Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wode Yehowa Ayɛ Wo Guankɔbea?

Wode Yehowa Ayɛ Wo Guankɔbea?

“Yehowa gye n’asomfo kra; na obiara a ɔde no yɛ ne guankɔbea no, wɔremmu no fɔ.”—DW. 34:22.

NNWOM: 8, 54

1. Bɔne nti, Onyankopɔn asomfo anokwafo taa te nka sɛn?

ƆSOMAFO Paulo kae sɛ: “M’asɛm yɛ mmɔbɔ!” (Rom. 7:24) Onyankopɔn asomfo anokwafo pii aka asɛm a Paulo kae yi bi pɛn. Yɛpɛ paa sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, nanso wɔawo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. Enti sɛ yɛantumi anyɛ nea ɛsɔ n’ani a, yebetumi ate nka sɛ yɛn asɛm yɛ mmɔbɔ. Kristofo binom a wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru bi ate nka mpo sɛ Onyankopɔn remfa nkyɛ wɔn da.

2. (a) Asɛm bɛn na ɛwɔ Dwom 34:22 a ɛma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ma wɔn ahonim bu wɔn fɔ tra so? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu? (Hwɛ adaka a wɔato din, “ Ɛyɛ Asuade Anaa Egyina Hɔ Ma Biribi?”)

2 Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a woguan toa Yehowa no ma wɔn ahonim bu wɔn fɔ tra so. (Kenkan Dwom 34:22.) Obi de Yehowa yɛ ne guankɔbea a, ɛkyerɛ sɛn? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Yehowa ahu yɛn mmɔbɔ na ɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn? Yebesusuw guankɔbea nkurow ho nhyehyɛe a na ɛwɔ tete Israel no ho, na ɛbɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae. Ɛwom, na saa nhyehyɛe no wɔ Mose Mmara apam no mu, na wɔde foforo sii ananmu Pentekoste 33 Y.B. Nanso momma yɛnkae sɛ Yehowa na ɔde Mose Mmara no mae. Enti guankɔbea nkurow ho nhyehyɛe no ma yehu Yehowa adwene wɔ bɔne, abɔnefo, ne adwensakra ho. Nea edi kan, momma yɛnhwɛ nea enti a Yehowa ma wɔyɛɛ saa nkurow no ho nhyehyɛe ne dwuma a edii.

“MUNYI GUANKƆBEA NKUROW”

3. Sɛ onipa bi hyɛ da kum obi a, sɛn na na Israelfo no di n’asɛm?

3 Mogyahwiegu biara a ɛkɔɔ so tete Israel no, Yehowa faa no aniberesɛm paa. Israelni bi hyɛ da kum obi a, na wɔma nea wawu no busuani barima a ɔbɛn no paa a wɔfrɛ no “mogya ho weredifo” kum owudifo no. (Num. 35:12, 19, ase hɔ asɛm.) Wokum owudifo no saa a, na ɔde ne nkwa apata onipa a asɛm biara nni ne ho a okum no no mogya. Wokum owudifo no ntɛm saa a, na ɛbɔ Bɔhyɛ Asase no ho ban, na ɛho angu fĩ. Yehowa hyɛe sɛ: “Monhwɛ na moamfa fĩ anka asase a mote so no, efisɛ [nnipa mogya a wɔka gu] na ɛma asase ho gu fĩ.”—Num. 35:33, 34.

4. Sɛ obi anhyɛ da na okum obi a, na wɔka ho asɛm sɛn wɔ Israel?

4 Nanso sɛ obi anhyɛ da na okum obi a, na Israelfo no ka ho asɛm sɛn? Ɛwom sɛ onipa no anhyɛ da na wakum obi deɛ, nanso odi fɔ sɛ wahwie mogya a edi bem agu. (Gen. 9:5) Nanso Yehowa kae sɛ wobetumi ahu onipa a ɔte saa no mmɔbɔ. Ná obetumi aguan akɔ guankɔbea nkurow nsia no baako mu sɛnea ɛbɛyɛ a nea wawu no busuani no nsa renka no. Odu kurow no mu a, na wɔbɔ ne ho ban. Ná ɛsɛ sɛ onipakumfo a wanhyɛ da no kɔ so tena guankɔbea kurow no mu kosi sɛ ɔsɔfo panyin no bewu.—Num. 35:15, 28.

