Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Yehowa Atɛntrenee ne Ne Mmɔborɔhunu

Suasua Yehowa Atɛntrenee ne Ne Mmɔborɔhunu

“Momfa nokware mmu atɛn, na obiara ne ne yɔnko nni wɔ adɔe ne mmɔborɔhunu so.”—SAK. 7:9.

NNWOM: 125, 88

1, 2. (a) Sɛn na na Yesu te nka wɔ Onyankopɔn Mmara ho? (b) Sɛn na akyerɛwfo ne Farisifo no kyinkyim Mose Mmara no?

MOSE Mmara no, na ɛda Yesu koma so paa. Ɛnyɛ nwonwa! Efisɛ Yesu Agya, Yehowa, na ɔde saa Mmara no mae, na ɔno nso ne Obi a ne ho hia Yesu paa wɔ n’asetena mu. Ná Yesu ani gye Onyankopɔn mmara ho paa. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 40:8 kaa ho asɛm sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn, na wo mmara wɔ me koma mu.” Yesu nam nsɛm a ɔkae ne nea ɔyɛe so kyerɛe sɛ Onyankopɔn Mmara yɛ pɛ, mfaso wɔ so, na emu nsɛm bɛbam ɔkwan biara so.—Mat. 5:17-19.

2 Enti bere a Yesu hui sɛ akyerɛwfo ne Farisifo no akyinkyim n’Agya Mmara no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ no yaw paa! Ná saa nkurɔfo no di Mose Mmara no mu nsɛm nketenkete bi so frenkyemm, efisɛ Yesu kae sɛ: “Muyi ɛme ne onunum ne kumin so ntotoso du du.” Mfomso bɛn na na ɛwɔ nea wɔyɛ no ho? Yesu de kaa ho sɛ: “Mmara no mu nsɛm a tumi wom a ɛne atɛntrenee ne mmɔborɔhunu ne nokwaredi no de, momfa nyɛ hwee.” (Mat. 23:23) Ná Farisifo no bu wɔn ho treneefo. Nanso Yesu deɛ, na ɔnte saa; na ɔte Mose Mmara no ase. Afei nso, na onim sɛ mmara biara ma yehu biribi fa Onyankopɔn suban ho.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Kristofo deɛ, yɛnhyɛ Mmara apam no ase. (Rom. 7:6) Nanso, Yehowa akora Mose Mmara no so wɔ n’Asɛm Bible mu. Ɔmpɛ sɛ yɛde Mose Mmara no mu nsɛm nketenkete haw yɛn ho, na mmom ɔpɛ sɛ yehu emu “nsɛm a tumi wom” no, kyerɛ sɛ, nnyinasosɛm a ɛwɔ Mose Mmara no mu, na yɛde yɛ adwuma. Nhwɛso bi ni. Guankɔbea nkurow ho nhyehyɛe a Yehowa yɛe no, nnyinasosɛm bɛn na yebetumi anya afi mu? Adesua a edi wei anim no, ɛma yehuu anammɔn a onipakumfo no tui, na ɛkyerɛɛ nea yebetumi asua afi mu. Adesua yi mu nso, guankɔbea nkurow ho nhyehyɛe no bɛma yɛasua Yehowa ho ade, na yebehu sɛnea yebesuasua ne suban. Enti yebenya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Guankɔbea nkurow no, sɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu? Dɛn na ɛma yehu fa adwene a Yehowa wɔ wɔ nkwa ho? Ɔkwan bɛn so na ɛma yehu sɛ Yehowa atɛntrenee di mũ? Emu biara no, hwɛ nea wubetumi ayɛ de asuasua wo soro Agya no.—Kenkan Efesofo 5:1.

“MUNYI NKUROW A EYE MA MO”—ƐYƐ MMƆBORƆHUNU

4, 5. (a) Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ den sɛ obi beguan akɔ guankɔbea nkurow no mu no, dɛn na wɔyɛe, na adɛn ntia? (b) Dɛn na wei ma yehu fa Yehowa ho?

4 Guankɔbea nkurow nsia no, na ɛhɔ kɔ nyɛ den. Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ guankɔbea nkurow no, wonyi mmiɛnsa wɔ Yordan Asubɔnten no fã baako na wonyi mmiɛnsa nso wɔ ɔfã a aka no. Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ den sɛ onipakumfo biara betumi aguan akɔ hɔ ntɛm. (Num. 35:11-14) Akwan a ɛkɔ guankɔbea nkurow no mu no, na wosiesie no kama. (Deut. 19:3) Yudafo atetesɛm kyerɛ sɛ, na wɔde ahyɛnsode sisi kwan ho ma ɛkyerɛ onipakumfo no kwan kɔ kurow no mu. Guankɔbea nkurow no a na ɛwɔ hɔ nti, na enhia sɛ onipakumfo bi a wanhyɛ da guan kɔ ɔman foforo bi so kɔpɛ ahobammɔ. Sɛ ɔkɔ ɔman foforo so a, anhwɛ a na wakɔsom abosom.

