Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Ho To Yehowa So Na Nya Nkwa!

Fa Wo Ho To Yehowa So Na Nya Nkwa!

“Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.”—MMEB. 3:5.

NNWOM: 3, 8

1. Adɛn nti na obiara hia awerɛkyekye?

OBIARA hia awerɛkyekye. Ebia ɔhaw, abasamtu, ne dadwen ahyɛ yɛn asetena mã. Ebia nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ, yare, anaa yɛn dɔfo bi awu ama yɛredi awerɛhow. Yɛn mu bi wɔ hɔ a, nkurɔfo tan yɛn ani. Nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia nso, basabasa ara na wogu so reyɛ. Nokwarem no, yegye di sɛ “mmere a emu yɛ den” a yɛte mu yi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri” no mu, na ade rekye a ade resa nyinaa no, na yɛrebɛn wiase foforo no. (2 Tim. 3:1) Nanso, ebia yɛatwɛn araa sɛ yebehu sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam, na ebia yɛn haw nso redɔɔso. Ɛnde, ɛhe na yebetumi anya awerɛkyekye?

2, 3. (a) Dɛn na yenim fa Habakuk ho? (b) Adɛn nti na yebesusuw Habakuk nhoma no ho?

2 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yensusuw Habakuk nhoma no ho. Ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm no nka Habakuk asetena ne n’adwuma ho nsɛm pii de, nanso nhoma a ne din da so no betumi ahyɛ yɛn nkuran pa ara. Ɛbɛyɛ sɛ Habakuk din no kyerɛ “So Mu Den.” Wei betumi akyerɛ sɛ Yehowa aso yɛn mu rekyekye yɛn werɛ, anaa ebetumi akyerɛ sɛnea n’asomfo de ahotoso fam ne ho denneennen. Habakuk ne Onyankopɔn kasae, na obisaa no nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛ ɔrepɛ biribi ahu. Esiane sɛ Yehowa maa Habakuk kyerɛw nkɔmmɔ a ɔne no bɔe no too hɔ nti, yebetumi aka sɛ ogyinaa yɛn anan mu bisaa nsɛm.—Hab. 2:2.

3 Saa nkɔmmɔ a ɛkɔɔ so wɔ Onyankopɔn nipa a na wahaw ne Yehowa ntam no, ɛno ara ne asɛm a Kyerɛwnsɛm no ma yehu fa odiyifo no ho. Nhoma a Habakuk kyerɛwee no, ɛka “biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no” ho, na wɔakora so wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu, “na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” (Rom. 15:4) Yɛn mu biara bɛyɛ dɛn anya Habakuk nhoma no so mfaso? Ebetumi aboa yɛn ama yɛahu nea yɛn ho a yɛde bɛto Yehowa so no kyerɛ. Bio nso, Habakuk nkɔmhyɛ no ma yenya awerɛhyem sɛ, sɛ yehyia ɔhaw ne amanehunu mpo a, yebetumi akɔ so anya akomatɔyam. Ɛnde, momma yensusuw Habakuk nhoma no ho nkɔ akyiri.

BƆ YEHOWA MPAE

4. Adɛn nti na na Habakuk abam abu?

4 Kenkan Habakuk 1:2, 3. Habakuk tenaa ase wɔ mmere a emu yɛ den pa ara mu. Ná nnipa a wɔatwa ne ho ahyia yɛ nneɛma bɔne, na na wɔyɛ basabasa, enti ɛmaa ne werɛ how yiye. Bere bɛn na na nneɛma bɔne a wɔreyɛ no bɛba awiei? Adɛn nti na ɛkyɛe saa ansa na Yehowa reyɛ ho biribi? Baabiara a na Habakuk bɛhwɛ no, nea na ohu ara ne sɛnea ne man mufo rebu ntɛnkyea na wɔrehyɛ afoforo so. Ná onhu nea ɔnyɛ. Bere a nneɛma bɔne a ɛte saa rekɔ so no, Habakuk su frɛɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ ho biribi. Ebia Habakuk fii ase nyaa adwene sɛ gyama nea ɛrekɔ so no mfa Yehowa ho. Ɛyɛe sɛ nea na Onyankopɔn rekyɛ wɔ ho. Sɛnea Onyankopɔn somfo a ɔdɔ no no tee nka no, woate nka saa pɛn?

