Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nea Ohu Mmɔbɔ no Benya Nhyira”

“Nea Ohu Mmɔbɔ no Benya Nhyira”

AFƆREBƆ yɛ ade titiriw wɔ nokware som mu fi tete. Israelfo no de mmoa bɔɔ afɔre. Kristofo nso, wonim wɔn sɛ wɔbɔ “ayeyi afɔre” bere nyinaa. Nanso, afɔrebɔ afoforo wɔ hɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Heb. 13:15, 16) Saa afɔrebɔ yi nyinaa de anigye ne nhyira na ɛba. Nhwɛso ahorow a edi so yi bɛma yɛahu.

Hanah yɛ Yehowa somfo nokwafo a ɔtenaa ase tete. Ná ɔrepɛ ɔbabarima denneennen, nanso na awo no mma. Ɔbɔɔ mpae hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ, sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔde no “bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa.” (1 Sam. 1:10, 11) Akyiri yi, Hanah nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no din Samuel. Bere a Samuel twaa nufu no, Hanah de no kɔɔ asɔrefie hɔ sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Hanah daa ahofama adi, na Yehowa hyiraa no. Ɔwoo mma foforo nnum, na Samuel bɛyɛɛ odiyifo ne Bible kyerɛwfo.—1 Sam. 2:21.

Sɛnea Hanah ne Samuel yɛe no, ɛnnɛ nso, Kristofo anya hokwan sɛ wobetu wɔn ho ama ayɛ Ɔbɔadeɛ no adwuma. Afei nso, Yesu hyɛɛ bɔ sɛ afɔre biara a yɛbɛbɔ de asom Yehowa no, Yehowa behyira yɛn pii.—Marko 10:28-30.

Asomafo no bere so no, na wonim Dorka sɛ Kristoni bea a “nnwuma pa ne adɔe ayɛ no ma.” Wei kyerɛ sɛ na oyi ne yam boa afoforo. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, “ɔyare wui.” Ɛmaa asafo no mufo werɛ howee. Bere a asuafo no tee sɛ Petro wɔ mpɔtam hɔ no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra ntɛm. Wo deɛ, bere a Petro konyan Dorka fii awufo mu no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei! Ɛno ne kyerɛwtohɔ a edi kan a ɛkyerɛ sɛ ɔsomafo bi nyanee obi fii awufo mu. (Aso. 9:36-41) Onyankopɔn werɛ amfi afɔre a Dorka bɔe no. (Heb. 6:10) Ayamye a Dorka daa no adi no, Onyankopɔn ama wɔakora so wɔ n’Asɛm mu. Ɛyɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua.

Ɔsomafo Paulo nso yɛ obi a ɔyɛɛ nhwɛso pa. Oyii ne yam de ne bere pii bɔɔ afɔre. Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me de, mifi anigye kɛse mu de me ho nneɛma bɛma na mede me ho ama mo kra korakora.” (2 Kor. 12:15) Paulo hui sɛ, sɛ wode wo ho bɔ afɔre a, ɛma wunya akomatɔyam. Nea ɛsen biara no, ɛma wunya Yehowa nhyira ne n’anim dom.—Aso. 20:24, 35.

Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden boa Ahenni adwuma no ne yɛn nuanom Kristofo a, ɛma Yehowa ani gye. Nanso biribi foforo wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de aboa Ahenni ho asɛmpaka adwuma no anaa? Ebi wɔ hɔ! Adwumaden a yefi ɔdɔ mu yɛ akyi no, yebetumi afi yɛn pɛ mu ayi ntoboa de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. Saa ntoboa yi, wɔde boa asɛmpaka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa. Wɔde bi boa asɛmpatrɛwfo ne anuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw no nso. Afei nso, nhoma ne video ahorow a wɔyɛ ne ne nkyerɛase, mmoa a wɔde ma wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn, ne Ahenni Asa ahorow a wosisi nyinaa, ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi no na wɔde di ho dwuma. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ “nea ohu mmɔbɔ no benya nhyira.” Bio nso, sɛ yɛde yɛn ahonyade ma Yehowa a, ɛhyɛ no anuonyam.—Mmeb. 3:9; 22:9.