5. Guankɔbea nkurow ho nhyehyɛe no, sɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛate Yehowa ase yiye?

5 Saa nkurow yi a woyi sii hɔ sɛ guankɔbea nkurow no, ɛnyɛ nnipa nhyehyɛe. Yehowa ankasa na ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Munyi guankɔbea nkurow.’” Bible ka sɛ, “Wohyiraa nkurow yi so.” (Yos. 20:1, 2, 7, 8) Esiane sɛ Yehowa ankasa na ɔma woyii saa nkurow yi de dii dwuma titiriw nti, yebetumi abisa sɛ: Sɛn na saa nhyehyɛe yi boa yɛn ma yɛte Yehowa mmɔborɔhunu ase yiye? Ɔkwan bɛn so na ɛboa yɛn ma yehu sɛnea yɛde Yehowa bɛyɛ yɛn guankɔbea nnɛ?

‘ƆMFA N’ASƐM NTO MPANYIMFO ANIM’

6, 7. (a) Sɛ obi kum nipa na wanhyɛ da a, na mpanyimfo no di n’asɛm sɛn? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Adɛn nti na na nyansa wom sɛ nipakumfo no de n’asɛm kɔto mpanyimfo anim?

6 Sɛ onipa bi anhyɛ da na okum obi a, na ɛsɛ sɛ oguan kɔ guankɔbea kurow bi mu. Odu hɔ a, na ɛsɛ sɛ odi kan de ‘n’asɛm kɔto mpanyimfo anim’ wɔ kurow no pon ano. Ná ɛsɛ sɛ ɛhɔnom mpanyimfo gye no fɛw so. (Yos. 20:4) Bere bi akyi no, kurom hɔfo mpanyimfo san de onipakumfo no kɔma kurow a okum onipa no mu mpanyimfo ma wodi n’asɛm. (Kenkan Numeri 35:24, 25.) Sɛ saa mpanyimfo no si gyinae sɛ onipakumfo no anhyɛ da a, na wɔsan de no kɔ guankɔbea kurow no mu.

7 Adɛn nti na na ehia sɛ onipakumfo no de n’asɛm kɔto mpanyimfo no anim? Wɔn na na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma Israel man no ho tew, na wɔboa onipakumfo a wanhyɛ da no ma onya Yehowa mmɔborɔhunu. Bible ho ɔbenfo bi kae sɛ, sɛ onipakumfo no amfa n’asɛm ankɔto mpanyimfo no anim a, na “ɔde ne nkwa ato asiane mu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ne mogya begu n’ankasa atifi, efisɛ wanhwehwɛ ahobammɔ ho nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ ama no no.” Onipakumfo a wanhyɛ da no, na obetumi anya mmoa, nanso gye sɛ otu ho anammɔn na ogye mmoa no tom. Sɛ wankɔhwehwɛ mmoa wɔ guankɔbea nkurow a na Yehowa ayi asi hɔ no baako mu a, na obusuani a ɔbɛn onipa a wawu no betumi akum no a obiara renyɛ no hwee.

8, 9. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni a wayɛ bɔne a emu yɛ duru de n’asɛm to asafo mu mpanyimfo anim ma wɔboa no?

8 Ɛnnɛ, ehia sɛ Kristoni a wayɛ bɔne a emu yɛ duru hwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ na wɔboa no ma ne ho tɔ no. Adɛn nti na wei ho hia paa? Nea edi kan, Yehowa ankasa na wada no adi wɔ n’Asɛm mu sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, mpanyimfo no nni n’asɛm. (Yak. 5:14-16) Nea ɛto so mmienu, saa nhyehyɛe no hyɛ abɔnefo a wɔanu wɔn ho no den ma wɔkɔ so hyɛ Onyankopɔn ntaban ase, na ɛmma wɔnkɔ so ntena bɔne mu. (Gal. 6:1; Heb. 12:11) Nea ɛto so mmiɛnsa, wɔapaw mpanyimfo no atete wɔn ma wotumi boa wɔn a wɔayɛ bɔne a wɔanu wɔn ho ma wonya awerɛkyekye. Mpanyimfo no yɛ saa a, awerɛhow biara a wɔn a wɔanu wɔn ho no di so tew, na wɔn ahonim mmu wɔn fɔ bio. Yehowa frɛ saa mpanyimfo yi sɛ “ahum ano guankɔbea.” (Yes. 32:1, 2) Wunnye ntom sɛ saa nhyehyɛe yi, ɛyɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so da mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn?

