Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nni Wiase Adwene Akyi

Nni Wiase Adwene Akyi

‘Monhwɛ yiye: anhwɛ a obi de wiase nyansapɛ ne nnaadaa hunu bɛfa mo nnommum.’—KOL. 2:8.

NNWOM: 38, 31

1. Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw krataa kɔmaa ne mfɛfo Kristofo no, afotu bɛn na ɔde maa wɔn? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

BƐYƐ afe 60-61 Y.B. no, ɔsomafo Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Kolose bere a na ɔda afiase. Wei ne bere a edi kan a wɔde no too afiase wɔ Roma. Ɔma wohui sɛ ɛho hia sɛ wonya “honhom mu ntease.” (Kol. 1:9) Paulo san kae sɛ: “Mereka eyi na obi amfa adɛfɛdɛfɛsɛm annaadaa mo. Monhwɛ yiye: anhwɛ a obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu a egyina nnipa atetesɛm ne wiase mu nneɛma so a ennyina Kristo so bɛfa mo nnommum.” (Kol. 2:4, 8) Afei Paulo kyerɛɛ nea enti a adwene a nnipa dodow no ara wɔ no bi nyɛ papa ne nea enti a nnipa a yɛnyɛ pɛ ani betumi agye wiase adwene ho. Ebi ne sɛ ebetumi ama obi anya adwene sɛ onim nyansa sen afoforo na ɔsen wɔn. Nea enti a Paulo kyerɛw krataa no ne sɛ na ɛbɛboa anuanom ama wɔayi wiase adwene ne nneyɛe bɔne afi wɔn akwan mu.—Kol. 2:16, 17, 23.

2. Adɛn nti na yebesusuw wiase adwene ahorow bi ho?

2 Nnipa a wodi wiase adwene akyi mfa Yehowa akwankyerɛ nyɛ hwee anaa ɛho nhia wɔn. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, saa adwene no de nkakrankakra betumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw. Ɛnnɛ, wiase adwene no, ɛwɔ baabiara. Television so oo, intanɛt so oo, adwuma mu oo, sukuu mu oo, ɛwɔ hɔ. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ na yɛamma nsusuwii a ɛte saa ansɛe yɛn adwene. Yebesusuw wiase adwene ahorow nnum ho, na yɛahwɛ nea yɛbɛyɛ na yɛanni akyi.

EHIA SƐ YEGYE DI SƐ ONYANKOPƆN WƆ HƆ?

3. Adwene bɛn na nnipa pii ani gye ho, na adɛn ntia?

3 “Enhia sɛ migye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ansa na mayɛ onipa pa.” Wokɔ aman pii so a, ɛnyɛ nwonwa sɛ wobɛte sɛ nkurɔfo ka sɛ wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ; wɔkyerɛ sɛ wɔn ani nnye nyamesom ho. Ebia wɔntɔɔ wɔn bo ase nhwehwɛɛ mu nhwɛe sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa onni hɔ, na mmom nea wɔn ani gye ho ara ne sɛ wɔbɛyɛ nea wɔpɛ. (Kenkan Dwom 10:4.) Ebinom nso ka sɛ, “Enhia sɛ migye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ansa na matumi abɔ bra pa.” Sɛ wɔka saa a, ɛyɛ wɔn sɛ wonim nyansa araa ma.

4. Sɛ obi ka sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ a, dɛn na yebetumi ne no asusuw ho?

4 Sɛ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ka sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ a, ntease wom anaa? Sɛ obi de n’ani to nyansahu so sɛ ɛno na ɛbɛma wahu sɛ obi na ɔbɔɔ nkwa a, ɛnde n’adwene betumi atu afra. Nanso nokwarem no, ɛnyɛ den koraa sɛ obi behu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Sɛ ɔdan mpo ehia sɛ obi na osi a, ɛnde abɔde a nkwa wom nso ɛ? Nokwasɛm ne sɛ, ofie a ɛyɛ fɛ paa mpo no, ɛnto nkwaboaa ketewaa mpo. Nkwaboaa tumi yɛ nneɛma bebree a ofie biara ntumi nyɛ. Etumi yɛ nkwammoaa foforo pii. Saa nkwammoaa yi wɔ ɔkwan a ɛfa so yɛ nkwammoaa foforo. Enti yemmisa sɛ, Hena na ɔyɛɛ nkwammoaa? Bible ka sɛ: “Ofie biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.”—Heb. 3:4.