5. Ade titiriw bɛn na yebetumi asua afi Habakuk nhoma no mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

5 Ná Habakuk nni Yehowa mu ahotoso bio anaa? Ná onnye nni bio sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bɛba mu anaa? Ɛnte saa koraa! Habakuk amfa ne haw ne ne dadwen anto nnipa anim, na mmom ɔde too Yehowa anim. Ɛno nko ara kyerɛ sɛ, na ɔda so ara wɔ Yehowa mu ahotoso. Ná nneɛma haw Habakuk, efisɛ nea enti a na Onyankopɔn retwentwɛn ne nan ase na ɔnyɛɛ nea ɛrekɔ so no ho hwee no, na ɔnte ase. Saa ara na na onhu nea enti a Onyankopɔn ahwɛ ama ɔrehu amane saa. Habakuk haw a Yehowa ma ɔkyerɛw too hɔ no ma yesua biribi titiriw bi: Ɛne sɛ, ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛka yɛn haw ne nea ɛkyere yɛn adwene akyerɛ Yehowa. Nokwarem no, Yehowa yi ne yam ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn haw nto n’anim wɔ mpaebɔ mu. (Dw. 50:15; 62:8) Mmebusɛm 3:5 hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa yɛn koma nyinaa nto Yehowa so,’ na ɛnsɛ sɛ yɛde ‘yɛn ho tweri yɛn ankasa ntease.’ Ɛbɛyɛ sɛ na Habakuk nim saa asɛm no, na ɔde bɔɔ ne bra.

6. Adɛn nti na ehia sɛ yɛbɔ mpae?

6 Habakuk bɛnee Yehowa a ɔyɛ n’Adamfo ne n’Agya no, na ɔde ne ho too no so. Habakuk antena ase annwinnwen ne haw ho anyɛ n’adwene sɛ ɔno ara bɛyɛ ho biribi. Mmom, ɔbɔɔ mpae kaa ne dadwen ne ne haw kyerɛɛ Yehowa. Wei yɛ nhwɛso pa ma yɛn. Bio, Yehowa a ɔyɛ mpaebɔ Tiefo no ka kyerɛ yɛn sɛ, yɛmmɔ no mpae na yɛnka yɛn haw nkyerɛ no mfa nkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho to no so. (Dw. 65:2) Yɛyɛ saa a, yebehu sɛ Yehowa bua yɛn mpaebɔ. Yebehu sɛ waso yɛn mu den rekyekye yɛn werɛ, na ɔrema yɛn akwankyerɛ. (Dw. 73:23, 24) Ɛmfa ho nea ato yɛn biara no, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛahu n’adwene wɔ ho. Nneɛma a yɛyɛ a ɛkyerɛ pa ara sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so no, emu baako ne mpae a yefi yɛn komam bɔ.

TIE YEHOWA

7. Bere a Habakuk kaa ne haw kyerɛɛ Yehowa no, dɛn na Yehowa yɛe?

7 Kenkan Habakuk 1:5-7. Bere a Habakuk de ne haw ne ne dadwen too Yehowa anim no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔredwen sɛ, dɛn na Yehowa bɛyɛ wɔ ho? Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ tema ne ntease, enti bere a Habakuk yii ne yam kaa ne haw kyerɛɛ no no, wanka n’anim. Ná Onyankopɔn nim sɛ Habakuk de yaw ne awerɛhow na ɛresu frɛ no. Enti Yehowa kaa nea ɛrenkyɛ koraa ɛbɛto Yudafo a na wɔaman afi ne ho no kyerɛɛ Habakuk. Ebetumi aba sɛ Habakuk ne obi a odi kan a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɛrenkyɛ koraa ɔde asotwe bɛba saa nkurɔfo no so.

