Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Anigye To Dwom!

Fa Anigye To Dwom!

“Eye sɛ yɛto dwom ma yɛn Nyankopɔn.”—DW. 147:1.

NNWOM: 10, 2

1. Nnwonto, dɛn na etumi ma yɛyɛ?

BERE bi, obi a ɔkyerɛw nnwom a wagye din kae sɛ: “Nsɛmfua ma wudwen. Sankudwom ma wo koma tɔ wo yam. Nanso woto nnwom a, emu nsɛm ka wo koma.” Nsɛm a yɛka de yi yɛn soro Agya Yehowa ayɛ ne nea yɛka de kyerɛ sɛ yɛdɔ no no, nsɛm foforo biara nni hɔ a ɛma yɛn ‘koma tɔ yɛn yam’ sen ɛno. Sɛ yɛn nko ara na yɛreto nnwom oo, sɛ yɛne Onyankopɔn nkurɔfo na abom reto oo, nnwonto di akoten wɔ nokware som mu.

2, 3. (a) Sɛ asafo no bom to nnwom a, nnwom no a ebinom bɛto ama apue no, ɛyɛ a wɔte nka sɛn? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Sɛ wo ne asafo no bom to nnwom a, nnwom no a wobɛto ama apue no, ɛyɛ a wote nka sɛn? Ɛyɛ a wofɛre? Aman bi mu no, ebetumi ayɛ den ama mmarima sɛ wɔbɛto nnwom wɔ baguam. Saa adwene yi betumi aka asafo mũ no nyinaa. Ɛnkanka, sɛ asafo no reto nnwom na wɔn a wodi anim no de biribi yi wɔn ho ano anaa wɔpɛ biribi yɛ a, ɛhaw adwene.—Dw. 30:12.

3 Sɛ yebu nnwonto sɛ ɛka yɛn som ho paa a, yɛbɛhwɛ sɛ bere biara a yɛbɛto nnwom bere a yɛahyiam no, na yɛwɔ hɔ anaa edu nnwonto so a, yɛrensɔre mpue. Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Sɛ yehyiam resom a, nnwom a yɛto no, mibu no sɛn? Sɛ ebia ɛyɛ den ma me sɛ mede anigye bɛto dwom a, dɛn na metumi ayɛ wɔ ho? Yɛn nnwom a yɛto no, mɛyɛ dɛn ato no yiye ma aka koma?’

NNWONTO—EDI AKOTEN WƆ NOKWARE SOM MU

4, 5. Tete Israel no, nnwonto ho nhyehyɛe a edi mũ bɛn na na wɔwɔ wɔ wɔn som mu?

4 Yehowa asomfo anokwafo de nnwonto ayi Yehowa ayɛ fi tete. Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a tete Israelfo no resom Yehowa nokwarem no, na nnwonto di akoten wɔ wɔn som mu. Ɛho nhwɛso ni. Bere a Ɔhene Dawid retoto nneɛma ama asɔrefie som no, ɔhyehyɛɛ Lewifo 4,000 sɛ wɔnto ayeyi nnwom. Ná nnwontofo no 288 yɛ wɔn a ‘wɔakyerɛ wɔn sɛnea wɔnto nnwom mma Yehowa, na wɔn nyinaa ho akokwaw.’—1 Be. 23:5; 25:7.

5 Bere a wɔrehyira asɔrefie no so no, wɔtoo nnwom paa. Bible ka sɛ: “Mmɛnhyɛnfo ne nnwontofo no de nne biako maa nnwom so de yii Yehowa ayɛ, daa no ase; wɔhyɛn mmɛn, na wɔbobɔɔ nnawuta ne nnwonto nneɛma de yii Yehowa ayɛ, . . . Yehowa anuonyam hyɛɛ nokware Nyankopɔn fie no mã.” Saa nhyiam yi, ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ wɔn gyidi den paa!—2 Be. 5:13, 14; 7:6.

6. Bere a Nehemia yɛ amrado wɔ Yerusalem no, nnwonto ho nhyehyɛe titiriw bɛn na ɔyɛe?

6 Bere a Nehemia dii Israelfo anokwafo no anim ma wɔsan kɔtoo Yerusalem afasu no, ɔsan nso hyehyɛɛ Lewifo ma wɔde mpintin ne asanku too nnwom. Bere a wohyiraa afasu no a wɔsan toe no so no, nnwonto ho nhyehyɛe titiriw a wɔyɛe no, ɛmaa saa da no yɛɛ anigye paa. Saa da no deɛ, “aseda nnwontofo akuw abien” na ɛtoo nnwom. Kuw baako de wɔn ani kyerɛɛ nifa, ɛnna baako de wɔn ani kyerɛɛ benkum. Wokohyiaam wɔ ɔfasu no fã a ɛbɛn asɔrefie no, na wɔtoo dwom ma wɔtee wɔ akyirikyiri. (Neh. 12:27, 28, 31, 38, 40, 43) Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Yehowa tee sɛ n’asomfo de ahokeka ne anigye reto nnwom ayi no ayɛ no, n’ani gyei.

7. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ, sɛ Kristofo hyiam sɛ wɔresom a, ehia sɛ wɔto nnwom?

7 Bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, nnwonto kɔɔ so dii akoten wɔ nokware som mu. Anadwo a Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ no, na ɛyɛ da titiriw wɔ adesamma abakɔsɛm mu; wodidi wiei no, Yesu ma wɔtoo nnwom.—Kenkan Mateo 26:30.

8. Dɛn na tete Kristofo no yɛe de kyerɛe sɛ, sɛ yehyiam resom a, ɛfata sɛ yɛto nnwom?

8 Tete Kristofo no too nnwom de yii Onyankopɔn ayɛ de kyerɛe sɛ, sɛ yehyiam a, ɛfata sɛ yɛto nnwom. Ɛwom sɛ na wohyiam wɔ anuanom fie, na na adan no mu ntrɛw deɛ, nanso na wɔde nsi ne ahokeka to nnwom yi Yehowa ayɛ. Honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔka kyerɛɛ ne nuanom Kristofo sɛ: “Monkɔ so mfa nnwom, ayeyi, ne honhom mu nnwom a ɛho wɔ nyam nkyerɛkyerɛ mo ho mfa ntutu mo ho fo, na monto nnwom mo koma mu mma Yehowa.” (Kol. 3:16) Anokwa, nnwom a ɛwɔ yɛn nnwom nhoma mu no yɛ “honhom mu nnwom” a ɛsɛ sɛ yɛde anisɔ to. Honhom fam aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma yɛn no, nnwom ka ho.—Mat. 24:45.

ƐYƐ DEN MA WO SƐ WOBƐTO NNWOM A, DƐN NA WOBƐYƐ?

9. (a) Yɛwɔ asafo nhyiam anaa nhyiam akɛse ase a, ebinom mfa anigye nto nnwom. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛma wɔyɛ saa? (b) Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛto ayeyi dwom ma Yehowa, na henanom na ɛsɛ sɛ wodi anim? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

9 Sɛ ebia w’abusua mu, wo man mu, anaa baabi a wote no, wɔntaa nto nnwom nso ɛ? Ɛnnɛ abɛɛfo mfiri a aba nti, ebia w’ani gye ho sɛ wubetie nnwontofo. Nanso, sɛ wode wo nne toto wɔn a wɔto nnwom wɔ radio anaa TV so no deɛ ho a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ wo nne nyɛ dɛ, enti wobɛfɛre anaa ɛbɛhaw wo sɛ wobɛto nnwom. Wei nti wobɛka sɛ worento nnwom nyi Yehowa ayɛ anaa? Dabi, ɛyɛ w’asɛde sɛ woyɛ saa. Enti, nea wobɛyɛ ne sɛ wobɛma wo nnwom nhoma no so akɔ soro na woama wo ti so, na woayi wo yam ato dwom no! (Esra 3:11; kenkan Dwom 147:1.) Ɛnnɛ, wokɔ Ahenni Asa pii so a, nnwom no mu nsɛm begu TV akɛse so anaa ban ho; wei boa ma sɛ yɛto dwom no a, epue yiye. Nea ɛyɛ anika koraa ne sɛ, Ahenni Som Sukuu a wɔyɛ ma asafo mu mpanyimfo no, wɔde Ahenni nnwom a wɔbɛto aka nneɛma a wosua no ho. Wei ma yehu sɛ ehia sɛ asafo mu mpanyimfo di asafo no anim ma wɔto nnwom.

10. Sɛ yesuro sɛ yɛbɛto nnwom ama apue yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

10 Ade baako a ɛmma nkurɔfo nto nnwom mma empue yiye ne ehu. Ebia wosuro sɛ wɔto nnwom a, wɔn nne beyi ne ho dodo, anaa ebia wɔn nne bɛkeka afoforo asom. Sɛ ɛte saa mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yɛkasa a, “yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii,” anaa yɛn ano tumi fom. (Yak. 3:2) Nanso, ɛno nti yɛbɛka sɛ yɛrenkasa bio anaa? Dabi. Ɛnde, sɛ yɛn nne nyɛ dɛ a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɛno siw yɛn kwan sɛ yɛbɛto nnwom ayi Yehowa ayɛ?

