Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Tɔ Nokware Na Ntɔn”

“Tɔ Nokware Na Ntɔn”

“Tɔ nokware na ntɔn—tɔ nyansa ne nteɛso ne ntease nso.”—MMEB. 23:23.

NNWOM: 94, 96

1, 2. (a) Agyapade bɛn na ɛsom bo ma yɛn pa ara? (b) Nokware bɛn na ɛsom bo ma yɛn pa ara, na adɛn ntia? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

W’AGYAPADE bɛn na ɛsom bo ma wo pa ara? Sɛ yɛka sɛ fa sesa biribi foforo a ɛnsom bo te sɛ ɛno a, anka wobɛyɛ? Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so ama no de, nsɛmmisa a ɛte saa no, yennwen ho mpo ansa na yɛama mmuae. Abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no, ɛno ne agyapade a ɛsom bo ma yɛn pa ara, na yɛremfa nsesa biribi foforo biara. Ade foforo nso a ɛsom bo ma yɛn pa ara ne nokware a ɛwɔ Bible mu no, efisɛ ɛno na ɛma yetumi ne yɛn soro Agya no nya saa abusuabɔ no.—Kol. 1:9, 10.

2 Wo de, hwɛ nneɛma pii a yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no nam n’Asɛm Bible so kyerɛkyerɛ yɛn! Ɔma yehu sɛnea ne din ho hia, na ɔka ne su ahorow a ɛyɛ fɛ no ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɔka agyede afɔre a ɛsom bo no nso ho asɛm kyerɛ yɛn; esiane sɛ ɔdɔ yɛn nti na ɔnam ne Dɔba Yesu so de maa yɛn. Yehowa san ka Mesia Ahenni no ho asɛm kyerɛ yɛn. Yehowa ama Kristofo a wɔasra wɔn no anidaso sɛ wɔbɛtena soro, na “nguan foforo” no nso, wama wɔanya anidaso sɛ wɔbɛtena Paradise wɔ asase so. (Yoh. 10:16) Ɔkyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Nokware a ɛwɔ Bible mu yi som bo ma yɛn efisɛ ɛma yɛbɛn yɛn Bɔfo no, na ɛma yenya anidaso wɔ yɛn asetena mu.

3. Yehowa hwɛ kwan sɛ yebetua sika bi ansa na yɛahu nokware no anaa?

3 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ne yam ye. Ɔmfa nokware no nsie wɔn a wɔhwehwɛ. Yehowa de ne Dɔba no nkwa mpo akyɛ yɛn kwa. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛnyɛ ade a Onyankopɔn bɛhwɛ kwan sɛ yebetua sika bi ansa na yɛahu nokware no. Bere bi mpo, ɔbarima bi a ne din de Simon yɛe sɛ ɔbɛma ɔsomafo Petro sika sɛnea ɛbɛyɛ a Petro bɛma no tumi na ama ɔno nso atumi ama afoforo anya honhom kronkron. Nanso, Petro kaa n’anim sɛ: “Wo ne wo dwetɛ nyinaa nsɛe, efisɛ wususuw sɛ wɔde sika na enya Onyankopɔn dom akyɛde.” (Aso. 8:18-20) Ɛnde, Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛne sɛ: “Tɔ nokware” no, ɛkyerɛ sɛn?

SƐ YƐKA SƐ “TƆ” NOKWARE A, ƐKYERƐ SƐN?

4. Adesua yi mu no, dɛn na yebesua afa nokware no ho?

4 Kenkan Mmebusɛm 23:23. Nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, yennya no kwa. Biribiara a ehia sɛ yɛde bɔ afɔre na ama yɛn nsa aka no, ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ saa. Onyansafo a ɔkyerɛw Mmebusɛm nhoma no kaa sɛ, sɛ yenya “tɔ nokware” no, anaa yenya nokware no a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na ‘yɛantɔn,’ anaa amfi yɛn nsa da. Momma yensusuw nea nokware no a ‘yɛbɛtɔ’ kyerɛ ho, ne nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛde bɔ afɔre na ama yɛatumi ‘atɔ’ nokware no. Sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi ama yɛanya anisɔ kɛse ama nokware no, na yɛn tirim a yɛabɔ sɛ ‘yɛrentɔn’ da no, emu bɛyɛ den. Yebehu sɛ, biribiara a yɛde bɛbɔ afɔre na ama yɛatumi atɔ nokware no, ɛfata.