5. Nkurɔfo adwene ne sɛ enhia sɛ obi gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ansa na watumi ahu nea ɛyɛ papa. Dɛn na yebetumi aka afa saa asɛm no ho?

5 Nkurɔfo adwene ne sɛ enhia sɛ obi gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ansa na watumi ahu nea ɛyɛ papa. Dɛn na yebetumi aka afa saa asɛm no ho? Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ nnipa a wonnye Onyankopɔn nni mpo no, wɔwɔ suban pa bi. (Rom. 2:14, 15) Ɛho nhwɛso ni. Ebetumi aba sɛ saa nkurɔfo no bu wɔn awofo na wɔdɔ wɔn. Obi a onnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔdɔ yɛn a ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne wɔ hɔ deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka sɛ onipa a ɔte saa wɔ suban pa? (Yes. 33:22) Ɛnnɛ nnipa a wɔn adwene mu da hɔ pii begye atom sɛ sɛnea nneɛma resɛe wɔ asase so no ma yehu paa sɛ nnipa hia Onyankopɔn mmoa. (Kenkan Yeremia 10:23.) Enti ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ enhia sɛ obi gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ansa na watumi ahu nea ɛyɛ papa, na ama ɔde n’akwankyerɛ ayɛ adwuma.—Dw. 146:3.

EHIA SƐ WODE WO HO HYƐ ƆSOM BI MU ANAA?

6. Adwene bɛn na nnipa pii wɔ wɔ ɔsom ho?

6 “Enhia sɛ wode wo ho hyɛ ɔsom bi mu ansa na w’ani agye.” Nnipa pii ani gye saa wiase adwene no ho efisɛ wobu nyamesom sɛ ɛnyɛ anika na mfaso nni so. Afei nso, hellgya nkyerɛkyerɛ, ntotoso du du a wogyigye wɔ ɔsom pii mu anaa amanyɔsɛm a wɔyɛ nti, ama nkurɔfo atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii ka sɛ enhia sɛ wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom bi mu ansa na wɔn ani agye! Ebia saa nkurɔfo no bɛka sɛ, “Migye Onyankopɔn di nanso mempɛ sɛ mede me ho bɛhyɛ ɔsom biara mu.”

7. Ɔkwan bɛn so na nokware som betumi ama w’ani agye?

7 Ɛyɛ ampa paa sɛ, enhia sɛ obi de ne ho hyɛ ɔsom bi mu ansa na n’ani agye? Anokwa, sɛ obi amfa ne ho anhyɛ atoro som mu a, n’ani betumi agye. Nanso sɛ n’ani begye ankasa a, gye sɛ ɔne Yehowa, “anigye Nyankopɔn” no, fa adamfo. (1 Tim. 1:11) Biribiara a Onyankopɔn yɛ no, ɛboa afoforo. Onyankopɔn asomfo ani gye efisɛ nea ehia wɔn ne sɛ wɔbɛboa afoforo. (Aso. 20:35) Yɛnhwɛ sɛnea nokware som betumi ama abusua anya anigye. Nokware som kyerɛ yɛn sɛ yenni yɛn aware mu hokafo ni na yemmu no, yemmu aware ntam sɛ ɛyɛ kronkron, mma yɛnsɛe aware, yɛntete yɛn mma ma wommu ade, na yɛmma yɛn abusua nhu sɛ yɛdɔ wɔn ampa. Nokware som ma anuanom a wɔwɔ asafo ahorow mu yɛ baako na wɔn ani gye, na ɛma anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ani gye.—Kenkan Yesaia 65:13, 14.

8. Sɛn na Mateo 5:3 betumi aboa yɛn ama yɛahu nea ɛma nnipa ani gye?

8 Wiase adwene a ɛne sɛ, enhia sɛ obi som Onyankopɔn ansa na n’ani agye no, ɛyɛ nokware anaa? Asɛm no ne sɛ, dɛn na ɛma nnipa ani gye? Nea ɛma ebinom ani gye yɛ adwuma a wɔde wɔn ani si so, agodie, anaa biribi a wɔyɛ de gyigye wɔn ani. Ebinom nso wɔ hɔ a, nea ɛma wɔn ani gye ne sɛ wobegye bere ahwɛ wɔn abusua ne wɔn nnamfo. Saa nneɛma wei nyinaa betumi ama yɛn ani agye, nanso biribi wɔ hɔ a, ɛho hia koraa sen saa. Ɛno deɛ, ɛbɛma yɛanya anigye afebɔɔ. Nnipa nte sɛ mmoa, yɛn deɛ yebetumi ahu yɛn Bɔfo no na yɛasom no nokware mu. Onyankopɔn abɔ yɛn wɔ ɔkwan bi so a ɛma yetumi yɛ saa, na ɛma yɛn ani gye. (Kenkan Mateo 5:3.) Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ nokware asomfo hyiam som Yehowa a, wɔn ani gye paa na wɔhyehyɛ wɔn ho nkuran. (Dw. 133:1) Afei nso wɔn ani gye, efisɛ wɔwɔ anuanom wɔ wiase nyinaa, wɔbɔ bra pa, na wɔwɔ anidaso a edi mũ.

