Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Worenya Yehowa Adwene Anaa?

Worenya Yehowa Adwene Anaa?

“Munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo.”—ROM. 12:2.

NNWOM: 56, 123

1, 2. Sɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu yɛ den a, dɛn na yebesua sɛ yɛbɛyɛ? Ma ɛho nhwɛso.

FA NO sɛ obi akyɛ abofra kumaa bi ade. Abofra no awofo ka kyerɛ no sɛ, “Ka sɛ meda wo ase.” Abofra no bɛda ase de, nanso esiane sɛ n’awofo kae nti na ɔyɛɛ saa. Bere a abofra no renyin no, obehu nea enti a n’awofo kyerɛkyerɛ no sɛ, ɔnkyerɛ nea afoforo yɛ ma no ho anisɔ. Afei de, ɔno ankasa befi ne komam akyerɛ nneɛma ho anisɔ. Adɛn ntia? Efisɛ ɔno ankasa asua sɛ ɔbɛyɛ saa.

2 Saa ara na bere a yehuu nokware no foforo no, yehui sɛ ehia sɛ yɛde Yehowa ahyɛde a ɛfa mfitiase nkyerɛkyerɛ ho no bɔ yɛn bra. Nanso, bere a yɛne Yehowa abusuabɔ mu reyɛ den no, yehu adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma ho yiye; nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ, ne sɛnea osusuw nneɛma ho. Sɛ yehu sɛnea yɛde Yehowa adwene besusuw nneɛma ho na yegyina so sisi gyinae wɔ nneɛma a yɛyɛ ho a, ɛkyerɛ sɛ yɛanya Yehowa adwene.

3. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yebenya Yehowa adwene?

3 Ɛwom, yɛn ani gye ho sɛ yebesua sɛ yebedwen nneɛma ho te sɛ Yehowa, nanso ebetumi ayɛ den. Ɛtɔ da a, yɛn sintɔ nti, ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa. Nhwɛso bi ni. Yenim adwene a Yehowa wɔ wɔ aguamammɔ, adedodowpɛ, asɛnka adwuma, mogya a wɔde di dwuma wɔ kwammɔne so, ne nneɛma foforo ho. Nanso, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛte adwene a Yehowa wɔ wɔ saa nneɛma no ho ase yiye. Dɛn na yebetumi ayɛ? Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so anya Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho? Sɛn na Yehowa adwene a yebenya no bɛboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa nnɛ ne daakye?

SƐNEA YEBENYA ONYANKOPƆN ADWENE

4. Paulo afotu a ɛka sɛ: ‘Yennya adwensakra no,’ ɛkyerɛ sɛn?

4 Kenkan Romafo 12:2. Kyerɛwsɛm yi mu no, ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ odwen nneɛma ho te sɛ Yehowa. Adesua a edi wei anim no boaa yɛn ma yehui sɛ, sɛ yɛmpɛ sɛ ‘yɛfa wiase nhyehyɛe yi su’ a, ɛnsɛ sɛ yɛde wiase adwene hyɛ yɛn tirim na yesuasua wɔn suban. Paulo kae nso sɛ, ehia sɛ ‘yɛsakra yɛn adwene.’ Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm, yɛte ne nsusuwii ase, yedwinnwen ho, na yɛyere yɛn ho nya adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nneɛma ho no bi.

5. Kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ akenkan ne adesua mu.

5 Ɛsono adesua, ɛnna ɛsono akenkan. Adesua kɔ akyiri sen sɛ worekenkan ade ara kwa anaa woretwitwa nsɛmmisa ho mmuae ase kɛkɛ. Sɛ yɛresua ade a, yesusuw nea asɛm no ka fa Yehowa ho, n’akwan, ne sɛnea odwen nneɛma ho no ho. Yɛbɔ mmɔden sɛ nea enti a Onyankopɔn ka sɛ yɛnyɛ ade bi, nanso ɔka sɛ biribi foforo de ɛnsɛ sɛ yɛyɛ no, yɛbɛte ase. Nsakrae a ehia sɛ yɛyɛ wɔ yɛn asetenam ne yɛn nsusuwii mu nso, ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho. Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na yɛresua ade a yebesusuw weinom nyinaa ho de, nanso sɛ yegye bere susuw weinom ho a, yenya mfaso pii. Bere a yɛde sua ade no, yebetumi de emu fã adwinnwen nea yɛakenkan no ho.—Dw. 119:97; 1 Tim. 4:15.

