Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mma Biribiara Mmma Nkonimbo no Mmmɔ Wo

Mma Biribiara Mmma Nkonimbo no Mmmɔ Wo

“Mommma obi nnyɛ mmma nkonimbo no mmmɔ mo.”—KOL. 2:18.

NNWOM: 122, 139

1, 2. (a) Nkonimbo bɛn na Onyankopɔn asomfo hwɛ kwan? (b) Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛde yɛn ani si nkonimbo no so? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

KRISTOFO a wɔasra wɔn no wɔ anidaso papa bi. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akɔtena soro. Ɔsomafo Paulo kae sɛ saa anidaso no yɛ “nkonimbo a ɛne ɔsoro frɛ a efi Onyankopɔn hɔ.” (Filip. 3:14) Wɔn a wɔasra wɔn no hwɛ kwan sɛ wɔne Yesu Kristo bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu, na wɔne no aboa adesamma ama wɔayɛ pɛ. (Adi. 20:6) Wei yɛ hokwan a ɛso bi nni; Onyankopɔn na ɔde ama wɔn! Nguan foforo no deɛ, ɛsono wɔn anidaso. Wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nkonimbo a ɛne daa nkwa wɔ asase so. Saa anidaso no ma wɔn ani gye paa!—2 Pet. 3:13.

2 Ná Paulo pɛ sɛ ɔboa ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no ma wɔkɔ so di nokware na wɔn nsa ka nkonimbo no. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mo adwene nsi nneɛma a ɛwɔ soro so.” (Kol. 3:2) Ná ehia sɛ wɔkɔ so de wɔn adwene si wɔn anidaso papa bi a wobenya wɔ soro no so. (Kol. 1:4, 5) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa ahyɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ obehyira wɔn. Onyankopɔn asomfo binom wɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro, afoforo nso deɛ, wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtena asase so. Sɛ wodwinnwen saa nhyira no ho a, ɛboa wɔn ma wɔde wɔn ani si nkonimbo no so.—1 Kor. 9:24.

3. Asiane ahorow bɛn na Paulo bɔɔ ne mfɛfo Kristofo kɔkɔ wɔ ho?

3 Asiane ahorow bi a ebetumi ama nkonimbo no abɔ Kristofo no, Paulo bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɛno nso ho. Ebi ne sɛ, ɔkyerɛw asafo a ɛwɔ Kolose no kaa atoro Kristofo bi ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ná saa atorofo no mpɛ sɛ wobegye Kristo adi, na mmom na wosusuw sɛ, sɛ wodi Mose Mmara no so a ɛnna wobenya Onyankopɔn anim dom. (Kol. 2:16-18) Paulo kaa asiane ahorow bi a ɛda so wɔ hɔ de besi nnɛ nso ho asɛm. Ɛno nso betumi ama nkonimbo no abɔ yɛn. Nhwɛso bi ni. Ɔkyerɛɛ sɛnea yebetumi ako atia akɔnnɔ bɔne, sɛnea yebesiesie nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam, ne yɛn abusua mu nsɛnnennen. Afotu a Paulo de mae no so wɔ mfaso ma yɛn nnɛ. Ɔdɔ a Paulo wɔ ma Kolosefo no nti na ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ. Enti momma yɛnhwɛ kɔkɔbɔ no bi wɔ krataa a ɔde kɔmaa wɔn no mu.

MUNKUM AKƆNNƆ BƆNE

4. Adɛn nti na akɔnnɔ bɔne betumi ama nkonimbo no abɔ yɛn?

4 Paulo kaee ne nuanom sɛ wɔwɔ anidaso papa bi. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom ho.” (Kol. 3:5) Akɔnnɔ bɔne mu betumi ayɛ den paa, na ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam na ama nneɛma pa a yɛrehwɛ kwan no nso abɔ yɛn. Akɔnnɔ bɔne maa onua bi fii asafo no mu; akyiri yi ɔsan bae. Ɔkae sɛ: “Akɔnnɔ bɔne no mu yɛɛ den araa ma m’ani baa me ho so no, na aka akyi dodo.”