11, 12. Nyansahyɛ bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ato nnwom yiye?

11 Ebia yennim nnwom to, enti ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛto nnwom. Nanso, nyansahyɛ bi wɔ hɔ a yɛde yɛ adwuma a ebetumi aboa yɛn ama yɛato nnwom yiye. *

12 Sɛ wotwe mframa kɔ wo mu yiye a, wubehu sɛnea wobɛma wo nne so ato nnwom den. Sɛ yɛrekasa anaa yɛreto nnwom na yɛtwe mframa kɔ yɛn mu a, ɛma yenya ahoɔden de to nnwom no te sɛ nea anyinam ahoɔden ma bɔlb sɔ no. Sɛ woreto nnwom a, ɛsɛ sɛ woto no den sɛnea worekasa a woyɛ no, anaa mpo wobɛto no den asen sɛnea wokasa. (Hwɛ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no kratafa 181 kosi 184; wubenya nyansahyɛ bi wɔ asɛmti ketewa a ɛne “Home Yiye” ase.) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Yehowa asomfo reto dwom ayi no ayɛ a, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɛtɔ da a ‘wonni ahurusi.’—Dw. 33:1-3.

13. Kyerɛ sɛnea yebetumi anya ahotoso kɛse ato nnwom.

13 Sɛ moreyɛ abusua som anaa w’ankasa woresua ade a, sɔ nea edi so yi hwɛ: Hwɛ yɛn nnwom nhoma no mu na paw nnwom a ɛda wo koma so paa no baako. Fa ahotoso kenkan emu nsɛm no den. Afei, wofa dwom no fã bi a, fa ɛnne koro no ara kenkan kosi ansa na woahome. Wuwie a, fa ɛnne koro no ara to saa ɔfã no. (Yes. 24:14) Sɛ woyɛ saa a, wubetumi ato dwom no ma apue yiye. Wei bɛboa wo paa. Mma wo nne nhunahuna wo anaa mfɛre ho!

14. (a) Sɛ yebue yɛn anom yiye to nnwom a, ɛbɛboa yɛn sɛn? (Hwɛ Adaka a wɔato din “ Sɛnea Wubetumi Ato Nnwom Yiye.”) (b) Nyansahyɛ bɛn na woahu sɛ ɛbɛboa wo ama wo nne ayɛ yiye?

14 Sɛ woammue w’anom yiye a, worentumi nto nnwom ma empue yiye. Ade foforo ne sɛ, wubebue w’anom yiye asen sɛnea wokasa daa no. Sɛ ɛyɛ wo sɛ wo nne wɔ fam anaa ano yɛ den dodo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Wohwɛ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no mu a, wubenya wei ho nyansahyɛ wɔ kratafa 184. Ɛwɔ asɛmti ketewa a wɔato din “Nsɛnnennen Pɔtee Bi a Wubedi So” ase.

YI WO YAM TO AYEYI DWOM

15. (a) Afe afe nhyiam a wɔyɛɛ no afe 2016 no, amanneɛbɔ bɛn na wɔde too gua? (b) Nea enti a wɔyɛɛ nnwom nhoma foforo no, ebi ne sɛn?

15 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania afe afe nhyiam a wɔyɛɛ no afe 2016 no, Onua Stephen Lett a ɔka Akwankyerɛ Kuw no ho de amanneɛbɔ bi too gua. Ɔkae sɛ, ɛrenkyɛ yɛn nsa bɛka nnwom nhoma foforo a yɛde bɛto nnwom wɔ nhyiam ahorow ase. Nnwom nhoma no din ne ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa. Wei maa obiara ani gyei. Onua Lett kae sɛ ade baako nti a wɔyɛɛ nsakrae wɔ yɛn nnwom mu ne sɛ, na wɔpɛ sɛ emu nsɛm no ne Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo no mu nsɛm hyia. Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo a woyii no adi afe 2013 no nti, na ɛsɛ sɛ woyi nnwom no mu nsɛm a enni Bible no mu bio fi mu, na ebi nso wɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ mu nsakrae. Afei, wɔde nnwom foforo a ɛfa asɛnka adwuma no ho ne nea ɛkyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma agyede no nso aka ho. Bio nso, esiane sɛ nnwonto di akoten wɔ yɛn som mu nti, na Akwankyerɛ Kuw no pɛ sɛ wɔyɛ nnwom nhoma a edi mũ a ɛne Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo nnuraho yɛ pɛ.

16, 17. Nsakrae bɛn na wɔyɛe wɔ nnwom nhoma foforo no mu?

