Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Na Ɔkyerɛ Wo Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ?

Hena Na Ɔkyerɛ Wo Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ?

“Mommfa wiase nhyehyɛe yi su.”—ROM. 12:2.

NNWOM: 88, 45

1, 2. (a) Bere a Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnka asɛmpa mma ne ho no, mmuae bɛn na Yesu de maa no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Adɛn nti na Yesu maa no saa mmuae no?

ASƐM bi a Yesu kae maa n’asuafo no ho dwiriw wɔn pa ara! Ná asuafo no rehwɛ kwan sɛ Yesu na ɔbɛsan de Israel ahenni no asi hɔ. Nanso, afei de, na ɔreka sɛ ɛrenkyɛ obehu amane na wawu. Ɔsomafo Petro na odii kan kasae. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; eyi remma wo so koraa.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.”—Mat. 16:21-23; Aso. 1:6.

2 Yesu nam saa asɛm a ɔkae no so ma yehu nsonsonoe a ɛwɔ Onyankopɔn adwene ne wiase a Satan di so no adwene ntam. (1 Yoh. 5:19) Nnipa a wɔwɔ wiase no pii yɛ pɛsɛmenkominya, saa ara na na Petro rehyɛ Yesu nkuran sɛ ɔno nso nyɛ. Nanso, na Yesu nim sɛ adwene a n’Agya wɔ no yɛ soronko. Ná Yesu nim sɛ nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ obesiesie ne ho ama ɔhaw ne owu a na ɛda n’anim no. Mmuae a Yesu de maa Petro no ma yehu pa ara sɛ Yesu gyee Yehowa adwene toom, na wanni wiase adwene akyi.

3. Adɛn nti na ɛyɛ den sɛ yebenya Yehowa adwene na yɛatwe yɛn ho afi wiase no adwene ho?

3 Yɛn nso ɛ? Yɛwɔ Onyankopɔn adwene anaa wiase no adwene? Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti, yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Na sɛnea yesusuw nneɛma ho nso ɛ? Yɛrebɔ mmɔden sɛ yebenya Yehowa adwene, kyerɛ sɛ, sɛnea Yehowa susuw nneɛma ho no, saa ara na yɛn nso yɛreyɛ anaa? Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛyere yɛn ho pa ara. Nanso, wiase no adwene de, ɛnyɛ den koraa sɛ yebenya. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wiase honhom no wɔ baabiara. (Efe. 2:2) Afei nso, esiane sɛ wiase no hyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran nti, wiase no adwene betumi atwetwe yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ den sɛ yebenya Yehowa adwene, nanso wiase no adwene de, ɛnyɛ den koraa sɛ yebenya.

4. (a) Sɛ yɛma wiase no kyerɛ yɛn nea yɛnyɛ a, dɛn na ebesi? (b) Adesua yi bɛboa yɛn sɛn?

4 Sɛ yɛma wiase no kyerɛ yɛn nea yɛnyɛ a, ebetumi ama yɛayɛ pɛsɛmenkominya, na yebenya adwene sɛ yɛn ankasa betumi akyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Mar. 7:21, 22) Enti, ehia sɛ yenya “Onyankopɔn adwene,” na ɛnyɛ “nnipa adwene.” Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛayɛ saa. Adesua no bɛma yɛahu sɛ ɛnyɛ den dodo sɛ yebesusuw nneɛma ho te sɛ Yehowa, na mmom yebehu sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɛbɛsan ama yɛahu nea yebetumi ayɛ na wiase no ankyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Adesua a edi hɔ no nso bɛboa yɛn ama yɛasua sɛnea Yehowa susuw nneɛma bi ho, na ama yɛanya n’adwene no bi.

