Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wowɔ Obu Kɛse Ma Yehowa Asɛm No?

Wowɔ Obu Kɛse Ma Yehowa Asɛm No?

‘Bere a mugyee Onyankopɔn asɛm no, mugyee no sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ankasa.’​—1 TES. 2:13.

NNWOM: 114, 113

1-3. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛkɔfaa akasakasa baa Euodia ne Sintike ntam, na yɛbɛyɛ dɛn akwati ɔhaw a ɛte saa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

YEHOWA asomfo wɔ obu kɛse ma Onyankopɔn Asɛm Bible no. Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛtɔ da a ehia sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo. Ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Momma yensusuw Kristofo mmea baanu a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so, Euodia ne Sintike, ho nhwɛ. Nsɛnnennen bi sɔree wɔ saa anuanom mmea baanu a na wɔasra wɔn no ntam. Nsɛnnennen bɛn? Bible nka ho asɛm. Nanso, momma yɛmfa no sɛ tebea a yɛrebɛka ho asɛm yi na esii wɔn ntam.

2 Yɛmfa no sɛ Euodia frɛɛ anuanom mmarima ne mmea binom kɔɔ ne fie ne wɔn too nsa didii, na wogyee wɔn ani. Euodia amfrɛ Sintike, nanso Sintike tee sɛnea anuanom kogyee wɔn ani wɔ apontow no ase ho asɛm. Ebia Sintike kae sɛ: ‘Me paa na Euodia retow pon a wamfrɛ me yi! Ná ɛyɛ me sɛ meyɛ n’adamfo paa.’ Sintike tee nka sɛ Euodia ayi ne baako ahyɛ ne nsa. Ɛmaa Sintike adwenem yɛɛ no nãã wɔ Euodia ho, na mpo wannye no anni bio. Enti Sintike nso tow pon frɛɛ anuanom a wɔkɔɔ Euodia apontow no ase no nyinaa. Nanso Euodia de, wamfrɛ no! Ná asɛm a aba Euodia ne Sintike ntam no betumi asɛe asafo mũ no nyinaa asomdwoe. Bible nka nea asɛm no kowiei, nanso ɛbɛyɛ sɛ anuanom mmea yi tiee afotu a ɔsomafo Paulo fi ɔdɔ mu de maa wɔn no.​—Filip. 4:2, 3.

3 Ɛnnɛ nso, nsɛm a ɛte saa tumi sisi wɔ Yehowa nkurɔfo mu. Wobɛhwɛ no, na akɔfa wati-me ne waka-me aba asafo no mu. Nanso, sɛ yetie afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu a, yebetumi asɔw ɔhaw a ɛte saa ano anaa yɛatu ase koraa. Sɛ yɛwɔ obu kɛse ma Yehowa Asɛm no a, yɛde akwankyerɛ a ɛwom bɛyɛ adwuma.​—Dw. 27:11.

ONYANKOPƆN ASƐM NO BOA YƐN MA YETUMI HYƐ YƐN HO SO

4, 5. Afotu bɛn na Onyankopɔn Asɛm no de ma yɛn wɔ sɛnea yɛbɛhyɛ yɛn ho so no ho?

4 Sɛ yɛte nka sɛ obi abu yɛn animtiaa anaasɛ ɔne yɛn anni no yiye a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so. Sɛ obi ne yɛn anni no yiye esiane abusua a yefi mu, yɛn honam ani hwɛbea, anaa sɛnea yɛn nipadua te nti a, ebetumi ahaw yɛn. Nanso, sɛ onipa no yɛ yɛn nua Kristoni a, ebetumi ayɛ yɛn yaw paa! Afotu bi wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu a ebetumi aboa yɛn ama yɛadi yɛn sintɔ yi so anaa?