6. Sɛ yedwinnwen Onyankopɔn Asɛm ho a, dɛn na yebenya?

6 Sɛ yedwinnwen Onyankopɔn Asɛm ho daa a, yɛte nneɛma ase ma ɛyɛ nwonwa. Ɛma ‘yɛsɔ hwɛ,’ kyerɛ sɛ, yɛn ankasa yehu sɛ sɛnea Yehowa dwen nneɛma ho no yɛ pɛ anaa edi mũ korakora. Yefi ase hu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no, na yegye tom. ‘Yɛsakra yɛn adwene,’ na yefi ase dwinnwen nneɛma ho wɔ ɔkwan foforo so. Nkakrankakra, yenya Yehowa adwene no bi.

YƐN NSUSUWII KA YƐN NNEYƐE

7, 8. (a) Yehowa adwene ne sɛn wɔ ahonyade ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Sɛ yenya Yehowa adwene wɔ ahonyade ho a, dɛn na yɛde bedi kan wɔ yɛn asetena mu bere nyinaa?

7 Mommma yɛmmfa no sɛ, sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ yennwinnwen nneɛma ho a nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yebesusuw nneɛma ho. Nneɛma a yedwinnwen ho no, ɛno ara na yɛyɛ. (Mar. 7:21-23; Yak. 2:17) Sɛ yesusuw nhwɛso kakra a edi hɔ yi ho a, yɛbɛte saa asɛm yi ase yiye. Nsɛmpa no ma yehu adwene pa ara a Yehowa wɔ wɔ ahonyade ho. Onyankopɔn ankasa na ɔpaw awofo a wɔbɛtete ne Ba no; na wɔyɛ awarefo a wonni sika pii. (Lev. 12:8; Luka 2:24) Bere a Maria woo Yesu no, ‘ɔde no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya kwan wɔ ahɔhodan mu.’ (Luka 2:7) Sɛ na Yehowa pɛ a, anka obetumi ama wɔawo ne Ba no wɔ ɔdan papa mu. Nanso, nea na ehia Yehowa pa ara ne sɛ obenya abusua a wɔde Onyankopɔn som di kan wɔ wɔn asetena mu ama wɔatete Yesu.

8 Yesu awo ho asɛm a ɛwɔ Bible mu yi ma yehu Yehowa adwene wɔ ahonyade ho. Awofo binom yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma wɔn mma anya asetena pa; sɛ ɛno bɛma wɔn mma no ne Yehowa ntam ayɛ basaa mpo a, ɛnhaw wɔn. Nanso Yehowa de, ade a ɛho hia no pa ara ne abusuabɔ a yɛne no benya. Adwene a Yehowa wɔ yi, wowɔ bi anaa? Dɛn na wo nneyɛe da no adi?—Kenkan Hebrifo 13:5.

9, 10. Yehowa mpɛ sɛ yɛbɛto afoforo hintidua. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ saa adwene no bi?

9 Nhwɛso foforo nso ne adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ afoforo a yɛbɛto wɔn hintidua ho. Yesu kaa sɛ: “Obiara a ɔbɛto nkumaa a wogye di yi mu biako hintidua no, anka eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo a afurum twe bɛsɛn ne kɔn mu de no akɔto po mu.” (Mar. 9:42) Saa asɛm yi yɛ aniberesɛm pa ara! Esiane sɛ Yesu te sɛ n’Agya pɛpɛɛpɛ nti, yebetumi aka pa ara sɛ, sɛ obi hyɛ da to Yesu akyidifo no bi hintidua a, Yehowa fa no aniberesɛm pa ara.—Yoh. 14:9.

10 Adwene a Yehowa ne Yesu wɔ no, yɛwɔ bi anaa? Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ bi? Yɛmfa no sɛ, yɛn ani gye atade bi ho anaa yɛpɛ sɛ yesiesie yɛn ho wɔ ɔkwan bi so. Na sɛ yehu sɛ ebetumi ahaw asafo no mufo bi, anaa ebetumi ama afoforo anya akɔnnɔ bɔne a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom nti, nea yɛpɛ no, yɛde bɛto nkyɛn anaa?—1 Tim. 2:9, 10.