5, 6. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi atɔ nokware no a yɛrentua sika? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Nokware no boa yɛn sɛn?

5 Biribi a yenya no kwa mpo, ɛtɔ da a, gye sɛ yɛbrɛ ho. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “tɔ” wɔ Mmebusɛm 23:23 no, ebetumi nso akyerɛ “nya.” Nsɛmfua mmienu no nyinaa ma yehu sɛ, sɛ yɛn nsa bɛka biribi a ɛsom bo a, gye sɛ yɛbrɛ ho anaa yɛde biribi ma ansa na yɛn nsa aka. Yebetumi de mfatoho yi akyerɛkyerɛ nokware a yɛbɛtɔ no mu. Yɛmfa no sɛ yɛtee sɛ wɔrebɔ dawuru sɛ wɔrekyekyɛ kwadu kwa wɔ gua so. Kwadu no ankasa betumi abegu yɛn didipon so wɔ yɛn fie anaa? Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa kɔ gua no so kɔfa kwadu no bi. Yemmisa sɛ, kwadu no, wɔde rekyekyɛ kwa anaa? Aane, nanso ɛsɛ sɛ yɛkeka yɛn ho na yegye bere kɔ gua no so. Saa ara na enhia sɛ yɛde sika tɔ nokware no, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adwuma ansa na yɛn nsa aka.

6 Kenkan Yesaia 55:1-3. Yehowa asɛm a Yesaia kyerɛwee no nso boa yɛn ma yɛte nokware a yɛbɛtɔ no ase. Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ, Yehowa de n’asɛm toto nsu, nufusu, ne nsã ho. Sɛnea yɛnom nsu a emu adwo na ani tew a ɛma yɛn ho dwo yɛn no, saa pɛpɛɛpɛ na nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm mu nso ma yɛn ho dwo yɛn. Afei nso, sɛnea nufusu ma yenya ahoɔden na ɛboa mmofra ma wonyin no, saa ara na Yehowa asɛm nso hyɛ yɛn den na ɛboa yɛn ma yɛn gyidi yɛ den. Bio nso, Yehowa asɛm te sɛ nsã. Ɔkwan bɛn so? Bible ka sɛ nsã ma nnipa ani gye. (Dwom 104:15) Enti sɛ Yehowa ka kyerɛ ne nkurɔfo sɛ ‘wɔntɔ nsa’ a, na ɔrema wɔn awerɛhyem sɛ, sɛ wɔde n’asɛm bɔ wɔn bra a, wɔn ani begye. (Dw. 19:8) Yehowa nam saa mfatoho yi so boa yɛn ma yehu mfaso a yenya bere a yesua nokware no na yɛde bɔ yɛn bra. Adwuma a yɛyɛ ansa na yɛanya nokware no, ɛno ne nea yɛde tɔ nokware no. Ɛnde, afei yɛnhwɛ nneɛma nnum a yebetumi de atɔ nokware.

DƐN NA WODE ABƆ AFƆRE DE ATƆ NOKWARE?

7, 8. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye bere tɔ nokware no? (b) Dɛn na sukuuni ababaa bi de bɔɔ afɔre, na dɛn na efii mu bae?