YEHOWA ADWENE YE NA MFASO WƆ SO

5. Adɛn nti na ebinom mpɛ sɛ wɔbɛma obiara akyerɛ wɔn nea wɔnyɛ?

5 Ebinom mpɛ sɛ obiara bɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Wɔka sɛ, “Ɛnyɛ obi na ɔkyerɛ me nea menyɛ.” Sɛ wɔka saa a, ebia nea wɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, wɔpɛ sɛ wɔn ankasa sisi wɔn gyinae, na wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ saa. Wɔmpɛ sɛ afoforo bɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ, na saa ara nso na wɔmpɛ sɛ obi bɛhyɛ wɔn sɛ wonsuasua afoforo. *

6. (a) Ahofadi bɛn na Yehowa de ama yɛn? (b) Saa ahofadi yi, enni baabi a ekosi anaa?

6 Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yesusuw nneɛma ho sɛ Yehowa a, ɛnkyerɛ sɛ yɛn ankasa rentumi nkyerɛ yɛn adwene wɔ nneɛma ho. Bible ka wɔ 2 Korintofo 3:17 sɛ, “faako a Yehowa honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.” Yehowa ama yɛn ahofadi sɛ yebetumi akyerɛ nipa kõ a yɛpɛ sɛ yɛyɛ. Yebetumi apaw nea yɛpɛ ne nneɛma bi a yɛn ani gye ho. Saa na Yehowa bɔɔ yɛn. Nanso, wei nkyerɛ sɛ yɛn ahofadi no nni baabi a ekosi. (Kenkan 1 Petro 2:16.) Sɛ ehia sɛ yɛkyerɛ sɛ biribi yɛ papa anaa bɔne a, Yehowa pɛ sɛ yɛma n’adwene a ɛwɔ n’Asɛm mu no kyerɛ yɛn kwan. Wei yɛ den dodo anaasɛ mfaso wɔ so?

7, 8. Adɛn nti na ɛnyɛ den dodo sɛ yebenya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho? Ma ɛho nhwɛso.

7 Nhwɛso bi ni. Awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma suban pa. Ebia wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnka nokware, wɔnyɛ nnipa a wɔpɛ adwuma, na wonnwen afoforo ho. Wei nyɛ den dodo. Mmom, awofo no resiesie wɔn na ama asi wɔn yiye daakye. Sɛ mmofra nyinyin na wofi wɔn awofo nkyɛn a, wɔn ankasa betumi asisi wɔn gyinae. Sɛ wɔde suban pa a wosua fii wɔn awofo hɔ no bɔ wɔn bra a, ɛbɛyɛ den sɛ wobesisi gyinae a ɛbɛma wɔanu wɔn ho daakye. Wei remma wɔnkɔfa ɔhaw ne dadwen pii mmegu wɔn ho so.

8 Yehowa te sɛ ɔwofo a odwen ne mma ho; enti ɔpɛ sɛ esi ne mma yiye daakye. (Yes. 48:17, 18) Wei nti, ɔkyerɛkyerɛ yɛn nnyinasosɛm a yɛde bɛbɔ yɛn bra ne sɛnea yɛne afoforo bɛtena yiye. Nneɛma a ɛte saa ho no, nea ɔpɛ ne sɛ yebesuasua sɛnea odwen nneɛma ho na yɛanya ne suban no bi. Wei nyɛ den koraa. Mmom, ɛboa yɛn ma yehu nyansa, na ɛma yetumi susuw nneɛma ho yiye. (Dw. 92:5; Mmeb. 2:1-5; Yes. 55:9) Ɛboa yɛn ma yetumi sisi gyinae a ɛma yenya anigye, na bere koro no ara nso yetumi yɛ nneɛma a yɛn ankasa pɛ. (Dw. 1:2, 3) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yenya Yehowa adwene a, eye, na mfaso wɔ so!

YEHOWA ADWENE KORƆN

9, 10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa adwene korɔn sen wiase no adwene?