11, 12. Sɛ yekyi bɔne sɛnea Onyankopɔn kyi bɔne no, na yenya ahosodi a, sɛn na ɛbɛbɔ yɛn ho ban?

11 Nhwɛso a ɛto so mmiɛnsa: Yehowa kyi amumɔyɛ anaa bɔne. (Yes. 61:8) Yehowa nim sɛ esiane sɛ wɔwoo yɛn wɔ bɔne mu nti, ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ. Nanso, otu yɛn fo sɛ sɛnea okyi bɔne no, yɛn nso yɛnyɛ saa ara. (Kenkan Dwom 97:10.) Sɛ yedwinnwen nea enti a Yehowa kyi bɔne ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya n’adwene no bi, na ɛbɛhyɛ yɛn den na yɛanyɛ bɔne.

12 Afei nso, yenya adwene a Yehowa wɔ wɔ bɔne ho no bi a, ɛbɛboa yɛn ama nneyɛe bi a Onyankopɔn Asɛm nhyɛɛ da nkaa ho asɛm mpo sɛ ɛyɛ bɔne no, yebehu sɛ ɛyɛ bɔne. Nhwɛso bi ni. Asaw bi aba so a wɔfrɛ no lap dancing. Ɛtwetwe adwene kɔ ɔbrasɛe so, na ɛretrɛw kɔ wiase baabiara. Ebia ebinom bɛfa no sɛ nneyɛe a ɛte saa no, ɛnte sɛ onipa bi ne obi foforo reda ankasa. * Nanso, saa na Onyankopɔn a okyi bɔne biara no te nka wɔ ho anaa? Momma yenya ahosodi na yenkyi nea Yehowa kyi, na ama yɛatumi atwe yɛn ho koraa afi bɔne ho.—Rom. 12:9.

DWINNWEN NEA WOBƐYƐ DAAKYE HO SEESEI

13. Ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ yesusuw adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma ho no ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asisi gyinae pa daakye. Adɛn ntia?

13 Sɛ yɛresua ade a, ɛyɛ papa sɛ yesusuw adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma ho no ho, efisɛ wei betumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa daakye. Sɛ yɛyɛ saa na sɛ yehyia tebea bi a ehia sɛ yesi gyinae ntɛm ara a, yebehu nea yɛbɛyɛ. (Mmeb. 22:3) Momma yɛnhwɛ nhwɛso ahorow bi a ɛwɔ Bible mu.

14. Yosef ansosɔ Potifar yere so. Dɛn na yesua fi mu?

14 Bere a Potifar yere yɛe sɛ ɔbɛdaadaa Yosef ma ɔne no ada no, ntɛm ara na Yosef bɔɔ n’asɛm no gui. Wei ma yehu sɛ, adwene a Yehowa wɔ wɔ nokware a obi bedi ama ne kunu anaa ne yere ho no, na Yosef adi kan asusuw ho. (Kenkan Genesis 39:8, 9.) Bio nso, mmuae a Yosef de maa Potifar yere sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?” no ma yehu sɛ na Yosef anya Onyankopɔn adwene. Yɛn nso ɛ? Fa no sɛ obi a wo ne no yɛ adwuma afi ase de ne ho rehyehyɛ wo. Anaasɛ obi de aguamansɛm anaa ɛho mfoni afa tɛlɛfon so abrɛ wo. Dɛn na wobɛyɛ? * Sɛ yɛadi kan ahwehwɛ Yehowa adwene wɔ nneɛma a ɛte saa ho agye atom na yɛasi nea yɛbɛyɛ ho gyinae dedaw a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yebedi Yehowa nokware.

15. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so adi nokware ama Yehowa sɛnea Hebrifo mmiɛnsa no yɛe no?

15 Afei, momma yɛnhwɛ nea Hebrifo mmiɛnsa bi yɛe. Wɔn din de Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego. Bere a Ɔhene Nebukadnesar hyɛe sɛ wɔnsom ohoni a wayɛ no, wɔde akokoduru ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ wɔrensom ohoni no. Mmuae a emu da hɔ nso a wɔde maa ɔhene no ma yehu sɛ na wɔadi kan asusuw nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔakɔ so adi Yehowa nokware no ho. (Ex. 20:4, 5; Dan. 3:4-6, 12, 16-18) Fa no sɛ w’adwumawura aka akyerɛ wo sɛ tua sika bi ma wɔmfa nni afahyɛ bi a efi atoro som mu. Dɛn na wobɛyɛ? Adɛn nti na wunsusuw adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma a ɛte saa ho seesei sen sɛ wobɛtwɛn ama biribi a ɛte saa asi ansa? Sɛ woyɛ saa na ɛba sɛ biribi a ɛte saa si a, ɛrenyɛ den sɛ wobɛyɛ nea ɛfata na woaka asɛm a ɛtɔ asom sɛnea Hebrifo mmiɛnsa no yɛe no.