5. Sɛ yɛkɔ tebea bi a ebetumi ama yɛatɔ asiane mu a, yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn ho ban?

5 Sɛ yɛkɔ tebea bi mu, na ebetumi ama yɛabu Yehowa mmara so a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa. Ɛho nhwɛso bi ni. Sɛ ɔbarima ne ɔbea bi pɛ sɛ wɔware a, ɛyɛ papa sɛ mfiase no ara wɔkyerɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma kodu. Sɛ wosi gyinae sɛ obi beso ne yɔnko mu, wɔbɛfew wɔn ano, anaa wɔn nkutoo bɛtew wɔn ho akɔhyɛ baabi a, ehia sɛ wɔhwɛ yiye. (Mmeb. 22:3) Sɛ Kristoni bi tu kwan sɛ ɔrekɔyɛ adwuma a, ɛno nso betumi ama wahyia ɔbrasɛe ho sɔhwɛ. Saa ara na sɛ Kristoni barima ne ɔbea bi yɛ adwuma anaa Kristoni bea bi ne ɔbarima bi yɛ adwuma a, ɛno nso betumi ama wahyia ɔbrasɛe ho sɔhwɛ. (Mmeb. 2:10-12, 16) Sɛ wokɔ tebea bi a ɛte saa mu a, da wo ho adi sɛ woyɛ Yehowa Dansefo, yɛ nea ɛfata, na kae sɛ, sɛ wode wo ho hyehyɛ ɔbarima anaa ɔbea bi a, ebetumi de ɔhaw kɛse aba. Sɛ nneɛma haw yɛn na yɛn abam bu nso a, ebetumi ayɛ asiane kɛse ama yɛn. Ɛba saa a, na yɛn ani agyina sɛ yebenya obi a ɔbɛma yɛahu sɛ odwen yɛn ho. Yɛn ho betumi ayeraw yɛn araa ma obiara a ɔbɛba abɛkyekye yɛn werɛ no, yebegye no atom. Sɛ ɛba sɛ wokɔ tebea a ɛte saa mu a, nyɛ biribiara a ɛbɛma nkonimbo no abɔ wo. Mmom, kɔ Yehowa nkyɛn na hwehwɛ mmoa fi wo nuanom Kristofo hɔ.—Kenkan Dwom 34:18; Mmebusɛm 13:20.

6. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem wɔ nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani ho?

6 Sɛ yebetumi akum akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ yɛn mu a, gye sɛ yɛtwe yɛn ho fi anigyede a ɔbrasɛe wom ho. Ɛnnɛ, nnwumakuw a wɔyɛ anigyede dodow no ara yɛ wɔn ade te sɛ tete Sodomfo ne Gomorafo no. (Yuda 7) Adwene a saa nnwumakuw no akannifo kura wɔ abrabɔ ho no, ɛno ara na wɔde yɛ anigyede. Wɔma ɛyɛ te sɛ, sɛ obi bɔ aguaman a, asɛm biara nni ho, na ɔrentwa so aba bɔne biara. Ɛnsɛ sɛ yegyaagyaa yɛn ho na yegye anigyede biara a wɔbɛyɛ tom. Ehia sɛ yɛpaw anigyede a ɛremma nkwa nkonimbo no mmɔ yɛn.—Mmeb. 4:23.

“MONHYƐ” ƆDƆ NE AYAMYE

7. Ɔhaw bɛn na yebetumi ahyia wɔ Kristofo asafo no mu?

7 Yɛn nyinaa gye tom sɛ ɛyɛ nhyira sɛ yɛwɔ Kristofo asafo no mu. Yesua Onyankopɔn Asɛm no wɔ asafo nhyiam ase, yɛda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho, na yeyi yɛn yam boa yɛn ho yɛn ho. Wei boa yɛn ma yɛde yɛn ani si nkonimbo no so. Nanso ɛtɔ da a, mente me ho ase tumi de akasakasa ba asafo no mufo ntam. Sɛ yɛanhwɛ ansiesie ɔhaw a ɛte saa a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛde afoforo ho nsɛm bɛhyɛ yɛn mu.—Kenkan 1 Petro 3:8, 9.

8, 9. (a) Suban bɛn na yenya a, ɛbɛboa yɛn ama yɛn nsa aka nkonimbo no? (b) Sɛ yɛn nua Kristoni bi yɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, dɛn na ɛbɛboa ama asomdwoe akɔ so atena yɛn ntam?

8 Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛamfa afoforo ho nsɛm anhyɛ yɛn mu na nkonimbo no ammɔ yɛn? Paulo ka kyerɛɛ Kolosefo no sɛ: “Sɛ́ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, akronkronfo ne adɔfo no, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre. Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara. Na eyinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”—Kol. 3:12-14.

9 Sɛ yɛwɔ ɔdɔ ne ayamye a, ebetumi aboa yɛn ama yɛde afoforo bɔne akyɛ wɔn. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ yɛn nua Kristoni bi ka asɛm anaa ɔyɛ biribi ma ɛyɛ yɛn yaw a, yɛn nso yɛnkaakae yɛn tirim na yebehu sɛ bere bi yɛkaa asɛm anaa yɛyɛɛ biribi ma ɛhaw obi. Bere a yɛn nuanom mmarima ne mmea yii wɔn yam de yɛn mfomso kyɛɛ yɛn saa no, yɛn ani annye anaa? (Kenkan Ɔsɛnkafo 7:21, 22.) Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Kristo ayi ne yam aka nokware asomfo abom ama baakoyɛ wɔ yɛn mu. (Kol. 3:15) Onyankopɔn baako na yɛn nyinaa dɔ no, asɛmpa koro na yɛn nyinaa ka, na ɔhaw a yehyia no pii yɛ ade koro. Sɛ yeyi yɛn yam da ɔdɔ adi de bɔne kyekyɛ yɛn ho a, yɛboa ma baakoyɛ tena Kristofo asafo no mu, na ɛma yɛkɔ so de yɛn ani si nkwa nkonimbo no so.