7 Bere. Ɛyɛ ade a obiara a ɔtɔ nokware no de bɔ afɔre. Egye bere na obi atumi atie Ahenni asɛm no, wakenkan Bible ne Bible ho nhoma, ɔne Yehowa Adansefo asua Bible, na wasua nneɛma a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase na wakɔ bi. Ɛsɛ sɛ ‘yɛtɔ’ bere anaa yegye bere, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yegyae nneɛma foforo a ɛho nhia pii no bi akyi di. (Kenkan Efesofo 5:15, 16.) Bere dodow sɛn na ebegye na yɛde anya Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ ho nokware nimdeɛ? Ebegyina yɛn mu biara so. Yɛrentumi nsua Yehowa nyansa, n’akwan, ne ne nnwuma ho ade nwie da. (Rom. 11:33) Ɔwɛn-Aban a edi kan koraa no de nokware no totoo “nhwiren ketewa bi” ho, na ɛkaa sɛ: “Sɛ wunya nokware a ɛte sɛ nhwiren no baako a, mma wo tirim nyɛ wo dɛ. Sɛ baako no ara dɔɔso a anka ebi ammɛka ho. Kɔ so ara boaboa ano, kɔ so hwehwɛ pii.” Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Nokware no ho nimdeɛ a mewɔ no, ɛdɔɔso anaa?’ Sɛ yɛtena ase daa mpo a, yɛrentumi nsua Yehowa ho ade nwie da. Ɛnnɛ, nea ehia ne sɛ yɛde yɛn bere bedi dwuma yiye, na ama yɛatumi atɔ nokware no pii sɛnea yebetumi. Momma yɛnhwɛ obi a na ɔpɛ sɛ ohu nokware no.

8 Mariko * yɛ ababaa bi a ofi Japan. Ofii Japan kɔɔ sukuu wɔ New York City, U.S.A. Saa bere no, na ɔkɔ asɔre bi a efii ase wɔ Japan; ɛrekɔ afe 1960 no na saa asɔre no fii ase. Onuawa kwampaefo bi hyiaa Mariko bere a na ɔreyɛ afie afie asɛnka adwuma. Bere a ofii ase suaa nokware a ɛwɔ Bible mu no, n’ani gyei araa ma ɔka kyerɛɛ ɔkwampaefo no sɛ ɔne no mmesua Bible mprenu nnawɔtwe biara. Sukuu a Mariko kɔ no, na egye ne bere pa ara, na na ɔsan nso de ne bere kakra yɛ adwuma. Nanso wei nyinaa akyi no, ankyɛ koraa na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam. Afei nso, ɔtew bere a na ɔde yɛ nneɛma a ɔde gyigye n’ani no so na ama watumi anya bere de asua nokware no. Nneɛma bi a ɛte saa a ogyaee akyi di no boaa no ma onyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ Yehowa som mu. Annu afe baako mpo na ɔbɔɔ asu. Abosome nsia akyi, afe 2006 no, ofii ase yɛɛ akwampae adwuma, na ogu so reyɛ akwampae adwuma.

9, 10. (a) Sɛ yɛtɔ nokware no anaa yesua a, adwene bɛn na ɛma yenya wɔ ahonyade ho? (b) Dɛn na ababaa bi gyaee akyi di, na sɛn na ɔte nka wɔ ho?

9 Ahonyade. Nea ɛbɛyɛ na yɛasua nokware no, ebia ebehia sɛ yɛde adwuma bi a sika wom to nkyɛn. Ná Petro ne Andrea yɛ mpataayifo, nanso bere a Yesu frɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ “nnipa yifo” no, ‘wogyaw wɔn asau hɔ.’ (Mat. 4:18-20) Nokwasɛm ne sɛ, ɛnnɛ, nnipa a wohu nokware no, ɛnyɛ wɔn mu dodow no ara a na wobetumi agyaw wɔn adwuma hɔ saa. Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma de hwɛ wɔn abusua. (1 Tim. 5:8) Nanso, sɛ obi hu nokware no a, ɛsɛ sɛ bere ne bere mu ɔsesa adwene a ɔwɔ wɔ ahonyade ho, na ohu nneɛma a ehia sɛ ɔde di kan wɔ n’asetena mu. Yesu kaa no pefee sɛ: “Munnyae ademude a mohyehyɛ wɔ asase so no . . . Mmom no, monhyehyɛ mo ademude ɔsoro.” (Mat. 6:19, 20) Saa na ababaa bi a ne din de Maria yɛe.