8. Mmuae a Yehowa de maa Habakuk no, na ɛnyɛ ɛno na Habakuk rehwɛ kwan. Adɛn ntia?

8 Yehowa ka kyerɛɛ Habakuk sɛ ɛrenkyɛ ɔbɛkeka ne ho. Saa awo ntoatoaso a na wɔyɛ basabasa ne nneɛma bɔne no, na wɔn asotwe nam kwan so. Asɛm a ɛne “mo bere so” a Yehowa kae no kyerɛ sɛ na atemmu no bɛba odiyifo no bere so anaa odiyifo no beresofo bere so. Mmuae a Yehowa de maa Habakuk no, ɛnyɛ ɛno na na ɔrehwɛ kwan koraa. Osũ a na Habakuk asu afrɛ Yehowa no, enti wei ne mmuae a na ɔrehwɛ kwan anaa? Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Habakuk no kyerɛ sɛ na Yudafo no nyinaa behu amane pa ara. * Ná Kaldeafo (Babilonfo) no tirim yɛ den papaapa; na wɔn tirim yɛ den sen Habakuk ankasa nkurɔfo no koraa. Wɔn de, anyɛ hwee koraa no, na wonim Yehowa mmara. Adɛn nti na na Yehowa bɛma ɔman a wɔnsom no na wɔn tirim yɛ den saa abɛsɛe ɔno ara ne nkurɔfo? Sɛ wo na Onyankopɔn kaa saa asɛm yi kyerɛɛ wo a, anka dɛn na wobɛyɛ?

9. Nsɛm bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Habakuk bisaa ne ho?

9 Kenkan Habakuk 1:12-14, 17. Habakuk tee ase sɛ nnipa a wɔatwa ne ho ahyia a na wɔyɛ nneɛma bɔne no, Yehowa bɛma Babilonfo no abu wɔn atɛn na wɔatwe wɔn aso. Nanso wei nyinaa akyi no, na Habakuk ayɛ basaa. Ɔde ahobrɛase ka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔno ara ne ne ‘Botan.’ (Deut. 32:4; Yes. 26:4) Habakuk kɔɔ so nyaa ahotoso sɛ Onyankopɔn wɔ ɔdɔ na ne yam ye. Wei nti odiyifo no nyaa ahotoso bisaa Yehowa nsɛm foforo. Ebi ne sɛ: Adɛn nti na na Onyankopɔn bɛma kwan ama nneɛma asɛe koraa saa wɔ Yuda? Adɛn nti na na ɔrenyɛ ho biribi ntɛm ara? Adɛn nti na ade nyinaa so Tumfoɔ no bɛhwɛ ama nnipa ahu amane pii saa? Adɛn nti na na ‘ɔbɛyɛ komm’ ahwɛ ama abɔnefosɛm akɔ so wɔ baabiara? Yehowa ne ‘Ɔkronkronni’ no, na ‘n’aniwa yɛ kronkron dodo sɛ ɛbɛhwɛ bɔne.’

10. Adɛn nti na ɛtɔ da a yebetumi ate nka sɛ Habakuk?

10 Ɛtɔ da a, yebetumi ate nka sɛ Habakuk. Yetie Yehowa. Yɛwɔ ne mu ahotoso pa ara, enti yɛkenkan n’Asɛm no na yesua; wei ma yenya anidaso. Yehowa ahyehyɛde no kyerɛkyerɛ yɛn, na yɛnam so te ne bɔhyɛ ahorow ho asɛm. Nanso ebia yebebisa sɛ, ‘Bere bɛn na amane a yɛrehu no to betwa?’ Akyiri yi, Habakuk yɛɛ biribi; dɛn na yebetumi asua afi mu?

TWƐN YEHOWA

11. Bere a Habakuk tiee Yehowa wiei no, dɛn na osii ne bo sɛ ɔbɛyɛ?

11 Kenkan Habakuk 2:1. Nkɔmmɔ a Habakuk ne Yehowa bɔe no maa Habakuk nyaa akomatɔyam. Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ so anya ahotoso atwɛn Yehowa akosi sɛ ɔbɛkeka ne ho. Asɛm a Habakuk kae no, ɛnyɛ sɛ ɛbaa ne tirim ara na ɔkae, efisɛ sɛnea na wayɛ n’adwene no, ɔsan kaa ho asɛm akyiri yi sɛ ‘ɔbɛyɛ dinn atwɛn ahohia da’ no. (Hab. 3:16) Onyankopɔn asomfo anokwafo foforo nso nyaa ahotoso ne abotare twɛnee, na wei hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw, na mmom ɛsɛ sɛ yɛtwɛn Yehowa kosi sɛ ɔbɛkeka ne ho.—Mika 7:7; Yak. 5:7, 8.

