Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wokɔ Asafo Foforo Mu a, Wobɛyɛ Dɛn Ama W’ani Aka?

Wokɔ Asafo Foforo Mu a, Wobɛyɛ Dɛn Ama W’ani Aka?

ALLEN * ka sɛ: “Merebɛkɔ no, na ɛyɛ den ma me paa. Ná minnim sɛ menya nnamfo anaasɛ anuanom begye me fɛw so.” Allen resua sɛnea ɔbɛtena asafo foforo a wakɔ mu no. Efi ne kurom rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin 900 (bɛboro kilomita 1,400).

Wo nso, sɛ woakɔ asafo foforo mu a, ebia ayɛ den ama wo. Dɛn na ɛbɛboa wo ama w’ani aka? Sɛnea na wohwɛ kwan no, sɛ amma saa a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛ nso ɛnyɛ wo na woakɔ asafo foforo mu, na afoforo mmom na wɔaba asafo a wowom a, dɛn na wubetumi ayɛ ama nneɛma ayɛ mmerɛw ama wɔn?

WOBƐYƐ DƐN AMA W’ANI AKA NA WOANYA NKƆSO?

Ma yɛnhwɛ nhwɛso yi: Sɛ wotu dua fi baabi a esi kosi baabi foforo a, ɛbotow. Sɛ wotu dua ase a, wɔtaa twitwa ne ntini dodow no ara sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔde rekɔ baabi a wɔremmrɛ. Wɔsan dua pɛ a, ɛsɛ sɛ dua no nya ntini foforo ntɛm ara. Saa ara na ebia asafo foforo mu a woakɔ no ama woabotow. Ná woagye “ntini” wɔ asafo a wowom no mu. Ná wowɔ nnamfo a w’ani ka wɔn ho, na na woyɛ nneɛma bi wɔ Yehowa som mu a akokwaw wo. Afei sɛ yɛbɛka a, ɛsɛ sɛ wunya ntini foforo na ama w’ani aka asafo foforo no mu. Dɛn na ɛbɛboa wo ama woayɛ saa? Fa Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma. Ma yensusuw ebi ho nhwɛ.

Onipa a ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm daa no bɛyɛ “sɛ dua a wɔadua wɔ nsuten ho, a ɛsow aba ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ biara bewie yiye.”Dw. 1:1-3.

Sɛ dua bɛkɔ so anya ahoɔden a, ɛsɛ sɛ ɛtwe nsu daa fi baabi a ebenya bi. Saa ara na sɛ Kristoni ne Onyankopɔn ntam bɛkɔ so ayɛ kama a, gye sɛ osua Onyankopɔn Asɛm daa. Enti kɔ so kenkan Bible da biara, na kɔ asafo nhyiam daa. Kɔ so yɛ abusua som na w’ankasa nso sua ade. Biribiara a na ɛboa wo ma wosom Yehowa wɔ asafo a na wowom no, wubehia wɔ asafo foforo a woakɔ mu no nso.

“Nea ɔma ebinom mee no, ɔno nso, wɔbɛma wamee.”Mmeb. 11:25.

Sɛ woyere wo ho yɛ asɛnka adwuma no a, ɛbɛhyɛ wo den, na ɛrenkyɛ koraa w’ani bɛka. Kevin yɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu. Ɔka sɛ: “Nea ɛboaa me ne me yere paa ne sɛ, bere a yɛkɔɔ yɛn asafo foforo no mu no, ntɛm ara na yɛyɛɛ akwampaefo aboafo. Ankyɛ koraa na yehuu anuanom a wɔwɔ asafo no mu, akwampaefo, ne asasesin no mu.” Roger nso tu kɔɔ baabi. Efi baabi a na ɔte kan no rekɔ hɔ bɛboro akwansin 1,000 (bɛboro kilomita 1,600). Ɔka sɛ: “Nea woyɛ paa a ɛbɛma w’ani aka asafo foforo a woakɔ mu ne sɛ, wobɛtaa akɔ asɛnka. Afei nso, ma mpanyimfo no nhu sɛ dwumadi biara a wɔde bɛma wo no, wobɛyɛ; ebia wobɛboa ama wɔasiesie Ahenni Asa so, wubetumi asi obi ananmu ayɛ dwumadi bi, anaa woakɔfa onua bi aba asafo nhyiam. Sɛ anuanom mmarima ne mmea hu onua bi a waba wɔn asafo mu foforo sɛ ɔwɔ ahofama a ɛte saa a, ɛrenyɛ den koraa sɛ wɔbɛbɛn no.”

“Montrɛw mo komam.”2 Kor. 6:13.