5 Wo deɛ dwen wei ho hwɛ: Yehowa ankasa na ɔhyɛe sɛ, sɛ obi hyɛ da kum onipa a, wonkum no bi. Nanso, ɔkae nso sɛ, sɛ obi kum obi na wanhyɛ da a, wobetumi ahu no mmɔbɔ na wɔabɔ no ho ban. Nhomanimfo bi kae sɛ: “Ná biribiara mu da hɔ fann. Ɛyɛ Onyankopɔn adom ara kwa.” Yehowa nyɛ ɔtemmufo a ne tirim yɛ den a nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔbɛtwe ne nkoa aso. Mmom, “ne mmɔborɔhunu dɔɔso.”—Efe. 2:4.

6. Farisifo no suasuaa Onyankopɔn mmɔborɔhunu anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Farisifo no deɛ, na wɔmpɛ sɛ wohu afoforo mmɔbɔ. Yudafo atetesɛm kyerɛ sɛ, sɛ obi yɛ bɔne koro no ara boro mprɛnsa a, na wɔmpɛ sɛ wɔde kyɛ no. Ná Yesu pɛ sɛ ɔma ɛda adi sɛ Farisifo no wɔ adwemmɔne. Enti ɔmaa mfatoho a ɛfa Farisini bi ne towgyeni hobrɛasefo bi a wɔkɔbɔɔ mpae ho. Ná towgyeni no resrɛ sɛ Onyankopɔn nhu no mmɔbɔ. Farisini no bɔɔ mpae sɛ: “O Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no, apoobɔfo, wɔn a wɔnteɛ, awaresɛefo, anaasɛ towgyeni yi mpo.” Adɛn nti na na Farisifo no mpɛ sɛ wohu afoforo mmɔbɔ koraa? Bible ka sɛ, na “wommu wɔn a wɔaka no hwee.”—Luka 18:9-14.

Wubue “kwan” anaa wotew w’anim ma ɛyɛ mmerɛw ma afoforo sɛ wɔbɛba wo nkyɛn abɛsrɛ bɔne fafiri? (Hwɛ nkyekyɛm 4-8)

7, 8. (a) Sɛ obi yɛ wo bɔne a, wobɛyɛ dɛn asuasua Yehowa? (b) Adɛn nti na ehia sɛ yenya ahobrɛase na ama yɛatumi de afoforo bɔne akyɛ wɔn?

7 Suasua Yehowa, na ɛnyɛ Farisifo no. Hu afoforo mmɔbɔ. (Kenkan Kolosefo 3:13.) Ade baako a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛma ayɛ mmerɛw sɛ afoforo bɛba wo nkyɛn abɛsrɛ bɔne fakyɛ. (Luka 17:3, 4) Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ obi yɛ me bɔne mpɛn pii mpo a, miyi me yam de kyɛ no ntɛm ara anaa? Sɛ obi yɛ me bɔne anaa ɔyɛ biribi ma ɛhaw me a, m’ani gye ho paa sɛ mɛma asomdwoe asan aba me ne no ntam?’

8 Sɛ yebetumi de afoforo bɔne akyɛ wɔn a, ehia sɛ yenya ahobrɛase. Farisifo no, na wobu afoforo animtiaa, enti na wɔmpɛ sɛ wɔde bɔne kyɛ. Nanso Kristofo deɛ, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na ‘yebu afoforo sɛ wɔkyɛn yɛn,’ na yɛde wɔn bɔne kyɛ wɔn korakora. (Filip. 2:3) Wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Meresuasua Yehowa na mebrɛ me ho ase anaa?’ Bue “kwan,” anaa tew w’anim ma ɛnyɛ mmerɛw mma afoforo sɛ wobetumi aba wo nkyɛn abɛsrɛ bɔne fafiri. Mpere wo ho mfa abufuw, na yɛ ntɛm hu afoforo mmɔbɔ.—Ɔsɛnk. 7:8, 9.