Woayɛ nhwehwɛmu, woahyehyɛ ayaresa tumi nkrataa te sɛ DPA (akwahosan sohwɛ tumi) kratasin no, na wo ne oduruyɛfo a ɔhwɛ wo akasa anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Sɛ yehu Yehowa adwene yiye a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho ama ayaresa ho nsɛm a ɛsɔre mpofirim?

16 Sɛ yedi kan dwinnwen nea yɛbɛyɛ na ama yɛakɔ so adi Yehowa nokware ho a, ɛno nso bɛboa yɛn bere a ayaresa ho nsɛm asɔre mpofirim. Yɛasi yɛn bo pa ara sɛ yɛrennye mogya anaa mogya mu nneɛma atitiriw nnan no. Nanso, akwan a wɔfa so de mogya di dwuma no bi wɔ hɔ a ehia sɛ Kristoni biara ankasa ma Bible nnyinasosɛm boa no ma osi gyinae de kyerɛ sɛ ɔwɔ Yehowa adwene. (Aso. 15:28, 29) Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ bere a yɛwɔ ayaresabea a ebia yɛrefa yaw mu anaa wɔrehyɛ yɛn sɛ yensi gyinae ntɛm no na ɛsɛ sɛ yesusuw nea yɛbɛyɛ wɔ saa asɛm yi ho. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa asɛm yi ho nhwehwɛmu, yɛhyehyɛ ayaresa tumi nkrataa te sɛ DPA (akwahosan sohwɛ tumi) kratasin no, na yɛne oduruyɛfo a ɔhwɛ yɛn kasa. *

17-19. Adɛn nti na ehia sɛ yenya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho nnɛ? Kyerɛ tebea bi a ehia sɛ yesiesie yɛn ho to hɔ wɔ ho.

17 Nea etwa to no, Petro de afotu bɔne maa Yesu sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho.” Yɛnhwɛ mmuae a Yesu de maa Petro ntɛm ara no. Yebehu sɛ nea na Onyankopɔn pɛ sɛ Yesu yɛ ne nkɔmhyɛ a ɛfa n’asetena wɔ asase so ne ne wu ho no, na Yesu adi kan asusuw ho pa ara. Wei a Yesu dii kan susuw ho no hyɛɛ no den ma ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware, na ogyinaa pintinn de ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn nyinaa.—Kenkan Mateo 16:21-23.

18 Ɛnnɛ, nea Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo yɛ ne sɛ wɔbɛfa no adamfo na wɔayɛ nea wobetumi biara aka asɛmpa no. (Mat. 6:33; 28:19, 20; Yak. 4:8) Sɛnea ɛtoo Yesu no, ebia nnipa bi a wɔwɔ adwempa bɛyɛ wɔn adwene sɛ wobebu yɛn abam. Ɛho nhwɛso bi ni. Sɛ w’adwumawura ka kyerɛ wo sɛ ɔbɛbɔ w’aba so na wato w’akatua mu, nanso dibea a ɔde rema wo no begye bere a wode kɔ asɛnka ne asafo nhyiam no bi nso ɛ? Anaa yɛmfa no sɛ wokɔ sukuu, ɛnna woanya hokwan sɛ wubefi wo kurom akɔtoa wo nhomasua so. Ɛba saa a, wubehu nea ɛsɛ sɛ woyɛ anaa? Enti, seesei a biribi a ɛte saa nnya nsii no, adɛn nti na wommɔ ho mpae, nyɛ ho nhwehwɛmu, na wo ne w’abusua anaa w’asafo mu mpanyimfo nsusuw ho? Woyɛ saa a, ɛbɛma woahu adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma a ɛte saa ho, na ama woanya n’adwene no bi. Sɛ woyɛ saa na biribi a ɛte saa si a, ebia wubehu sɛ ɛrenyɛ sɔhwɛ mma wo koraa. Esiane sɛ woasi w’adwene pi dedaw sɛ wobɛkɔ so asom Yehowa nti, ɛba saa a, wubehu nea ɛsɛ sɛ woyɛ ankasa.