10 Bere a Maria suaa gɔlfbɔ no, na ɔyɛ abofra koraa; na onnya mfii sukuu ase mpo. Bere a ɔkɔɔ ntoaso sukuu no, ɔtoaa so bɔɔ gɔlf, na akyiri yi, onyaa hokwan sɛ ɔbɛkɔ sukuupɔn a ontua hwee. Ná gɔlfbɔ ne ne biribiara, na na ne botae ne sɛ ɔde gɔlfbɔ bɛyɛ n’adwuma na wanya sika pii. Afei, Maria fii ase sɛ ɔresua Bible, na n’ani gyee nokware a na ɔresua no ho. Nsakrae a nokware no boaa no ma ɔyɛe wɔ n’asetena mu no, n’ani gyee ho. Ɔkaa sɛ: “Bere a mede nea meresua wɔ Bible mu no bɔɔ me bra no, ɛmaa m’asetena sesae, na m’ani gyei papaapa.” Maria hui sɛ ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔbɛkɔ so asom Yehowa, na bere koro no ara nso ɔde gɔlfbɔ ayɛ n’adwuma. (Mat. 6:24) Efi Maria mmofraase no, na ne botae pa ara ne sɛ ɔbɛbɔ gɔlf anya sika pii na wagye din. Nanso, ogyaee wei nyinaa akyi di. Nokware no a ɔtɔe, anaa osuae no nti, seesei ɔyɛ ɔkwampaefo, na ɔka sɛ wanya “anigye ne anidaso papa bi wɔ n’asetena mu.”

11. Sɛ yɛtɔ nokware no, anaa yesua a, sɛn na ebetumi aka yɛne afoforo abusuabɔ?

11 Yɛne afoforo abusuabɔ. Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛde nokware a ɛwɔ Bible mu no bɛbɔ yɛn bra a, nneɛma betumi asesa wɔ yɛne yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo ntam. Adɛn ntia? Yesu bɔɔ mpae maa n’akyidifo sɛ: “Fa nokware no yɛ wɔn kronkron; w’asɛm yɛ nokware.” (Yoh. 17:17) Asɛm a ɛne sɛ “yɛ wɔn kronkron” no betumi nso akyerɛ sɛ “yi wɔn si nkyɛn.” Sɛ yegye nokware no a, na wɔayi yɛn afi wiase no mu asi nkyɛn, efisɛ nneɛma bi a nnipa a wɔwɔ wiase no mu yɛ no, yɛrentumi nyɛ bi bio. Esiane sɛ yɛasesa yɛn abrabɔ nti, nkurɔfo hu yɛn sɛ yɛyɛ soronko. Nokware a ɛwɔ Bible mu no, ɛno na yɛde bɔ yɛn bra. Ɛwom sɛ yɛmpɛ sɛ yɛde mpaapaemu ba yɛne afoforo ntam de, nanso ɔsom foforo a yɛakɔ mu no nti, ebia yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo binom bɛtwe wɔn ho afi yɛn ho. Wei nyɛ yɛn nwonwa, efisɛ Yesu kaa sɛ: “Nokwarem no, obi ankasa fiefo na wɔbɛyɛ n’atamfo.” (Mat. 10:36) Ɔmaa yɛn awerɛhyem nso sɛ, biribiara a yebegyae akyi di na yɛatɔ nokware no, anaa yɛasua no, yebenya ho akatua mmɔho mmɔho.—Kenkan Marko 10:28-30.

