Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wafrɛ Yɛn Afi Sum Mu

Wafrɛ Yɛn Afi Sum Mu

“[Yehowa frɛɛ] mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu.”​—1 PET. 2:9.

NNWOM: 116, 102

1. Kyerɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Yerusalem sɛe no mu.

AFE 607 A.Y.B. no, Babilon asraafo pii a na Ɔhene Nebukadnesar II di wɔn anim no kɔtow hyɛɛ Yerusalem kurow no so. Bible ka mogyahwiegu a ɛkɔɔ so no ho asɛm sɛ: “[Nebukadnesar] de nkrante baa wɔn so bekunkum wɔn mmerante wɔ wɔn kronkronbea hɔ, na wanhu aberante anaa ɔbaabun, ɔpanyin anaa nea wagow mmɔbɔ. . . . Afei ɔhyew nokware Nyankopɔn fie no, na odwiriw Yerusalem afasu no gui; n’abantenten ne emu nneɛma a ɛsom bo nyinaa nso, ɔde ogya hyewee, na ɔsɛee hɔ pasaa.”​—2 Be. 36:17, 19.

2. Kɔkɔbɔ bɛn na Yehowa de mae wɔ Yerusalem sɛe a na ɛreba no ho, na dɛn na na ɛbɛto Yudafo no?

2 Ná ɛnsɛ sɛ Yerusalemfo no ma kurow no a wɔsɛee no no yɛ wɔn nwonwa. Efisɛ na Onyankopɔn adiyifo abɔ Yudafo no kɔkɔ mfe pii sɛ, sɛ wɔkɔ so bu Onyankopɔn Mmara so a, ɔde wɔn bɛhyɛ Babilonfo nsa. Ná wɔde nkrante bekunkum Yudafo pii. Wɔn a wɔankunkum wɔn no nso, na wɔde wɔn bɛkɔ nkoasom mu wɔ Babilon ma wɔakɔtena hɔ wɔn nkwa nna a aka nyinaa. (Yer. 15:2) Wɔn a wɔde wɔn kɔɔ nkoasom mu no, na wɔn asetena te sɛn? Biribi a ɛte sɛ Babilon nkoasom no ato Kristofo pɛn anaa? Sɛ saa a, ɛyɛ bere bɛn?

NKOASOM MU ASETENA

3. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ asetena a Yudafo kɔɔ mu wɔ Babilon nkoasom mu ne nea na Israelfo no akɔ mu wɔ Egypt no mu?

3 Nsɛm a adiyifo no kae no baa mu. Yehowa nam Yeremia so ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔde wɔn bɛkɔ nkoasom mu no sɛ, wonnye asetena foforo a wɔbɛkɔ mu no ntom, na wommia wɔn ani mmɔ wɔn bra. Ɔkae sɛ: “Munsisi afie [wɔ Babilon] na montenatena mu, na monyɛ nturo na munni emu aba. Afei nso, monhwehwɛ asomdwoe mma kurow a mama moakɔyɛ nkoa wɔ hɔ no, na mommɔ Yehowa mpae mma kurow no, efisɛ sɛ enya asomdwoe a na mo nso mubenya asomdwoe.” (Yer. 29:5, 7) Yudafo a wotiee Onyankopɔn asɛm no nyaa asetena pa kakra wɔ Babilon. Babilonfo no maa Yudafo no kwan maa wɔn ankasa totoo wɔn asetenam nneɛma pii. Ná Yudafo a wɔwɔ nkoasom mu no tumi kɔ baabiara a wɔpɛ wɔ Babilon man no mu. Tete no, na Babilon yɛ aguadi ne nnwuma asoɛe. Kyerɛwtohɔ a wɔahu kyerɛ sɛ Yudafo no pii suaa aguadi wɔ hɔ, na afoforo nso bɛyɛɛ adwumfo a wonim adwuma paa. Yudafo no binom mpo bɛyɛɛ adefo. Ná Babilon nkoasom mu a Yudafo no wɔ no nte sɛ nkoasom mu a Israelfo no kɔe wɔ Egypt mfe pii a na atwam no.​—Kenkan Exodus 2:23-25.

4. Henanom na na wɔka Israelfo atuatewfo a wɔde wɔn kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon no ho, na adɛn nti na wɔantumi ansom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so?