YEHIA ABRABƆ HO AKWANKYERƐ ANAA?

9. (a) Nna ho adwene bɛn na abu so wɔ wiase yi mu? (b) Onyankopɔn Asɛm ka sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔnyɛ awarefo da. Adɛn ntia?

9 “Sɛ ɔbarima bi nwaree ɔbea bi na ɔne no da a, adɛn nti na mokasa tia?” Ebia nkurɔfo bɛka akyerɛ yɛn sɛ: “Onipa deɛ, ɛsɛ sɛ wugye w’ani. Sɛ ɔbarima bi nwaree ɔbea bi na ɔne no da a, adɛn nti na mokasa tia?” Ɛyɛ mfomso sɛ nkurɔfo bɛka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo pene aguamammɔ so. Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn Asɛm bara aguamammɔ. * (Kenkan 1 Tesalonikafo 4:3-8.) Yehowa na ɔbɔɔ yɛn, enti ɔwɔ hokwan sɛ ɔhyehyɛ mmara ma yɛn. Onyankopɔn mmara ka sɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔaware nkutoo na wɔwɔ hokwan sɛ wobetumi anya nna mu kyɛfa. Esiane sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn nti na ɔhyehyɛ mmara ma yɛn. Sɛ yedi so a, ɛboa yɛn. Mmusua a wodi saa mmara no so no, emufo bɛdodɔ wɔn ho, anya obu ama obiara wɔ abusua no mu, na wɔanya akomatɔyam nso. Sɛ obi hyɛ da bu Onyankopɔn mmara so a, ɔbɛtwe n’aso.—Heb. 13:4.

10. Dɛn na Kristoni yɛ a, ɛbɛma watwe ne ho afi aguamammɔ ho koraa?

10 Onyankopɔn Asɛm ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatwe yɛn ho afi aguamammɔ ho koraa. Ade baako paa a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so wɔ nneɛma a yɛhwɛ ho. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu. Na sɛ w’aniwa nifa reto wo hintidua a, tu na tow kyene.” (Mat. 5:28, 29) Enti ɛnsɛ sɛ Kristoni hwɛ ponografi anaa otie nnwom a aguamansɛm wom. Ɔsomafo Paulo kyerɛw ne nuanom Kristofo sɛ: ‘Munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ ho.’ (Kol. 3:5) Afei nso, ehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so wɔ nea yedwinnwen ho ne yɛn kasa ho.—Efe. 5:3-5.

ƐSƐ SƐ YƐDE YƐN ANI SI ADWUMA A YƐBƐYƐ SO ANAA?

11. Adɛn nti na ɛnyɛ den sɛ yebetumi de yɛn ani asi so sɛ yɛbɛpɛ adwuma pa bi ayɛ?

11 “Wunya adwuma pa yɛ a, w’ani begye.” Ebia nkurɔfo pii bɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛmfa nsi yɛn ani so sɛ yɛbɛpɛ adwuma pa bi ayɛ wɔ wiase yi mu. Ebia saa adwuma no bɛma yɛagye din, anya dibea, ne sika pii. Nnipa pii de asi wɔn ani so sɛ wɔbɛpɛ adwuma pa bi ayɛ, na anhwɛ a Kristoni nso betumi anya adwene a ɛte saa.