12. Dɛn na Yudani barima bi gyaee akyi di de suaa nokware no?

12 Aaron yɛ Yudani guadini. Efi ne mmofraase pɛɛ na wɔkyerɛkyerɛɛ no sɛ, ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛbɔ Onyankopɔn din. Nanso, na nokware no ho sukɔm de Aaron. Ɔdansefo bi ma ohui sɛ, sɛ wɔde ɛnne nnyigyei hyehyɛ anom nnyigyei nnan a Hebri mu egyina hɔ ma Onyankopɔn din no mu a, wobetumi abɔ edin no “Yehowa.” Wei maa n’ani gye boroo so. Esiane sɛ na n’ani agye nti, ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkaa anigyesɛm a wahu no kyerɛɛ rabifo no. Nea rabifo no yɛe no, ɛnyɛ ɛno na na Aaron rehwɛ kwan. Sɛ́ anka wɔn ani begye sɛ Aaron ahu nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn din ho no, wɔtetew ntasu guu no so pamoo no. Ɔne n’abusuafo ntam yɛɛ basaa. Wei ammu n’abam, na mmom ɔkɔɔ so suaa nokware no, na ɔde akokoduru som Yehowa sɛ ne Dansefo ne nkwa nna a aka nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so anantew nokware no mu sɛnea Aaron yɛe no, yɛayɛ krado sɛ nsakrae biara a ɛbɛba yɛn asetenam ne yɛne yɛn abusuafo ntam no, yebegye atom.

13, 14. Nsakrae bɛn na ɛfata sɛ yɛyɛ wɔ yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe mu na ama yɛatumi atɔ nokware no? Ma ɛho nhwɛso.

13 Nsusuwii bɔne ne nneyɛe bɔne. Sɛ yebetumi agye nokware no atom na yɛde Bible mu nsɛm abɔ yɛn bra a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsesa yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe. Hwɛ nea Petro ka faa nsakrae a ɛte saa ho: “Monyɛ sɛ mma a wɔyɛ osetie, na munnni akɔnnɔ a na mowɔ bere a na munnim hwee no akyi, na mmom . . . monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu.” (1 Pet. 1:14, 15) Ná nnipa a wɔte Korinto kurow no mu bra asɛe, enti sɛ obi betumi atɔ nokware no a, na ebehia sɛ ɔyɛ nsakrae akɛse wɔ n’asetena mu. (1 Kor. 6:9-11) Ɛnnɛ nso, nea ɛbɛyɛ na nnipa pii atumi atɔ nokware no, wɔatwe wɔn ho afi nneyɛe bɔne ho. Petro kɔɔ so kaee Kristofo a na wɔwɔ ne bere so no sɛ: “Bere a atwam no dɔɔso ma mo sɛ moyɛɛ nea amanaman no pɛ de mo ho hyɛɛ ahohwibra, akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe, anigye ntraso, akɔwensafo fekuw, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.”—1 Pet. 4:3.

14 Devynn ne Jasmine de mfe pii wee nsã. Ɛwom sɛ na Devynn nim sika ho akontaabu yiye de, nanso esiane nsã a na ɔwe nti, onya adwuma a ɛnkyɛ na wɔayi no adi. Jasmine nso, na nkurɔfo nim no sɛ n’ani so yɛ hyew, na ɔyɛ basabasa. Da bi a na Jasmine abow a ɔnam kwan ho no, ohyiaa Adansefo mmienu bi a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo. Asɛmpatrɛwfo no kaa sɛ wɔbɛkɔ ne fie ne no akosua Bible. Nanso bere a wɔkɔɔ Devynn fie nnawɔtwe a edi hɔ no, na Jasmine ne Devynn nyinaa abow titãã. Ná wɔnhwɛ kwan sɛ asɛmpatrɛwfo no bɛba wɔn fie abɛhwehwɛ wɔn. Nanso bere foforo a asɛmpatrɛwfo no san kɔɔ hɔ no, na wɔn ani so da hɔ. Efi da a edi kan a Jasmine ne Devynn ne asɛmpatrɛwfo no suaa ade no, wɔde anigye suaa Bible, na wofii ase de nea wɔresua no bɔɔ wɔn bra. Annu abosome mmiɛnsa mpo na wogyaee asanom, na akyiri yi, wɔde wɔn aware kɔhyɛɛ mmara ase. Nnipa a wɔwɔ wɔn akuraa no ase huu nsakrae a wɔyɛe no, na ɛkaa bebree koma ma wosuaa Bible.