4 Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no nsa kaa wɔn honam fam ahiade. Na wɔn honhom fam ahiade nso ɛ? Ná wɔasɛe Yehowa asɔrefie no ne afɔremuka a ɛwɔ asɔrefie hɔ no. Saa ara na na asɔfodwuma no nso nkɔ so sɛnea na ɛho nhyehyɛe te. Ɛwom sɛ Onyankopɔn asomfo no bi wɔ hɔ a na wɔnyɛɛ bɔne biara a ɛfata sɛ wɔtwe wɔn aso de, nanso wɔde wɔn kaa wɔn a wɔkɔɔ nkoasom mu no ho ma wɔne ɔmanfo a aka no nyinaa kohuu amane. Nanso, anokwafo no yɛɛ nea wobetumi biara dii Onyankopɔn Mmara no so. Ɛho nhwɛso bi ni. Bere a wɔde Yudafo no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon no, Daniel ne ne mfɛfo no mu baasa, Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego anni aduan a na ɛnsɛ sɛ Yudafo di no. Yenim nso sɛ Daniel kɔɔ so bɔɔ Onyankopɔn mpae daa. (Dan. 1:8; 6:10) Nanso, esiane sɛ abosonsomfo na na wodi Yudafo no so nti, Yudafo a na wosuro Onyankopɔn no antumi anyɛ nneɛma a na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ no nyinaa.

5. Anidaso bɛn na Yehowa maa ne nkurɔfo nyae, na adɛn nti na na saa bɔhyɛ no yɛ nwonwa?

5 Yemmisa sɛ, ná da bi bɛba a Israelfo no betumi asan asom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so? Saa bere no de, na ɛte sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye, efisɛ na Babilonfo nnyae nnipa a wɔde wɔn ayɛ nkoa da. Nanso, na saa mmara no nka Yehowa Nyankopɔn. Ná Yehowa ahyɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ obegye wɔn, na ogyee wɔn nso. Onyankopɔn bɔhyɛ bam bere nyinaa.​—Yes. 55:11.

NE NSƐSO WƆ HƆ WƆ YƐN BERE YI SO ANAA?

6, 7. Ntease a yɛwɔ wɔ Babilon nkoasom mu a Onyankopɔn nkurɔfo kɔe wɔ yɛn bere yi so ho no, adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛsan susuw ho?

6 So Kristofo akɔ nkoasom a ɛte sɛ nea Yudafo no kɔɔ mu wɔ Babilon no mu pɛn? Mfe pii ni na Ɔwɛn-Aban aka sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ yɛn bere yi so kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon afe 1918 mu, na wogyee wɔn fii Babilon afe 1919. Nanso, nneɛma bi nti, yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛsan susuw saa asɛm no ho bio. Yɛde ho nkyerɛkyerɛmu bɛma wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu.

7 Wo de hwɛ: Babilon Kɛse no yɛ wiase nyinaa atoro som ahemman. Enti sɛ na Onyankopɔn nkurɔfo wɔ Babilon nkoasom mu afe 1918 a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ na atoro som de wɔn ayɛ nkoa wɔ ɔkwan bi so saa bere no. Nanso nokwasɛm ne sɛ, aka mfe bi ma Wiase Ko I no asi no, na Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn no retwe wɔn ho afi Babilon Kɛse no ho mmom, na ɛnyɛ sɛ na ɛde wɔn reyɛ nkoa. Ɛwom sɛ wɔtaa Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ wiase ko a edi kan no mu de, nanso ahohiahia a wɔfaa mu no, na efi wiase atumfoɔ no titiriw, na ɛnyɛ Babilon Kɛse no. Enti yebetumi aka sɛ, Yehowa nkurɔfo ankɔ Babilon Kɛse no nkoasom mu afe 1918.

BERE BƐN NA YEHOWA NKURƆFO KƆƆ BABILON NKOASOM MU?