5 Efi bere a Yehowa bɔɔ nnipa besi nnɛ nyinaa, Yehowa ahu nea nnipa de yɛ wɔn yɔnko nnipa. Ohu sɛnea yɛte nka ne nea yɛyɛ nyinaa. Sɛ yɛn bo fuw a, yebetumi aka asɛm anaa yɛayɛ biribi a akyiri yi yebenu yɛn ho. Enti eye paa sɛ yebetie Bible afotu na yɛahyɛ yɛn ho so mmom sen sɛ yɛbɛpere yɛn ho afa abufuw! (Kenkan Mmebusɛm 16:32; Ɔsɛnkafo 7:9) Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bɔ mmɔden sɛ yɛremma yɛn bo mfuw ntɛmntɛm, na mmom yɛde bɔne befiri. Yehowa ne Yesu nyinaa bu afoforo bɔne a yɛde befiri wɔn no sɛ ɛyɛ ade a ɛho hia paa. (Mat. 6:14, 15) Ɛyɛ wo den sɛ wode afoforo mfomso befiri wɔn anaa? Anaasɛ wuhu sɛ ehia sɛ wotɔ wo bo ase wɔ nneɛma ho?

6. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ abufuw ho?

6 Nnipa a wɔnhyɛ wɔn ho so no taa fa abufuw. Enti ɛyɛ a na afoforo mpɛ sɛ wɔbɛn wɔn. Asafo no mufo binom betumi asuasua onipa a ne bo taa fuw ntɛmntɛm no subammɔne no. Ebia onipa a ne bo taa fuw ntɛmntɛm no bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata n’abufuw anaa ɔtan a ɛwɔ ne mu no so, nanso adwemmɔne a ɛwɔ ne koma mu no ‘bɛda adi wɔ asafo no mu.’ (Mmeb. 26:24-26) Asafo mu mpanyimfo no betumi aboa nnipa a wɔte saa no ama wɔahu sɛ, ɛnyɛ papa sɛ obi de suban te sɛ abufuw, ɔtan, ne menasepɔw bɛtena Onyankopɔn ahyehyɛde no mu. Yehowa Asɛm a ɛsom bo no ka saa suban ahorow yi ho asɛm pefee. (Lev. 19:17, 18; Rom. 3:11-18) Wugye nea ɛka no tom anaa?

MMA WO WERƐ MMFI NEA ƆREKYERƐ YƐN KWAN NO

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kyerɛ n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no kwan? (b) Akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu bi ne dɛn, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi so?

7 Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Kristo a ɔyɛ “asafo no ti” apaw no no so kyerɛ n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no kwan, na ɔma wɔn honhom fam aduan. (Mat. 24:45-47; Efe. 5:23) Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no gyee Onyankopɔn asɛm a ɔnam ne honhom so de mae no toom na wonyaa obu kɛse maa Onyankopɔn asɛm no. Saa ara na akwankyerɛ kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no nso te. (Kenkan 1 Tesalonikafo 2:13.) Akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu a ɛboa yɛn no, ebi ne nea ɛwɔ he?

8 Bible ka kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam daa. (Heb. 10:24, 25) Ɛsan hyɛ yɛn nkuran sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye Bible nkyerɛkyerɛ koro di. (1 Kor. 1:10) Onyankopɔn Asɛm no ka sɛ yɛmfa Ahenni no nni kan wɔ yɛn asetena mu. (Mat. 6:33) Kyerɛwnsɛm no san si so dua sɛ, ɛyɛ yɛn asɛyɛde, na ɛsan nso yɛ hokwan sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ afie afie, baguam, ne beae biara a yebehyia nnipa. (Mat. 28:19, 20; Aso. 5:42; 17:17; 20:20) Onyankopɔn Asɛm no ka kyerɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo sɛ wɔnhwɛ mma n’ahyehyɛde no ho ntew. (1 Kor. 5:1-5, 13; 1 Tim. 5:19-21) Afei nso, Yehowa ahyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ n’ahyehyɛde no mu nyinaa hwɛ ma wɔn ho tew wɔ honam fam ne honhom fam.​—2 Kor. 7:1.

9. Hena nkutoo na Yesu nam ne so reboa yɛn ma yɛate Onyankopɔn Asɛm no ase?

9 Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ wɔn ankasa betumi ate nea Bible ka ase. Nanso, Yesu apaw “akoa nokwafo” no sɛ ɔno nkutoo na ɔmfa honhom fam aduan mma nkurɔfo. Efi afe 1919 no, Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no nam saa akoa no so reboa n’akyidifo ama wɔate Onyankopɔn Asɛm no ase na wɔadi akwankyerɛ a ɛwom no so. Sɛ yetie akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu a, yɛboa ma ahotew, asomdwoe, ne baakoyɛ tena asafo no mu. Enti, momma yɛn mu biara mmisa ne ho sɛ, ‘Midi akoa nokwafo a Yesu de no reyɛ adwuma nnɛ no nokware anaa?’