9 Onyankopɔn asomfo pii ahwehwɛ mmoa afi asafo mu mpanyimfo hɔ ma wɔn ho atɔ wɔn. Nhwɛso bi ni. Onua bi a ne din de Daniel yɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Nanso abosome pii twaam a wammɔ mpanyimfo no amanneɛ. Ɔkae sɛ: “Bere tenten bi twaam no, m’adwene yɛɛ me sɛ biribiara nni hɔ a mpanyimfo no betumi ayɛ de aboa me. Ne nyinaa akyi no, bere nyinaa na me yam hyehye me sɛ me bɔne no bɛda adi ama manya ho asotwe. Afei metee nka sɛ bere biara a mɛbɔ mpae no, ɛsɛ sɛ midi kan pa Yehowa kyɛw wɔ nea mayɛ no ho.” Ewiee ase no, Daniel hwehwɛɛ mmoa fii mpanyimfo no hɔ. Daniel hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ, na misuro sɛ mɛkɔ akɔka m’asɛm akyerɛ mpanyimfo no. Nanso bere a meyɛɛ saa no, ɛyɛɛ te sɛ nea obi ayi adesoa duruduru bi afi me so. Seesei, mete nka sɛ metumi ne Yehowa akasa a minsuro hwee.” Ɛnnɛ, Daniel wɔ ahonim pa, na nnansa yi wɔapaw no sɛ asafo mu somfo.

“ONGUAN NKƆ NKUROW YI BIAKO MU”

10. Dɛn na na ɛsɛ sɛ onipakumfo a wanhyɛ da no yɛ no ntɛm na ama wɔahu no mmɔbɔ?

10 Sɛ wobehu onipakumfo a wanhyɛ da no mmɔbɔ a, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi ntɛm. Ná ɛsɛ sɛ oguan kɔ guankɔbea kurow a ɛbɛn no paa mu. (Kenkan Yosua 20:4.) Yennye nni sɛ onipakumfo no bɛto n’adwenem apɛ ne baabi atena. Efisɛ sɛ obenya ne ti adidi mu a, na ɛsɛ sɛ oguan kɔ guankɔbea kurow no mu ntɛm ara na ɔtena hɔ! Sɛ ɔyɛ saa a, na ɛbɛma wahwere nneɛma bi. Ná ɛsɛ sɛ ogyaw ne fie a n’ani ka hɔ ne adwuma a ɔyɛ wɔ n’akyi. Afei nso na ɔrentumi mfi guankɔbea kurow no mu nkɔ baabiara gye sɛ ɔsɔfo panyin no awu. * (Num. 35:25) Nanso ahokyere yi a ɔbɛfa mu no, na mfaso wɔ so. Sɛ onipakumfo no bɔ ne ho mmusu na ofi guankɔbea kurow no mu a, na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛnhaw no koraa sɛ wakum obi. Ɔyɛ saa a, na ɔde ɔno ankasa nkwa reto asiane mu.

11. Dɛn na Kristoni a wanu ne ho yɛ a ɛkyerɛ sɛ n’ani sɔ Onyankopɔn mmɔborɔhunu?

11 Ɛnnɛ nso, sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho na ɔpɛ sɛ Onyankopɔn hu no mmɔbɔ a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi. Ɛsɛ sɛ ogyae bɔne a ɔreyɛ no koraa. Ɛnyɛ bɔne a emu yɛ duru nko na ɛsɛ sɛ ogyae, na mmom bɔne nketenkete a ebetumi ama wayɛ bɔne a emu yɛ duru nso. Kristofo a wɔwɔ Korinto a na wɔanu wɔn ho no, Onyankopɔn honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkaa nea wɔyɛe ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ sɛnea mo werɛ a ɛhow Onyankopɔn kwan so yi ma mokekaa mo ho, hwɛ sɛnea ayi asodi afi mo so; hwɛ, ɛde abufuw bae; hwɛ, ɛde ehu bae; hwɛ, ɛde anigyina bae; hwɛ, ɛde nsiyɛ bae; hwɛ, edii mfomso ho dwuma!” (2 Kor. 7:10, 11) Sɛ yɛreyɛ bɔne bi na yɛyere yɛn ho sɛ yebegyae a, yɛma Yehowa hu sɛ nea yɛreyɛ no haw yɛn paa, na afei nso ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ nea ɛbɛyɛ biara Yehowa behu yɛn mmɔbɔ.