8. Kyerɛ nea ɛyɛe a wɔsɛee nokware Kristosom. (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

8 Wɔde honhom kronkron sraa Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo mpempem pii wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu. Wɔn a na wɔabɛyɛ Kristofo foforo no na wɔbɛyɛɛ “abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron, nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko.” (Kenkan 1 Petro 2:9, 10.) Bere a na asomafo no te ase no, wɔkɔɔ so hwɛɛ Onyankopɔn asafo ahorow no so yiye. Nanso, asomafo no wu akyi titiriw na mmarima bi sɔree na wɔkasa ‘kyinkyim nsɛm’ sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbɛtwe asuafo no adi wɔn akyi.’ (Aso. 20:30; 2 Tes. 2:6-8) Ná saa mmarima no pii yɛ nkurɔfo a wɔwɔ asɛyɛde a emu yɛ duru wɔ asafo ahorow no mu. Ná wɔsom sɛ ahwɛfo, na akyiri yi wɔbɛyɛɛ “asɔfo mpanyin.” Wofii ase tew asɔfokuw, nanso na Yesu aka akyerɛ n’akyidifo sɛ: “Mo nyinaa yɛ anuanom.” (Mat. 23:8) Mmarima a wɔyɛ atitiriw wɔ asafo no mu a na wɔn ani gye Aristotle ne Plato nyansapɛ ho no de atoro nkyerɛkyerɛ baa Kristosom mu. Nkakrankakra, wɔde atoro nkyerɛkyerɛ besii nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nokware a efi Onyankopɔn Asɛm mu no ananmu.

9. Kyerɛ nea ɛyɛe a Roma Man no gyee Kristosom a awae no toom. Dɛn na efii mu bae?

9 Afe 313 Y.B. mu no, Roma Ɔhempɔn Constantine a ɔyɛ ɔbosonsonni no gyee Kristosom a na awae no toom wɔ mmara mu. Efi saa bere no, Asɔre no ne Ɔman no boom yɛɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, Constantine ne asɔfo no yɛɛ nhyiam bi a wɔtoo din Nicaea Nhyiam no. Nhyiam no akyi no, Constantine hyɛe sɛ wontwa ɔsɔfo Arius asu, efisɛ Arius annye antom sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn. Akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ Kristosom a na ɛho agu fĩ no Katolek Asɔre. Ɔhempɔn Theodosius I (afe 379-395 Y.B.) nniso ase no, Roma Ahemman no gyee Katolek Asɔre no toom sɛ ɔman no som. Abakɔsɛm akyerɛwfo ka sɛ Romafo a na wɔyɛ abosonsomfo no bɛyɛɛ “Kristofo” wɔ afeha a ɛto so nnan no mu. Nanso nokware a ɛwom ne sɛ, saa bere no, na Kristosom a awae no de ne ho abɔ Roma Ahemman no mu abosonsom akuw ho ma wɔabɛyɛ Babilon Kɛse no mufo. Ne nyinaa mu no, na Kristofo a wɔasra wɔn kakraa bi a wɔte sɛ awi wɔ hɔ a na wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn, nanso na obiara ntie wɔn. (Kenkan Mateo 13:24, 25, 37-39.) Ná Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ Babilon nkoasom mu ampa!

10. Kristo wu akyi mfeha kakra bi no, dɛn na amma nnipa komapafo annye asɔre no nkyerɛkyerɛ anni?

10 Kristo wu akyi mfeha kakra bi no, na nnipa pii tumi kenkan Bible wɔ Hela anaa Latin kasa mu. Enti na wobetumi de nea Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛ atoto asɔre no nkyerɛkyerɛ ho. Wɔn mu binom kenkan Bible no hui sɛ, asɔre no nkyerɛkyerɛ ne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia, enti wɔannye asɔre no nkyerɛkyerɛ anni. Nanso saa bere no, na ɛyɛ hu sɛ obi bɛka sɛ onnye asɔre no nkyerɛkyerɛ nni, na na wobetumi akum onii no mpo.

11. Ɛyɛɛ dɛn na asɔfo no benyaa tumi wɔ Bible so?