BU NKWA NA “WOANNI MOGYA HO FƆ”

9. Dɛn na Yehowa yɛe de boaa Israelfo ma wohui sɛ nnipa nkwa yɛ kronkron?

9 Ade baako paa nti a na guankɔbea nkurow no wɔ hɔ ne sɛ ɛbɛbɔ Israelfo no ho ban na wɔanni mogya ho fɔ. (Deut. 19:10) Nkwa ho hia Yehowa paa, na okyi “nsa a ehwie mogya a edi bem gu.” (Mmeb. 6:16, 17) Onyankopɔn bu atɛntrenee na ɔyɛ kronkron, enti sɛ obi kum obi na wanhyɛ da mpo a, na ɔrentumi nyɛ nhwɛhãã. Ɛwom, sɛ obi kum obi na wanhyɛ da a, na wobetumi ahu no mmɔbɔ. Ɛno mpo, na ɛsɛ sɛ ɔde n’asɛm kɔto mpanyimfo no anim. Sɛ wodi asɛm no na wohu sɛ wanhyɛ da ampa a, na ɛsɛ sɛ ɔtena guankɔbea kurow no mu kosi sɛ ɔsɔfo panyin no bewu. Wei kyerɛ sɛ, anhwɛ a na ɔbɛtena hɔ ne nkwa nna a aka nyinaa. Saa nsunsuanso yi maa Israelfo no nyinaa hui sɛ nnipa nkwa yɛ kronkron. Nea ɛbɛyɛ na wɔahyɛ Onii a ɔmaa wɔn nkwa no anuonyam no, na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ biribi anaa wɔtenatena nneɛma bi ho ma ɛde afoforo nkwa to asiane mu.

10. Yɛhwɛ nea Yesu kae a, dɛn na akyerɛwfo ne Farisifo no yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wommu afoforo nkwa?

10 Akyerɛwfo ne Farisifo no, na wɔnte sɛ Yehowa, efisɛ na wommu afoforo nkwa. Adɛn nti na yɛreka saa? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mugyee nimdeɛ safe no; mo ankasa moankɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso musiw wɔn kwan!” (Luka 11:52) Saa nkurɔfo no na na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no mu na wɔboa afoforo ma wɔfa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. Nanso woyii nkurɔfo adwene fii Yesu a ɔyɛ “nkwa Safohene no” so mmom, na wɔma wɔkɔfaa ɔkwan a ɛde wɔn bɛkɔ ɔsɛe pasaa mu so. (Aso. 3:15) Akyerɛwfo ne Farisifo no, na wɔyɛ ahantan ne pɛsɛmenkominya; ná afoforo nkwa ne wɔn yiyedi ho nhia wɔn ahe biara. Wei ma yehu sɛ na wɔn tirim yɛ den, na na wonni ahummɔbɔ koraa!

11. (a) Dɛn na ɔsomafo Paulo yɛe de kyerɛe sɛ Onyankopɔn adwene a ɔwɔ wɔ nkwa ho no, ɔwɔ bi? (b) Adwene a na Paulo wɔ wɔ asɛnka adwuma no ho no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya bi?

11 Yɛbɛyɛ dɛn akwati akyerɛwfo ne Farisifo no suban na yɛasuasua Yehowa? Ɛsɛ sɛ yebu nkwa sɛ akyɛde a ɛsom bo. Ɔsomafo Paulo dii adanse fefeefe de kyerɛɛ saa. Ɛno nti, otumi kae sɛ: “Me ho afi wɔ nnipa nyinaa mogya ho.” (Kenkan Asomafo Nnwuma 20:26, 27.) Nanso, ɛnyɛ sɛ Paulo anka asɛm no a n’ahonim bebu no fɔ anaa Yehowa se ɔnka ara nti na ɔkae. Mmom, na ɔdɔ nnipa, na na obu wɔn nkwa sɛ ɛsom bo. (1 Kor. 9:19-23) Yɛn nso, adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nkwa ho no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya bi. Yehowa ‘pɛ sɛ obiara nya adwensakra.’ (2 Pet. 3:9) Saa na wo nso wopɛ anaa? Sɛ yɛwɔ mmɔborɔhunu a, ɛbɛkanyan yɛn ama yɛde nsi ne ahokeka aka asɛmpa no. Yɛyɛ saa a, yɛn ani begye paa.