9 Ade foforo a enti Yehowa asomfo pɛ sɛ wonya Onyankopɔn adwene ne sɛ, Onyankopɔn adwene korɔn koraa sen wiase no adwene. Nnipa bi a wɔwɔ wiase de ɔbra pa, abusua asetena, nea ɛbɛma yɛn adwuma akɔ yiye, ne asetenam nneɛma foforo ho afotu ma. Saa afotu yi mu dodow no ara ne Yehowa adwene nhyia. Nnipa a wɔwɔ wiase no taa hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnyɛ nea wɔn ankasa pɛ. Saa ara nso na wogye aguamammɔ tom. Ɛtɔ da a, wotu nkurɔfo fo sɛ, sɛ wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wɔtetew wɔn aware mu anaa wogyae aware a ɛbɛma wɔn ani agye kɛse a, wobetumi agyina asɛm biara so ayɛ saa. Afotu a ɛte saa ne Kyerɛwnsɛm no nhyia. Nanso, afotu no bi wɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn wɔ yɛn bere yi so asen nea Bible aka anaa?

10 Yesu kaa sɛ: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mat. 11:19) Wiase no anya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu; nanso ɔhaw akɛse a ɛmma nnipa ani nnye te sɛ ɔko, nnipa mu nyiyim, ne nsɛmmɔnedi de, wontumi nyɛɛ ho hwee. Na aguamammɔ a wiase no gye tom no nso ɛ? Nnipa pii gye tom sɛ, aguamammɔ mmoa mmusua, na mmom ɛtetew mmusua ntam, na ɛde yare ne ɔhaw afoforo na ɛba. Nanso, Kristofo a wogye Onyankopɔn nsusuwii tom de, nneɛma rekɔ yiye ma wɔn wɔ wɔn mmusua mu. Afei nso, esiane sɛ wɔbɔ bra pa nti, wɔwɔ apɔwmuden, na asomdwoe wɔ wɔne wɔn nuanom Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa ntam. (Yes. 2:4; Aso. 10:34, 35; 1 Kor. 6:9-11) Wei nkyerɛ sɛ Yehowa adwene korɔn sen wiase no de anaa?

11. Hena na ɔkyerɛɛ Mose nea ɔnyɛ, na dɛn na efii mu bae?

11 Yehowa asomfo anokwafo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no gye toom sɛ Yehowa adwene korɔn. Ɛho nhwɛso bi ni. Ɛmfa ho sɛ wɔkyerɛɛ Mose “Egyptfo nyansa nyinaa” no, ɔhwehwɛɛ “nyansa koma” fii Onyankopɔn hɔ. (Aso. 7:22; Dw. 90:12) Afei nso, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Ma minhu w’akwan.” (Ex. 33:13) Esiane sɛ Mose maa Yehowa kyerɛɛ no nea ɔnyɛ nti, Yehowa de no yɛɛ adwuma kɛse maa n’atirimpɔw baa mu, na wɔbɔ Mose din pa wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ ɔbarima a ne gyidi sõ.—Heb. 11:24-27.

12. Dɛn na ɔsomafo Paulo gyinaa so sisii gyinae?

12 Ná ɔsomafo Paulo wɔ nyansa, na na onim nhoma pa ara; anyɛ yiye koraa no, na ɔte kasa mmienu. (Aso. 5:34; 21:37, 39; 22:2, 3) Nanso, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ osi nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne ho gyinae a, na onnyina wiase nyansa so, na mmom na ogyina Onyankopɔn Asɛm so na ɛyɛ saa. (Kenkan Asomafo Nnwuma 17:2; 1 Korintofo 2:6, 7, 13.) Ɛno nti, Paulo som adwuma no sow aba pa ara, na na ɔhwɛ kwan sɛ ne nsa bɛka akatua a ɛbɛtena hɔ daa.—2 Tim. 4:8.

13. Hena na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔma yenya Yehowa adwene?

13 Akyinnye biara nni ho sɛ, Onyankopɔn adwene korɔn sen wiase no adwene. Sɛ yɛde Onyankopɔn asɛm bɔ yɛn bra a, ɛbɛma yɛn ani gye pa ara na asi yɛn yiye. Nanso, Onyankopɔn renhyɛ yɛn sɛ yennya n’adwene no bi. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne asafo mu mpanyimfo no nni yɛn adwene so tumi. (Mat. 24:45; 2 Kor. 1:24) Mmom, ɛyɛ Kristoni biara asɛyɛde sɛ ɔbɛbɔ mmɔden anya Onyankopɔn adwene. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

MMA WIASE YI NNKYERƐ WO KWAN

14, 15. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho na ama yɛatumi anya Yehowa adwene? (b) Sɛnea Romafo 12:2 kyerɛ no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya wiase adwene? Ma ɛho nhwɛso.