12. Dɛn na ebehia sɛ Kristoni twe ne ho fi ho na ama Onyankopɔn akɔ so ahu no mmɔbɔ?

12 Dɛn na ebehia sɛ Kristoni twe ne ho fi ho na ama Onyankopɔn akɔ so ahu no mmɔbɔ? Nneɛma a n’ani gye ho nanso ebetumi atwetwe no akɔ bɔne mu no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi ho. (Mat. 18:8, 9) Sɛ wo nnamfo bi piapia wo sɛ yɛ nneɛma bi a ɛnsɔ Yehowa ani a, wobɛtwe wo ho afi wɔn ho koraa anaa? Sɛ wuntumi nhyɛ wo ho so wɔ mmosa ho a, tebea ahorow bi a ɛbɛma woanom nsa atra so no, wobɛtwe wo ho afi ho anaa? Sɛ nna ho akɔnnɔ bɔne regyigye wo a, sini, wɛbsaet, anaa biribiara a ɛbɛma woanya nsusuwii a ɛnteɛ no, wobɛtwe wo ho afi ho? Kae sɛ Yehowa a yɛpɛ sɛ yedi no nokware nti, biribiara a yebegyae akyi di na ama yɛatumi ayɛ saa no fata. Sɛ yehu sɛ Yehowa apo yɛn a, ɛyɛ yaw sen biribiara. Ɛnna biribiara nso nni hɔ a ɛma yenya akomatɔyam sen sɛ yebehu sɛ Yehowa ‘adɔe wɔ hɔ daa.’—Yes. 54:7, 8.

“ƐBƐYƐ MO GUANKƆBEA”

13. Kyerɛ nea enti a onipakumfo bi betumi anya ahobammɔ, ahotɔ, ne anigye wɔ guankɔbea kurow no mu.

13 Onipakumfo no nya du guankɔbea kurow no mu a, na obiara renyɛ no bɔne. Yehowa kaa guankɔbea nkurow no ho asɛm sɛ: “Ɛbɛyɛ mo guankɔbea.” (Yos. 20:2, 3) Yehowa anka sɛ wobetumi adi onipakumfo no asɛm bio wɔ bɔne koro no ara ho. Afei nso, na wɔmma nea wawu no busuani kwan sɛ obetumi akɔ kurow no mu akokum onipakumfo no. Enti, na onipakumfo no nna nwen ho sɛ obi bɛyɛ no bɔne de atua ne bɔne no so ka. Ná Yehowa bɔ onipakumfo no ho ban wɔ guankɔbea kurow no mu, enti na ɔwɔ ahotɔ. Guankɔbea kurow no, na ɛnyɛ afiase. Ná onipakumfo no betumi ayɛ adwuma wɔ kurow no mu, aboa afoforo, na wasom Yehowa asomdwoe mu. Nokwasɛm ne sɛ, na onipakumfo no betumi anya asetena a ɛyɛ anigye na akomatɔyam wom!

Wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa de wo bɔne bɛkyɛ wo (Hwɛ nkyekyɛm 14-16)

14. Ahotoso bɛn na Kristoni a wanu ne ho betumi anya?

14 Onyankopɔn nkurɔfo binom a wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru a wɔanu wɔn ho mpo ahonim da so ara bu wɔn fɔ te sɛ nea wɔda “afiase.” Wɔte nka sɛ bɔne a wɔyɛe no mu yɛ duru araa ma Yehowa remfa nkyɛ wɔn da. Sɛ wote nka saa a, yɛsrɛ wo, ka wo koma to wo yam, efisɛ Yehowa de wo bɔne kyɛ wo a, na ɔde akyɛ wo koraa a asɛm biara nni akyi! Daniel a yɛadi kan aka ne ho asɛm no hui sɛ saa asɛm no yɛ nokware turodoo. Bere a asafo mu mpanyimfo kaa Daniel asɛm wiei na wɔboaa no ma ɔsan nyaa ahonim pa bio no, ɔkae sɛ: “Me koma tɔɔ me yam. Bere a wɔkaa asɛm no wiei no, m’ahonim ammu me fɔ bio. Bɔne wɔ hɔ yi, sɛ wɔka ho asɛm wie a, na asa. Sɛnea Yehowa aka no, oyi w’adesoa fi wo so a, ɔtow kyene akyirikyiri. Worenhu bio da.” Sɛ onipakumfo no nya du guankɔbea kurow no mu a, enhia sɛ osuro sɛ onipa a okum no no busuani bɛba abekum no. Saa ara na sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ ɔde ho asɛm bɛba bio anaasɛ obegyina so abu yɛn atɛn.—Kenkan Dwom 103:8-12.