Trɛw wo dɔ mu. Melissa ne n’abusua kɔɔ asafo foforo mu. Wɔde sii wɔn ani so sɛ wɔbɛhwehwɛ nnamfo foforo. Ɔka sɛ: “Ná yɛne anuanom bɔ fekuw wɔ Ahenni Asa so ansa na yɛafi asafo nhyiam no ase. Yɛpɔn nso a, na yɛyɛ saa ara. Saa a yɛyɛe no ma yenyaa bere kyiakyiaa anuanom ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ kɔɔ akyiri.” Wei boaa abusua no nso ma wohuu anuanom din ntɛm paa. Bio nso, wɔsom afoforo ahɔho de trɛw wɔn dɔ mu, na ɛmaa wɔne wɔn nnamfo foforo no ayɔnkofa mu yɛɛ den. Ɔde kaa ho sɛ: “Yegyee afoforo fon nɔma, ɛnna wɔn nso gyee yɛn de. Yɛyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wohia yɛn a wɔn nsa bɛka yɛn na yɛne wɔn abom ayɛ asafo no mu nnwuma ne nneɛma foforo.”

Sɛ ɛyɛ wo den sɛ wo ne nnipa a wunnim wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ a, wubetumi afi ase nkakrankakra. Nea wubetumi ayɛ ni. Sɛ wuhyia obi na sɛ mpo biribiara nyɛ wo sɛ serew a, bɔ mmɔden serew. Sɛ woserew a, ɛbɛma afoforo abɛn wo. Efisɛ Bible ka sɛ: “Aniwa a ɛhyerɛn ma koma di ahurusi.” (Mmeb. 15:30) Rachel tu fii baabi a wɔtetee no kɔtenaa akyirikyiri baabi. Ɔka sɛ: “Mefɛre ade paa. Ɛtɔ da a, meyere me ho paa ansa na matumi ne anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ m’asafo foforo no mu abɔ nkɔmmɔ. Sɛ midu Ahenni Asa so a, mehwehwɛ obi a ɔno nko ara te hɔ a ɔne obiara mmɔ nkɔmmɔ. Ebia na onii no fɛre ade te sɛ me ara.” Adɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ asafo nhyiam biara ase no, wo ne obi a wo ne no mmɔɔ nkɔmmɔ da bɛkasa ansa na nhyiam no afi ase anaa wobɛyɛ saa bere a moapɔn?

Ɛtɔ da nso a, mfiase no ebia w’ani begye sɛ woahyia nnipa foforo. Nanso ɛbɛyɛ kakra no, na w’anim akokwaw wɔn anim, na wɔnyɛ nnipa foforo mma wo bio. Ɛba saa a, ebehia sɛ wokɔ so yere wo ho hwehwɛ nnamfo foforo.

Wotu dua fi baabi a esi a, ɛbotow, nanso wɔsan dua a, enya ntini foforo

MA WO HO BERE FA HU NNEƐMA ANI SO

Nnua bi wɔ hɔ a, ɛkyɛ kakra ansa na atumi agye ntini wɔ mmeae foforo a wɔatutu akosi no. Saa ara na ɛnyɛ obiara na ɔkɔ asafo foforo mu a, n’ani ka ntɛm. Sɛ wutui akyɛ kakra, nanso w’ani da so yɛ wo totɔtotɔ a, fa Bible nnyinasosɛm a edidi so yi yɛ adwuma na ebetumi aboa wo:

“Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu, na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba bere a ɛsɛ mu.”Gal. 6:9.

Sɛ w’ani nnya nkae sɛnea na wohwɛ kwan a, tɔ wo bo ase na w’ani bɛka. Nhwɛso bi ni. Sɛ wɔde asɛmpatrɛwfo a wɔatete wɔn wɔ Gilead kɔ aman foforo so a, wɔn mu pii tena hɔ mfe bi ansa na wɔasan akɔ wɔn ankasa man mu nsrahwɛ. Wɔyɛ saa a, ɛboa wɔn ma wɔne anuanom a wɔwɔ aman a wɔde wɔn akɔ hɔ no nya ayɔnkofa a emu yɛ den, na ɛma wohu ɛhɔ asetena.

Alejandro atena asafo ahorow mu, na onim sɛ wokɔ asafo foforo mu a, egye bere ansa na w’ani aka. Ɔka sɛ: “Bere a etwa to a yetu fii baabi a yɛte no, me yere kae sɛ, ‘Me nnamfo nyinaa wɔ asafo a na yɛwom no mu!’” Ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ, bere bi a wotu fii baabi a na wɔte mfe mmienu a atwam no, asɛnkoro yi ara na ɔkae. Nanso, saa mfe mmienu no mu no, ne yere ani kaa afoforo ho, na nnipa a na onnim wɔn no bɛyɛɛ ne nnamfo paa.