11 Bere bi akyi no, nnipa dodow no ara gyaee kasa a wɔde kyerɛw Bible no ka, na asɔre no sɔre gyinae sɛ wɔremma wɔnkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ase nkɔ kasa a nnipa dodow no ara ka mu. Ɛno nti asɔfo no ne nnipa bi a wonim nhoma nkutoo na na wotumi kenkan Bible no. Nanso, na asɔfo no bi mpo nnim akenkan ne akyerɛw. Ná wɔtwe obiara a onnye asɔre no nkyerɛkyerɛ nni no aso denneennen. Sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔasra wɔn no pɛ sɛ wohyiam a, na gye sɛ wohyiam sɛ akuw nketewa. Ebinom mpo de, na wontumi nhyiam koraa. Sɛnea na Yudafo a wɔkɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon no nni nhyehyɛe pa a wɔde som no, saa ara na na “adehye asɔfokuw” a wɔasra wɔn no nso nni nhyehyɛe pa a wɔde som. Babilon Kɛse no hyɛɛ nkurɔfo so denneennen!

HANN NO FII ASE HYERƐNEE

12, 13. Nneɛma mmienu bɛn na ɛmaa nkurɔfo nyaa ahofadi kakra fii Babilon Kɛse no ho? Kyerɛkyerɛ mu.

12 Yemmisa sɛ, ná da bi bɛba a nokware Kristofo bɛde wɔn ho na wɔayi wɔn anim asom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so anaa? Ɛte saa! Nneɛma mmienu bi boae maa honhom fam hann bi fii ase hyerɛnee. Nea edi kan ne afiri a wɔde tintim nhoma a wɔyɛe bɛyɛ afe 1450 no. Ansa na wɔreyɛ afiri a wɔde tintim nhoma wɔ Aman a wodi yiye so no, na nnipa tɔ wɔn bo ase de wɔn nsa na ɛkyerɛw Bible. Ná Bible nnɔɔso, na na ne bo nso yɛ den. Wɔkyerɛ sɛ, na egye abosome du ansa na ɔkyerɛwfo a onim adwuma paa atumi de ne nsa akyerɛw Bible baako pɛ awie! Afei nso, na ade a akyerɛwfo no kyerɛw so (aboa nhoma) no bo yɛ den. Nanso, sɛ obi a onim nhoma tintim paa de afiri retintim ade wɔ krataa so a, da koro na obetumi atintim nkratafa 1,300! Ɛno yɛ mmerɛw koraa sen nsa a wɔde kyerɛw no.

Afiri a wɔde tintim nhoma a wɔyɛe ne akokodurufo a wɔkyerɛɛ Bible no ase maa nkurɔfo nyaa ahofadi kakra fii Babilon ho (Hwɛ nkyekyɛm 12, 13)

13 Nea ɛto so mmienu ne sɛ, aka kakra ma afeha a ɛto so 16 afi ase no, mmarima akokodurufo kakraa bi sii wɔn bo sɛ wɔbɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ase akɔ kasa ahorow a nnipa dodow no ara ka mu. Wɔn mu pii de wɔn nkwa too asiane mu na wɔyɛɛ saa adwuma no. Ehu kaa asɔre no. Asɔre no mpanyimfo no hui sɛ, sɛ ɔbarima anaa ɔbea a osuro Onyankopɔn nsa ka Bible a, obetumi de ahaw wɔn paa! Saa ara na ɛbae. Bere a nkurɔfo nsa kaa Bible no, wɔkenkanee. Na wofii ase bisabisaa nsɛm te sɛ: ‘Ɛhe na ahodwiragya wɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu? Bible no fã bɛn na wɔakyerɛw sɛ, ɛsɛ sɛ wotua sika ansa na wɔayɛ awufo som ama obi a wawu? Ɛhe nso na wɔakyerɛw sɛ ɛsɛ sɛ yenya popenom ne asɔfo mpanyimfo?’ Saa nsɛm yi a nkurɔfo bisabisae no hyɛɛ asɔre no abufuw. Ná wɔn adwene ne sɛ, ɔmanfo no nni hokwan sɛ wobisabisa asɔre mpanyimfo no nsɛm a ɛte saa! Ɛno nti, asɔre no ko tiaa ɔmanfo no. Mmarima ne mmea a wɔannye asɔre no nkyerɛkyerɛ antom no, wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ atuatewfo, na wobuu wɔn kumfɔ. Ná asɔre no atoro nkyerɛkyerɛ no bi gyina Aristotle ne Plato, mmarima a wɔtenaa ase ansa na wɔrewo Yesu Kristo no nyansapɛ so. Asɔre no buu wɔn a wɔannye wɔn atoro nkyerɛkyerɛ no antom no kumfɔ, na Aban no kunkum wɔn. Ná asɔre no botae ne sɛ, ɛbɛma nkurɔfo agyae Bible akenkan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmisabisa wɔn nsɛm. Ɛmaa nnipa pii gyaee Bible akenkan, na wɔammisabisa wɔn nsɛm bio. Nanso, akokodurufo kakraa bi amma Babilon Kɛse no anhunahuna wɔn. Ná wɔaka Onyankopɔn Asɛm no ahwɛ, na na wɔpɛ sɛ wohu mu nsɛm pii! Afei na bere aso sɛ wɔtwe wɔn ho fi atoro som ho.