15. Dɛn ne ade baako pa ara a ebetumi ayɛ den sɛ obi de bɛto nkyɛn na ama wasua nokware no, na adɛn ntia?

15 Amanne ne nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia. Ade baako a ebetumi ayɛ den pa ara sɛ obi de bɛto nkyɛn na ama wasua nokware no ne amanne ne nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia. Ɛwom, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama ebinom sɛ, sɛ wohu nea Kyerɛwnsɛm no ka fa amanne ne nneyɛe a ɛte saa ho a, wobegyae akyi di. Afoforo nso de, esiane nhyɛso a wɔn abusuafo, wɔn mfɛfo adwumayɛfo, ne wɔn nnamfo de bɛba wɔn so nti, ebia wɔbɛtwentwɛn wɔn nan ase. Sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ amanne bi de hyɛ abusuafo a wɔawuwu anuonyam a, ɛnde asɛm no mu betumi ayɛ den pa ara. (Deut. 14:1) Sɛnea ebinom de akokoduru agyina asɛm a ɛte saa ano no betumi aboa yɛn ama yɛayɛ nsakrae a ehia sɛ yɛyɛ. Yɛnhwɛ sɛnea asomafo no bere so no, nnipa bi a na wɔwɔ Efeso yɛɛ wɔn ade akokoduru so.

16. Dɛn na nnipa bi a na wɔte Efeso yɛe na ama wɔatumi atɔ nokware no?

16 Ná asumansɛm adi Efesofo no ti. Wɔn a wodi asumansɛm a na wɔabɛyɛ Kristofo no, dɛn na na wɔbɛyɛ na ama wɔatumi agyae nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia no akyi di, na wɔatumi atɔ nokware no? Bible ka sɛ: “Wɔn a wodi asumansɛm no mu pii de wɔn nhoma ba bɛhyew ma obiara hui. Na wobuu ne nyinaa ano hui sɛ ne bo yɛ nnwetɛbona ɔpeduonum. Saa na ɛyɛe na Yehowa asɛm nam ahoɔden so kɔɔ so trɛwee, na ase timii.” (Aso. 19:19, 20) Kristofo anokwafo no bɔɔ afɔre kɛse yi, na wonyaa nhyira a ɛso bi nni.

17. (a) Nneɛma bɛn na ebia ɛho behia sɛ yɛde bɔ afɔre na ama yɛatumi atɔ nokware no? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Dɛn na wode bɔɔ afɔre ma wutumi tɔɔ nokware no? Yɛn nyinaa gyee bere de boaboaa nokware a ɛte sɛ nhwiren no ano. Nea ɛbɛyɛ na ebinom nso atɔ nokware no, wogyaee ahonyade akyi di, na nsakrae baa wɔne afoforo abusuabɔ mu. Yɛn mu pii nso sesaa yɛn suban ne yɛn nneyɛe, na yegyaee amanne ne nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia akyi di. Ɛmfa ho nea yɛn mu biara de bɔɔ afɔre ansa na yɛretumi atɔ nokware no, yegye di pa ara sɛ nokware a ɛwɔ Bible mu a yɛahu no som bo sen ɛno koraa. Ama yɛanya agyapade a ɛsom bo pa ara; ɛno ne abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Yehowa anya. Sɛ yedwinnwen nhyira a nokware a yɛahu no ama yɛanya ho a, yenhu nea enti a obi bɛyɛ n’adwene sɛ ɔbɛtɔn nokware no. Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi atɔn nokware no? Ná dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanni mfomso kɛse a ɛte saa? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

^ nky. 8 Wɔasesa edin ahorow no bi wɔ asɛm yi mu.