19 Ebia wubetumi adwinnwen tebea ahorow a ebetumi asɔre mpofirim a ɛbɛsɔ wo gyidi ahwɛ ho. Nokwarem no, yɛrentumi nsiesie yɛn ho mma tebea biara a ebetumi asɔre. Nanso, sɛ yɛn ankasa resua ade na yesusuw Yehowa adwene ho a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkae nea yesuae no bere a tebea bi asɔre, na yɛde atwitwa agye yɛn ho. Enti momma yɛnhyɛ no nsow sɛ, ehia sɛ yehu Yehowa adwene wɔ nneɛma ho na yenya n’adwene no bi, na yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn adwene a yɛwɔ no bɛboa yɛn ama yɛatumi asisi gyinae pa nnɛ ne daakye.

SƐNEA YEHOWA ADWENE BƐBOA WO DAAKYE

20, 21. (a) Adɛn nti na yebenya yɛn ahofadi wɔ wiase foforo no mu? (b) Yɛbɛyɛ dɛn anya saa anigye no bi nnɛ?

20 Yɛhwɛ kwan pa ara sɛ yɛbɛkɔ wiase foforo no mu. Yɛn mu dodow no ara hwɛ kwan sɛ yɛbɛtena ase daa wɔ paradise wɔ asase so. Onyankopɔn Ahenni no mu no, adesamma bɛde wɔn ho afi ɛyaw ne amanehunu a yehyia wɔ wiase yi mu ho. Nokwarem no, saa bere no mpo, nnipa bɛkɔ so anya hokwan akyerɛ nea wɔpɛ. Obiara benya hokwan afi ne pɛ mu asisi gyinae wɔ nea n’ani gye ho ne nea ɔpɛ ho.

21 Nokwasɛm ne sɛ, wei nkyerɛ sɛ yebenya ahofadi korakora. Sɛ ahobrɛasefo resi nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne ho gyinae a, wobegyina Yehowa mmara ne n’adwene so na wɔayɛ saa. Wei bɛma wɔanya anigye kɛse ne asomdwoe pii. (Dw. 37:11) Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, sɛ yenya Yehowa adwene a, yebetumi anya saa anigye no bi nnɛ.

^ nky. 12 Lap dancing yɛ “asaw a obi ma onipa foforo a wabɔ adagyaw ara ne sa tena ne srɛ so kyinkyim ne ho dannan ne ho de kanyan nna ho akɔnnɔ.” Nea ɛkɔ so ankasa na ɛbɛkyerɛ sɛ wobetumi aka sɛ ɛyɛ aguamammɔ ma enti ebehia sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw ma wodi asɛm no. Sɛ Kristoni bi ayɛ biribi a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ ɔkɔhwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ.—Yak. 5:14, 15.

^ nky. 14 Nkurɔfo tumi de aguamansɛm, ɛho mfoni, anaa ɛho video fa tɛlɛfon so kɔma afoforo. Wɔfrɛ no sexting. Nneɛma kõ a onii no de kɔmaa obi no na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw ma wodi asɛm no. Ɛtɔ da a, sɛ mmofra nkumaa de aguamansɛm ne ɛho mfoni fa tɛlɛfon so kɔma afoforo a, aban mpanyimfo fa no sɛ wɔato mmara, enti wodi wɔn asɛm. Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, kɔ jw.org wɛbsaet hɔ na kenkan asɛm a wɔato din “Young People Ask—What Should I Know About Sexting?” (Mmofra Bisa Sɛ—Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Mihu Fa Sexting Ho?) (Hwɛ BIBLE TEACHINGS > TEENAGERS.) Anaa hwɛ asɛm a wɔato din “Sɛnea Wo Ne Wo Ba Bɛka Aguamansɛm Ho Asɛm” wɔ November 2013, Nyan!, kr. 4-5.

^ nky. 16 Wɔakyerɛkyerɛ Bible nnyinasosɛm titiriw bi mu wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Yebehu bi wɔ Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu, kr. 215-218.