12. Adɛn nti na ahobammɔ anaa ahwɛyiye ho hia Onyankopɔn nkurɔfo?

12 Adwene a Yehowa wɔ wɔ nkwa ho no, sɛ yɛwɔ bi a, yɛrenyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛapira yɛn ho anaa afoforo. Sɛ yɛreyɛ adwuma bi anaa yɛreka kar a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Sɛ yɛresi dan a yehyia mu som, yɛresiesie hɔ, anaa yɛreka kar akɔ mmeae a yehyiam som a, ɛno nso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ yɛbɛma adwuma a yebewie bere ano anaa sika ho hia yɛn sen yɛn ahobammɔ ne yɛn apɔwmuden. Yɛn Nyankopɔn a obu atɛntrenee no yɛ nea ɛteɛ ne nea ɛfata bere nyinaa. Yɛpɛ sɛ yesuasua no. Ehia sɛ asafo mu mpanyimfo titiriw hwɛ yiye na wɔampira wɔn ho ne afoforo a wɔne wɔn reyɛ adwuma. (Mmeb. 22:3) Enti sɛ asafo mu panyin bi twe w’adwene si mmara a ɛfa ahobammɔ ho so a, tie. (Gal. 6:1) Bu nkwa sɛnea Yehowa bu nkwa no, na “woanni mogya ho fɔ.”

‘MUMMU ATƐN SƐNEA AHYƐDE YI TE’

13, 14. Mpanyimfo a wɔwɔ Israel no, na wɔbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Yehowa bu atɛntrenee no?

13 Yehowa ka kyerɛɛ mpanyimfo a wɔwɔ Israel no sɛ wonsuasua sɛnea obu atɛntrenee no. Nea edi kan, na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm no mu. Afei nso, ansa na mpanyimfo no besi gyinae sɛ wobehu onipakumfo bi mmɔbɔ no, na ehia sɛ wɔtɔ wɔn bo ase hwɛ nea enti a onipakumfo no kum obi, ne suban, ne nneɛma bi a wayɛ bere bi a atwam. Ná ɛsɛ sɛ mpanyimfo no suasua Yehowa na wobu atɛntrenee. Enti na ɛsɛ sɛ wohu sɛ onipakumfo no ‘hyɛɛ da kɔtɛw baabi’ anaa “ɔtan nti” na okum onipa no. (Kenkan Numeri 35:20-24.) Sɛ asɛm no ho adansefo wɔ hɔ a, anyɛ yiye koraa no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ baanu ansa na wɔatumi agyina wɔn anom asɛm so aka sɛ onipa no hyɛɛ da na okum obi.—Num. 35:30.

14 Sɛ mpanyimfo no hu asɛm no mu nokware wie a, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛnea onipa no te ankasa, na ɛnyɛ nea wayɛ no nko ara. Ná ehia sɛ wonya nhumu, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wohu asɛm no mu yiye na wohu nea enti a onipa no kum obi. Nea ɛsen ne nyinaa no, na wohia Yehowa honhom kronkron na ama wɔatumi asuasua Yehowa na wɔanya nhumu ne mmɔborɔhunu, na wɔabu atɛntrenee.—Ex. 34:6, 7.

15. Sɛ yɛhwɛ sɛnea na Yesu bu abɔnefo ne sɛnea na Farisifo no bu abɔnefo a, nsonsonoe bɛn na ɛwom?

15 Farisifo no deɛ, nea na ehia wɔn ara ne nea ɔbɔnefo no ayɛ na ɛnyɛ sɛnea ɔbɔnefo no te ankasa. Bere a Farisifo no hui sɛ Yesu akɔ apontow bi ase wɔ Mateo fie no, wobisaa Yesu asuafo no sɛ: “Dɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo no ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi?” Yesu buae sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia. Afei monkɔ na munkosua nea eyi kyerɛ, ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na ɛnyɛ afɔrebɔ.’ Na mammɛfrɛ treneefo na mmom nnebɔneyɛfo.” (Mat. 9:9-13) Ná Yesu resosɔ bɔne so anaa? Ɛnte saa koraa. Ná Yesu pɛ sɛ nkurɔfo sakra fi wɔn bɔne ho. Enti na adwensakra di akoten wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. (Mat. 4:17) Yesu hui sɛ na “towgyefo ne nnebɔneyɛfo” no bi pɛ sɛ wɔsakra. Ɛnyɛ adidi nko ara nti na wɔbaa Mateo fie hɔ. Mmom, na wɔn mu pii yɛ Yesu akyidifo. (Mar. 2:15) Awerɛhosɛm ne sɛ, Farisifo dodow no ara anhu nea na Yesu ahu wɔ saa nkurɔfo no ho no. Ná Farisifo no kyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn a obu atɛntrenee na ɔwɔ mmɔborɔhunu no. Nanso, wɔansuasua Onyankopɔn koraa; na wobu wɔn yɔnko nnipa sɛ wɔyɛ abɔnefo, na mfaso biara nni wɔn so.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ asɛnni boayikuw bɔ mmɔden sɛ wobehu?