12. Dɛn na yebetumi asua afi Habakuk hɔ?

12 Gyinae a Habakuk sii no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Nea edi kan, ɔhaw biara a yebehyia no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ Yehowa mpae na yɛka ho asɛm kyerɛ no daa. Nea ɛto so mmienu, nea Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no so ka kyerɛɛ yɛn no, ɛsɛ sɛ yetie. Nea ɛto so mmiɛnsa, ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn Yehowa, na yenya ne mu ahotoso koraa sɛ, ɛyaw biara a yɛrefa mu no, sɛ n’ankasa ne bere so a obeyi afi hɔ. Sɛ yɛkɔ so ka yɛn tirim asɛm kyerɛ Yehowa, yetie no, na yɛtwɛn no sɛnea Habakuk yɛe no a, yɛn nso yɛn koma bɛtɔ yɛn yam. Wei bɛboa yɛn ama yɛatumi agyina ɔhaw biara ano. Anidaso a yɛwɔ no bɛma yɛanya abotare pii, na ɛbɛboa yɛn ama yɛadi ahurusi ɛmfa ho amanehunu biara a yebehyia. Anidaso a yɛwɔ bɛma yɛanya ahotoso sɛ yɛn soro Agya no bɛyɛ nea ɛrekɔ so no ho biribi.—Rom. 12:12.

13. Awerɛhyem bɛn na Habakuk 2:3 ma yenya?

13 Kenkan Habakuk 2:3. Gyinae a Habakuk sii sɛ ɔbɛtwɛn Yehowa no, yebetumi aka pa ara sɛ na Yehowa ani sɔ. Ná ade nyinaa so Tumfoɔ no nim amanehunu a Habakuk refa mu no pa ara. Enti Onyankopɔn kyekyee odiyifo no werɛ, na ɔma onyaa awerɛhyem sɛ nneɛma a ɛrehaw no a na wabisa ho nsɛm no, ɔbɛma wanya ho mmuae. Ná ɛrenkyɛ koraa na ne haw nyinaa to atwa. Sɛ yɛbɛka a, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Habakuk sɛ: “Nya abotare, fa wo ho to me so. Sɛ ɛyɛ wo sɛ akyɛ mpo a, mɛma wo mmuae!” Yehowa kaee Habakuk sɛ ɔwɔ bere pɔtee a ɔbɛma ne bɔhyɛ abam. Yehowa hyɛɛ Habakuk nkuran sɛ ɔnkɔ so ntwɛn nkosi sɛ n’atirimpɔw bɛbam. Odiyifo no yɛ saa a, na ne nsa rensi fam da.

Adɛn nti na yɛayɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛsom Yehowa sɛnea yɛn ahoɔden betumi? (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Sɛ yɛrefa ɔhaw mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

14 Sɛ yenya abotare twɛn Yehowa na yɛwɛn yɛn aso tie nea ɔka kyerɛ yɛn a, ɛmfa ho amanehunu ne ɔhaw a yɛrefa mu no, ɛbɛma yɛanya ahotoso, na ɛbɛboa yɛn ama yɛn koma atɔ yɛn yam. Yesu sii so dua sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so sɛ nea waka sɛ ɔbɛyɛ no, ɔbɛyɛ no bere ano, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si “mmere anaa nna” a Onyankopɔn nka nkyerɛɛ yɛn so. (Aso. 1:7) Enti, mommma yɛmmpa abaw, na mmom momma yennya ahobrɛase, gyidi, ne abotare mfa ntwɛn Yehowa. Bere a yɛretwɛn no, momma yɛmfa bere a yɛwɔ no nsom Yehowa sɛnea yɛn ahoɔden betumi.—Mar. 13:35-37; Gal. 6:9.

YƐDE YƐN HO TO YEHOWA SO A, YEBENYA NKWA NE DAAKYE PAPA BI

15, 16. (a) Bɔhyɛ akɛse bɛn na yebetumi ahu wɔ Habakuk nhoma no mu? (b) Dɛn na yebetumi asua afi saa bɔhyɛ no mu?

15 Treneefo a wɔde wɔn ho to Yehowa so no, Yehowa ahyɛ wɔn bɔ sɛ: “Ɔtreneeni de, ne gyidi na ebegye no nkwa,” na “Yehowa anuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã.” (Hab. 2:4, 14) Wɔn a wonya abotare na wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so no, ɔbɛma wɔn nkwa.