10, 11. (a) Adɛn nti na anibere anaa ahoɔyaw yɛ hu? (b) Dɛn na yɛbɛyɛ na anibere anaa ahoɔyaw amma nkonimbo no ammɔ yɛn?

10 Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ anibere anaa ahoɔyaw yɛ hu, na ebetumi ama nkonimbo no abɔ yɛn. Nhwɛso bi ni. Kain ani beree ne nua Habel ma okum no. Kora, Datan, ne Abiram ani beree Mose ma wɔsɔre tiaa no. Afei nso, bere a na nneɛma rekɔ yiye ma Dawid no, Ɔhene Saul ani beree no; anka ɔrepɛ no akum no. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Baabi a ahoɔyaw ne mansotwe wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne akyide biara wɔ.”—Yak. 3:16.

11 Sɛ yeyi yɛn yam dɔ afoforo a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛn ani bɛbere wɔn. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw.” (1 Kor. 13:4) Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho nya Onyankopɔn adwene na yebu yɛn nuanom mmarima ne mmea sɛ nipa baako a yɛwɔ Kristofo asafo no mu. Yɛyɛ saa a, anibere rennye ntini wɔ yɛn koma mu. Wei bɛboa yɛn ama yɛanya tema ama wɔn. Saa na Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ yɛnyɛ. Bible ka sɛ: “Sɛ wɔhyɛ kwaa bi anuonyam a, akwaa a aka no nyinaa ne no di ahurusi.” (1 Kor. 12:16-18, 26) Enti sɛ obi nya hokwan bi a, yɛn ani remmere no, na mmom yɛn ani begye. Yɛnhwɛ Ɔhene Saul ba Yonatan. Bere a Yehowa paw Dawid sɛ ɔno na obedi hene no, Yonatan ani ammere no. Ɔhyɛɛ Dawid nkuran mmom. (1 Sam. 23:16-18) Yebetumi asuasua Yonatan na yɛayi yɛn yam adɔ afoforo anaa?

NEA YƐBƐYƐ AMA YƐN ABUSUA ANYA NKONIMBO NO

12. Bible mu afotu bɛn na yɛn abusua de yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ama yɛn nsa aka nkonimbo no?

12 Sɛ abusua bi de Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, wobenya asomdwoe na wɔn ani begye. Afei nso, ɛbɛboa wɔn ama wɔanya nkonimbo no. Bible mu afotu bɛn na Paulo de maa mmusua bere a ɔkyerɛw Kristofo a wɔwɔ Kolose no? Ɔkae sɛ: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛfata Awurade mu. Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen. Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa mu, na eyi na ɛsɔ ani Awurade mu. Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw na wɔn abam ammu.” (Kol. 3:18-21) Akyinnye biara nni ho sɛ, wugye tom sɛ ɛnnɛ mpo okununom, ɔyerenom, ne mma de Paulo afotu a Onyankopɔn ma ɔkyerɛwee no yɛ adwuma a, ɛbɛboa wɔn.

13. Kristoni bea bɛyɛ dɛn aboa ne kunu a ɔnyɛ Yehowa Dansefo ama wabɛsom Yehowa?

13 Sɛ woyɛ ɔbea warefo na wote nka sɛ wo kunu a ɔnyɛ Yehowa Dansefo ne wo nni no yiye a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛ wo ne no ham wɔ nea ɔreyɛ no ho a, ɛbɛma nneɛma akɔ yiye anaa? Sɛ mpo wutumi ma ɔyɛ nea wopɛ ma wo a, ɛbɛboa no ama waba nokware no mu? Ebia ɔremma. Nanso sɛ wubu wo kunu sɛ ɔno ne wo ti a, wubetumi aboa ama asomdwoe atena abusua no mu, wobɛhyɛ Yehowa anuonyam, na ebi mpo a wubetumi aboa no ama waba nokware som mu. Wei betumi ama mo baanu nyinaa anya nkonimbo no.—Kenkan 1 Petro 3:1, 2.

