Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, henanom na ɔfrɛɛ wɔn Adɛɛfo no, na adɛn nti na ɔmaa wɔn saa abodin no?

Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, otuu n’asomafo no fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔpere hwehwɛ mpanyinni wɔ wɔn mfɛfo gyidifo mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Amanaman no ahene di wɔn so bakoma, na wɔfrɛ wɔn a wodi wɔn so tumi no Adɛɛfo. Na mo de, ɛnsɛ sɛ moyɛ saa.”—Luka 22:25, 26.

Henanom na Yesu frɛɛ wɔn Adɛɛfo no? Nsɛm a wɔakurukyerɛw agu nneɛma ho, dwetɛ sika (coins) so nkyerɛwee, ne nkyerɛwee afoforo ma yehu sɛ na Helafo ne Romafo taa de abodin Euergetes anaa Ɔdɛɛfo hyɛ nnipa atitiriw ne atumfoɔ anuonyam. Nea enti a na wɔhyɛ saa nkurɔfo no anuonyam ne sɛ, na wɔyɛ nnwuma a ɛsom bo ma ɔmanfo no.

Ná ahemfo bi wɔ abodin a ɛne Ɔdɛɛfo. Wɔn mu bi ne Egypt atumfoɔ a wɔne Ptolemy III Euergetes (bɛyɛ afe 247-222 A.Y.B.) ne Ptolemy VIII Euergetes II (bɛyɛ afe 147-117 A.Y.B.). Ná abodin no da Roma atumfoɔ Julius Caesar (48-44 A.Y.B.) ne Augustus (31 A.Y.B.–14 Y.B.) nso so. Yudea hene Herode Ɔkɛseɛ no nso, na abodin no da no so. Yudea hene Herode Ɔkɛseɛ no de, ɛbɛyɛ sɛ nea ɛma onyaa saa abodin no ne hwiit a ɔkra brɛɛ ne manfo a na ɔkɔm rekum wɔn ne ntade a ɔde maa wɔn a na ahia wɔn no.

Sɛnea Germanni Bible ho ɔbenfo Adolf Deissmann kyerɛ no, nnipa pii na na wɔwɔ abodin a ɛne Ɔdɛɛfo no. Ɔkaa sɛ: “Sɛ worehwehwɛ tete nneɛma a wɔakurukyerɛw saa abodin yi agu ho a, ɛrenyɛ den koraa sɛ wubenya [saa abodin yi] bɛboro ɔha bere tiaa bi mu.”

Enti bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ, “Mo de, ɛnsɛ sɛ moyɛ saa” no, na ɔkyerɛ sɛn? Ná Yesu reka akyerɛ n’asuafo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔboa nkurɔfo a wɔne wɔn te ma wɔn nsa ka wɔn asetena mu ahiade anaa? Ɛnte saa koraa. Ɛbɛyɛ sɛ nea na Yesu reka ho asɛm ne adwene a na nkurɔfo de yɛ adɔe no.

Yesu bere so no, na adefo taa de wɔn ahode boa agodie a na ɛkɔ so wɔ agodibea, na na wosisi agoprama ne asɔrefie, ne nneɛma a ɛtete saa de pɛ din pa ma wɔn ho. Nanso, adwene a na wɔde yɛ saa ne sɛ ɛbɛma nkurɔfo akamfo wɔn, wobegye din, anaa ɛbɛma nkurɔfo ato aba ama wɔn. Nhoma bi ka sɛ: “Ɛwom sɛ nhwɛso wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ebinom fi koma pa mu na ɛyɛɛ adɔe a ɛtete saa, nanso mpɛn pii no, nea na wɔpɛ sɛ wonya wɔ amanyɔsɛm mu nti na na wɔyɛ saa.” Anibere ne pɛsɛmenkominya a ɛte saa na na Yesu reka akyerɛ n’akyidifo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi ho.

Nokwasɛm a Yesu kae sɛ, sɛ yɛreyɛ adɔe a, ɛsɛ sɛ yɛde adwempa na ɛyɛ no, mfe bi akyi no, ɔsomafo Paulo nso sii so dua. Ɔkyerɛw ne mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Korinto no sɛ: “Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”—2 Kor. 9:7.