14. (a) Dɛn na ɛmaa nkurɔfo tee nokware a ɛwɔ Bible mu no ase kɛse bɛyɛ afe 1870 mu? (b) Ka sɛnea Onua Russell hwehwɛɛ nokware no ho asɛm.

14 Nnipa pii a na wɔpɛ sɛ wohu nokware a ɛwɔ Bible mu no guan kɔɔ aman a na asɔre no ntumi nhaw wɔn pii so. Ná wɔpɛ sɛ wɔkenkan Bible no na wosua. Afei nso, na wɔpɛ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bɔ nea wɔkenkan no ho nkɔmmɔ, na ɛnyɛ sɛ asɔfo no na wɔbɛkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wogye di. Aman a na asɔfo no ntumi nhaw wɔn a na wɔpɛ sɛ wohu nokware a ɛwɔ Bible mu no baako ne United States. Ɛhɔ na Charles Taze Russell ne ne mfɛfo kakraa bi fii ase de nkakrankakra suaa Bible no bɛyɛ afe 1870 mu. Mfiase no, na Onua Russell pɛ sɛ ohu ɔsom a ne nkyerɛkyerɛ yɛ nokware. Ɔtɔɔ ne bo ase de ɔsom ahorow pii nkyerɛkyerɛ totoo nea Bible ka ho. Ná ɔsom ahorow a wɔnyɛ Kristofo mpo ka ho. Ankyɛ na ohui sɛ ɔsom ahorow no mu biara nni hɔ a wodi Onyankopɔn Asɛm no so pɛpɛɛpɛ. Bere bi, Russell ne asɔfo a wɔwɔ ne mpɔtam hɔ yɛɛ nhyiam bi. Ná Russell hwɛ kwan sɛ asɔfo no begye nokware a ɛwɔ Bible mu a ɔne ne mfɛfo no ahu no atom na wɔde akyerɛkyerɛ wɔn asɔremma. Nanso, asɔfo no ani annye ho. Bible Asuafo no huu paa sɛ, wɔrentumi ne nnipa a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so atena atoro som mu no mmɔ mu nsom.​—Kenkan 2 Korintofo 6:14.

15. (a) Bere bɛn na Kristofo kɔyɛɛ nkoa wɔ Babilon Kɛse no mu? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu?

15 Ɛde besi ha no, yɛahu sɛ bere a ɔsomafo a otwa to koraa wui no, ankyɛ na nokware Kristofo kɔɔ Babilon nkoasom mu. Nanso, nsɛmmisa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yenya ho mmuae: Adanse foforo bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ bere a aka kakra ma afe 1914 adu no, na Kristofo a wɔasra wɔn no retwe wɔn ho afi Babilon Kɛse no ho, na na wɔnyɛ ne nkoa bio? Ɛyɛ ampa sɛ, Yehowa bo fuw n’asomfo esiane sɛ wɔmaa wɔn asɛnka adwuma ano brɛɛ ase wɔ Wiase Ko I no mu nti anaa? So Yehowa bo fuw yɛn nuanom binom esiane sɛ wɔankura wɔn mũdi mu sɛ Kristofo na wɔde wɔn ho hyehyɛɛ wiase no nsɛm mu nti? Nea etwa to no, sɛ Kristofo kɔyɛɛ nkoa wɔ atoro som mu fi afeha a ɛto so mmienu Y.B. mu reba a, ɛnde bere bɛn na wɔdee wɔn ho? Weinom yɛ nsɛmmisa a ɛho hia paa. Yebenya ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.