Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Yebetumi De Akyɛ Yehowa?

Dɛn Na Yebetumi De Akyɛ Yehowa?

BERE bi Yesu kaa sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Aso. 20:35) Nokwasɛm titiriw yi, ɛfa yɛne Yehowa abusuabɔ ho. Adɛn nti na yɛreka saa? Yehowa akyɛ yɛn nneɛma pii a ɛma yɛn ani gye, nanso sɛ yɛkyɛ Yehowa ade a, yɛn ani betumi agye pa ara. Dɛn na yebetumi de akyɛ Yehowa? Mmebusɛm 3:9 ka sɛ: “Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam.” Yɛn ‘ahonyade’ no, ebi ne yɛn bere, yɛn dom akyɛde, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode. Sɛ yɛde yɛn ahonyade a ɛte saa boa nokware som a, na yɛrekyɛ Yehowa ade. Yɛyɛ saa a, ɛma yɛn ani gye papaapa.

Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛammu yɛn ani angu yɛn ahonyade a yɛde bɛkyɛ Yehowa so? Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ ‘wonyi biribi nsie’ mfa nyi ntoboa. (1 Kor. 16:2) Sɛ wopɛ akwan a yɛfa so yi ntoboa wɔ wo mpɔtam hɔ ho nsɛm pii a, dɛn na wubetumi ayɛ? Yɛsrɛ sɛ hwɛ adaka a ɛwɔ ase ha no.

Ɛnyɛ aman nyinaa so na obi betumi afa Intanɛt so ayi ntoboa. Nanso, wubehu akwan foforo a wubetumi afa so ayi ntoboa wɔ wɛbsaet (donations web page) hɔ. Aman bi so no, nsɛm a nkurɔfo taa bisa fa ntoboa ho no, wonya ho mmuae wɔ baabi a nkurɔfo yi ntoboa wɔ jw.org wɛbsaet hɔ.