15, 16. Yesu yɛ Ogyefo ne Ɔsɔfo Panyin. Adɛn nti na ɛno ma wunya ahotoso kɛse sɛ Onyankopɔn wɔ mmɔborɔhunu?

15 Ná Israelfo no wɔ ahotoso sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu. Nanso yɛn deɛ ahotoso a yɛwɔ no, ɛkyɛn saa koraa. Paulo kae sɛ n’asɛm yɛ mmɔbɔ efisɛ ontumi nni Yehowa asɛm so pɛpɛɛpɛ. Ɛno akyi no, ɔkae sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!” (Rom. 7:25) Ná ɛyɛ den ma Paulo sɛ obedi ne ho so wɔ bɔne ho, na na wanu ne ho wɔ bɔne a wayɛ atwam nso ho. Nanso na ɔwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn nam Yesu so de ne bɔne bɛkyɛ no. Yesu yɛ yɛn Gyefo, enti watew yɛn ahonim ho, na ɔma yenya akomatɔyam. (Heb. 9:13, 14) Yesu yɛ yɛn Sɔfo Panyin, enti “obetumi nso agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa a ɔbɛsrɛ ama wɔn.” (Heb. 7:24, 25) Adwuma a na ɔsɔfo panyin yɛ no maa Israelfo nyaa awerɛhyem sɛ wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. Sɛ ɛte saa a, adwuma a yɛn Sɔfo Panyin Yesu yɛ no, ɛremma yennya awerɛhyem sɛ ‘yebenya mmɔborɔhunu na yɛahu adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu’ anaa?—Heb. 4:15, 16.

16 Sɛ wopɛ sɛ wode Yehowa yɛ wo guankɔbea a, ɛnde nya afɔre a Yesu bɔe no mu gyidi. Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ agyede no fa nnipa dodow ho. Na mmom nya gyidi sɛ agyede no bɛboa w’ankasa. (Gal. 2:20, 21) Nya gyidi sɛ agyede no na Yehowa gyina so de wo bɔne kyɛ wo. Nya gyidi sɛ agyede no, ɛno na ɛma wunya anidaso sɛ wubenya daa nkwa. Afɔre a Yesu bɔe no yɛ akyɛde a Yehowa de ama wo.

17. Adɛn nti na wopɛ sɛ wode Yehowa yɛ wo guankɔbea?

17 Guankɔbea nkurow no boa yɛn ma yɛte Yehowa mmɔborɔhunu ase. Saa nhyehyɛe a Yehowa yɛe no ma yehu sɛ nkwa yɛ kronkron. Bio, ɛma yehu sɛnea asafo mu mpanyimfo betumi aboa yɛn, ne nea ɛkyerɛ sɛ obi anu ne ho ampa. Afei nso, ɛma yehu nea enti a yebetumi anya ahotoso koraa sɛ, sɛ Yehowa de bɔne kyɛ a, na ɔde akyɛ. Yemmisa sɛ, wode Yehowa ayɛ wo guankɔbea? Baabiara nni hɔ a wubetumi anya ahobammɔ sen sɛ wode Yehowa bɛyɛ wo guankɔbea! (Dw. 91:1, 2) Yehowa atɛntrenee ne ne mmɔborɔhunu dɔɔso. Adesua a edi hɔ no, yebehu sɛnea guankɔbea nkurow no bɛboa yɛn ama yɛasuasua no.

^ nky. 10 Yudafo nhoma bi ka sɛ, na onipakumfo a wanhyɛ da no abusuafo a wɔbɛn no paa betumi akɔka ne ho wɔ guankɔbea kurow no mu.