16 Nea ɛbɛyɛ na ayɛ mmerɛw ama yɛahu nnwom a yɛrehwehwɛ wɔ ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa nhoma no mu no, wɔahyehyɛ nnwom no nsɛmti nsɛmti. Ɛho nhwɛso ni. Nnwom 12 a edi kan no fa Yehowa ho, ɛnna 8 a edi hɔ no fa Yesu ne agyede no ho, ne nea ɛkeka ho. Yɛmfa no sɛ ɔkasafo bi repɛ nnwom a asafo no bɛto de afi baguam ɔkasa ase. Sɛ obue nnwom nhoma no mfiase a, obehu nnwom no nsɛmti a wɔahyehyɛ wɔ hɔ, na ebetumi aboa no.

17 Nea ɛbɛboa obiara ama wayi ne yam ato nnwom no, wɔasesa nnwom no mu nsɛm no bi sɛnea ɛbɛyɛ a emu bɛda hɔ, na wɔayi nsɛmfua a ɛho nhia bio no nso afi mu. Ɛho nhwɛso ni. Wɔasesa dwom a asɛmti ne “Abodwokyɛre” ayɛ no “Munnya Abotare,” na emu nsɛm nso, wɔasesa no. Dwom a asɛmti ne “Bɔ Wo Koma Ho Ban” no, wɔasesa no ayɛ no “Yɛbɔ Yɛn Koma Ho Ban”; na ɛfata paa. Adɛn ntia? Yɛkɔ asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam a, yɛne wɔn a wɔyɛ foforo wɔ asafo no mu, Bible asuafo, mmofra, ne anuanom mmea na ɛkɔ. Enti bere a wɔreto dwom no mu nsɛm no, wobetumi ate nka sɛ wɔn na wɔrekyerɛ afoforo nea wɔnyɛ. Ɛba saa a, ɛbɛma wɔayɛ basaa. Enti wɔasesa asɛmti no ne emu nsɛm no mu.

Moreyɛ abusua som a, munsua nnwom no to (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu nnwom a ɛwɔ yɛn nnwom nhoma foforo no mu yiye? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

18 Nnwom a ɛwɔ ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa nhoma no mu pii yɛ mpaebɔ. Saa nnwom yi mu nsɛm betumi aboa wo ama woaka wo komam asɛm akyerɛ Yehowa. Nnwom no bi nso bɛboa ama ‘yɛakanyan yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Heb. 10:24) Nokwasɛm ne sɛ, yɛpɛ sɛ yehu yɛn nnwom no mu nsɛm yiye, nnwom no nnyigyeho, ne sɛnea nnwom no si kɔ. Nnwom a wɔde ano ato a ɛwɔ jw.org. no, sɛ wutie a, ebetumi aboa wo ama woayɛ saa. Sɛ wobobɔ nnwom no so wɔ fie a, wubetumi de ahotoso ayi wo yam asua to. *

19. Dɛn na asafo no mufo nyinaa betumi abom ayɛ de asom Yehowa?

19 Kae sɛ nnwonto ho hia paa wɔ yɛn som mu. Ɛyɛ ɔkwan pa a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn. (Kenkan Yesaia 12:5.) Sɛ wode anigye to nnwom ma epue a, ɛbɛhyɛ afoforo nkuran ama wɔn nso de ahotoso ato bi. Nokwasɛm ne sɛ, asafo no mufo nyinaa, mmofra oo, mpanyin oo, wɔn a wɔakyerɛ asɛm no ho anigye foforo oo, yɛn nyinaa betumi abom ato nnwom de asom Yehowa. Enti sɛ yɛreto nnwom a, nka w’ano ntom. Mmom, tie akwankyerɛ pa a odwontofo a honhom kaa no no de mae no. Ɔkae sɛ: ‘Monto dwom mma Yehowa!’ Anokwa, fa anigye to dwom!—Dw. 96:1.

^ nky. 11 Sɛ wopɛ sɛnea wubetumi ato nnwom yiye ho akwankyerɛ a, hwɛ December 2014 JW Broadcasting a ɛba bosome biara, Borɔfo deɛ no (video afã WEI FI YƐN STUDIO).

^ nky. 18 Ɔmantam ne ɔmansin nhyiam biara ase no, yɛde simma du tie sanku ho nnwom ansa na dwumadi no afi ase. Wei boa yɛn ma yeyi yɛn yam to nnwom. Wɔahyehyɛ saa sanku ho nnwom no wɔ ɔkwan bi so a ebesiesie yɛn koma ne yɛn adwene ama nhyiam dwumadi no. Enti wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ, sɛ wofi ase bɔ nnwom no a, yɛntena ase ntie nnwom no yiye.