14 Romafo 12:2 tu yɛn fo sɛ: “Mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ.” Saa kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ, ɛmfa ho nea na ɛkyerɛ yɛn kwan ansa na yɛrehu nokware no, yebetumi ama yɛn adwene abɛyɛ sɛ Onyankopɔn de. Ɛwom, nneɛma bi a yenya fii awo mu ne nneɛma bi a yɛafa mu wɔ yɛn asetena mu ka ho bi na yedwen sɛnea yedwen no. Nanso yebetumi akɔ so asesa yɛn adwene. Mpɛn pii no, nneɛma a yɛde hyɛ yɛn adwenem ne nea yedwinnwen ho na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ nsakrae a ɛte saa. Sɛnea Yehowa susuw nneɛma ho no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛagye atom sɛ Onyankopɔn nsusuwii na ɛyɛ papa. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho.

15 Nanso hyɛ no nsow sɛ, nea ɛbɛyɛ na yɛasesa yɛn adwene na yɛanya Yehowa adwene no, ɛnsɛ sɛ ‘yɛfa wiase nhyehyɛe yi su.’ Ɛnsɛ sɛ yɛde nsusuwii biara a ɛne Onyankopɔn de nhyia hyɛ yɛn adwenem. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛate saa asɛm yi ase no, momma yɛmfa aduan nyɛ ho nhwɛso. Ebia obi a ɔpɛ sɛ onya apɔwmuden bedi aduan a ahoɔden wom. Nanso, bere koro no ara, sɛ ɔtaa di aduan a asɛe a, mfaso bɛn na obenya wɔ aduan a ahoɔden wom no so? Saa ara na sɛ yedi wiase adwene akyi a, ɛremma yennya Yehowa adwene so mfaso biara.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho?

16 Yebetumi atwe yɛn ho koraa afi wiase adwene ho anaa? Dabi, yɛrentumi ntu mfi wiase yi mu. Sɛnea ɛte biara yɛbɛte wiase adwene no bi anaa ebi betwa yɛn asom. (1 Kor. 5:9, 10) Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yɛbɛte nsusuwii a ɛnteɛ ne atoro nkyerɛkyerɛ. Ɛwom sɛ yɛrentumi ntwe yɛn ho mfi nsusuwii ne nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛte saa ho koraa de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so dwinnwen ho anaasɛ yegye tom. Sɛnea Yesu yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Satan nsusuwii gu ntɛm ara. Afei nso, nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so ahwɛ yɛn ho yiye wɔ wiase adwene ho no, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛde yɛn adwene asi wiase nsusuwii so.—Kenkan Mmebusɛm 4:23.

17. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanyɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛde yɛn adwene asi wiase nsusuwii so?

17 Nhwɛso bi ni. Sɛ yɛrefa nnamfo a yɛne wɔn bɛbɔ pa ara a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, sɛ yɛne nkurɔfo a wɔnsom Yehowa bɔ dodo a, yebesuasua sɛnea wodwen. (Mmeb. 13:20; 1 Kor. 15:12, 32, 33) Sɛ yɛrepaw nneɛma a yɛde begyigye yɛn ani nso a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyiyim. Anigyede a ɛhyɛ adannandi nkyerɛkyerɛ, basabasayɛ, anaa ɔbrasɛe ho nkuran no, sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho a, yɛremfa nsusuwii a “wɔama so atia Onyankopɔn nimdeɛ” nsɛe yɛn adwene.—2 Kor. 10:5.

Yɛboa yɛn mma ma wɔtwe wɔn ho fi anigyede a ɛsɛe adwene ho anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 18, 19)

18, 19. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ wiase adwene a wɔhyɛ ho nkuran wɔ anifere kwan so ho? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho, na adɛn ntia?