YEHOWA TEASEƐNAM NO AMIA NE MMIRIKA MU!

10. Sɛn na Hesekiel nhoma no ka Yehowa ahyehyɛde no ho asɛm?

10 Yehowa Asɛm no boa yɛn ma yehu sɛnea n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no te. Nhwɛso bi ni. Odiyifo Hesekiel nyaa anisoadehu bi. Ohuu ɔsoro teaseɛnam bi a egyina hɔ ma Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no. (Hes. 1:4-28) Yehowa na ɔte saa teaseɛnam no so. Baabiara a ne honhom no bɛkyerɛ sɛ teaseɛnam no nkɔ no, na ɛkɔ. Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no nso na ɛkyerɛ ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no kwan. Teaseɛnam no amia ne mmirika mu paa! Wo de, hwɛ nsakrae pii a wɔayɛ wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu wɔ mfe du a atwam no. Momma yɛnkae sɛ, Yehowa na wama wɔayɛ saa nsakrae no nyinaa. Ɛrenkyɛ, Kristo ne n’abɔfo kronkron no bɛsɛe wiase bɔne yi. Yehowa teaseɛnam no repɛ ntɛm atew Yehowa din kronkron no ho, na ama obiara ahu sɛ ne tumidi nkutoo na ɛfata!

Yɛda atuhoamafo pii a woyi wɔn yam yɛ adwumaden sisi adan no nyinaa ase paa! (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11, 12. Nneɛma a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ no bi ne nea ɛwɔ he?

11 Susuw nea Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no reyɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu no ho hwɛ. Adansi. Adwumayɛfo ɔhaha pii yɛɛ adwumaden de sii Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ Warwick, New York, U.S.A. Wiase Nyinaa Adansi Dwumadibea no de akwankyerɛ ma atuhoamafo mpempem pii a wɔwɔ wiase baabiara. Atuhoamafo no reyɛ adwumaden de asisi Ahenni Asa afoforo, na wɔboa ma wɔtrɛw baa dwumadibea ahorow mu. Yɛda atuhoamafo pii a woyi wɔn yam yɛ adwumaden sisi adan a ɛte saa no nyinaa ase paa! Momma yɛnkae sɛ, Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa a wofi wɔn komam yi ntoboa ma wɔde sisi saa adan yi no, Yehowa behyira wɔn wɔ ahobrɛase ne nokwaredi a wɔda no adi no ho.​—Luka 21:1-4.

12 Ntetee. Momma yɛnhwɛ sukuu ahorow a ɛboa yɛn ma yesua Yehowa ho ade no. (Yes. 2:2, 3) Yɛwɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu, Ahenni Asɛmpakafo Sukuu, Gilead Sukuu, Sukuu a Wɔyɛ Ma Wɔn a Wɔaba Betel Foforo, Sukuu a Wɔyɛ Ma Amansin So Ahwɛfo ne Wɔn Yerenom, Sukuu a Wɔyɛ ma Asafo mu Mpanyimfo, Ahenni Som Sukuu, ne Sukuu a Wɔyɛ Ma Baa Boayikuw Mufo ne Wɔn Yerenom. Wei nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa ani gye ho paa sɛ ɔbɛtete ne nkurɔfo! Yɛwɔ nhoma wɔ kasa ɔhaha pii mu wɔ yɛn wɛbsaet, jw.org no so, na ɛboa nkurɔfo ma wosua Bible no. Wɔahyɛ da ayɛ afã titiriw bi ama mmofra ne mmusua, na saa ara na wɔayɛ amanneɛbɔ afã nso. Ɛyɛ a wode jw.org yɛ adwuma wɔ asɛnka mu ne w’abusua som mu?