“Nka sɛ: ‘Dɛn nti na kan nna no ye sen nnɛ?’ na nyansa nnim sɛ wubebisa saa.”Ɔsɛnk. 7:10.

Mfa asafo a woakɔ mu foforo no ntoto nea na wowom no ho. Nhwɛso bi ni. Ebia anuanom a wɔwɔ asafo foforo a woakɔ mu no mpɛ kasa koraa anaa wɔpɛ kasa. Sɛnea w’ani begye ho sɛ wɔde wɔn adwene besi wo suban pa so no, wo nso yɛ saa ara. Anuanom a wɔatu akɔ baabi foforo no, ebinom ho adwiriw wɔn ama wɔabisa wɔn ho sɛ, ‘Medɔ “anuanom nyinaa” ampa?’—1 Pet. 2:17.

“Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo.”Luka 11:9.

Kɔ so bɔ mpae hwehwɛ mmoa. David yɛ asafo mu panyin. Ɔka sɛ: “Nyɛ w’adwene sɛ wo nko ara bɛsoa adesoa no. Nneɛma pii wɔ hɔ a sɛ Yehowa ammoa yɛn a yɛrentumi nyɛ. Enti bɔ ho mpae!” Rachel a yɛkaa n’asɛm mfiase no gye saa asɛm yi tom. Ɔka sɛ: “Sɛ me ne me kunu te nka sɛ ɛte sɛ nea yɛnka asafo no ho a, yɛbɔ Yehowa mpae ka ɛno ho asɛm kyerɛ no sɛ, ‘Sɛ yɛreyɛ biribi a ɛmma anuanom ntumi mmɛn yɛn a, yɛsrɛ wo ma yenhu.’ Ɛno akyi no, yegye bere ne anuanom mmarima ne mmea no bɔ.”

Awofo, sɛ ɛyɛ den ma mo mma sɛ wɔn ani bɛka asafo a moakɔ mu no mu a, munnye bere ne wɔn mmɔ ho mpae. Monyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔanya fekubɔ a ɛhyɛ den na ɛmmoa wɔn mma wonnya nnamfo foforo.

BOA WƆN A WƆABA FOFORO MA WƆN ANI NKA

Wɔn a wɔaba asafo a wowom foforo no, dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn? Mfiase no ara, bɔ mmɔden ma wonhu sɛ woyɛ adamfo pa. Fa no sɛ wo na woakɔ asafo bi mu foforo. Nea wɔyɛ ma wo a anka w’ani begye no, yɛ saa ara ma wɔn. (Mat. 7:12) Wɔn a wɔaba asafo a wowom foforo no, wubetumi ama wɔabɛka wo ho ama moayɛ abusua som anaa moahwɛ JW Broadcasting dwumadi no? Wubetumi ne wɔn akɔ asɛnka anaa? Sɛ wo ne wɔn to nsa didi a, wɔn were remfi saa ahɔhoyɛ no da. Mmoa bɛn bio na wubetumi de ama wɔn a wɔaba asafo a wowom no?

Carlos ka sɛ: “Bere a yɛkɔɔ asafo bi mu foforo no, onuawa bi de sotɔɔ ahorow bi a emu nneɛma bo nyɛ den din maa yɛn. Ɛboaa yɛn paa.” Wɔn a wofi mmeae a ɛsono hɔ wim tebea no ani begye ho sɛ wobehu ntade a ɛfata sɛ wɔhyɛ wɔ ahohuru bere mu, awɔw bere mu, anaa osutɔ bere mu. Wubetumi nso aka mo hɔ abakɔsɛm anaa ɔsom a ɛwɔ hɔ ne nea wogye di akyerɛ wɔn. Ɛbɛboa wɔn ama wɔn asɛnka atu mpɔn.

MFASO WƆ SO SƐ WOBƐMA W’ANI AKA

Allen a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no atena asafo foforo a wakɔ mu no bɛboro afe baako ni. Ɔka sɛ: “Mfiase no na mebrɛ paa ansa na matumi ahyɛ anuanom mmarima ne mmea no nsow. Nanso seesei deɛ, wɔabɛyɛ sɛ m’abusuafo na m’ani agye.” Allen ahu sɛ asafo ahorow a watena mu no mmaa ɔnhweree nnamfo biara. Mmom, ama wanya nnamfo foforo. Wobetumi ayɛ ne nnamfo afebɔɔ.

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no bi.