12. Adwuma pa a wubenya ayɛ na ɛbɛma w’ani agye anaa?

12 Ɛyɛ ampa sɛ, sɛ wunya adwuma pa a ɛbɛma woanya tumi na woagye din a, w’ani begye afebɔɔ? Dabi. Kae sɛ nea na Satan pɛ ne sɛ obedi afoforo so na nkurɔfo ahoahoa no. Ɔkwan bi so no, onyaa nea na ɔrehwehwɛ no, nanso seesei abufuw ahyɛ no mã, na onni anigye. (Mat. 4:8, 9; Adi. 12:12) Nanso wo deɛ hwɛ, sɛ yɛboa afoforo ma wobehu Onyankopɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya daa nkwa a, yɛn ani gye paa. Yɛde toto adwuma a ɛwɔ wiase yi mu ho a, adwuma biara nni hɔ a ebetumi ama yɛanya anigye a ɛte saa. Bio nso, wiase honhom no ma nkurɔfo si akan paa. Ɛma nkurɔfo pere sɛ wobedi wɔn yɔnko anim, na ɛma wɔyɛ ahoɔyaw. Awiei koraa no, wohu sɛ ɛyɛ “adehunu akyidi,” anaa ɔbrɛgu.—Ɔsɛnk. 4:4.

13. (a) Sɛn na ɛsɛ sɛ yebu adwuma a yɛyɛ? (b) Sɛnea krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no kyerɛ no, dɛn na ɔkae sɛ ɛma n’ani gye paa?

13 Ɛwom, ɛsɛ sɛ yɛn nsa kɔ yɛn ano. Enti mfomso biara nni ho sɛ yɛbɛhwehwɛ adwuma a yɛn ani gye ho. Nanso ɛnsɛ sɛ adwuma a yɛyɛ yɛ ade a ɛho hia yɛn sen biribi foforo biara wɔ yɛn asetena mu. Yesu kae sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; efisɛ sɛ wantan obiako na wannɔ ɔfoforo no a, ɔbɛbata obiako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.” (Mat. 6:24) Sɛ yɛma Yehowa som ne n’Asɛm a yɛde bɛkyerɛkyerɛ afoforo no ho hia yɛn sen biribi foforo biara a, anigye a yebenya deɛ, yɛrentumi nka ho asɛm. Ɔsomafo Paulo hui sɛ saa na ɛte. Bere a ɔsomafo Paulo yɛ aberante no, ná ɔde n’ani asi adwuma pa a ɔbɛyɛ wɔ Yudasom mu so. Nanso bere a ɔbɛyɛɛ Yesu suani na ohuu sɛnea nkurɔfo tiee Onyankopɔn asɛm ne sɛnea ɛsesaa wɔn asetena no, n’ani gyei ankasa. (Kenkan 1 Tesalonikafo 2:13, 19, 20.) Adwuma biara nni hɔ a woyɛ a ɛbɛma wo koma atɔ wo yam saa.

Sɛ yɛboa afoforo ma wobehu Onyankopɔn a, yɛn ani gye paa (Hwɛ nkyekyɛm 12, 13)

YEBETUMI AYI ADESAMMA HAW AFI HƆ ANAA?

14. Nnipa dodow no ara adwene ne sɛ nnipa ankasa betumi ayi wɔn haw afi hɔ. Adɛn nti na nkurɔfo ani betumi agye saa asɛm no ho?

14 “Nnipa ankasa betumi ayi wɔn haw afi hɔ.” Saa wiase adwene yi, ebia nkurɔfo pii ani begye ho. Adɛn ntia? Sɛ saa asɛm no yɛ nokware a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ onipa nhia Onyankopɔn akwankyerɛ na obetumi ayɛ nea ɔpɛ biara. Afei nso, nhwehwɛmu a ebinom ayɛ kyerɛ sɛ akodi, nsɛmmɔnedi, yare, ne ohia so retew. Enti sɛ nkurɔfo ka sɛ nnipa betumi ayi adesamma haw afi hɔ a, ɛte sɛ nea ɛtɔ asom. Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ: “Nea enti a nneɛma reyɛ yiye ama adesamma ne sɛ nnipa ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma wiase no ayɛ yiye.” Nkurɔfo ka saa a, ɛkyerɛ sɛ wɔanya ɔkwan a wɔbɛfa so ayi ɔhaw a atena adesamma so fi teteete no afi hɔ anaa? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yɛntɔ yɛn bo ase nsusuw ɔhaw ahorow yi ho.

15. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ adesamma haw mu ayɛ den?