DI YEHOWA NOKWARE NA TAA N’AHYEHYƐDE NO AKYI

13. Asɛyɛde bɛn na yɛn a yɛyɛ Yehowa asomfo anokwafo no wɔ?

13 Ɛyɛ hokwan kɛse paa na yɛanya sɛ yɛwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu! Seesei a yɛabehu Onyankopɔn gyinapɛn ne nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ no, ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ na yɛataa ne tumidi akyi. Saa bere yi a wiase no ahohwibra agye nsam a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye no, ɛsɛ sɛ ‘yekyi bɔne’ sɛnea Yehowa nso kyi bɔne no. (Dw. 97:10) Yɛne nnebɔneyɛfo mmmɔ mu nnka sɛ: “Papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa.” (Yes. 5:20) Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ nti, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn ho atew wɔ honam fam, abrabɔ fam, ne honhom fam. (1 Kor. 6:9-11) Yɛdɔ Yehowa, na yɛde yɛn werɛ ahyɛ ne mu. Enti yefi yɛn pɛ mu de gyinapɛn a wada no adi pefee wɔ n’Asɛm a ɛsom bo no mu no bɔ yɛn bra. Yɛyɛ saa de kyerɛ sɛ yedi Yehowa nokware. Na yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛde saa gyinapɛn no bɛbɔ yɛn bra wɔ fie, asafo no mu, adwuma mu, sukuu mu, ne baabi foforo biara a yɛwɔ. (Mmeb. 15:3) Momma yɛnhwɛ akwan foforo a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware.

14. Dɛn na sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo yɛ a, ɛbɛkyerɛ sɛ wodi Onyankopɔn nokware?

14 Mmofra ntetee. Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo de Yehowa Asɛm no tete wɔn mma a, wɔda no adi sɛ wodi Yehowa nokware. Awofo a wosuro Onyankopɔn de, ɛnyɛ amammerɛ na wɔma ɛkyerɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn mma. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ Kristofo ma wiase honhom no kwan ma ɛba wɔn fie. (Efe. 2:2) Ɛnsɛ sɛ agya a ɔyɛ Kristoni a wabɔ asu nya adwene sɛ, ‘Yɛn man yi mu de, mmea na wɔtete mmofra.’ Bible ma yehu nea ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔtete mmofra no pefee. Ɛka sɛ: “Agyanom, . . . monkɔ so ntete [mo mma] wɔ Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ, [anaa ne nkyerɛkyerɛ] mu.” (Efe. 6:4) Agyanom ne ɛnanom a wosuro Onyankopɔn pɛ sɛ wɔn mma yɛ te sɛ Samuel, efisɛ bere a na Samuel renyin no, na Yehowa di n’akyi.​—1 Sam. 3:19.

15. Sɛ yɛresisi gyinae a ɛho hia a, dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yedi Yehowa nokware?

15 Bere a yɛresisi gyinae. Sɛ yɛresisi gyinae akɛse wɔ asetenam a, ade baako a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware ne sɛ yɛbɛhwehwɛ mmoa afi n’Asɛm Bible no mu ne n’ahyehyɛde no hɔ. Nea ɛbɛma yɛahu nea enti a ehia sɛ yɛyɛ saa no, momma yɛnhwɛ tebea bi a awofo pii hyia a ɛho asɛm yɛ ka na. Awofo a wɔatu bata akɔ obi man so taa de wɔn mma a wɔawo wɔn foforo kɔma wɔn abusuafo wɔ wɔn man mu sɛnea ɛbɛyɛ a awofo no betumi akɔ so ayɛ adwuma apɛ sika. Wei yɛ ankorankoro biara asɛm. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ gyinae biara a yebesi no, yebebu ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. (Kenkan Romafo 14:12.) Sɛ yɛresisi gyinae a ɛho hia a ɛfa yɛn abusua ne yɛn asetena ho a, wohwɛ a nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ saa bere a yɛrenhwehwɛ Bible akwankyerɛ anaa? Dabida! Yehia yɛn soro Agya no mmoa efisɛ yennim sɛnea yebetutu yɛn anammɔn.​—Yer. 10:23.

