔ so tenaa Kristofo asafo a na ɛwɔ Korinto ne mmeae foforo wɔ asomafo no bere so no mu. (1 Kor. 1:10; Efe. 4:11-13; 1 Pet. 3:8) Ɛno nti, yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔtenaa ase saa bere no tumi yɛɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Paulo tumi kae mpo sɛ wɔaka asɛmpa no wɔ “abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.” (Kol. 1:23) Ɛnnɛ, wɔreka Onyankopɔn atirimpɔw a ɛyɛ anigye no ho asɛm wɔ wiase baabiara. Ne nyinaa fi Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ n’ahyehyɛde no mu a wɔde baakoyɛ reka asɛmpa no. Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛ, saa ahyehyɛde no mufo wɔ obu kɛse ma Bible no, na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛhyɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa anuonyam.​—Dw. 71:15, 16.

^ [1] (nkyekyɛm 13) Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde, Borɔfo de foforo no, kr. 134-136.

^ [2] (nkyekyɛm 15) Sɛ wopɛ sɛ wuhu tebea ahorow a ebetumi ama Kristoni bi de ne yɔnko Kristoni akɔ asɛnnibea a, hwɛ “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no kr. 223, ase hɔ asɛm no.