14. Sɛ Kristoni barima yere a ɔnyɛ Yehowa Dansefo mmu no a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

14 Sɛ woyɛ ɔbarima warefo na wote nka sɛ wo yere a ɔnyɛ Yehowa Dansefo mmu wo a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ no sɛ wo na woyɛ ne wura na wokekaw mu gu ne so a, ɛno bɛma wabu wo anaa? Dabida! Wo na woyɛ abusua ti, enti Onyankopɔn pɛ sɛ wodɔ wo yere; woyɛ saa a, na woresuasua Yesu. (Efe. 5:23) Yesu yɛ asafo no ti, na ɔde ɔdɔ ne abotare na edi asafo no so. (Luka 9:46-48) Sɛ okunu suasua Yesu a, obetumi anya ne yere ama waba nokware som mu.

15. Dɛn na Kristoni barima bɛyɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ ne yere?

15 Yehowa aka akyerɛ okununom sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo yerenom na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen.” (Kol. 3:19) Okunu a ɔdɔ ne yere di no ni; otie ne yere adwenkyerɛ, na ɔma ne yere hu sɛ, sɛ ɔkyerɛ n’adwene wɔ nneɛma ho a, ɛboa no paa. (1 Pet. 3:7) Sɛ ɛnyɛ nea ne yere bɛka biara na ɔbɛyɛ bere nyinaa mpo a, sɛ ɔtaa bisa n’adwene wɔ nneɛma ho a, ebetumi aboa no ama wasisi gyinae a ɛfata. (Mmeb. 15:22) Okunu a ɔdɔ ne yere nhyɛ no sɛ ommu no, na mmom ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma ne yere abu no. Sɛ okunu dɔ ne yere ne ne mma a, ɛrenyɛ den sɛ abusua no nyinaa de anigye bɛsom Yehowa na wɔanya nkwa nkonimbo no.

Dɛn na yɛbɛyɛ na abusua mu nsɛmnsɛm amma nkonimbo no ammɔ yɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 13-15)

MMABUN—MOMMMA BIRIBIARA MMMA NKONIMBO NO MMMƆ MO!

16, 17. Woyɛ aberante anaa ababaa a, dɛn na wobɛyɛ na wo bo amfuw w’awofo denneennen?

16 Woyɛ aberante anaa ababaa? Wote nka sɛ w’awofo a wɔyɛ Kristofo nte wo ase na wɔhyɛ wo so dodo? Anhwɛ a wo bo betumi afuw araa ma woanya adwene mpo sɛ gyama wugyae Yehowa som a wo ho bɛtɔ wo. Nanso sɛ abufuw nti wugyae Yehowa som a, ɛrenkyɛ wubehu sɛ obiara nni hɔ a odwen wo ho paa sen w’awofo a wosuro Onyankopɔn ne w’asafo mufo.

17 Fa no sɛ w’awofo nteɛɛ wo so da; wobɛyɛ dɛn ahu sɛ wodwen wo ho ankasa? (Heb. 12:8) Ebia ɔkwan a w’awofo fa so teɛ wo so no na ɛhaw wo. Nanso mfa w’adwene nsi ɛno so, na mmom bɔ mmɔden sɛ wubehu nea enti a wɔteɛ wo so no. Enti nya abotare, mma wo bo mfuw denneennen sɛ wɔaka w’anim. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nea ɔkora n’ano no wɔ nimdeɛ, na nhumufo honhom dwo.” (Mmeb. 17:27) Fa yɛ wo botae sɛ wo ho bɛkokwaw na woayɛ komm atie afotu. Ɛnsɛ sɛ woma ɔkwan a w’awofo fa so tu wo fo no haw wo pii, na mmom sua biribi fi mu. (Mmeb. 1:8) Sɛ wowɔ awofo a wɔdɔ Yehowa paa a, ɛnde na woanya nhyira. Ɛda wɔn koma so sɛ wɔbɛboa wo ama woanya nkwa nkonimbo no.

18. Adɛn nti na woasi wo bo sɛ wode w’ani besi nkonimbo no so?

18 Sɛ nkwa a owu nnim na yebenya wɔ soro oo, sɛ daa nkwa na yebenya wɔ asase so paradise oo, nkonimbo a ɛda yɛn anim no, ɛsom bo paa, enti ɛsɛ sɛ yegye bere dwinnwen ho. Yɛn anidaso no bɛbam ɔkwan biara so, efisɛ Ɔbɔadeɛ no ankasa na wahyɛ yɛn bɔ. Onyankopɔn aka asase so Paradise no ho asɛm sɛ: “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã.” (Yes. 11:9) Saa bere no, Onyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ obiara a ɔwɔ asase so. Ɛfata paa sɛ yɛyere yɛn ho ma yɛn nsa ka saa nkonimbo no. Enti fa w’adwene si ɛbɔ a Yehowa ahyɛ no so, na mma biribiara mmma nkonimbo no mmmɔ wo!