16 Sɛ wuhu bɔhyɛ a ɛwɔ Habakuk 2:4 no foforo a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ ɛyɛ asɛm biara kɛkɛ. Nanso, ɔsomafo Paulo hui sɛ Yehowa bɔhyɛ yi ho hia pa ara, enti ɔfa kaa asɛm mprɛnsa! (Rom. 1:17; Gal. 3:11; Heb. 10:38) Ɔhaw biara a ɔtreneeni bɛfa mu no, sɛ ɔkɔ so nya Yehowa mu gyidi na ɔde ne ho to no so a, Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no bɛbam ama wahu. Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ani nsi nea ɛbɛba daakye so.

17. Awerɛhyem bɛn na Habakuk nhoma no ma yenya?

17 Yɛn a yɛte nna a edi akyiri yi mu nyinaa no, yebetumi asua biribi titiriw afi Habakuk nhoma no mu. Ɔtreneeni biara a onya Yehowa mu gyidi na ɔde ne ho to no so no, Yehowa ahyɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no daa nkwa. Ɛmfa ho ɔhaw ne dadwen biara a ɛda yɛn so no, momma yɛnkɔ so nhyɛ gyidi ne ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no mu den. Yehowa nam Habakuk so ama yɛn awerɛhyem sɛ ɔbɛboa yɛn na wagye yɛn nkwa. Yehowa ayi ne yam aka akyerɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nto no so na yennya abotare ntwɛn bere a wahyɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba no. Saa bere no, nnipa a wɔwɔ anigye na wodwo na wɔsom Yehowa bɛhyɛ asase so mã.—Mat. 5:5; Heb. 10:36-39.

FA WO HO TO YEHOWA SO NA MA W’ANI NNYE

18. Sɛn na asɛm a Yehowa kae no kaa Habakuk?

18 Kenkan Habakuk 3:16-19. Asɛm a Yehowa kae no kaa Habakuk pa ara. Nneɛma a ɛyɛ nwonwa a na Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo bere bi a atwam no, Habakuk dwinnwen ho. Afei de, ahotoso a na ɔwɔ wɔ Yehowa mu no, otumi hyɛɛ mu den. Ohui sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa akeka ne ho! Ɛwom sɛ na odiyifo no nim sɛ ɔbɛkɔ so ahu amane akosi bere bi de, nanso saa asɛm yi kyekyee ne werɛ. Afei de, na Habakuk adwene asi no pi. Enti na n’ani agye, na na wanya ahotoso koraa sɛ Yehowa begye no nkwa. Sɛ yɛkan Bible a, nsɛm a nkurɔfo aka a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ahotoso no, ɛbɛyɛ sɛ emu baako pa ara ne asɛm a ɛwɔ Habakuk 3:18 no. Nhomanimfo bi susuw sɛ, nea na Habakuk reka pa ara ne sɛ, “Mehuruhuruw adi ahurusi wɔ Awurade mu; mede anigye bedi asaw me Nyankopɔn mu.” Hwɛ sɛnea Habakuk 3:16-19 ma yɛn nyinaa nya awerɛhyem kɛse pa ara! Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nneɛma pa, na wama yɛn awerɛhyem nso sɛ ɔreyɛ n’atirimpɔw kɛse no ho adwuma seesei, na ɔbɛma abam.

19. Yɛbɛyɛ dɛn anya awerɛkyekye a Habakuk nyae no bi?

19 Akyinnye biara nni ho sɛ, ade titiriw a yesua fi Habakuk nhoma no mu ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. (Hab. 2:4) Sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛne n’abusuabɔ mu den. Enti ɛsɛ sɛ (1) yɛkɔ so bɔ mpae, na yɛka yɛn dadwen ne yɛn haw nyinaa kyerɛ Yehowa; (2) yɛyɛ aso ma Yehowa Asɛm, na yetie akwankyerɛ biara a ɔnam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn; (3) yɛde abotare ne nokwaredi twɛn sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ abam. Saa ara na Habakuk yɛe. Ɛwom sɛ bere a ɔrefi ase akyerɛw ne nhoma no, na ɔredi awerɛhow de, nanso owiei no, na wanya anigye ne Yehowa mu ahotoso. Momma yenni Habakuk nhwɛso no akyi. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nso, yɛn soro Agya Yehowa bɛso yɛn mu den! Sɛ ɛnyɛ Yehowa a, hena bio na obetumi akyekye yɛn werɛ saa wɔ wiase bɔne yi mu?

^ nky. 8 Habakuk 1:5 de asɛmfua “mo” na edii dwuma; wei kyerɛ sɛ na ɔsɛe no bɛba Yudafo nyinaa so.