15 Akodi: Wiase Ko I ne Wiase Ko II no kum nnipa bɛboro ɔpepem 60. Wiase Ko II no aba awiei dedaadaw, nanso adesamma nsuaa biribiara mfii akodi mu. Eduu afe 2015 no, na nnipa dodow a akodi ne ɔtaa ama wɔaguan afi wɔn fie akodu bɛyɛ ɔpepem 65. Afe 2015 nkutoo no, wobu akontaa sɛ nnipa ɔpepem 12.4 na woguan fii wɔn fie. Nsɛmmɔnedi: Ɛwom sɛ nsɛmmɔnedi bi wɔ hɔ a, ɛso atew wɔ mmeae bi deɛ, nanso ebi te sɛ Intanɛt so apoobɔ, ateetee ne basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ abusua mu, ne amammɔesɛm kɔ ara na ɛrekɔ anim. Bio nso, nnipa pii ahu sɛ kɛtɛasehyɛ ne nyansakorɔn agye nsam wɔ wiase baabiara. Adesamma rentumi nyi nsɛmmɔnedi mfi hɔ. Yare: Ɛwom, yare bi wɔ hɔ a, nnipa anya ano aduru. Nanso amanneɛbɔ bi a wɔde too gua afe 2013 kae sɛ afe biara komayare, yare a ɛma obi fã dwudwo, kokoram, ahrawa mu yare, ne asikreyare, kunkum nnipa ɔpepem nkron a wonnya nnii mfe 60. Ohia: Wiase Nyinaa Sikakorabea kyerɛ sɛ nnipa a wodi hia buruburoo wɔ Afrika nkutoo no, afe 1990 no na wɔyɛ ɔpepem 280, nanso eduu afe 2012 no, na akɔ anim akodu ɔpepem 330.

16. (a) Adɛn nti na Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayi adesamma haw afi hɔ? (b) Nhyira bɛn na Yesaia ne odwontofo bi hyɛɛ ho nkɔm sɛ Ahenni no de bɛba?

16 Ɛnnɛ, nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya na edi sikasɛm ne amanyɔsɛm nhyehyɛe so. Yehu pefee sɛ saa nnipa yi rentumi nyi akodi, nsɛmmɔnedi, yare, ne ohia mfi hɔ. Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayɛ saa. Yɛnhwɛ nea Yehowa bɛyɛ ama adesamma. Akodi: Onyankopɔn Ahenni beyi biribiara a ɛde akodi ba afi hɔ; ebi ne pɛsɛmenkominya, kɛtɛasehyɛ ne nyansakorɔn, ɔman ho dɔ, atoro som, ne Satan ankasa. (Dw. 46:8, 9) Nsɛmmɔnedi: Ɛnnɛ mpo, Onyankopɔn Ahenni rekyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii ama wɔadɔ wɔn yɔnko nnipa na wɔanya wɔn mu ahotoso. Aban biara nni hɔ a ebetumi ayɛ saa. (Yes. 11:9) Yare: Yehowa behyira ne nkurɔfo na yare a ɛde yare deɛ, ebi remmɔ wɔn da. (Yes. 35:5, 6) Ohia: Yehowa betu ohia ase, na ɔbɛma ne nkurɔfo anya asetena pa na wɔne ne ntam ayɛ kama. Wei yɛ asetena a ɛsom bo koraa sen ahonyade.—Dw. 72:12, 13.

‘HU SƐNEA ƐSƐ SƐ WUBUA OBIARA’

17. Dɛn na wobɛyɛ na woanni wiase adwene akyi?

17 Sɛ wiase nsusuwii bi reyɛ asɔ wo gyidi ahwɛ a, hwehwɛ nea Onyankopɔn Asɛm ka fa ho na wo ne onua anaa onuawa bi a ne ho akokwaw nsusuw ho. Hwɛ nea enti a nnipa ani gye saa nsusuwii no ho, nea enti a ɛnyɛ nokware, ne nea wobɛyɛ na woanni akyi. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛn nyinaa de afotu a ɔsomafo Paulo de maa Kolose asafo no yɛ adwuma a, yebetumi ahwɛ yɛn ho yiye wɔ wiase adwene ho. Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nnantew nyansam wɔn a wɔnka mo ho no mu . . . na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.”—Kol. 4:5, 6.

^ nky. 9 Nnipa pii nnim sɛ asɛm a ɛwɔ Yohane 7:53–8:11 a ɛwɔ Bible ahorow bi mu no, ɛnka mfitiase nkyerɛwee a Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛwee no ho, na mmom nkurɔfo na ɛde aka ho. Ebinom kenkan saa asɛm no a, wɔkyerɛ sɛ obi a ɔnyɛɛ bɔne da nkutoo na obetumi abu obi fɔ sɛ wasɛe aware. Nanso mmara a Onyankopɔn de maa Israel man no kae sɛ: “Sɛ wohu sɛ ɔbarima bi ne obi yere ada a, ɛsɛ sɛ wɔn baanu wu.”—Deut. 22:22.