18 Afei nso, ɛsɛ sɛ yehu wiase adwene a wɔhyɛ ho nkuran wɔ anifere kwan so no, na yɛtwe yɛn ho fi ho. Sɛ nhwɛso no, nsɛm ho amanneɛbɔfo betumi de nsɛm bi ato gua wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔde rekamfo amanyɔkuw bi nhyehyɛe. Amanneɛbɔ no bi nso wɔ hɔ a, ɛkamfo botae a nkurɔfo de asisi wɔn ani so ne nneɛma a nkurɔfo atumi ayɛ a wiase no ani gye ho. Sini ne nhoma ahorow bi hyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran, kyerɛ sɛ, ɛma nkurɔfo hwehwɛ nea ɛbɛboa wɔne wɔn mmusua nkutoo. Wɔma pɛsɛmenkominya adwene a ɛte saa no yɛ sɛ nea asɛm biara nni ho, ɛyɛ papa, na ɛteɛ mpo. Nanso, adwene a ɛte saa nnyina Bible so. Bible ka sɛ, sɛ yɛne yɛn abusua ani begye pa ara a, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa sen biribiara. (Mat. 22:36-39) Bio nso, nhoma ne sini a wɔyɛ ma mmofra no bi wɔ hɔ a ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho, nanso ebetumi ama mmofra asuasua subammɔne.

19 Wei nkyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yɛde nneɛma a ɛfata begye yɛn ani. Nanso, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho saa nsɛm yi: ‘Sɛ wɔhyɛ wiase adwene ho nkuran wɔ anifere kwan so mpo a, yetumi hu anaa? TV so dwumadi anaa nhoma ahorow bi wɔ hɔ a mehwɛ sɛ me ne me mma renhwɛ anaa yɛrenkenkan? Mereboa me mma ama wɔanya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔte anaa wohu biribi a ɛyɛ wiase adwene a, wɔrensuasua anaa?’ Sɛ yehu nsonsonoe a ɛwɔ Onyankopɔn adwene ne wiase no adwene ntam a, ebetumi ama yɛatwe yɛn ho afi “wiase nhyehyɛe yi su” ho.

HENA NA ƆREKYERƐ WO KWAN SEESEI?

20. Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn adwene anaa wiase no adwene na ɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ?

20 Kae sɛ, baabi a yenya nsɛm fi no, ɛyɛ mmienu pɛ; Yehowa hɔ ne Satan wiase no mu. Nea ɛwɔ he na ɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ? Yɛbɛka sɛ, ɛyɛ baabi a yenya yɛn nsɛm fi. Sɛ yegye wiase no adwene tom a, ɛno na ɛbɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Ɛbɛma yɛadwen nneɛma ho te sɛ nnipa dodow no ara a wɔwɔ wiase no mu na yɛayɛ yɛn ade te sɛ wɔn. Enti, ɛho hia pa ara sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nea yɛhwɛ, nea yɛkenkan, nea yetie, ne nea yedwinnwen ho no ho.

21. Asɛm a ɛho hia bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Sɛnea yɛadi kan aka no, sɛ yebetumi anya Yehowa adwene a, ɛnyɛ nneɛma a ebetumi asɛe yɛn adwene nko ara na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn asɛm nso, na ama yɛatumi anya n’adwene no bi. Yebehu sɛnea yebetumi ayɛ saa wɔ adesua a edi hɔ no mu.

^ nky. 5 Nokwasɛm ne sɛ, nkurɔfo a wogye wɔn ho di pa ara mpo no, ɛnyɛ dɛn ara a obi bɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Nhwɛso bi ni. Sɛ yɛresusuw nea ɛyɛe a nkwa bae ho oo, atade kɛkɛ a yɛbɛhyɛ ho oo, ɛnyɛ dɛn ara a obi bɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Nanso, yɛn ankasa betumi apaw onii a yɛbɛma wakyerɛ yɛn nea yɛnyɛ.