16. Bere a ɔbea bi woo ne babarima no, gyinae bɛn na na ɛsɛ sɛ osi, na dɛn na ɛboaa no ma osii gyinae pa?

16 Ɔbea bi woo ɔbabarima wɔ amannɔne. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔde ne ba no bɛkɔ akɔma abofra no nananom wɔ ne man mu ma wɔatete no. Bere a ɔwoe no, Yehowa Dansefo bi ne no fii ase suaa Bible. Ɔtee Bible a na ɔresua no ase, na obehui sɛ Onyankopɔn ama no asɛyɛde sɛ ɔno ankasa na ɛsɛ sɛ ɔtete ne ba no ma ɔbɛsom Yehowa. (Dw. 127:3; Mmeb. 22:6) Awuraa no fi ne komam bɔɔ mpae sɛnea Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ no. (Dw. 62:7, 8) Ɔsan kaa ne komam asɛm kyerɛɛ onuawa a ɔne no sua Bible no, na ɔne asafo no mufo binom nso bɔɔ asɛm no ho nkɔmmɔ. Ɛwom sɛ n’abusuafo ne ne nnamfo kaa no mpɛn pii sɛ ɔmfa ne ba no nkɔma abofra no nananom de, nanso ɔbea no sii gyinae sɛ ɛrenyɛ papa sɛ ɔbɛyɛ saa. Bere a ɔbea no kunu huu sɛnea asafo no mufo boaa ne yere ne ne ba no, ɛkaa ne koma paa, na ɔpenee so sɛ wɔne no nsua Bible. Ankyɛ na ɔbarima no fii ase ne ne yere ne ne ba no kɔɔ asafo nhyiam. Wohwɛ a, ɔbea no tee nka sɛ Yehowa atie mpae a ofi ne komam bɔe no anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ ɔtee nka saa.

17. Akwankyerɛ bɛn na wɔde ama yɛn afa yɛn Bible asuafo ho?

17 Akwankyerɛ a yebetie. Ɔkwan titiriw baako a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛwɔ Onyankopɔn afã ne sɛ yebetie akwankyerɛ a n’ahyehyɛde no de ma yɛn no. Sɛ nhwɛso no, wɔama yɛn akwankyerɛ ahorow a ɛfa wɔn a yɛne wɔn sua Bible no ho. Wɔakyerɛ yɛn sɛ, sɛ yɛne obi fi ase sua Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no a, bere biara a yɛne no besua ade awie no, yɛmfa bere kakra ntwe osuani no adwene nkɔ ahyehyɛde no so. Yebetumi de video a wɔato din Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? no ne nhomawa a wɔato din Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? no ayɛ saa. Wɔaka akyerɛ yɛn sɛ, sɛ yɛne osuani a ɔrenya nkɔso sua Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no wie a, yɛne no nsua Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Munhoma no. Sɛ osuani no bɔ asu mpo ansa na yɛne no asua Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no awie a, ɛsɛ sɛ yɛne no sua nhoma a ɛto so mmienu no. Ahyehyɛde no de saa akwankyerɛ yi ama sɛnea ɛbɛyɛ a adawurubɔfo foforo no ‘betintim wɔ gyidi no mu.’ (Kol. 2:7) Akwankyerɛ a ɛte saa a Yehowa ahyehyɛde de ama no, wode yɛ adwuma?

18, 19. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase?

18 Nneɛma pii nti na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase! Ɔno na yɛdan no. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, anka yɛrentumi nkeka yɛn ho mpo na kampɛsɛ yɛatena nkwa mu. (Aso. 17:27, 28) Wama yɛn akyɛde bi a ɛsom bo paa. Ɛno ne n’Asɛm Bible no. Sɛnea Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no gyee Onyankopɔn asɛm no sɛ asɛm a efi Onyankopɔn hɔ no, saa ara na yɛn nso yɛde anigye gye tom.​—1 Tes. 2:13.

19 Onyankopɔn Asɛm no aboa yɛn ama yɛabɛn Yehowa, na ɔno nso abɛn yɛn. (Yak. 4:8) Ɛyɛ hokwan soronko na yɛanya afi yɛn soro Agya no hɔ sɛ yɛwɔ n’ahyehyɛde no mu. Yɛn ani sɔ saa nhyira no paa! Odwontofo no too dwom dɛdɛɛdɛ sɛ: “Monna Yehowa ase, efisɛ oye: na n’adɔe wɔ hɔ daa.” (Dw. 136:1) Nnyeso a ɛne sɛ, “na n’adɔe wɔ hɔ daa” no pue mpɛn aduonu nsia wɔ Dwom 136 mu. Sɛ yedi Yehowa ne n’ahyehyɛde no nokware a, yɛbɛtena ase daa, na yebehu paa sɛ, Yehowa adɔe wɔ hɔ daa!