16 Yehowa “dɔ atɛntrenee,” enti ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ suasua no. (Dw. 37:28) Nea edi kan, ehia sɛ mpanyimfo no “hwehwɛ asɛm no mu” hwɛ sɛ onipa no ayɛ bɔne anaa. Sɛ wayɛ bɔne a, ɛnde ɛsɛ sɛ wogyina Bible akwankyerɛ so hu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. (Deut. 13:12-14) Sɛ asɛnni boayikuw bi redi obi asɛm a, ɛsɛ sɛ wɔtɔ wɔn bo ase hwɛ sɛ Kristoni a wayɛ bɔne a emu yɛ duru no anu ne ho anaa. Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobehu sɛ obi anu ne ho anaasɛ onnuu ne ho. Adwene a ɔbɔnefo bi wɔ wɔ bɔne a wayɛ ho ne nea ɛwɔ ne koma mu ɛnna ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho. (Adi. 3:3) Ɛsɛ sɛ ɔbɔnefo bi da no adi sɛ wanu ne ho ansa na wɔahu no mmɔbɔ. *

17, 18. Mpanyimfo bɛyɛ dɛn ahu sɛ obi anu ne ho ampa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

17 Yehowa ne Yesu tumi hu nea ɛwɔ nnipa koma mu, nanso mpanyimfo deɛ, wontumi nhu nea ɛwɔ obi koma mu. Ɛnde, sɛ woyɛ asafo mu panyin a, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ obi anu ne ho ampa? Nea edi kan, bɔ mpae hwehwɛ nyansa ne nhumu. (1 Ahe. 3:9) Nea ɛto so mmienu, hwɛ Onyankopɔn Asɛm ne nhoma ahorow a akoa nokwafo no ayɛ mu. Ɛbɛboa wo ama woahu nsonsonoe a ɛwɔ “wiase awerɛhow” ne “Onyankopɔn kwan so awerɛhow” mu. “Onyankopɔn kwan so awerɛhow” na ɛkyerɛ sɛ obi anu ne ho ampa. (2 Kor. 7:10, 11) Nnipa bi a wonuu wɔn ho ne wɔn a wɔannu wɔn ho ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu; wubetumi ahwɛ. Bible ka sɛ saa nkurɔfo no tee nka sɛn, suban bɛn na wɔdaa no adi, na wɔyɛɛ wɔn ade sɛn?

18 Nea etwa to no, bɔ mmɔden sɛ wubehu sɛnea onipa no te ankasa. Nea ɛma ɔyɛɛ saa, adwene a ɔde yɛɛ saa, ne tebea a na ɔwom. Yesu na ɔyɛ Kristofo asafo no ti. Bible hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ: “Ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obeyi ntɛn. Na ɔde atɛntrenee bebu ahiafo atɛn na ɔde trenee ayi asase so ahobrɛasefo ntɛn.” (Yes. 11:3, 4) Asafo mu mpanyimfo, Yesu apaw mo sɛ monhwɛ asafo no so, na sɛnea obu atɛn no, ɔbɛboa mo ama mo nso moayɛ saa. (Mat. 18:18-20) Ɛnyɛ yɛn dɛ sɛ yɛwɔ asafo mu mpanyimfo a wodwen yɛn ho a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa? Yɛn ani sɔ sɛ wɔreboa yɛn ama yɛahu afoforo mmɔbɔ wɔ asafo no mu na yɛde atɛntrenee ayɛ adwuma!

19. Asuade bɛn na woanya afi guankɔbea nkurow ho nhyehyɛe no mu a woayɛ w’adwene sɛ wode bɛyɛ adwuma?

19 “Nimdeɛ ne nokware no suban” ho asɛm wɔ Mose Mmara no mu. Ɛma yehu Yehowa ne ne nnyinasosɛm a ɛteɛ no. (Rom. 2:20) Yɛhwɛ guankɔbea nkurow no sei a, ɛma mpanyimfo hu sɛnea wɔde ‘nokware bebu atɛn.’ Afei nso ɛboa yɛn nyinaa ma yehu sɛnea ‘obiara ne ne yɔnko bedi wɔ adɔe ne mmɔborɔhunu so.’ (Sak. 7:9) Yɛnhyɛ Mose Mmara no ase, nanso Yehowa nsesae. Atɛntrenee ne mmɔborɔhunu ho da so ara hia Yehowa. Hwɛ hokwan ara yɛanya sɛ yɛresom Onyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so no! Yebetumi asuasua ne suban na yɛde no ayɛ yɛn guankɔbea.

^ nky. 16 Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a epuee September 15, 2006, Ɔwɛn-Aban, kr. 30..